Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/07 kr. 8
  • Mma Wo Werɛ Mfi Wɔn a Wɔayɛ Mmerɛw No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mma Wo Werɛ Mfi Wɔn a Wɔayɛ Mmerɛw No
  • Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔn a Wɔayɛ Mmerɛw a Yɛbɛboa Wɔn
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • So Wobetumi Aboa Wɔn?
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • “Monsan Mmra Me Nkyɛn”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Wɔn A Wɔagyae Asɛnka A Yɛbɛboa Wɔn Ma Wɔayɛ Den Wɔ Gyidi No Mu
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2007
km 2/07 kr. 8

Mma Wo Werɛ Mfi Wɔn a Wɔayɛ Mmerɛw No

1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ wɔn a wɔayɛ mmerɛw no na yɛhyɛ wɔn nkuran?

1 Wunim obi a wayɛ mmerɛw? Ebia ɔne asafo no mmɔ bio, na watwe ne ho. Ebia bere a woreyɛ afie afie asɛnka adwuma no na wuhyiaa obi a ɔte saa. Ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu sɛ onii no da so ara yɛ yɛn nua Kristoni. Ɛsɛ sɛ yɛma ohu sɛ yɛdɔ no na yɛpɛ sɛ yɛboa no ma ɔsan ba asafo no ne ‘oguanhwɛfo ne yɛn kra hwɛfo no nkyɛn.’—1 Pet. 2:25.

2. Dɛn na yebetumi ayɛ de ahyɛ obi a wayɛ mmerɛw nkuran?

2 Ma Onhu sɛ Wudwen Ne Ho: Obi a wayɛ mmerɛw a yɛbɛkɔ akɔsra no bere tiaa bi anaa yɛbɛfrɛ no wɔ telefon so ne no akasa tiawa no bɛma wahu sɛ yɛn werɛ mfii no. Dɛn na yebetumi aka? Yebetumi ama onipa no ahu sɛ na yɛredwen ne ho, de ahyɛ no nkuran. Ma nkɔmmɔbɔ no nyɛ anigye na ɛnhyɛ den. (Filip. 4:8) Yebetumi aka asɛm bi a yɛn ani gyee ho wɔ asafo nhyiam a yɛkɔe nnansa yi ho asɛm. Yebetumi nso ato nsa afrɛ no akɔ asafo nhyiam anaa ɔmansin nhyiam a ɛreba no, na yɛaka akyerɛ no sɛ yɛbɛpɛ kwan ato hɔ ama no anaa yebetua ne kar sika.

3. Dɛn na wɔyɛ de boaa onuawa bi ma ɔsan fii asɛnka ase?

3 Onuawa bi kohuu onuawa bi a wayɛ mmerɛw bɛboro mfe 20 wɔ n’asasesin mu. Ɛwom sɛ na onuawa a wayɛ mmerɛw no mpɛ sɛ wɔne no yɛ Bible adesua de, nanso onuawa a okohuu no no kɔɔ so kɔɔ ne nkyɛn, na na ogyaw no nsɛmma nhoma a aba foforo no bi. Wowiee ɔmantam nhyiam no, ɔdawurubɔfo no ne onuawa a wayɛ mmerɛw no susuw nhyiam no mu nsɛntitiriw no bi ho, na akyiri yi ɔsan fii asɛnka ase.

4. Sɛ obi a wayɛ mmerɛw san fi ase ba asafo nhyiam a, ɛsɛ sɛ yɛne no di no dɛn?

4 Bere a Obi Asan Aba: Sɛ onua bi a wayɛ mmerɛw san fi ase ba asafo nhyiam a, ɛsɛ sɛ yɛne no di no dɛn? Ɛnde, yɛnhwɛ sɛnea Yesu ne n’asuafo no dii nsɛm bere a wogyaw no hɔ bere tiaa bi mu no. Ofi ɔdɔ mu frɛɛ wɔn sɛ ne “nuanom” na onyaa wɔn mu ahotoso ma ɔde adwuma a ɛho hia bi mpo hyɛɛ wɔn nsa. (Mat. 28:10, 18, 19) Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔkaa asɛmpa no denneennen “a wɔannyae.”—Aso. 5:42.

5. Tebea horow bɛn na ɛsɛ sɛ yɛka obi a wayɛ mmerɛw ho asɛm kyerɛ mpanyimfo no?

5 Ansa na yɛne obi a wayɛ mmerɛw befi ase ayɛ Bible adesua anaa yɛne obi a wayɛ mmerɛw bere tenten bɛkɔ asɛnka no, ɛsɛ sɛ yegye akwankyerɛ fi mpanyimfo no hɔ. Sɛ yehu ɔdawurubɔfo a wayɛ mmerɛw wɔ yɛn asasesin mu a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpanyimfo no amanneɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de mmoa a ohia ama no.

6. Sɛ yɛboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw no a, anigye bɛn na yebetumi anya?

6 Sɛnea Bible ma yehu no, wɔn a wobegyina mu akosi awiei no nkutoo na wobenya nkwa. (Mat. 24:13) Enti hyɛ wɔn a biribi ato wɔn hintidua anaa wɔatwe wɔn ho no nsow. Sɛ yɛda no adi sɛ yɛdwen saafo yi ho ampa de da ɔdɔ a Yehowa wɔ no bi adi a, yɛn ani betumi agye sɛ yebehu sɛ wɔasan afi ase ne yɛn resom.—Luka 15:4-10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena