So Bible No Hyɛ Asase So Paradise Ho Bɔ?
THE World Book Encyclopedia no se, “Paradise yɛ din a wɔde frɛ ɔsoro.” “Yesu de asɛmfua no dii dwuma wɔ saa kwan yi so bere a Ɔkasa kyerɛɛ owifo a na ɔrewu wɔ mmeamudua no so no.”
Nanso, so Yesu Kristo de ɔsoro Paradise hyɛɛ owifo a na ɔrewu no bɔ ankasa? Anaa so asase so Paradise na ɔde hyɛɛ no bɔ?
Ɔsoro Asetra Ho Bɔhyɛ
Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu de ɔsoro asetra ho anidaso maa n’asomafo anokwafo no. Anadwo ansa na wɔrebekum no no, ɔhyɛɛ bɔ sɛ: “Trabere pii wɔ m’Agya fi. . . . Merekɔ makosiesie baabi mama mo. . . . Na sɛ mekɔ na mikosiesie baabi mema mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ m’ankasa me nkyɛn, na nea mewɔ no, mo nso moaba hɔ.” Ɔsoro asetra ho bɔhyɛ fɛfɛ bɛn ni!—Yohane 14:2, 3.
Yesu bedi tumi wɔ soro sɛ Onyankopɔn Ahenni no Hene. Na Onyankopɔn akɔ so apaw nnipa afi adesamma mu a wɔne no bedi tumi. Bible no ka nea Yesu de eyinom a wɔapaw wɔn no yɛ ho asɛm sɛ: “Woayɛ wɔn ahemman ne asɔfo ama yɛn Nyankopɔn, na wobedi asase so ahene.”—Adiyisɛm 5:10; 2 Timoteo 2:11, 12.
Ɔsomafo Yohane kae sɛ wɔn a ‘wɔatɔ wɔn afi asase so’ ma wɔne Kristo adi tumi wɔ ɔsoro no dodow bɛyɛ 144,000. Wɔbɛyɛ “kuw ketewa,” sɛ wode wɔn toto wɔn a wonya daa nkwa no nyinaa ho a. (Adiyisɛm 14:1-3; Luka 12:32; Yohane 10:16) Eyinom a na wɔwɔ anidaso sɛ wɔde wɔn bɛkɔ ɔsoro no na Kristo hyɛɛ wɔn bɔ sɛ: “Nea odi nkonim no, mɛma no nkwadua a esi Nyankopɔn paradise mu no aba bi adi.” (Adiyisɛm 2:7; Yohane 16:33; 1 Yohane 5:4) Saa sɛnkyerɛnne kwan so “Onyankopɔn paradise” yi wɔ ɔsoro a aniwa nhu hɔ.
Nanso so ɛteɛ sɛ yɛbɛka sɛ ɔsoro nkutoo ne paradise a wɔde asi Yesu akyidifo nyinaa anim anaa? Esiane sɛ ɔdebɔneyɛfo mmɔborohunufo no anni wiase so denam nokwaredi kwan ma Onyankopɔn akyidi so, na mmom na wɔrekum no wɔ nneɛma bɔne a wayɛ ho nti, paradise bɛn na Kristo de hyɛɛ no bɔ?
Paradise Bɛn Na Wɔde Hyɛɛ Ɔdebɔneyɛfo No Bɔ?
Nnebɔneyɛfo no mu biako a na ɔsɛn Yesu nkyɛn no kae sɛ: “Ɛnyɛ wo ne Kristo no? Gye wo ho ne yɛn!” Nanso ɔdebɔneyɛfo mmɔborohunufo no kaa n’anim. Afei bere a ɔdan n’ani hwɛɛ Yesu no, ɔkae sɛ: “Sɛ woba w’ahenni mu a, kae me!” Ɛhɔ na Yesu de bɔhyɛ a ɛyɛ nwonwa no mae: “Nokware mise wo nnɛ, wobɛka me ho paradise.”—Luka 23:39-43, NW.
Ɛhe na saa paradise a wɔahyɛ ho bɔ yi wɔ? Sɛnea wɔakyerɛ nkyekyem yi ase wɔ Bible nkyerɛase ahorow pii mu no aka nnipa pii adwene wɔ saa asɛm yi ho. Bible ahorow pii kenkan sɛnea ɛte wɔ Revised Standard Version mu no: “Nokware, mise wo sɛ, nnɛ wobɛka me ho wɔ paradise hɔ.” Enti, sɛnea nkyerɛase ahorow a ɛtete sɛɛ kyerɛ no, saa da no ara a Yesu ne ɔdebɔneyɛfo no wui no, wɔkɔɔ paradise. Nanso, ɛbɛyɛ dɛn na atumi aba saa, bere a Bible se Yesu kɔɔ Hades, anaasɛ Sheol, wɔ owu mu no? Bere a ɔsomafo Petro reka owusɔre a onya fii hɔ nnansa akyi no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Wɔannyaw no asaman [Hades, wɔ Hela kasa mu, anaa Sheol; wɔ Hebri mu] . . . Yesu yi ara na Onyankopɔn anyan no.”—Asomafo no Nnwuma 2:31, 32; Dwom 16:10.
Esiane sɛ ɛda adi sɛ na Yesu wɔ Sheol, anaasɛ Hades (adesamma nyinaa adamoa) no mu ansa na wɔrenyan no nti, Commentary on the Holy Scriptures a J. P. Lange yɛe no se: “Nanso ɛnsɛ sɛ yɛte paradise yi ase sɛ ɛyɛ ɔsoro Paradise . . . na mmom Sheol fã a ɛne Gehenna bɔ abira, a na wɔfrɛ ɛno nso Paradise no.”
D. D. Whedon wɔ ne Commentary me the Gospels no mu no, de saa Paradise ho adwene yi ho nkyerɛkyerɛmu bi ma, sɛ: “Edin [Paradise] no yɛ nea Yuda Asɔre no yi fii [mfitiase Paradise a na ɛwɔ Eden] no so de kɔbataa Hades fã a nhyira wom, anaasɛ beae a ɛwɔ owu ne owusɔre ntam, no ho. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi na Yesu bɔɔ din sɛ Paradise kyerɛɛ owifo a na ɔrewu no.”
Paradise yɛ “Hades fã a nhyira wom” anaa? Ɛda adi sɛ na eyi yɛ adwene a Yudafo akyerɛkyerɛfo de bae; nokwarem no ɛnyɛ ade a wɔkyerɛkyerɛe wɔ Hebri Kyerɛw kronkron no mu. Ɛnnɛ asɔfo dodow no ara nnye ntom sɛ Paradise yɛ Hades fã bi. Catholic Encyclopaedia no se: “Sɛnea nkyerɛkyerɛmu a Katolek asɔfo ne nsɛm-asekyerɛfo dodow no ara de ma wɔ eyi mu kyerɛ no, paradise yɛ nea wɔde gyina hɔ ma ɔsoro a nhyira wom, faako a na owifo no bɛka Agyenkwa no ho akɔ.”
Protestant akyerɛwfo pii gye saa adwene a Katolekfo kura yi tom. J. G. Butler, kae wɔ ne nhoma The Bible Work no mu sɛ: “Hwɛ anigye da ara a na ɛyɛ ma saa onipa a na ɔrewu no! Anɔpa no na ɔyɛ deduani a wɔabu no kumfɔ wɔ asase so atemmu bagua anim; ansa na owia rekɔtɔ wɔ Sion bepɔw no so no, na ogyina ɔsoro baguafo anim a wɔagye no atom.”
Nanso twɛn! Yɛahu sɛ, sɛnea Bible kyerɛ no, Yesu kɔɔ Sheol, anaasɛ Hades, bere a owui no, na ɛnyɛ ɔsoro. Owui nnansa, a na ɔwɔ adesamma nyinaa adamoa a wɔn a wɔwom no nnim hwee no mu. (Ɔsɛnkafo 9:5, 10) Enti ɛrentumi mma sɛ ɔkɔɔ soro. Bible kyerɛ sɛ Yesu san kɔɔ soro wɔ ne wusɔre no akyi nna 40.—Asomafo no Nnwuma 1:3, 6-11.
Enti, ɛda adi pefee sɛ na Yesu rehyɛ ɔdebɔneyɛfo no bɔ ara kwa sɛ obenyan no akɔ Paradise; na Yesu nkyerɛ sɛ ɔbɛtra Paradise, saa da no ara. Enti Yesu asɛm no asekyerɛ a ɛteɛ ne sɛ: “Nokware mise wo nnɛ sɛ, Wobɛka me ho wɔ Paradise.” Bible nkyerɛase ahorow kenkan saa ara, na emu biako, (Lamsa) ka wɔ ase hɔ nsɛm no mu sɛ: “Tete nkyerɛwee no mu no, na wɔmfa akyerɛw mu nsɛnkyerɛnnede ahorow nhyehyɛ mu. Na nsɛnhɔ agyiraehyɛde no betumi aba wɔ nnɛ no anim anaasɛ akyi.”
Enti Paradise a Yesu de hyɛɛ ɔdebɔneyɛfo no bɔ no bɛwɔ he’? Na bere bɛn na nsa bɛka?
Asase So Paradise
Kae, yɛadi kan aka mfitiase Paradise a Onyankopɔn bɔe wɔ Eden wɔ asase so ha no ho asɛm. Ɛda adi sɛ na ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ obenya Paradise wɔ asase so a adesamma benya daa nkwa wɔ mu, wɔ asomdwoe ne ahotɔ mu. Wugye di sɛ Onyankopɔn bɛma n’atirimpɔw yi ayɛ ɔkwa? Dabida! Ose: “Nea ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ . . . Makasa, na mɛma aba mu.” (Yesaia 46:10, 11) Yiw, Onyankopɔn bɛyɛ nea w’abɔ ne tirim wɔ ho no! Na ne bɔhyɛ ne sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:29.
Enti sɛ yɛkenkan Paradise a Yesu de hyɛɛ ɔdebɔneyɛfo no bɔ ho asɛm no a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ asase yi nyinaa a wɔama adan trabea fɛfɛɛfɛ, te sɛ turo a nnuaba pii wom, ho mfonini wɔ yɛn adwene mu, efisɛ saa na asɛmfua “paradise” no kyerɛ. So Yesu ne kan ɔdebɔneyɛfo no bɛtra Paradise wɔ asase yi so ha? Dabi, Yesu bɛtra ɔsoro adi tumi sɛ Ɔhene wɔ asase yi so Paradise no so. Ɔkwan a Ɔbɛfa so aka saa onipa no ho ne sɛ Obenyan no na wadi n’ahiade ho dwuma, honam mu ne honhom mu nyinaa.
Ɛda adi sɛ na ɔdebɔneyɛfo no nyɛ Kristoni nokwafo nkonimdifo a ɔfata maa asetra sɛ Yesu yɔnko-ɔdedifo wɔ ɔsoro. Ɔyɛɛ nneɛma bɔne, sɛnea nnipa ɔpepem afoforo pii a Yesu benyan wɔn yɛe no. (Asomafo no Nnwuma 24:15) Nanso wɔyɛɛ saa nneɛma bɔne yi efisɛ na wonnim Onyankopɔn apɛde. Enti wɔ Paradise no, wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn nea Onyankopɔn apɛde yɛ, na wobenya hokwan ada wɔn ho adi sɛ wɔdɔ Onyankopɔn ankasa denam n’apɛde a wɔbɛyɛ no so.
Paradise Ho Mfonini
Ɛwom sɛ ɛka sɛ Paradise yɛ “beae a ɛsono no wɔ asase ho” de, nanso New Catholic Encyclopedia no se: “Asomdwoe ne atɛntrenee a mesia hene no de bɛba no bɛyɛ te sɛ Paradise bi a wɔka ho asɛm wɔ Yesaia 11:6-11 no.” Susuw Paradise fɛfɛ a wɔaka ho asɛm wɔ hɔ no ho. Bere a aka Mesia Hene, Kristo, tumidi ho asɛm akyi no, saa nkɔmhyɛ a ɛma koma ani gye a ɛwɔ Yesaia ti 11 no kɔ so ka wɔ nkyekyem 6 kosi 9 sɛ:
“Ɛnna habɔdɔm ne oguanten ba bɛtra, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwi ba ne gyata ba a wadɔ bɛtra faako, na abofra ketewa aka wɔn. Nantwibere ne osisi bɛbom adidi na wɔn mma ada faako, na gyata awe wura sɛ nantwi. Akokoaa begoru ahurutoa amoa ano, na nea watwa nufu ateɛ ne nsa aka ɔkyereben bɔn. Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na [Yehowa] hu bɛyɛ asase ma sɛ nsu kata po so no.
Ɛhe na Paradise tebea horow a wɔaka ho asɛm wɔ ha fɛfɛɛfɛ no benya mmamu? Kristoman nyamesom mu akyerɛkyerɛfo no nnye nni sɛ ɛbɛba mu ankasa wɔ asase so. Ɔbenfo J. P. Lange gye tom sɛ: “Su horow a Yesaia ka ho asɛm wɔ ha no nyinaa si so dua sɛ ɛfa asase ho.” Ɔsan de ka ho nso sɛ: “Nkɔmhyɛ no ntumi mma mu wɔ ha. Ɛsɛ sɛ yɛhyehyɛ honhom mu nhyɛase foforo, asase foforo bi a ɛwɔ anuonyam a wɔasiesie ama eyi mmamu.”
Nanso so saa nkɔmhyɛ yi reka asomdwoe ne ahotɔ a nkurɔfo benya wɔ ɔsoro Paradise hɔ sɛnkyerɛnne kwan so ho asɛm anaa? Dabida! Ɛreka asase so ha tebea horow ho asɛm. Wɔ Yehowa Adansefo ahyehyɛde a ɛwɔ wiase nyinaa no mu nnɛ mpo no, honhom mu yiyedi tebea bi wɔ hɔ, asomdwoe ne ahotɔ wɔ hɔ, sɛnea Onyankopɔn diyifo Yesaia kaa ho asɛm fɛfɛɛfɛ yi. Nanso, bere rekɔ so no, so paradise tebea horow yi bɛba mu nso wɔ honam mu ankasa anaa?
Ampa, ebia wɔn a wɔkyerɛkyerɛ nyamesɛm wɔ Kristoman mu bedi fɛw wɔ ka a wɔka sɛ Onyankopɔn bɛma asomdwoe aba mmoa ntam ne wɔ wɔne nnipa ntam no ho. Nanso yebetumi anya ahotoso sɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no bɛma nsakrae kɛse a ɛte sɛɛ aba wɔ mmoa mu. Sɛnea Bible asekyerɛfo biako kae wɔ Bible nkɔmhyɛ yi ho no: “Sɛ ɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so ara kwa a, ɛnde nsɛm pii a ɛfa nsakrae a ɛba mmoa mu no ho mfaso ne dɛn? Ɛbɛma ayɛ te sɛnea yɛwɔ beae a na ɛwɔ ha ansa na onipa rehwe ase wɔ bɔne mu no nsusuwso wɔ ha. Ansa na bɔne reba wiase no, onipa de mmoa dii dwuma, na ɔtotoo wɔn din. Nea Onyankopɔn ayɛ nyinaa ye. Anyɛ yiye koraa no ná wonnim ɔtan a ɛwɔ nnipa ne mmoa ntam no.”
Nokwarem, hwɛ nsɛdi fɛfɛ a ɛwɔ Mesia nniso no ho nsɛm a waka no nkɔmhyɛ kwan so wɔ Yesaia nhoma no mu ne tebea horow a na ɛwɔ Eden turo no mu no ntam! Ɛhɔ no, “Yehowa ho nimdeɛ” buu so, esiane sɛ akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn ne ne ba a ɔyɛ pɛ wɔ asase so, Adam dii nkitaho nti. Bible no ka no pefee sɛ saa bere no ‘wɔde nhaban momono’ maa mmoa sɛ wonni. Woanwe mmoa afoforo (Genesis 1:30) Na mmoa no hyɛ onipa ase, na wotiee frɛ a ɔfrɛɛ wɔn ma wɔbaa n’anim sɛnea ɛbɛyɛ na watoto wɔn din no.—Genesis 2:19, 20.
Hwɛ fɛ ara a ɛbɛyɛ sɛ yebehu saa biakoyɛ ne ahotɔ tebea yi wɔ asase nyinaa so bio! Hwɛ hokwan ara a ɛbɛyɛ sɛ yebenya asase so Paradise a anuonyam wom a nnipa nyinaa bɛdodɔ wɔn ho wɔn ho wɔ baabi a asomdwoe kɛse wɔ nnipa nyinaa ntam no da adi wɔ nitan a ɛba awie wɔ mmoa ntam mpo mu no! Ampa, Bible no hyɛ asase so Paradise ho bɔ!
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]
“Me a mifi mfiase meka awiei asɛm, na mifi tete mmere no meka nea wɔnyɛe no, meka sɛ: Me tirimpɔw begyina, na nea ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ. Mɛfrɛ ɔkoropɔn bi afi apuei, ne m’agyina mu barima afi akyirikyiri asase so. Makasa, na mɛma aba mu; madwen, na mɛyɛ.—Yesaia 46:10, 11.
[Kratafa 7 mfoni]
So tebea horow yi bɛba wɔ asase so ankasa?