Afoforo A Wɔbɛboa Wɔn Ma Wɔanya Honhom Mu Nneɛma Ho Anisɔ
1 Nkaedi yɛ ɛda a ɛka koma dɛn ara! Afe biara wɔkae yɛn bo a Kristo Yesu afɔre a ɔbɔ maa adesamma nyinaa no som no. Saa afahyɛ titiriw yi ma yenya hokwan sɛ yɛbɛboa afoforofo ma wɔakyerɛ honhom mu nneɛma a Onyankopɔn nam ne Dɔba no so de ama no ho anisɔ kɛse. (Marko 9:7) Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa wɔn a wɔba Nkaedi ase no ma wɔne asafo no abɔ daa?
2 Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wɔba Nkaedi ase, wɔ bere a edi kan mu no mpo no, dodow no ara te honhom mu kɔm bi a ɛho hia sɛ wonya ano aduan nka. (Mat. 5:3) Dɛn na yebetumi ayɛ de akanyan wɔn ma wɔahwehwɛ kwan a wɔde bedi ahiade yi ho dwuma?
3 Ade biako ne sɛ yɛbɛkɔ wɔn nkyɛn ntɛm sɛnea ebetumi ayɛ yiye. Kyerɛ wɔn ho anigye ankasa na fa wo ho ma sɛ wobɛboa wɔn ma wɔanya honhom mu nkɔso. Wɔn a wɔkɔ Nkaedi ase no pii nni wɔn ankasa ofie Bible adesua. Boa wɔn ma wɔnte ase sɛ sɛ wobenya Kristo Yesu afɔre no mu mfaso na wɔanya Yehowa mpeneso a, adesua a wɔbɛyɛ daa ho hia. Bɔ mmɔden yɛ honhom mu aduanma a ɛte saa ho nhyehyɛe sɛnea eye ma wɔn.
4 Ɔsram biako atwam dedaw wɔ 1988 Nkaedi no akyi. Yɛwɔ anidaso sɛ wɔn a wɔbae wɔ mo Ahenni Asa so no mu pii san betiee ɔkasa titiriw no April 10. So wɔreboa wɔn nyinaa denam ofie Bible adesua nhyehyɛe no so? Hwehwɛ mu yiye. Sɛ ebinom wɔ hɔ a wɔnyɛ a, ɛnkaa akyi dodo sɛ wɔbɛkɔ wɔn nkyɛn na wode honhon mu mmoa yi ama.
TO NSA FRƐ WƆN MA WONNI ADANSE
5 Na wɔn a wɔresua ade dedaw na ebia wɔkɔ nhyiam horow daa no nso ɛ? Nkɔso bɛn bio na wohia sɛ wonya? So woahyɛ nyansa sɛ wɔmmɔ mmɔden sɛ wobedi wɔn nnamfo, abusuafo, mfɛfo adwumayɛfo, ne afoforo adanse bɔnnɔ so? Eyi bɛboa wɔn ma wɔanya honhom mu nkɔso. Ɛbɛyɛ nea wɔreda Yesu afɔrebɔ no ne nokware ahorow a wɔresua no ho ase.
6 Ebia Bible suani no bɛtwentwɛn ne nan ase sɛ ɔne afoforo bɛkasa, a osusuw sɛ wɔrentie nokware no. Ebia ɛho hia sɛ osua sɛ obiara ho hia ma Onyankopɔn a ohu komam na onim bere a obi asiesie ne ho sɛ obegye asɛmpa no atom no. Boa wo suani no ma onhu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ “sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu.” (1 Tim. 2:4; Aso. 17:26, 27) Kyerɛ no sɛ Onyankopɔn somaa Yesu Kristo sɛ ɔmfa ne ho mmɛyɛ ‘agyede mma nnipa pii.’ (Mat. 20:28) Sɛ wutumi boa wo suani no ma ohu eyi a, obehu nea enti a ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden ka nokware no ho asɛm kyerɛ obiara bere biara a obenya hokwan no. N’ankasa gyidi mu yɛ den, na obenya anigye a efi ademude a ɛsen biara a ɔwɔ no a ɔde ma mu ba no.—Gal. 6:6: Aso. 20:35.
7 Ɛsɛ sɛ wɔto nsa frɛ wɔn a wɔfata no ma wonya asɛnka mu kyɛfa. (Mat. 9:37, 38; om-TW nkrat. 97-9) Yehowa dom wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom no no sɛ nea wotumi yɛ no sua mpo a. Ampa, yɛn nyinaa anya hokwan kɛse sɛ yenya saa nkwagye adwuma a yɛyɛ de suasua yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo, no mu kyɛfa. (Mat. 28:19, 20) Ɛdenam ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka asɛm no a yebedi so no so no, ɛbɛyɛ nea yɛn nyinaa retie afotu a ɔsomafo Paulo de mae yi: “Yɛn a yɛne no bom yɛ adwuma no tu mo fo sɛ munnye Onyankopɔn dom no kwa.”—2 Kor. 6:1.
8 Yennim dodow a wɔbɛba abɛkyerɛ hokwan a ɛne sɛ wɔbɛsom Yehowa no ho anisɔ. Nanso yɛwɔ awerɛhyem sɛ ɛdenam afoforo a yɛbɛkɔ so aboa wɔn ma wɔakyerɛ honhom mu nneɛma ho anisɔ so no, yebenya nhyira kɛse, na wɔn nso saa ara.—2 Kor. 6:2.