So Wobetumi Aboa Wɔn?
1 Yɛn ani gyei sɛ yehui wɔ Yɛn Ahenni Som a ɛbae ɔsram a etwaam no mu sɛ yɛbɛbɔ mmɔden kɛse wɔ asram a ɛreba no mu de aboa wɔn a wɔagyae nokware no ho asɛm a wɔka kyerɛ afoforo no. Eyinom mu pii nkɔ nhyiam horow bio. Ɛyɛ yɛn dɛ sɛ Yehowa susuw yɛn mu biara ho na ɔkyerɛ mpanyimfo no kwan ma wodi anim wɔ mmoa a ɛho hia a wɔde bɛma mu. Sɛ obi ayɛ mmerɛw mfe pii nanso ɔwɔ ɔdɔ ma Yehowa a, hokwan da so wɔ hɔ sɛ ɔbɛsan ne asafo no abɛnantew. Yehowa wɔ boasetɔ na ɔmpɛ sɛ ɔsɛe obiara.—2 Pet. 3:9.
2 Sɛnea wɔadi kan akyerɛkyerɛ mu no, ɔkyerɛwfo no ne asɛnka adwuma sohwɛfo no bedi kan ahwɛ ma wɔakɔsrasra wɔn a wɔayɛ mmerɛw a wɔwɔ asasesin no mu no. Ebia wobɛyɛ adawurubɔfo a asɛnka adwuma sohwɛfo no bɛka akyerɛ wɔn sɛ wɔmmoa wɔn a wɔayɛ mmerɛw no mu biako.
MFASO HOROW A ABA DEDAW
3 Osuahu ada no adi sɛ ebinom begye mmoa a yɛde bɛma wɔn ma wɔasan aba no atom, ɛwom mpo sɛ ebia na wɔatwe wɔn ho mfe pii ma wɔadan kɔ wɔn kan wiase su horow no binom so de. Adwempa ne boasetɔ a ɔdawurubɔfo a ɔbɛkɔ ne nkyɛn no beyi adi akyerɛ, a Yehowa mmoa ka ho, de nkɔso bɛba, sɛ nea wayɛ mmerɛw no wɔ ɔdɔ ma nokware no a. Sɛ wɔanyi ayamye adi ankyerɛ no a, ɛbɛyɛ den ama no sɛ ɔbɛsan aba.
4 Sɛ nhwɛso no, onuawa bi a na watwe ne ho mfe pii no tee nka sɛ Yehowa ne asafo no nsusuw ne ho bio. Onuawa bi kɔɔ ‘oguan a wayera’ yi nkyɛn na ɔkenkan Ɔwɛn-Aban afã horow bi a wapaw kyerɛɛ no. Bere a ohui sɛ Yehowa da so susuw ne ho no, onuawa a wayɛ mmerɛw no fii ase sui. Na ɔne asafo no agyae nantew esiane abusua mu nsɛm a emu yɛ den ne abasamtu nti, na odii mfomso faa no sɛ wɔatu no esiane sɛ na watwe ne ho bere tenteenten nti. ‘Oguan a wayera’ yi benyaa Yehowa mmɔborohunu ho anisɔ ne sɛ ɔda so wɔ ne ho anigye. Ankyɛ na ɔne asafo no nyaa ɔsom adwuma no mu kyɛfa.
5 Asɛm foforo nso mu, faako a na mmɔden a wɔadi kan abɔ ansow aba no, ɔpanyin bi yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsan abɔ mmɔden bio sɛ ɔbɛboa onuabarima bi a wayɛ mmerɛw ma wasan aba. Otwaa kwan nnɔnhwerew pii nam nwura ne nsɔe ahorow mu kɔɔ onua no nkyɛn wɔ n’akuraa ase. Okodui no na nneɛma atĩti ne nan ho na ne ho nyinaa ayɛ fĩ. Ɔpanyin no ka kyerɛɛ onuabarima a wayɛ mmerɛw no sɛ otwaa saa kwan no nyinaa sɛ ɔbɛhwɛ sɛnea ne ho te, ne sɛ asafo no susuw ne ho. Eyi kaa onuabarima no yiye na ankyɛ na ɔsan fii ase. Obi a na anka ɔyɛ ɔsɔretiafo a na ɔne onuabarima a wayɛ mmerɛw no reyɛ adwuma a ɔtee nkɔmmɔ a na wɔrebɔ no, ná ontumi nnye nea wate no nni. Mmɔden a ɔpanyin no bɔe sɛ ɔbɛboa onua a watwe ne ho no kaa n’adwene araa ma ɔne ne yere fii ase sɛ wobesua ade, na akyiri yi wɔbɛyɛɛ adawurubɔfo a wɔbɔ mmɔden.
6 Na aberante bi ne ne yere atwe wɔn ho afi nokware no ho mfe 12. Na ɛte sɛ nea anidaso biara nni hɔ sɛ wɔbɛsan aba. Ɔpanyin bi sii gyinae sɛ ɔbɛsan akɔ wɔn nkyɛn biako bio ahwɛ. Ná wonni honhom fam anisɔ bio, enti mfiase no wɔankyerɛ onua no ho anigye. Ɔkɔɔ so yii adamfofa su ne adwempa adi kyerɛe na obisaa wɔn ɔkwan a wɔnam so baa nokware no mu. Na eyi de nsakrae bae. Wɔn suban sakrae na wonyaa nkɔso ntɛmntɛm ma wɔsan fii ase. Na okura adwempa, na wannya adwene sɛ anidaso biara nni hɔ mma wɔn esiane sɛ wɔtwee wɔn ho akyɛ nti.
NYA ADWEMPA
7 Osuahu ahorow yi da no adi sɛ yebetumi aboa nnipa a wɔatwe wɔn ho afi asafo no ho no mu binom ma wɔasan aba. Nnipa a wɔayɛ mmerɛw no nyɛ wɔn a wokyi nokware no, na mmom wɔate atra esiane asetra mu nsɛm a emu yɛ den ne abasamtu nti. Ebia ebinom maa kwan ma “nsɔe” miaa asɛm no esiane asetra mu dadwen ne honam fam ahonya nti. (Mat. 13:22) Ɛwom mpo sɛ ebia eyinom kɔɔ akyiri, na wɔkɔe akyɛ de, nanso Yesu bɛ a ɛwɔ Mateo 18:12-14 no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmma ɔpon no nna hɔ sɛ wɔbɛsan aba. Yebetumi aboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw no pii. Yehowa hyira wɔn a wonya saa adwuma yi mu kyɛfa wɔ mpanyimfo no akwankyerɛ ase no mmɔdenbɔ so.
8 Wɔ asram a ɛreba no mu no, ɔkyerɛwfo ne asɛnka adwuma sohwɛfo no bɛhwɛ wɔn a wɔayɛ mmerɛw a wɔwɔ asasesin no mu a anidaso wɔ hɔ sɛ yebetumi aboa wɔn ma wɔasan aba no. Sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ wo ne obi a wayɛ mmerɛw nsua ade a, wubetumi abu nnɔnhwerew, sankɔhwɛ ne Bible adesua no ho akontaa kosi sɛ wo ne onii no besua nhoma biako awie. Yɛwɔ anidaso sɛ ebedu saa bere no na onii no asan afi ase kɔ nhyiam horow ne adansedi daa. Mpae a yɛbɔ ne sɛ Yehowa behyira saa dwumadi titiriw yi so, ne sɛ wɔn a wɔafom kwan no pii bɛsan aba ansa na aka akyi dodo.