Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/82 kr. 1-2
  • Kɔ So Boa Wɔn A Wɔbaa Nkaedi No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kɔ So Boa Wɔn A Wɔbaa Nkaedi No
  • Yɛn Ahenni Som—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • HENANOM?
  • ƆKWAN BƐN SO?
  • Mmɔden a Yɛbɔ Sɛ Yɛbɛyɛ Nkaedi No, Yehowa Hyira So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • “Monkɔ So Nyɛ Eyi Mfa Nkae Me”
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Wɔn a Wɔda Anigye Adi Nyinaa a Yɛbɛboa Wɔn
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nea Enti a Yɛkɔ Nkaedi No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1982
km 9/82 kr. 1-2

Kɔ So Boa Wɔn A Wɔbaa Nkaedi No

1 Bere a Yesu ne n’asomafo no dii Nkae a edi kan no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.” (Luka 22:19) Na ɔreka nea ebesi twam anwummeduan no ananmu no ho asɛm. Esiane sɛ nnipa afoforo a wɔbaa Nkaedi no ase April a etwaam no mu no ho hia yɛn nti, ɔkwan bɛn na yebetumi afa so aboa wɔn ma wɔne yɛn abɔ fekuw wɔ nhyiam afoforo ase. Wɔn honhom mu nkɔso wɔ nokware no mu no gyina mmoa a yɛbɛkɔ so de ama no so.

2 Ɛda adi sɛ Yesu yɛɛ nhwɛso pa wɔ eyi fam. Ɔkɔɔ so boaa n’asuafo no, ɛwom mpo sɛ na wɔatwe wɔn ho afi ne ho bere tiaa bi saa anadwo a wɔkyeree no no. Ɔkae sɛ: “Me ho bɛyɛ mo nyinaa hintidua anadwo yi. Na wɔakyerɛw sɛ: Mɛbɔ oguanhwɛfo no, na ekuw no mu nguan no abɔ apete.” Nanso, wampow wɔn! Asɛm a edi hɔ a ɔkae ne sɛ: “Na me sɔre akyi no, medi mo anim makɔ Galilea.”​—Mat. 26:31, 32.

HENANOM?

3 So yɛn nso yebetumi ayɛ nhwɛso ama wɔn a wonnya nnyaa honhom mu ahoɔden no, denam ‘wɔn anim a yebedi’ so anaa? Nokwarem no mpanyimfo no bɛpɛ sɛ wodi anim wɔ honhom mu nsɛm mu. (Mat. 28:20) Ɛno ne ade a ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ. Wunnye nni saa anaa? Nanso ɔkwan bɛn so? Nea edi kan no ɛsɛ sɛ yehu wɔn a yɛbɛboa wɔn. Enti sɛ obi a wotoo nsa frɛɛ no no bae a, ɛbɛyɛ papa sɛ woma wo nhoma mu adesua sohwɛfo no te saa nipa a n’ani gye asɛm no ho no ho asɛm.

ƆKWAN BƐN SO?

4 Asɛm a edi hɔ ne ɔkwan a yɛbɛfa so aboa wɔn. Yɛmpɛ sɛ yebu tumi a Nkaedi no anya wɔ obi a ɔwɔ asɛm no ho anigye so no adewa. Ɛma ohu nea Onyankopɔn ne Kristo ayɛ ama ɔno ankasa no. Nkaedi no dwudwo koma no na esiesie no na agye honhom mu nneɛma afoforo. Mfe kakra a atwam yi mu no, asafo bi a na adawurubɔfo 100 na wɔwom no de nkyerɛwde kɛse bi bɔɔ faako a wohyiam no anim a na nea ɛka ara ne “NKAEDI.” Afei wɔde nkratasin a wɔde to nsa frɛ nkurɔfo 1,000 memae. Dɛn na efii mu bae? Nnipa ahankron aduosia nsia bae! Amanneɛbɔ no de baa awiei sɛ: “Ɛkanyan anigye pii, na wɔredi eyi ho dwuma mprempren denam ofie Bible adesua a wɔyɛ so.”

5 Mpɛn pii no mmeae a yɛyɛ yɛn nhyiam horow no yɛ nea wonim. Nanso, saa osuahu yi da nneɛma abien a yebetumi ayɛ de aboa wɔn a wɔba Nkaedi ase adi. Biako ne sɛ yɛbɛkyerɛ wɔn kwan akɔ nhyiam horow no ase, na nea ɛka ho ne sɛ yɛne wɔn besua ade. Sɛ mmoa ho hia a, nhoma adesua sohwɛfo no betumi aboa wo ma woafi ofie Bible adesua a wɔyɛ no daa ase. Ebia ebegye sankɔhwɛ ahorow a wɔyɛ ho nhyehyɛe yiye na woatumi ayɛ eyi.

6 Nkɔso a obi a ɔyɛ foforo nya no taa yɛ nea egyina akenkan ne adesua dodow a ɔno ankasa yɛ so. Bisa sɛ ebia ɔkra nsɛmma nhoma no bi ma ne nsa ka no daa. So ɔwɔ nhoma ahorow a aba nnansa yi no bi, titiriw nea wosua wɔ asafo nhoma adesua ase no? So wagye Afe Nhoma no bi, na so onim nhyehyɛe a wɔayɛ ama da biara da asɛm ne nkyerɛkyerɛmu no? Mpɛn pii no, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde saa nneɛma yi nyinaa bɛma bere koro mu, na mmom sɛ yɛbɛboa wɔn ma wɔahu sɛ Onyankopɔn ani gye honhom mu nkɔso ho. 1 Tim. 4:15.

7 Afoforo a wɔwɔ asafo no mu a yɛbɛma wɔahu wɔn no nso yɛ nea ɛboa wɔn ma wɔne asafo no bɔ fekuw kɛse. Wɔn a wɔyɛ afoforo no hia nnamfo afoforo ma wɔasi wɔn nnamfo dedaw a wɔahwere wɔn no ananmu. Enti bere ne bere mu no fa mo nhoma adesua sohwɛfo, ɔpanyin foforo anaa asafo mu somfo bi ka wo ho bere a worekɔyɛ wo ofie Bible adesua. Saa kwan yi so no onipa foforo no rente nka sɛ ɔyɛ ɔhɔho bere a ofi ase ba nhyiam afoforo no.

8 Sɛ obi a wagye asubɔ nanso wayɛ mmerɛw baa Nkaedi no ase a, monhwɛ sɛ mobɛyɛ nhyehyɛe de honhom fam mmoa ama sɛnea nhyehyɛe a wɔada no adi wɔ May Yɛn Ahenni Som no mu no kyerɛ no.

9 Mmoa a Yesu kɔɔ so de maa n’asuafo no ma wɔbɛyɛɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw. Wannyaw wɔn. Bere a yedi ne nhwɛso akyi nnɛ no, akyinnye biara nni ho sɛ pii benya nkɔso honhom mu na wɔabenya mfaso a ɛwɔ Kristo ogye afɔre no so no. Momma yɛnkɔ so mmoa wɔn a wɔbaa Nkaedi no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena