Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
MONHYƐ NO NSOW: Yɛn Ahenni Som no bɛyɛ Ɔsom Nhyiam ho nhyehyɛe ama dapɛn biara wɔ December ne January mu. Asafo ahorow no betumi ayɛ nsakrae ahorow a ɛho hia sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi anya kwan akɔ ɔmantam nhyiam no na afei nso woatumi de simma 30 afi dwumadi no mu nsɛntitiriw mu wɔ dapɛn a edi hɔ Ɔsom Nhyiam ase. Ebia wobetumi adi kan de da biara ntĩmu no ahyɛ anuanom baanu anaa baasa a wɔn ho akokwaw a wobetumi atwe adwene asi nsɛntitiriw so no nsa. Ntĩmu a wɔasiesie no yiye yi bɛboa anuanom ma wɔakae nsɛntitiriw no ma wɔatumi de adi dwuma wɔ wɔn ankasa asetra ne asɛnka mu. Ɛsɛ sɛ osuahu ahorow a wɔbɛka anaasɛ nkyerɛkyerɛmu a atiefo de bɛma wɔ bere ne bere mu no yɛ tiaa ne nea ɛfa asɛm no ho.
DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 6
Dwom 172
10 min: Yɛn Ahenni Som mu nkaebɔ ahorow a wɔapaw ne asafo mu de. To nsa frɛ wɔn nyinaa ma wonnya dapɛn awiei nsɛmma nhoma-da dwumadi mu kyɛfa. Si nea aba foforo no mu nsɛntitiriw a nkurɔfo ani begye ho wɔ mo mpɔtam hɔ so dua.
25 min: “Boa Mmofra ma Wonyi Yehowa Ayɛ.” Asemmisa ne mmuae. Yɛ sɛnea ɔwofo betumi aboa abofra ma wasiesie mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti na ɔde atõa Bible mu Nsɛm a yɛde rema no mu ho ɔyɛkyerɛ.
10 min: Asemmisa Afã. Atiefo nkɔmmɔbɔ a ɔhwɛfo guamtrani hwɛ so. Si nea ɛfa nhoma ahorow a wobetumi de ayɛ ofie Bible adesua ho no so dua. Sɛ nea wɔabobɔ din no bi wɔ kasa a osuani no ka mu a, ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma.
Dwom 146 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 18
Dwom 71
8 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu. Ka ntoboa ahorow nyinaa a nea wɔde manaa Asafo ti no de boaa Betel foforo a wɔresi no ne asɛmpatrɛwfo akwantu no ka ho ho asɛm.
15 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nsɛm a Wɔde Siw Nkɔmmɔbɔ ho Kwan ho Dwuma a Wodi So.” Asemmisa ne mmuae. Sɛ bere ma kwan a, yɛ nyansahyɛ ahorow a wɔde ama wɔ sɛnea wodi nsɛm a wɔde siw nkɔmmɔbɔ hokwan no ho dwuma no ho ɔyɛkyerɛ tiaa.
15 min: Nkuranhyɛ a Efi Akwampaefo Hɔ. Bisabisa baanu anaa baasa a wofii daa akwampae adwuma ase wɔ afe a etwaam no mu nsɛm. Dɛn na ɛkanyan wɔn ma wɔyɛɛ akwampaefo? Akwanside ahorow bɛn na na ɛwɔ wɔn akwan mu na ɔkwan bɛn so na wodii so? Nkuranhyɛ bɛn na wɔwɔ ma afoforo a wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ akwampae adwuma mu no? Sɛ daa akwampaefo afoforo nni asafo no mu a, wobetumi abisabisa akwampaefo aboafo nsɛm saa ara.
7 min: Kyerɛwnsɛm no mu a Wobɛhwehwɛ Daa. Ɔkasa a egyina ɛda no mu asɛm ne nkyerɛkyerɛmu so. Hyɛ ɛda no mu asɛm a wobesusuw ho daa no ho nkuran.
Dwom 21 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 20
Dwom 221
7 min: Asafo mu nkaebɔ. Sɛ mo asafo no renkɔ ɔmantam nhyiam dapɛn yi a, ka asɛnka adwuma nhyehyɛe titiriw ma December 25 ne 26 ho asɛm.
18 min: “Wɔn a Wɔayɛ Mmerɛw a Yɛbɛboa Wɔn.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Wɔ nkyekyem 4 mu no, ɔsom adwuma sohwɛfo yɛ simma anum ɔyɛkyerɛ de kyerɛ sɛnea ɔyɛ nsrahwɛ ahorow ho nhyehyɛe ne nhoma a mpanyimfo baanu de bedi dwuma wɔ wɔn nsrahwɛ a edi kan no mu.
20 min: Mmofra, So Mowɔ Honhom Fam Botae Horow? Ɔkasa a onua a ne ho akokwaw ma a ɛhyɛ mmofra nkuran sɛ wɔmfa honhom fam botae horow nsisi wɔn anim. Mmofra hyia wiase botae horow pii a ɛsɔ wɔn hwɛ nnɛ. Wiase no de nkɛntɛnso a emu yɛ den ba. Su bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ sɔhwɛ ahorow yi ho? (1 Yoh. 2:15, 16) Dɛn ntia? (1 Yoh. 2:17) Esiane sɛ wiase no retwam nti ɛbɛyɛ nea nyansa nni mu sɛ obi bedi ahonya ne dibea wɔ saa wiase yi mu akyi. (1 Tim. 6:9, 10) Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ hyew wɔ Yehowa som mu nnɛ. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Wobetumi de botae ahorow te sɛ ɔman yi mu adawurubɔfo nnɔnhwerew nkyekyem no ho a wobedu, sankɔhwɛyɛ, Bible adesua a wɔbɛyɛ, asubɔ, mmofra afoforo a wɔbɛboa wɔn, wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔbɛboa wɔn, akwampaefo aboafo adwuma, daa akwampaefo adwuma, ne faako a mmoa hia kɛse a wɔbɛkɔ akɔsom asisi wɔn anim. (Mat 6:33) Dɛn nti na obi asetra nyinaa a ɔde bɛsom Yehowa no ne botae a eye sen biara a ɛsɛ sɛ wonya? (Ɔsɛnk. 12:1) Ɛdenam honhom fam botae a yebenya so no, yenya mmoa fi Yehowa hɔ na yɛbɛn ɔne ne Ba no kɛse. (Yak. 4:8) Bisabisa mmofra a wɔyɛ nhwɛso pa baanu anaa baasa a wɔredi honhom fam botae horow akyi wɔ wɔn asetra mu a wɔanya nhyira denam saa a wɔyɛe so no nsɛm, anaasɛ bisabisa wɔn a wɔanyinyin a wɔde botae horow sisii wɔn anim na woduu ho nsɛm.
Dwom 183 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 27
Dwom 48
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sɛ mo asafo no renkɔ ɔmantam nhyiam saa dapɛn awiei yi a, ka January 1 kosi 3 asɛnka adwuma ho nhyehyɛe titiriw ho asɛm.
22 min: “Fa Index no Di Dwuma na Ama Woanyin wɔ Honhom Mu.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho a ɔfoforofo bi a ɔkɔ onua a ne ho akokwaw nkyɛn kobisa no sɛnea obetumi adi “Minni adagyew” a wɔtaa ka de yi wɔn ho ano no ho ɔyɛkyerɛ di so. Onua a ne ho akokwaw no ka ɔfã a ese “Sɛnea Wubenya Nsɛm” a efi ase wɔ Index no kratafa 5 no mu asɛm. Ɔdan adwene kɔ nkratafa 7 ne 8 so. Nea ɛbɛyɛ a wobenya asemmisa no ho mmuae no, wɔdan kɔ asɛmti titiriw “Asɛnka Adwuma” so na wɔkɔ “nyinyiano” a ɛwɔ kratafa 309 no so. Wɔhwɛ ɔfã no mu kodu “minni adagyew” so. Ka nsɛntitiriw a ɛwɔ Reasoning nhoma no nkratafa 19 ne 20 no mu nsɛm tiaa.
18 min: Asafo mu ahiade. Ɔkyerɛwfo betumi aka asɛnka adwuma bere ho akontaabu ne Bible adesua ho asɛm. Si so dua sɛ ɛsɛ sɛ obiara de n’akontaabu ba ɔsram biara awiei.
Dwom 96 ne mpaebɔ a wɔde wie.