Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/82 kr. 3
  • “Monnodɔ Mo Ho Mo Ho”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Monnodɔ Mo Ho Mo Ho”
  • Yɛn Ahenni Som—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA YEHOWA SUSUW
  • DƐN NA YEBETUMI AYƐ?
  • Wɔn a Wɔayɛ Mmerɛw a Yɛbɛboa Wɔn
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • So Wobetumi Aboa Wɔn?
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Mma Wo Werɛ Mfi Wɔn a Wɔayɛ Mmerɛw No
    Yɛn Ahenni Som—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1982
km 5/82 kr. 3

“Monnodɔ Mo Ho Mo Ho”

1 Yɛn mu dodow no ara nim Yesu asɛm yi, “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” Nokwarem no, yɛn mu pii ani begyee nokware no ho esiane ɔdɔ a woyii adi kyerɛɛ yɛn ne ɔdɔ a yehui sɛ woyi adi kyerɛ wɔ Yehowa nkurɔfo mu no nti.​—Yoh. 13:35.

2 Sɛ́ Kristofo a yɛahyira yɛn ho so no yɛwɔ asɛyɛde ahorow pii a honhom mu aduan pa a yebenya ama yɛn ho ne yɛn abusua na yɛanya asɛnka adwuma no mu kyɛfa ka ho. Nanso, ɛyɛ yɛn asɛyɛde nso sɛ yɛboa yɛn nuanom sɛnea wɔn ahiade ahorow te.​—Gal. 6:10.

NEA YEHOWA SUSUW

3 Wobɛkae Yesu bɛ a ɛfa ɔbarima a ɔwɔ nguan ɔha a biako yerae, na ɔhwehwɛe ara kosi sɛ ohuu no, na afei odii ahurusi sɛ wahu oguan a ɔyerae no. Yesu kae sɛ anigye a ɛsen saa mpo ba ɔsoro wɔ obi a ɔfom kwan a wɔboa no ma ɔsan ba no ho sen 99 a wonhia adwensakra no ho. Saa mfatoho yi boa yɛn ma yehu sɛnea Yehowa susuw nsɛm ho” ne ayamhyehye a ɔwɔ ma wɔn a wɔfom kwan no.​—Luka 15:3-7.

4 So ebinom wɔ mo asafo no mu a bere bi a atwam no na wɔbɔ mmɔden wɔ asɛnka adwuma no mu a wɔnte saa bio anaa? Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, baasa anaa baanan ho dwoe wɔ Yehowa som adwuma no mu wɔ asafo biara mu afe a etwaam no mu. Ebinom nso wɔ hɔ a wotumi boaa wɔn ma wofii ase baa nhyiam horow na wofii ase nyaa baguam asɛnka adwuma no mu kyɛfa bio. So wunim obi a ɔda so hia mmoa a ɛte saa?

DƐN NA YEBETUMI AYƐ?

5 Sɛ w’abusua no muni anaa obi foforo a wunim no hia mmoa ne nkuranhyɛ a, ebia wubetumi aboa. Ɛfata bere nyinaa sɛ yɛhyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran, sua ade daa, kɔ nhyiam horow na yenya asɛnka adwuma no mu kyɛfa. Ebia ayamye asɛm bi a wobɛka anaa nsa a wobɛto afrɛ no ma moabom akɔ nhyiam horow anaa mmoa a wode bɛma wɔ asɛnka adwuma no mu ne nea ɛho behia. So ɛho hia sɛ yɛkae onii sɛ ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi asɛyɛde a ɛda yɛn so sɛ yebedi yɛn ahosohyira ho dwuma no anaa? Ɛtɔ da bi a ebia wubehu nnipa wɔ w’asasesin mu a bere bi a atwam no na wɔwɔ asafo no mu a wɔn ani sɔ wɔn ho ayamhyehye a yɛwɔ no. Sɛ saa a, ɔkwan biara so no ka ne ho asɛm kyerɛ mpanyimfo no na wɔatumi aboa no.

6 Ɛyɛ mpanyimfo no asɛyɛde sɛ wɔhwɛ nguan no, na wofi ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn nuanom mu yɛ saa. Wɔn a wɔadwudwo wɔ ɔsom no mu no ho asɛm hia wɔn titiriw. Ɛsɛ sɛ anuanom a wɔyɛ den no boa wɔn a ɛho hia sɛ wɔhyɛ gyinae a wɔasi sɛ wobedi wɔn ahosohyira ma Yehowa no mu den no, wɔ ɔdɔ kwan so. Bebree ani begye ɔdɔ a ɛte saa a woyi adi kyerɛ no ho.​—Yoh. 21:15-17; Rom. 13:8; 15:1, 2.

7 Ɔkyerɛwfo no ne ɔsom adwuma sohwɛfo no ani gye sɛ wɔbɛyɛ nea wobetumi nyinaa de ayɛ nhyehyɛe ma wɔaboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw. Ebia wɔbɛyɛ nhyehyɛe akɔsra saafo yi anaasɛ wɔbɛto nsa afrɛ asafo no mufo afoforo ma wɔayɛ saa. Ebia wɔn a wɔayɛ mmerɛw no mu binom ani begye ho sɛ wɔbɛsan ne wɔn ayɛ Bible adesua. Saa mpanyimfo yi betumi ahyɛ nsɛm anaa nhoma a ɛho bɛba mfaso kɛse ama onii no ho nyansa. Wobetumi nso akyerɛ obi a obetumi aboa kɛse. Ebia onii a wayɛ mmerɛw no bɛyɛ ho biribi ntɛm, sɛ onii a ɔboaa no fi mfiase no ne no yɛ adesua no a. Baabi a abusua mũ nyinaa hia mmoa no, ɛbɛyɛ papa sɛ ɔpanyin bi ne wɔn sua ade sɛ kuw. Onuawa foforo a ɔbɔ mmɔden na ne ho akokwaw betumi aboa onuawa a wayɛ mmerɛw. Ebia wɔn a wɔyɛ mmerante anaa mmabaa ani begye mmoa a aberante a ɔyɛ asafo mu somfo anaa ɔkwampaefo a ɔbɔ mmɔden de bɛma ho. Kɔ onii a wayɛ mmerɛw no nkyɛn ne no nkɔbɔ nkɔmmɔ adamfofa kwan so. Ebia ebegye nsrahwɛ dodow bi ansa na wɔatumi afi adesua ase.

8 Wɔn a wobenya hokwan sɛ wɔbɛyɛ adesua horow a ɛtete saa no bɛkyerɛ saafo yi ho anigye ankasa, aboa wɔn ma wɔasan anya honhom mu ahoɔden. Wobetumi ahyɛ wɔn a wɔtete saa no nkuran ma wɔaba nhyiam horow.​—Heb. 10:23-25.

9 Ɔdawurubɔfo biara a ɔyɛ adesua a ɛte saa no betumi abu bere, sankɔhwɛ ne adesua ho akontaa kosi sɛ wobewie asafo nhoma horow no biako sua. Adawurubɔfo a wɔahyɛ da akyerɛ sɛ wɔnyɛ saa sɛnea yɛaka wɔ atifi ha yi, anaa sɛnea wɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ June 1977 ne December 1981 Yɛn Ahenni Som no kratafa 3 no nkutoo na wobetumi abu adesua ne nnɔnhwerew ho akontaa bere a wɔreboa nnipa a wɔahyira wɔn ho so.

10 Ɔsom adwuma sohwɛfo no ani begye adesua horow yi nkɔso ho de nkuranhyɛ ama na wayɛ nsakrae horow sɛnea ɛho hia. Mpanyimfo no betumi asusuw nkɔso a ɛte saa ho sɛ wohyiam wɔ wɔn asram abiɛsa biara nhyiam no ase a.

11 Yɛn nyinaa ani gye wɔn a wɔne yɛn abɔ fekuw pɛn nanso wɔabɛyɛ mmerɛw wɔ Yehowa som mu no ho pii. Ɛdenam nhyehyɛe a yɛbɛyɛ ne eyinom mu binom asua ade so no, yebetumi ada ɔdɔ ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛboa wɔn ma wɔasan ne yɛn anya kyɛfa wɔ Yehowa som mu no adi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena