Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/06 kr. 5
  • Wubetumi Anya Mmoa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wubetumi Anya Mmoa
  • Yɛn Ahenni Som—2006
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Monnodɔ Mo Ho Mo Ho”
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Kristofo Asafo No—Baabi a Yenya Denhyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Yɛ Nea Ɛsen ka a Wobɛka Sɛ “Mo Ho Nyɛ Mo Hyew na Mommee”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2006
km 2/06 kr. 5

Wubetumi Anya Mmoa

1. Ɔkwan bɛn so na obi betumi ayɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn som mu?

1 Anna yɛ onuawa a ne kunu nyɛ gyidini na n’adwuma gye ne bere fã kɛse no ara ma enti ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛkɔ Kristofo nhyiam daa, ayɛ asɛnka adwuma no, na wasua Onyankopɔn Asɛm. Ɛmfa ho sɛ ɔdɔ Yehowa no, ɔbɛyɛɛ mmerɛw wɔ ne Nyankopɔn som mu. Nea ɛyɛ anigye no, mpanyimfo a wosusuw afoforo ho no yɛɛ no mmoa.

2. Ɔkwan bɛn so na Kristofo nyinaa betumi de mmoa ama?

2 Honhom mu mmoa a yebegye afi Kristofo asafo no mu no kyerɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so ankasa. Asafo no mu mpanyimfo no hwehwɛ hokwan horow a wobetumi de ahyɛ wɔn a wɔayɛ mmerɛw wɔ honhom mu no nkuran na wɔboa wɔn sɛnea Yesu Kristo fi ɔdɔ mu boaa afoforo no. (1 Tes. 5:14) Mpɛn pii no, nsɛm a ɛhyɛ nkuran a egyina Kyerɛwnsɛm so no ne ade a ehia. Ɛnyɛ mpanyimfo no nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw kakra wɔ asafo no mu no, na mmom ɛyɛ Kristofo nyinaa adwuma. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn mu biara ani gye bere a wɔka asɛm a ɛyɛ dɛ kyerɛ yɛn wɔ ‘bere a ɛfata mu’ no.—Mmeb. 25:11; Yes. 35:3, 4.

3, 4. Dɛn na egye ansa na yɛatumi aboa afoforo, na ɔkwan bɛn na yebetumi afa so ayɛ eyi?

3 Di Kan Tu Ho Anammɔn: Afoforo a wohia mmoa a yebefi ɔdɔ mu akyerɛ wɔn ho anigye no hwehwɛ sɛ yedi kan tu ho anammɔn, yɛda tema adi, na yɛfa no aniberesɛm. Bere a Yonatan hui sɛ Dawid ahaw no, ‘ɔsɔre kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores, na ɔhyɛɛ ne nsa mu den.’ (1 Sam. 23:15, 16) Sɛ woreboa afoforo a, tɔ wo bo ase. Sɛ yɛka nsɛm a ɛkyerɛ sɛ yedwen afoforo ho a, yebenya so mfaso kɛse. Bio nso, Yesu kyerɛkyerɛɛ mu pefee sɛ egye mmɔdenbɔ na yɛatumi anya onua anaa onuawa a wayɛ mmerɛw wɔ honhom mu no bio. (Luka 15:4) Ɔpɛ a emu yɛ den a yebenya sɛ yɛbɛboa afoforo no bɛka yɛn ma yɛakɔ so aboa wɔn bere mpo a wonnya nkɔso ntɛmntɛm no.

4 Hwɛ sɛnea ɛhyɛ nkuran bere a yefi yɛn pɛ mu to nsa frɛ afoforo te sɛ wɔn a wɔwɔ yɛn nhoma adesuakuw mu ma wɔne yɛn kɔ asɛnka no! Bere a yɛboa yɛn mfɛfo a yɛne wɔn som Yehowa ma wɔde wɔn ho hyɛ asɛnka mu no, yebetumi de hokwan no ahyɛ wɔn nkuran. Bere a ɛyɛ anigye a ɛte saa a yɛne wɔn a wɔresan agyina wɔn anan so wɔ Yehowa som mu bɛbɔ no hyɛ nkuran kɛse.

5. Wɔ tebea horow bi mu no, mmoa bɛn na mpanyimfo no betumi de ama?

5 Nsiesiei a Ɔdɔ Wom: Wɔn a bere kakra a ni wɔnkɔɔ asɛnka anaa wɔne asafo no mmɔe no behia mmoa foforo na ama wɔn gyidi mu ayɛ den. Ebia nea ehia sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yɛne wɔn bɛyɛ Bible adesua wɔ Som Nokware Nyankopɔn Koro No, Bɛn Yehowa anaa Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no mu. Esiane sɛ onii no abɔ asu dedaw nti, mpɛn pii no ɛho renhia sɛ yɛyɛ adesua no kyɛ. Ɛsɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no hwɛ hu wɔn a ebia wobehia mmoa yi bi no.—Hwɛ November 1998 ne November 2000 Yɛn Ahenni Som Asɛmmisa Afã no.

6. Ɛyɛɛ dɛn na onuawa bi san nyaa honhom fam ahoɔden?

6 Anna a yedii kan kaa ne ho asɛm no de anisɔ gyee mmoa a mpanyimfo no yɛe sɛ onuawa bi a ne ho akokwaw ne no nyɛ Bible adesua no toom. Ɔne no yɛɛ adesua no mpɛn anan pɛ na ɛboaa no ma ɔbɛn Yehowa bio. Ofii ase kɔɔ asafo nhyiam ahorow na ɔsan nyaa ɔpɛ sɛ ɔbɛkamfo Yehowa Nyankopɔn wɔ baguam. Afei onuawa a ne ho akokwaw no boaa no wɔ asɛnka mu na ɔne no boom yɛɛ Bible adesua ahorow kosii sɛ onyaa honhom fam ahoɔden a ɛbɛma n’ankasa ayɛ afie afie asɛnka adwuma no. Ade a na ohia ara ne mmoa a ɛbɛma wagyina ne nan so bio!

7. Sɛ yɛboa afoforo ma wɔyɛ den wɔ honhom fam a, mfaso bɛn na efi mu ba?

7 Wɔn a wohia mmoa a yɛbɛboa wɔn no ma yɛn nyinaa ani gye. Onii a yɛreboa no no ani gye esiane sɛ wabɛn Yehowa na ɔsan de ne ho hyɛ dwumadi ahorow mu wɔ N’ahyehyɛde no mu nti. Sɛ mpanyimfo no hu sɛ obi renya honhom fam nkɔso a ɛte saa a wɔn ani gye. (Luka 15:5, 6) Sɛ obiara fi ɔdɔ mu susuw ne yɔnko ho a, ɛde nkabom ne biakoyɛ ba asafo no mu. (Kol. 3:12-14) Ɛfata sɛ yesuasua Yehowa a wayɛ krado sɛ ɔbɛboa yɛn no!—Efe. 5:1.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena