So Yebetumi Ama Wɔasan Anya Anigye?
1 “Anigye ne wɔn a wɔn honhom mu nneɛma ho hia wɔn.” (Mat. 5:3, New World Translation) Saa nsɛm a Yesu kae wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu no kyerɛ biribi. Adesamma pii nhu sɛ wohia honhom mu nneɛma na ama wɔanya anigye ne atirimpɔw wɔ wɔn asetra mu. Nanso ebinom wɔ hɔ a, na bere bi honhom mu nneɛma ho hia wɔn, nanso afei de ɛnte saa bio. Biribi nti, wɔamma honhom mu nneɛma ho anhia wɔn bio. Wɔtwee wɔn ho fii ade ankasa a ɛyɛ mfaso ma wɔn ho. Asemmisa no ne sɛ, So yebetumi ama saafo no asan anya anigye bio? Anigyesɛm ne sɛ yebetumi ama ebinom ayɛ saa.
2 Ebia wunim obi a ɔne Yehowa Adansefo suaa Bible no mfe bi a atwam ni, ebia na ɔyɛ abofra mpo, nanso wankɔ so ne Onyankopɔn nkurɔfo ammɔ. Nanso, ebia na wɔde Bible nkyerɛkyerɛ ne trenee nnyinasosɛm ahorow bi ahyɛ saa onii no adwenem, ma ɔda so ara kae. Bere a wiase no mu tebea kɔ so sɛe, na asetra mu nsɛm tebea sakra no, onipa no kae nneɛma a wasua dedaw no, na ebia ɔbɛdan aba Onyankopɔn nkyɛn, na wayɛ krado sɛ obenya Bible mu nimdeɛ pii. Saafo a yɛbɛkɔ wɔn nkyɛn a atirimpɔw no ne sɛ yɛbɛsan ne wɔn akɔyɛ Bible adesua no so betumi aba mfaso a ɛsen biara.
3 Nokwarem no, ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden wɔ bere ne bere mu sɛ wobɛkɔ wɔn a wɔbaa Nkaedi afahyɛ no nkyɛn. Ma wonhu sɛ wudwen wɔn honhom mu yiyedi ho ankasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ wo ne wɔn besua Bible no. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden titiriw sɛ yɛbɛboa nnipa a wɔbaa “Wɔn a Wɔpɛ Onyankopɔn Ahofadi” Ɔmantam Nhyiam no, ne nnanu anaa dakoro nhyiam a yɛyɛe nnansa yi wɔ ɔmansin no mu no. Wɔ tebea horow bi mu no, ebetumi ayɛ nea mfaso wɔ so sɛ ɔdawurubɔfo foforo bɛkɔ obi a nkɔso a onnya nti wogyaee adesua no nkyɛn.
4 Nokwarem no, yɛhwɛ kwan sɛ nnipa a yɛne wɔn sua ade no bebu Yehowa som aniberesɛm, na wɔada nsiyɛ bi adi wɔ wɔn Bible adesua no mu. Nanso yɛn de, yɛpɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ yɛabɔ mmɔden a ɛsɛ de aboa, na yɛte nka wɔ afoforo ho sɛ ɔsomafo Paulo bere a ɔkae sɛ, ‘Me ho afi nnipa nyinaa mogya ho’ no.—Aso. 20:26.