Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w11 1/1 kr. 15
  • Paradise a Bible Ka Ho Asɛm no Wɔ He?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Paradise a Bible Ka Ho Asɛm no Wɔ He?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible Mu Nnyinaso Ma Anidaso Wɔ Paradise Mu
    Nyan!—1980
  • “Yebehyia Wɔ Paradise!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Paradise Wɔ Asase So—Nnaadaa Anaa Nokwasɛm?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • So Bible No Hyɛ Asase So Paradise Ho Bɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
w11 1/1 kr. 15

Nsɛm A Akenkanfo Bisa . . .

Paradise a Bible Ka Ho Asɛm no Wɔ He?

▪ Yesu hyɛɛ ɔbarima bi a na ɔrebewu a ofi akokoduru mu kyerɛɛ Yesu mu gyidi no bɔ sɛ: “Wobɛka me ho wɔ Paradise.” (Luka 23:43) Ɛhe na ɔbarima no bɛkɔ? So Paradise wɔ soro, asase so, anaa ɛwɔ baabi foforo a wobebu nnipa atɛn daakye?

Bere bi, na yɛn nananom te Paradise. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “Yehowa Nyankopɔn yɛɛ turo bi wɔ Eden a ani kyerɛ apuei fam, na ɛhɔ na ɔde onipa a ɔnwenee no no kɔtenae. . . . Yehowa Nyankopɔn de onipa no kɔtenaa Eden turom sɛ ɔnnɔw hɔ na ɔnhwɛ hɔ.” (Genesis 2:8, 15) Bere a wɔkyerɛɛ saa nsɛm no ase kɔɔ Hela kasa mu no, wɔkyerɛɛ asɛmfua ‘turo’ no ase pa·raʹdei·sos, ɛno mu na wonyaa Borɔfo asɛmfua “paradise.”

Sɛnea sɛ awarefo bi wo mma pii a, wɔtrɛw wɔn fie mu no, saa ara na na wɔhwɛ kwan sɛ bere a nnipa redɔɔso no, yɛn awofo a wodi kan no bɛtrɛw Paradise no mu ma atra Eden ahye nyinaa. Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhyɛ asase so mã na munni so.”—Genesis 1:28.

Enti yɛn Bɔfo no atirimpɔw ne sɛ nnipa bɛtena ase na wɔawo mma wɔ Paradise wɔ asase so ha. Na wɔbɛtena ase daa wɔ asase so turo mu a wɔrenhia amusiei biara. Ná anka asase bɛyɛ adesamma nyinaa fie daa. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nneɛma a yehu wɔ asase so no tumi ma yɛn ani gye saa! Wɔbɔɔ yɛn sɛ yɛntena asase a ɛso yɛ fɛ so.

So Onyankopɔn atirimpɔw asesa? Dabi. Efisɛ Yehowa ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Saa ara na asɛm a efi m’anom bɛyɛ. Ɛrensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ.” (Yesaia 55:11) Bere a wɔbɔɔ onipa wiei bɛboro mfe 3,000 akyi no, Bible ka faa nea “ɔnwenee asase na ɔyɛe de tim hɔ” no ho sɛ “wammɔ no hunu na mmom ɔnwenee sɛ wɔntena so.” (Yesaia 45:18) Onyankopɔn apɛde nsesae. Asase bɛdan paradise.

Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, nsɛm a Bible ka fa Paradise ho no mu pii fa asase so asetena ho. Sɛ nhwɛso no, Yesaia nkɔmhyɛ bi ka sɛ: “Wobesisi adan atena mu na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba.” (Yesaia 65:21) Ɛhefa na wosisi adan na wɔyeyɛ bobe nturo? Ɛhe na wodi nnuaba? Asase so ha yi ara. Mmebusɛm 2:21 kyerɛkyerɛ mu pefee sɛ: “Treneefo na wɔbɛtena asase so.”

Yesu nso kaa asase so paradise ho asɛm. Ɛwom, ɔkaa ɔsoro paradise ho asɛm, nanso nnipa kakraa bi a wɔapaw wɔn na wɔbɛkɔ hɔ. (Luka 12:32) Sɛ saafo yi wu a, wonyan wɔn kɔ ɔsoro Paradise na wɔakɔka Kristo ho ma wɔadi asase so Paradise so. (Adiyisɛm 5:10; 14:1-3) Saa mfɛfo adedifo a wɔwɔ soro yi bɛhwɛ ma nneɛma akɔ so yiye wɔ Paradise wɔ asase so ma ɛne Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ahyia.

Ná Yesu nim sɛ nea Onyankopɔn pɛ sɛ asase no yɛ ni. Eyi te saa, efisɛ bere a wɔbɔɔ Eden turo no, na Yesu wɔ n’Agya nkyɛn wɔ ɔsoro. Asase so paradise asetena ho kwan abue ama nnipa a wɔbɛkyerɛ Yesu mu gyidi nnɛ nyinaa. (Yohane 3:16) Yesu hyɛ saafo no bɔ sɛ: ‘Mobɛka me ho wɔ Paradise.’—Luka 23:43.—w10-E 12/1.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 15]

© FORGET Patrick/SAGAPHOTO.COM/Alamy

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena