Biakoyɛ Mu a Yebekura Sɛ Kristofo a Wonni Afã Biara
1 “Onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fĩ Agya Onyankopɔn anim ne sɛ obi . . . yi ne ho fi wiase nkekae mu.” (Yak. 1:27) Sɛ ɛba amammui mu dwumadi ahorow so a, wɔde nnyinasosɛm yi bedi dwuma dɛn? Kristofo ‘nyɛ wiase no fã, te sɛ nea na Yesu nyɛ wiase no fã no’; wonni afã biara.—Yoh. 17:16.
2 Reasoning nhoma no kratafa 269 kyerɛ afã biara a wonni ase sɛ “wɔn a wɔnkɔ akuw abien anaa nea ɛboro saa a wodi aperepere no mu biara afã anaa wonnyina wɔn akyi no gyinabea. . . . Wɔ ɔman biara ne wɔ tebea horow nyinaa mu no, nokware Kristofo abɔ mmɔden sɛ wɔrenkɔ obiara afã koraa wɔ wiase no mu akuw horow ntam ntawntawdi mu. Wɔmfa wɔn ho nnyigye nea afoforo yɛ wɔ . . . amanyɛkuw a wɔdɔm, amammui dibea a wɔpere, anaa abatow ho no mu. Nanso wɔn ankasa som Yehowa, Bible no Nyankopɔn nkutoo; wɔahyira wɔn nkwa so koraa ama no, na wɔde mmoa a wɔwɔ nyinaa ma n’Ahenni.”
3 Nea eyi kyerɛ ne sɛ wiase nyinaa Yehowa Adansefo mma wɔntow aba mpaw wɔn mma amammui dibea, wɔnkɔdɔm amammui ahyehyɛde ahorow, na wonnya abatow mu kyɛfa de suasua Kristo, wɔn kannifo no. (Yoh. 6:15; 18:36) Nea enti a wɔapaw gyinabea yi ne sɛ “wiase nyinaa da ɔbɔne no [tumi] mu,” enti obiara a “ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.”—1 Yoh. 5:19; Yak. 4:4; fa toto Mateo 4:8-10 ho.
4 So eyi kyerɛ sɛ Yehowa Adansefo nnwen ɔman a wɔte mu no yiyedi ho? Ɛnte saa koraa! Sɛ nokware Kristofo no, wɔkɔ so yɛ ɔmamma pa denam wɔn tow ahorow a wotua daa, ne ɔman nkɔso nnwuma a wɔyɛ bi no so. Wokura abrabɔ pa mu nso wɔ fie, sukuu, ne wɔn nnwuma mu. Ɛdenam abrabɔ bɔne, asabow, nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so, ne nnebɔne afoforo a nokware Kristofo kwati so no, wɔmma ɔman no haw ahorow nyɛ pii, na mmom wɔboa ma emu asetra yɛ papa.
5 Nokware Kristofo ahu afi Bible no mu sɛ Onyankopɔn Ahenni a ɛrenkyɛ ebedi asase no so no na ɛwɔ adesamma haw ahorow pii no ano aduru koro pɛ a ɛtra hɔ daa no. (Dan. 2:44; Adi. 21:3-5) Enti, sɛ anka Yehowa Adansefo de wɔn ho bɛhyɛ amammuisɛm mu akyinnyegye mu mmom no, wɔde nnamyɛ boa wɔn mpɔtam hɔfo ma wɔnantew ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so. (1 Tim. 4:8; Yoh. 3:16) Bere a nokware Kristofo de wɔn adwene si Ahenni no ho nokware anidaso so no, wokura wɔn biakoyɛ ne afã biara a wonni no mu wɔ wiase a emu apaapae mu.—1 Kor. 1:10; 1 Pet. 4:8.