Adesua 5
Dɛn Ne Onyankopɔn Atirimpɔw Ma Asase?
Dɛn nti na Yehowa bɔɔ asase? (1, 2)
Dɛn nti na ɛnnɛ asase no nyɛ paradise? (3)
Dɛn na ɛbɛba nnipa bɔne so? (4)
Daakye, dɛn na Yesu bɛyɛ ama ayarefo? wɔn a wɔn mfe akɔ anim? awufo? (5, 6)
Sɛ wubenya daakye nhyira horow no bi a, dɛn na ɛho hia sɛ woyɛ? (7)
1. Yehowa bɔɔ asase yi na ama nnipa de anigye atra so daa. Na ɔpɛ sɛ atreneefo a wɔwɔ anigye tra asase so bere nyinaa. (Dwom 115:16; Yesaia 45:18) Wɔrensɛe asase da; ɛbɛtra hɔ daa.—Dwom 104:5; Ɔsɛnkafo 1:4.
2. Ansa na Onyankopɔn rebɔ onipa no, Ɔpaw asase no fã ketewaa bi na ɔyɛɛ no paradise fɛfɛ bi. Ɔfrɛɛ no Eden turo. Ɛha na ɔde ɔbarima ne ɔbea a wodi kan, Adam ne Hawa, trae. Onyankopɔn hyehyɛe sɛ wɔnwo na wɔnhyɛ asase nyinaa so ma. Anka wɔbɛyɛ asase mũ no nyinaa paradise nkakrankakra.—Genesis 1:28; 2:8, 15.
3. Adam ne Hawa yɛɛ bɔne denam Onyankopɔn mmara a wɔhyɛɛ da buu so no so. Enti Yehowa pam wɔn fii Eden turo no mu. Paradise yerae. (Genesis 3:1-6, 23) Nanso Yehowa werɛ mfii n’atirimpɔw ma asase no. Ɔhyɛ bɔ sɛ ɔbɛma adan paradise, baabi a nnipa bɛtra daa. Ɔkwan bɛn so na ɔbɛfa ayɛ eyi?—Dwom 37:29.
4. Ansa na asase yi betumi adan paradise no, ɛsɛ sɛ woyi nnipa bɔne fi so. (Dwom 37:38) Eyi bɛba wɔ Harmagedon, a ɛyɛ Onyankopɔn ko a ɔnam so de nsɛmmɔnedi bɛba awiei. Afei, wɔde Satan bɛto afiase mfe 1,000. Eyi kyerɛ sɛ abɔnefo biara renka na wɔasɛe asase no. Onyankopɔn nkurɔfo nkutoo na wobenya wɔn ti adidi mu.—Adiyisɛm 16:14, 16; 20:1-3.
5. Afei Yesu Kristo bedi tumi sɛ asase yi so Hene mfe 1,000. (Adiyisɛm 20:6) Obeyi bɔne afi yɛn adwene ne yɛn nipadua mu nkakrankakra. Yɛbɛyɛ nnipa a wɔyɛ pɛ sɛnea na Adam ne Hawa te ansa na wɔreyɛ bɔne no. Afei ɔyare, mpanyinyɛ, ne owu rentra hɔ bio. Wɔbɛsa ayarefo yare, na nkwakoraa ne mmerewa bɛsan adan mmerante ne mmabaa.—Hiob 33:25; Yesaia 33:24; Adiyisɛm 21:3, 4.
6. Wɔ Yesu Mfirihyia Apem Nniso no mu no, nnipa anokwafo bɛyɛ adwuma de ama asase mũ no nyinaa adan paradise. (Luka 23:43) Afei nso, wobenyan awufo ɔpepem pii aba nkwa mu sɛ nnipa wɔ asase so. (Asomafo no Nnwuma 24:15) Sɛ wɔyɛ nea Onyankopɔn hwehwɛ fi wɔn hɔ no a, wɔbɛkɔ so atra asase so daa. Sɛ wɔanyɛ a, wɔbɛsɛe wɔn koraa.—Yohane 5:28, 29; Adiyisɛm 20:11-15.
7. Eyi bɛma Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma asase no abam. Wobɛpɛ sɛ wunya saa daakye nhyira horow yi bi? Sɛ saa a, ɛho hia sɛ wokɔ so sua Yehowa ho ade na wudi n’ahwehwɛde ahorow so. Nhyiam horow a wobɛkɔ wɔ mo hɔnom Yehowa Adansefo Ahenni Asa so no bɛboa wo ma woayɛ saa.—Yesaia 11:9; Hebrifo 10:24, 25.
[Kratafa 10 mfonini]
Paradise yerae
[Kratafa 11 mfonini ahorow]
Harmagedon akyi no, wɔbɛyɛ asase no paradise