Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/87 kr. 1-4
  • Wɔn a Wɔayɛ Mmerɛw a Yɛbɛboa Wɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔn a Wɔayɛ Mmerɛw a Yɛbɛboa Wɔn
  • Yɛn Ahenni Som—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA WOBETUMI AYƐ
  • Mma Wo Werɛ Mfi Wɔn a Wɔayɛ Mmerɛw No
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • So Wobetumi Aboa Wɔn?
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • “Monnodɔ Mo Ho Mo Ho”
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1987
km 12/87 kr. 1-4

Wɔn a Wɔayɛ Mmerɛw a Yɛbɛboa Wɔn

1 Yesu mmɛ no mu biako fa oguanhwɛfo bi a ogyaw nguan 99 hɔ kɔhwehwɛɛ biako a wayera no ho. So wokae nea ɔkae sɛ ebefi hu a obehu biako a ɔyerae no mu aba no? “Na sɛ ɛba sɛ ohu no a, nokware mise mo sɛ, n’ani gye ne ho sen aduɔkron akron a wɔamfom kwan no.” (Mat. 18:13) Asafo ahorow pii anya anigye a ɛte saa bere a wɔn a wɔayɛ mmerɛw san baa Onyankopɔn nguankuw no mu no.

2 Wɔ mfe kakra a atwam no mu no, wɔasan de adwene asi wɔn a wɔayɛ mmerɛw no a wɔbɛboa wɔn no so. Ɛyɛ ahwɛfo asɛyɛde sɛ wɔbɛhwɛ nguankuw no. (Aso. 20:28) Esiane eyi nti, wɔadi anim wɔ wɔn a wɔayɛ mmerɛw a wɔbɛsrasra wɔn no mu. Nea afi mu aba ne sɛ pii ayɛ ade wɔ ɔkwan pa so wɔ saa mmɔdenbɔ a efi ɔdɔ mu yi ho na wɔabɛyɛ Ahenni adawurubɔfo a wɔyɛ hyew bio. So ebinom da so wɔ mo asafo no mu a wɔayɛ mmerɛw wɔ nnansa yi mfe yi mu? Dɛn na wobetumi ayɛ de aboa wɔn?

NEA WOBETUMI AYƐ

3 Ɔsom adwuma sohwɛfo ne ɔkyerɛwfo no na wodi anim wɔ mmɔden a wɔbɔ de boa wɔn a wɔayɛ mmerɛw ho nhyehyɛe no mu. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo toto wɔn nneɛma na wɔkɔyɛ nsrahwɛ a edi kan no. Wɔ nsɛm no bi mu no, ebia na obi a wɔayɛ mmerɛw no ani bɛsɔ sɛ obenya obi ma ɔne no ayɛ Bible adesua. Sɛ saa a, ɔsom adwuma sohwɛfo no bɛkyerɛ onii a ɛsɛ sɛ wɔma ɔyɛ adesua no. Ebia ɛbɛyɛ papa sɛ nea odii kan ne onipa no suaa ade no anaasɛ obi a onim no na obu no betumi aboa. Sɛ ɛfa abusua mũ nyinaa ho a, ebia wobetumi ama ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo a ne ho akokwaw ne wɔn asua ade. Onuawa bi a ne ho akokwaw betumi aboa onuawa bi a wayɛ mmerɛw. Ebia obi a ɔyɛ abofra bɛpene asafo mu ɔsomfo a onnyinii anaasɛ ɔkwampaefo mmɔdenbɔfo mmoa so. Ɔsom adwuma sohwɛfo no betumi akamfo nsɛmti bi anaa nhoma bi akyerɛ sɛ wonsua. Botae no ne sɛ wɔde mmoa a wohia no bɛma. Ɔsom adwuma sohwɛfo no betumi de obiara a ɔfata yiye adi dwuma ma waboa.

4 Mpanyimfo binom ahu sɛnea mfaso wɔ so sɛ wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu no wobetĩ asɛm a ɛne “Monsan Mmra Mo Akra So Hwɛfo no Nkyɛn” a ɛwɔ March 1, 1983 Ɔwɛn-Aban mu no mu. Wobetumi asi Yehowa mmɔborohunu so dua na wɔaka wɔn a wɔasan aba Yehowa nkyɛn no osuahu ahorow a ɛhyɛ den akyerɛ. Wɔ mmofra a wɔayɛ mmerɛw fam no. asɛm a ne ti ne “San Fa Wo Koma Bra Yehowa Nkyɛn” a epuei wɔ July 1, 1983 Ɔwɛn-Aban mu no betumi aboa. Wɔ ɛno akyi no, wobetumi ayɛ Bible adesua a wɔyɛ no daa ho nhyehyɛe.

5 Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔde asɛyɛde ne hokwan hyɛ wɔn nsa sɛ wɔnyɛ adesua ahorow a ɛte sɛɛ no nya saafo no ho anigye ankasa. Mo ne wɔn nyɛ nnamfo. Si hia a honhom mu ahoɔden a wɔbɛsan anya ho hia no so dua. Boa wɔn ma wonhu sɛ Yehowa fi ne dɔ ne wɔn ho a odwen mu na ayɛ saa mmoa a wɔde bɛma wɔn no ho nhyehyɛe denam n’ahyehyɛde no so.

6 Ɛwom sɛ wɔbɛma adawurubɔfo bi aboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw no de, nanso ɛno nkyerɛ sɛ afoforo nso rentumi mmoa. Obiara betumi adi kan akokyia eyinom bere a wɔba Ahenni nsa so no na yɛne wɔn abɔ nkɔmmɔ a ɛma denhyɛ. Monkyerɛ sɛ yɛn ani agye sɛ wɔka yɛn ho ne sɛ yɛwɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ so anya nkɔanim. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so kyerɛ wɔn ho anigye a efi ɔdɔ mu yi bere a wonya honhom mu nkɔso no. Mmɔden a efi biakoyɛ mu a ɛte saa no de nneɛma pa aba.​—Efe. 4:16.

7 Yiw, akyinnye biara nni ho sɛ yɛn ani gye sɛ yehu sɛ wɔn a na “anka wɔayɛ mmerɛw no ne yɛn bɔ fekuw bio. Eyi yɛ nokware titiriw wɔ wɔn a wotumi de wɔn ankasa mmoa mae no fam. Yɛn mpaebɔ ne sɛ Yehowa behyira mmɔden a yɛbɔ sɛ ‘yɛbɛyɛ’ wɔn a wɔayɛ mmerɛw a wɔyɛ “gyidi fifo” no “yiye” no so kɛse.​—Gal. 6:10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena