Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/98 kr. 1
  • “Monyɛ Eyi Mfa Nyɛ Me Nkae”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Monyɛ Eyi Mfa Nyɛ Me Nkae”
  • Yɛn Ahenni Som—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Yɛkɔ Nkaedi No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • “Monkɔ So Nyɛ Eyi” Nkaedi a Yɛbɛyɛ no April 5
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ Wɔ Bere Titiriw Mu
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • “Monkɔ So Nyɛ Eyi Mfa Nkae Me”
    Yɛn Ahenni Som—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1998
km 3/98 kr. 1

“Monyɛ Eyi Mfa Nyɛ Me Nkae”

1 Nnipa taa ma hia a nneɛma bi ho hia no yera, bere a bere kɔ so no. Eyi yɛ ade biako nti a bere a Yesu de ‘Awurade anwummeduan’ resi hɔ no, ɔhyɛɛ n’asuafo no sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae” no. Efi saa bere no, Kristofo afi osetie mu ‘reka Awurade wu no akosi sɛ ɔbɛba’ wɔ Yesu wu nkae ase.—1 Kor. 11:20, 23-26.

2 Seesei ɛrenkyɛ biara na Yesu agye “kuw ketewa” a wɔn so retew no mufo a wotwa to no akɔ ɔsoro fie. (Luka 12:32; Yoh. 14:2, 3) Afe yi wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo ne “nguan foforo” a wɔredɔɔso no mufo benya hokwan bio ahyɛ Awurade Anwummeduan no ho fã wɔ April 11. (Yoh. 10:16; Adi. 7:9, 10) Wɔbɛhyɛ anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa dɔ kɛse a ɔnam so somaa ne Ba koro no ma ɔba maa adesamma no mu den. Wɔbɛka Yesu nhwɛso, ne dɔ, ne nokware a odi kosii owu mu de agyede mae, ne tumi a ɔredi seesei sɛ Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no so Hene, ne nhyira a Ahenni no de bɛbrɛ adesamma no ho asɛm. Ɛyɛ da a ɛsɛ sɛ yɛkae ampa!

3 Fi Nnɛ Siesie Wo Ho: Momma yɛn nyinaa nyere yɛn ho mmoa mma saa Nkaedi yi nyɛ nea ɛyɛ anigye kɛse, na yɛne wɔn a wɔbɛba abɛka yɛn ho no nyinaa mfa nkyerɛ anisɔ. Yɛnam Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa Yesu asase so som adwuma nna kakra a etwa to, ne nsɛm a esisii kosii ne wu mu ho a yɛbɛkenkan bio no so betumi asiesie yɛn koma. Aka adapɛn bi ma Nkaedi no adu no, yebetumi asusuw Onipa a Ɔsen Biara nhoma no atiri 112-16 ho wɔ yɛn abusua adesua mu.

4 Sɛ wudi kan hyɛ anisɔ a nkurɔfo wɔ ma saa afahyɛ yi mu den, to nsa frɛ wɔn, na woma wɔte nka sɛ yɛn ani gye sɛ wɔbɛba a, wɔn mu ahe na wunim sɛ wobetumi aba Nkaedi no ase? Fi ase kyerɛw wɔn din, na yɛ nea wubetumi fa boa wɔn ma wɔmmra. Ɛno akyi no, boa wɔn ma wonnyin wɔ honhom fam denam nkuran a wobɛhyɛ wɔn ma wɔakɔ asafo nhyiam ahorow daa so.

5 Wɔ Nkaedi bere mu no, yɛbɛyɛ nhyehyɛe soronko de ama obiara atumi ayɛ asɛnka adwuma pii. Sɛ woyɛ bere nhyehyɛe pa a, so wubetumi ayɛ akwampaefo boafo wɔ April mu? wɔ May mu? Akwan a ɛsen biara a ɛkyerɛ sɛ yɛde anisɔ kae nea Yesu afɔrebɔ no kyerɛ ma yɛn no mu biako ne sɛ yɛbɛka yɛn Nyankopɔn Yehowa ne ne nhyira ahorow a ne Ba no Ahenni nniso de bɛba ho asɛm.—Dw. 79:13; 147:1.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena