Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/95 kr. 4
  • San Kɔ Anigyefo a Wunyaa Wɔn no Nkyɛn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • San Kɔ Anigyefo a Wunyaa Wɔn no Nkyɛn
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tra Ase Daa Nhoma no a Yɛde Bedi Dwuma wɔ Sankɔhwɛ Mu
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nhoma a Wɔde ma Wɔ Asɛnka Mu Ho Nyansahyɛ
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Sɛnea Yɛde Bible Kyerɛkyerɛ Nhoma no Bɛma
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • San Kɔhwehwɛ Anigyefo Nyinaa Fa Boa Afoforo
    Yɛn Ahenni Som—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1995
km 2/95 kr. 4

San Kɔ Anigyefo a Wunyaa Wɔn no Nkyɛn

1 Sɛ yɛyɛ afie afie adwuma a, yɛntaa nnya bere pii mma anigyefo. Mpɛn pii no, sɛ yɛreyɛ sankɔhwɛ ne Bible adesua ahorow a na yɛyɛ ɔkyerɛkyerɛ adwuma no ankasa. (Mat. 28:19, 20) Sɛ yebetumi akyerɛkyerɛ ma atu mpɔn wɔ sankɔhwɛ no mu a, ehia sɛ yesusuw nea yɛbɔɔ ho nkɔmmɔ bere a edi kan a yɛkɔɔ hɔ no ho, na afei yesiesie yɛn ho ma nkɔmmɔbɔ foforo.

2 Sɛ wokaa abusua nhyehyɛe a asomdwoe nnim ho asɛm a, wubetumi de asɛm a ɛwɔ “Tra Ase Daa” nhoma no ti 29 adi dwuma. Wubetumi aka sɛ:

◼ “Nnaano yɛkaa nyansa a ɛwom sɛ yɛde Bible afotu bedi dwuma na ama yɛanya abusua asetra a ɛyɛ anigye ho asɛm. Wususuw sɛ dɛn na ehia nnɛ na ama mmusua ayɛ biako?” Twɛn ma ommua. Dan adwene kɔ nkyekyem 27 a ɛwɔ kratafa 247 no so, na kenkan Kolosefo 3:12-14. Ka nsɛm afoforo a ɛkyerɛ sɛnea nokware dɔ betumi aka mmusua abom. Kyerɛ sɛnea Tra Ase Daa nhoma no a wosua no nnidiso nnidiso betumi aboa ma wɔadi nsɛnnennen ho dwuma.

3 Sɛ mobɔɔ wiase tebea a ɛresɛe no ho nkɔmmɔ wɔ wo nsrahwɛ a edi kan no mu a, wubetumi aka eyi de atoa so:

◼ “Migye di sɛ wubegye atom sɛ sɛ yebetumi atra ase asomdwoe mu a, ehia nsakrae akɛse. Bible no kyerɛ sɛ Satan na ɔde yɛn nsɛnnennen no fã kɛse ba. Nnipa pii ntumi nhu nea enti a Onyankopɔn ama watra hɔ akyɛ saa. W’adwene yɛ wo dɛn?” Twɛn ma ommua. Dan kɔ Tra Ase Daa nhoma no kratafa 20, nkyekyem 14 ne 15 so, na kyerɛ nea enti a wonnya nsɛee Satan. Afei kenkan Romafo 16:20, a ɛkyerɛ nea yebetumi ahwɛ kwan sɛ ɛbɛba daakye a enni akyiri no.

4 Sɛ wokaa nhyira horow a wobenya wɔ Ahenni nniso no ase ho asɛm a, wubetumi aka eyi bere a woasan akɔ hɔ no:

◼ “Onyankopɔn Ahenni de nhyira horow a ɛyɛ anigye bɛbrɛ asase ne adesamma. Wɔayɛ nhyira horow yi ho mfonini a ɛfata wɔ nkratafa 12 ne 13 ha. Dɛn na wuhu a w’ani gye ho? [Twɛn ma ommua.] Susuw sɛnea anka ɛbɛyɛ sɛ wobɛtra wiase a ɛte sɛɛ mu.” Kenkan nkyekyem 12. Sɛ n’ani gye ho a, bisa nkyekyem 13 ho asɛm a wɔabisa no, na munsusuw mmuae no ho. Da no adi sɛ saa ti yi ma Ahenni nhyira horow no ho nsemmisa pii ho mmuae, na w’ani begye ho sɛ wo ne no besusuw ho wɔ wo nsrahwɛ a edi hɔ no mu.

5 Wubetumi aka eyi de afi adesua ase:

◼ “Nnipa pii nam nhoma yi so anya wɔn Bible nsemmisa ho mmuae.” Bue emu nsɛm a wɔahyehyɛ no, na bisa sɛ: “Asɛm bɛn na ɛwɔ ha a w’ani gye ho paa?” Twɛn ma ommua, bue eti a wɔkyerɛɛ ho anigye no, na kenkan nkyekyem a edi kan no. Kyerɛkyerɛ sɛnea nsemmisa a ɛwɔ kratafa biara ase no si nkyekyem biara mu nsɛntitiriw no so dua mu. Munsusuw nkyekyem biako anaa abien ho nka ho mfa nyɛ nhwɛso, na afei ka kyerɛ no sɛ wobɛsan aba hɔ.

6 Wɔn a wɔkyerɛ Tra Ase Daa nhoma no ho anigye a yɛbɛsan akɔ wɔn nkyɛn no da no adi sɛ yɛayi yɛn yam sɛ yɛbɛyɛ yɛn som adwuma no akosi ase. (2 Tim. 4:5) Ebia yebetumi aboa yɛn atiefo ma wɔanya daa nkwa.—Yohane 17:3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena