Nnwom
Asaf dwom.+
79 O Onyankopɔn, amanaman no aba w’agyapade so;+
Wɔagu w’asɔrefi kronkron no ho fĩ;+
Wɔasɛe Yerusalem pasaa.+
4 Wɔn a wɔtete bɛn yɛn no, yɛn anim agu ase wɔ wɔn anim;+
Wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no tweetwee yɛn di yɛn ho fɛw.
5 O Yehowa, wo bo befuw akosi da bɛn? Wo bo befuw afebɔɔ anaa?+
W’abufuw bɛdɛw sɛ ogya akosi da bɛn?+
8 Mmu yɛn agyanom mfomso ngu yɛn so.+
Hu yɛn mmɔbɔ ntɛm,+
Efisɛ wɔabrɛ yɛn ase koraa.
10 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ amanaman no ka sɛ: “Wɔn Nyankopɔn no wɔ he?”+
Wɔn a wɔahwie wo nkoa mogya agu no, sɛ wutua wɔn so ka wɔ amanaman no mu a,
Ma yɛn aniwa nhu.+
11 Ma ɔdeduani apinisi nnu w’asom.+
Wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no,* fa wo tumi kɛse no* kora wɔn so.*+