Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/90 kr. 2
  • Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1990
Yɛn Ahenni Som—1990
km 10/90 kr. 2

Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A ƐTO SO ABIEN

Dwom 154

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw. So Woasiesie Wo Ho Ama Asɛnka? Ka nneɛma atitiriw a ehia ma afie afie adwuma wɔ mo asasesin mu ho asɛm. W’adwene a woasiesie hwehwɛ sɛ wuti nsɛntitiriw a wubesi so dua wɔ nhoma no mu no mu. Afei nso, bɔ honhom kronkron ne mmoa a ɛbɛma woahu wɔn a wɔte sɛ nguan ho mpae.​—Fii. 4:6, 7.

20 min: “Hyɛ Nneɛma Nyinaa Bɔfo no Anuonyam.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Bere a mususuw nkyekyem 3 ne 4 ho no, ma ɔdawurubɔfo a otu mpɔn nyɛ Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no ho ɔyɛkyerɛ, na ɔmfa nhoma a yɛde rema no mma. Da nhyehyɛe pɔtee a ɔreyɛ na ama wasan akɔsra no adi.

15 min: Ɔpanyin ne mmofra pii a wɔyɛ nhwɛso pa kasa. Munsusuw Young People Ask nhoma no ti 17, “So Ɛsɛ sɛ Migyae Sukuu?” no mu nsɛntitiriw ho. Si sɛnea ehia sɛ awofo kyerɛ wɔn kwan ma wɔpaw sukuu adesua a ɛboa wɔn ma wonya nnwuma ho nimdeɛ a mfaso wɔ so a ɛbɛboa wɔn ma wɔagyina Onyankopɔn ahyehyɛde no so ahyehyɛ wɔn daakye na wɔadi Ahenni nneɛma akyi so dua.

Dwom 225 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A ƐTO SO ABIƐSA

Dwom 71

5 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase nsɛmmansɛmma. Fa asɛnka nhyehyɛe ho nkaebɔ ma.

15 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Denam Nsɛmma Nhoma so.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Bere a mususuw nkyekyem 8 ho no, yɛ sɛnea wobetumi ne obi a ɔkyerɛ nokware anigye ayɛ nhyehyɛe akɔma no nsɛmmanhoma daa, na si nsɛmma nhoma no mu asɛm a mo mpɔtɔm hɔfo ani gye ho no so dua.

15 min: “Abusua mu Abusuabɔ a Emu Yɛ Den a Yɛbɛhyehyɛ.” Ɔkasa a ɔpanyin ma a atiefo nya mu kyɛfa bi. Fa nyansahyɛ ahorow ma wɔ nea mubetumi ayɛ wɔ mo hɔ de ama abusua mufo anya honhom fam su horow na aboa obiara ma wanya asɛnka adwuma mu anigye.

10 min: “Yɛn Ani Sɔ Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim No!” Ɔkasa a ɔpanyin ma, a egyina February 1 1986 Watchtower nkratafa 289 mu nsɛm so. Ma ɛmfa mo hɔ tebea ho. Wubetumi aka saafo a wɔne wɔn bɛyɛ adwuma wɔ asɛnka mu, atɔ wɔn bo ase na ama wɔne wɔn abɔ anan anantew ho asɛm pɔtee. Wobetumi aboa wɔn wɔ aguadi, nnuruyɛfo a ɛsɛ sɛ wokohu wɔn, ne nea ɛkeka ho mu, na wɔanya wɔn nimdeɛ ne osuahu mu mfaso.​—Hiob. 15:10; Mmeb. 16:31; 1 Tim. 5:1, 2.

Dwom 116 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A ƐTO SO ANAN

Dwom 160

8 min: Asafo mu nkaebɔ. Sika akontaabu ne ntoboa a wɔkyerɛ sɛ nsa aka. Kamfo asafo no wɔ wiase nyinaa adwuma no a wɔboa no ho.​—Mmeb. 3:9 “Ma W’ani Nna Hɔ wɔ Bible Adesua a Wubefi Ase Ho.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Fa adesua dodow a mo asafo no yɛ ho amanneɛbɔ ma. Wɔ nkyekyem 5 no, kyerɛ sɛnea wobetumi afi adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan mu. Fa ofiewura a ɔkyerɛ adannandi ho anigye kakraa bi nanso ɔde anigye gye kratawa Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu no fi ɔyɛkyerɛ no ase. Ɔdawurubɔfo ne no susuw kratawa no mu nkyekyem biako anaa abien ho na ɔhyɛ da hyɛ bɔ sɛ ɔbɛsan aba. Afei, yɛ ɔkwan tee a wɔfa so ho ɔyɛkyerɛ, fa nnianim nsɛm a ɛwɔ Reasoning nhoma no kratafa 12, wɔ “Home Bible Study” (Ofie Bible Adesua) ase no di dwuma no.

17 min: “Sɛ Wokyerɛkyerɛ a, Du Koma No Mu.” Ɔkasa a ɛka February 1, 1985 Ɔwɛn-Aban nkratafa 13-17 mu nsɛntitiriw anan ho asɛm. Boa atiefo ma wonhu sɛnea ehia sɛ wɔyɛ Bible adesua ahorow a enya nkɔanim. Afei nso, ka bere a ɛsɛ sɛ wogyae adesua a ɛnsow aba ho asɛm.

Dwom 121 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A ƐTO SO ANUM

Dwom 69

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ nsɛmma nhoma dwumadi ho nkuran. Asafo ahorow pii da so ara wɔ Engiresi nsɛmma nhoma a wɔn nsa kae bere tiaa bi ansa na wɔde nsa to yɛn dwumadi so no bi wɔ hɔ. Sɛ anka mobɛma agu hɔ asɛe kwa no, dɛn nti na monhyɛ adawurubɔfo nkuran mma wommegye na wɔmfa mmema anifere so? Eyi mu binom kura nsɛm a emu yɛ den a etia Babilon Kɛse. Emu nsɛm ntwaam ɛ, enti mommma biribiara nnsiw mo kwan sɛ wɔ mo bɔnnɔ so anaa afie afie adansedi mu no, mobɛpagyaw asɛmti a ɛne Babilon Kɛse no de akanyan nsɛmma nhoma no ho anigye. Sɛ ɔdawurubɔfo biara ma nsɛmma nhoma biako ɔsram biara a, awiei koraa no ɛbɛsa. Hyɛ obiara nkuran ma onkogye nea ɛwɔ hɔ no bi.

20min: “Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ Ama Yɛn Akwampaefo.” Ɔsom adwuma sohwɛfo ne akwampaefo baanu anaa baasa susuw asɛm no ho. Ma akwampaefo nka sɛnea wɔahyɛ afoforo nkuran, ne nea ahyɛ wɔn nkuran titiriw wɔ mo hɔ no ho asɛm. Kamfo asafo no wɔ mmoa a wɔde ma akwampaefo no ho.

15 min: Mo asafo no mu ahiade. Anaasɛ ɔhwɛfo guamtrani ka “Asemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ January 1, 1983 Watchtower nkratafa 30-1 mu asɛm a ɛne “Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa yɛn asafo no mufo a wɔwɔ obusuani a wɔatu no no?”

Dwom 62 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena