Abusua Mu Abusuabɔ a Emu Yɛ Den a Yɛbɛhyehyɛ
1 Esiane sɛ nneɛma pii gye awofo bere nti, wohyia asɛnnennen wɔ abusua a egyina pintinn wɔ nokware som mu a wɔbɛhyehyɛ no mu. Kristofo mmusua hia abusuabɔ a emu yɛ den a ɛde mmoa ma wɔ mprempren mmere a emu yɛ den yi mu. (Ɔsɛnk. 4:9-12; 2 Tim. 3:1-5) Bere a abusua bi honhom mu yiyedi nya nkɔanim no, wɔka bom kɛse, na ɛbɛhyɛ wɔn den ma wɔagyina Satan ne ne nhyehyɛe no ntua ahorow ano.
HONHOM FAM SU HOROW A YEBENYA
2 Asafo nhyiam horow ne abusua Bible adesua yɛ nneɛma atitiriw wɔ abusua no dapɛn biara bere nhyehyɛe mu. (Deut. 6:6, 7; Heb. 10:23-25; wTW 4/87 nkr. 23-5) Nanso, pii ho hia. Sɛ eyi nkutoo ne honhom fam ntetee a mmofra nya a, ɛnde na biribi da so ara tɔ sin.
3 Abusua mu abusuabɔ pa fi ase bere a awofo kyerɛ wɔn mma honhom mu yiyedi ho nokware anigye no. Israel no, na ɛyɛ awofo asɛyɛde sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma na wɔtete wɔn, wɔde nsɛm ne nhwɛso nyinaa kyerɛkyerɛ wɔn. Na sɛnea wɔbɛtra ase sɛ mpanyimfo ho ntetee pa, akenkan ne akyerɛw a wɔbɛkyerɛ wɔn, ne nkyerɛkyerɛ a ɛbɛma wɔanya honhom fam su horow ka Israelfo nkyerɛkyerɛ nhyehyɛe no ho. Mmofra a wɔkyerɛkyerɛ wɔn mu no, wosii kyerɛ a wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn Yehowa suro, Mmara no, obu ma awofo ne mpanyimfo, ne sɛnea osetie hia no so dua.
4 Mommɔ mmɔden sɛ mode bere pa bedi dwuma ne mo mmusua abom ayɛ ade da biara. Mubetumi asusuw honhom fam nneɛma ho bɔnnɔ so, te sɛ bere a mudidi sɛɛ. Ɔwofo biako kaa no nyansam sɛ: “Awofo de bere bedi dwuma ne wɔn mma abom ayɛ ade—ma ebia wɔanya honhom fam su horoew anaasɛ wɔaboa wɔn ma wɔafi ɔhaw ahorow mu.” Hwɛ sɛnea eye kɛse sɛ wɔbɛma mmofra anya honhom fam su horow a ehia no na wɔatumi akwati wiase asiane ahorow no!—1 Kor. 3:10-15.
ASƐNKA ADWUMA MU ANIGYE A MUBENYA
5 Anigye yɛ nkate a adepa a wonya anaa wɔhwɛ kwan na ɛkanyan. Sɛ obi asiesie ne ho ama asɛnka a, obetumi ahwɛ kwan ma afata sɛ nneɛma pa befi mu aba. Enti, asɛnka a anigye wom fi ahosiesie. Nea mobɛka a daa mubedi kan asua sɛ abusua ansa na moakɔ asɛnka no ma munya ahotoso. (Fa toto Tito 3:1b ho.) Obiara betumi anya botae bi wɔ n’adwene mu. Mubetumi ne mmofra no anaasɛ wɔn a afei na wɔafi asɛnka ase foforo no adi kan asua asɛm tiaa bi a mobɛka akyerɛ.
6 Ɛdenam wɔn mma a wɔne wɔn bɛyɛ adwuma wɔ Kristofo ɔsom adwuma no mu so no, awofo betumi aboa wɔn ma wɔn ankasa anya nnipa a wɔyɛ Yehowa ne Yesu ho nhwɛso ho anigye. Ɔsom adwuma no boa yɛn nso ma yɛne Yehowa nya abusuabɔ a emu yɛ den. (wTW 8/82 nkr. 12-17) Mmusua bi yɛ da mũ nyinaa a wɔbɛbom ayɛ ade ho nhyehyɛe, na wɔyɛ ahomegye a eye ho nhyehyɛe bere a wɔapɔn asɛnka. Eyi ma wonya bere bɔ nkɔmmɔ wɔ tebea a biribiara nhaw adwene wom mu na ɛka awofo ne mma bom.
7 Munsi mo bo sɛ mubenya nkitahodi su a ehia no na ama moakura mo ne mo mma ntam abusuabɔ a emu yɛ den mu. Mommma biribiara nnsiw mo kwan sɛ mode bere a ehia no bedi dwuma de ahyɛ mo abusua no den wɔ honhom fam. Mommɔ mpae mma mo mma, na mo ne wɔn nso mmom mmɔ bi, na munhu sɛ Yehowa betumi ama mo mmɔdenbɔ no ayɛ yiye.—Dw. 127:1; Mmeb. 24:3.