Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/90 kr. 1
  • Hyɛ Nneɛma Nyinaa Bɔfo No Anuonyam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hyɛ Nneɛma Nyinaa Bɔfo No Anuonyam
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • DI ADANSE A ETU MPƆN
  • WƆ SUKUU
  • Adannandi mu a Wɔhwehwɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Creation Nhoma No So
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • So Adannandi Ne Bible No Hyia?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Yɛn Ahenni Som—1990
km 10/90 kr. 1

Hyɛ Nneɛma Nyinaa Bɔfo No Anuonyam

1 Afeha 19 no mu no, Satan bɔɔ pɔ bɔne bi a ɔde befura adesamma ani​—adannandi kyerɛkyerɛ. (2 Kor. 4:4) Ɔkyerɛkyerɛ yi yɛ adebɔ ne bɔne mu a onipa tɔe ho Bible kyerɛwtohɔ a wɔpow koraa. Ɛbɛma Yesu ogye afɔre no ne Bible nkyerɛkyerɛ a ɛfa Ahenni no ne daa nkwa ho no ayɛ nea ntease nnim. Bio nso, adannandi kyerɛkyerɛ no bue kwan ma nsɛmmɔnedi ne ɔko, nna mu ɔbrasɛe, ne amumɔyɛ ahorow nyinaa. Henanom na wɔbɛbɔ adesamma kɔkɔ wɔ ɔkyerɛkyerɛ a edi awu yi mu asiane ahorow ho?

2 Ɔsram a ɛne October mu no, yɛbɛyɛ saa, efisɛ yɛbɛbɔ Ɔbɔadeɛ a Yehowa yɛ no dawuru kɛse. Yɛde nhoma Life​—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? no bedi dwuma wɔ afie afie ɔsom adwuma no mu, yɛn honam fam adwuma ahomegye bere mu, ne sukuu mu. Yɛpɛ sɛ obiara hu sɛnea adannandi kyerɛkyerɛ no gu adesamma Bɔfo no anim ase no.

DI ADANSE A ETU MPƆN

3 Sɛ wudi adanse bɔnnɔ so anaa wɔ afie afie a, ebia wobɛpɛ sɛ wotwe adwene si nsɛm a wɔka bere ne bere mu fa adwenhorow a emu yɛ den a ebinom kura wɔ adannandi asɛm no ho ho no so de afi nkɔmmɔbɔ no ase. Wɔaka asemmisa a ɛne sɛ ebia ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ adannandi wɔ aban sukuu ahorow mu anaa no ho nsɛm pii. Ɛwom sɛ ebia obi akenkan anaasɛ wate ɛho nsɛm a wɔka ne ho akyinnyegye a emu yɛ den mpo ho asɛm pii de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ n’ani begye Bible mu nokwasɛm a ɛfa asɛm no ho tẽẽ no ho kɛse. Afei twe adwene si nea wɔaka wɔ Hebrifo 3:4 no so. Kenkan kyerɛwsɛm no na ka ho asɛm tiawa.

4 Sɛ ɛda adi sɛ ɔkwan bi so no onipa no pɛ nyamesom a, wobetumi aka sɛ nyamesomfo ne wɔn a wogye adannandi di taa gye tom sɛ “Ɔdomankoma” a ɔnyɛ obi pɔtee anaasɛ “Abɔde Na” a ɔyɛ obi pɔtee ne tumi a ɔbɔɔ nneɛma a ɛyɛ nwonwa a yehu sɛ atwa yɛn ho ahyia no nyinaa. Nanso Bible no ma yehu onii ko a yɛn Ɔdɛɛfo Kɛse ne amansan a ɛyɛ nwonwa yi Bɔfo no yɛ. Wubetumi atwe adwene asi Adiyisɛm 4:11 so. Bere a moakenkan kyerɛwsɛm no awie no, ebia onipa no bɛpɛ sɛ ɔkyerɛ n’adwene wɔ asɛm no ho. Wubetumi de Creation nhoma no mu asɛm pɔtee biako anaa abien atoam, na sɛ ɛfata a, hyɛ no nkuran ma ɔnkenkan.

WƆ SUKUU

5 Bere a sukuu afe foforo fi ase no, mo Yehowa nkoa nkumaa nyinaa bɛpɛ sɛ mosan hwɛ mo Creation nhoma no mu na mususuw akwan a mobɛfa so ama mo mfɛfo sukuufo ne mo akyerɛkyerɛfo nso ani agye ho no ho. Ebinom ahu sɛ nhoma no a wogyaw to wɔn pon so kɛkɛ no pagyaw nkɔmmɔbɔ. Afoforo nso ne akyerɛkyerɛfo ne sukuu so ahwɛfo adi adebɔ ho nkɔmmɔ, na wɔatumi de nhoma no bi ama saa kwan no so.

6 Nnipa pii mfa Creation nhoma no mmata “asɔre nsɛm” ho ntɛm ara. Enti, sɛ nsa da so ara da yɛn dwumadi so mpo a, wubetumi de anifere apagyaw asɛm no na wode nhoma no akyerɛ wɔ sukuu a asɛm biara rensi.

7 Yɛn nyinaa ani gye anidaso a yɛwɔ sɛ yɛbɛtra wiase bi a obiara bɛhyɛ Yehowa anuonyam wom mu no ho. Adiyisɛm nhoma no mu no, Yohane huu honhom abɔde anuonyamfo sɛ wɔkotow Yehowa na wɔpae mu ka sɛ: “[Yehowa], wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛyeyɛe na wɔbɔe.” (Adi. 4:11) Ɛmmra sɛ yɛbɛbɔ saa nsɛm no dawuru wɔ yɛn som adwuma no mu October mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena