Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • pe ti 2 kr. 16-24
  • Daa Nkwa Tamfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Daa Nkwa Tamfo
  • Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ONIIKO A ƆBONSAM YƐ
  • WIASE HAW AHOROW FIBEA
  • SƐNEA SATAN DAADAA NKURƆFO
  • Sodifo a Wɔwɔ Ahonhom Atrae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Wugye Di sɛ Ɔbonsam Wɔ Hɔ Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • “Munsiw Ɔbonsam Kwan” Sɛnea Yesu Yɛe No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Monwɛn—Satan Pɛ sɛ Ɔmene Mo!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
pe ti 2 kr. 16-24

Ti 2

Daa Nkwa Tamfo

1. Esiane sɛ yɛntaa nnya anigye nti,nsemmisa bɛn na ɛsɔre?

ANIGYE wɔ asase so​—ɛkame ayɛ sɛ obiara pɛ. Ɛnde dɛn nti na nnipa pii nni anigye? Dɛn na atõtõ? Esiane sɛ ɛkame ayɛ sɛ obiara pɛ asomdwoe nti, dɛn nti na aman horow di ako na nkurɔfo tan wɔn ho wɔn ho? So tumi bi wɔ hɔ a ɛka wɔn ma wɔyɛ nneɛma bɔne yi? So ebetumi aba sɛ tumi bi a aniwa nhu no di aman no nyinaa so anaa?

2. Abakɔsɛm mu nsɛmmɔnedi bɛn na ɛma nipa pii susuw sɛ ebia tumi bɔne bi a aniwa nhu di adesamma so?

2 Ebinom adwene mu ayɛ wɔn naa wɔ eyi ho bere a wɔasusuw nsɛmmɔne a ɛyɛ hu a adesamma di​—mframa ahorow a edi awu a wɔde di dwuma wɔ ɔko mu de kunkum nkurɔfo na wɔde hyew wɔn, ne ɔtopae ahorow a ɛyɛ hu a wɔde di dwuma​—no ho no. Afei nso, susuw akode a ɛtotow gyaframa, adwumayɛban ahorow, nnipa ɔpepem pii a wokunkum wɔn, te sɛ nea ɛbae wɔ Cambodia mfe kakraa yi mu, no ho hwɛ. Wugye di sɛ nneɛma bɔne a wɔyɛe yi nyinaa bae ara kwa? Ɛwom sɛ onipa ankasa tumi yɛ nneɛma bɔne de, nanso sɛ wususuw nsɛmmɔnedi akɛse a ɛyɛ hu no ho a, so ɛnyɛ nea ɛma ɛda adi sɛ tumi bɔne bi a aniwa nhu no akɛntɛn no so anaa?

3. Dɛn na Bible ka wɔ wiase yi sodi ho?

3 Ɛho nhia sɛ yɛbɔ yɛn tirim ka biribi wɔ asɛm no ho. Bible da no adi pefee sɛ obi a aniwa nhu no a onim nyansa adi nnipa ne aman nyinaa so. Bible mu no, Yesu Kristo frɛ oyi a ɔwɔ tumi yi “wi yi ase sodifo.” (Yohane 12:31; 14:30; 16:11) Ɔne hena?

4. Dɛn na Ɔbonsam de kyerɛɛ Yesu, na dɛn na ɔkae sɛ ɔde bɛma no?

4 Sɛnea ɛbɛyɛ na aboa yɛn ma yɛahu nipa ko a ɔyɛ no, susuw nea ɛbae wɔ Yesu som adwuma wɔ asase so ha mfiase no ho. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ bere a wɔbɔɔ Yesu asu akyi no ɔkɔɔ sare so na abɔde a aniwa nhu no a wɔfrɛ no Satan Ɔbonsam sɔɔ no hwɛe. Wɔka sɔhwɛ no fã bi ho asɛm sɛ: “Ɔbonsam faa no bio kɔɔ bepɔw tenteenten bi so, na ɔkyerɛɛ no wiase ahenni nyinaa ne emu anuonyam, na osee no sɛ: Sɛ wobɛkotow asɔre me a, anka mede eyinom nyinaa mɛma wo.”​—Matthew 4:8, 9.

5. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ebia wiase nniso horow nyinaa yɛ Ɔbonsam dea? (b) Sɛnea Bible kyerɛ no, hena ne “wi yi ase nyame”?

5 Susuw nea Ɔbonsam kae sɛ ɔde bɛma Yesu Kristo no ho hwɛ. Ɛyɛ “asase ahenni nyinaa.” So wiase nniso horow yɛ Ɔbonsam de ampa? Yiw, efisɛ anka ɛbɛyɛ dɛn na watumi aka sɛ ɔde bɛma Yesu? Yesu anka sɛ ɛnyɛ Satan dea, ade a sɛ ɛnyɛ Satan de a anka ɔbɛka. Satan ne wiase amanaman no nyinaa sodifo a aniwa nhu no! Bible ka no pefee sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.” (1 Yohane 5:19) Nokwarem no, Onyankopɔn Asɛm frɛ Satan “wi yi ase nyame.”​—2 Korintofo 4:4.

6. (a) Dɛn na saa asɛm yi a ɛfa Satan tumidi ho no boa yɛn ma yɛte ase? (b) Dɛn na Satan bɛpɛ sɛ ɔyɛ yɛn, enti dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

6 Saa asɛm yi boa yɛn ma yɛte nea enti a Yesu kae sɛ, “M’ahenni mfi wi yi ase” no ase. (Yohane 18:36) Ɛboa yɛn nso ma yɛte nea enti a amanaman no tan wɔn ho wɔn ho na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe wɔn ho wɔn ho bere a ɛyɛ nnipa a wɔn adwenem da hɔ nyinaa pɛ sɛ wɔbɛtra ase asomdwoe mu no ase. Yiw, ‘Satan . . . redaadaa amanaman nyinaa.’ (Adiyisɛm 12:9) Ɔbɛpɛ sɛ ɔdaadaa yɛn nso. Ɔmpɛ sɛ yenya Onyankopɔn daa nkwa akyɛde no. Enti ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho na wannya yɛn so tumi amma yɛanyɛ nea ɛyɛ bɔne. (Efesofo 6:12) Ɛsɛ sɛ yenya Satan ne sɛnea odi dwuma no ho nimdeɛ na yɛatumi ako atia mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛdaadaa yɛn no.

ONIIKO A ƆBONSAM YƐ

7. Dɛn nti na yentumi nhu Ɔbonsam?

7 Satan Ɔbonsam yɛ obi ankasa. Ɔnyɛ bɔne a ɛwɔ adesamma nyinaa mu ara kwa, sɛnea ebia nnipa binom gye di no. Ampa, adesamma ntumi nhu Ɔbonsam, sɛnea wontumi nhu Nyankopɔn no. Onyankopɔn ne Ɔbonsam nyinaa yɛ ahonhom, ateasefo a wɔsen adesamma na yɛn aniwa ntumi nhu wɔn.​—Yohane 4:24.

8. Dɛn nti na nnipa pii gye di sɛ Onyankopɔn bɔɔ Ɔbonsam?

8 Ebia obi bebisa sɛ, ‘Nanso sɛ Onyankopɔn yɛ ɔdɔ a, dɛn nti na ɔyɛɛ Ɔbonsam?’ (1 Yohane 4:8) Nokware no ne sɛ, Onyankopɔn ammɔ Ɔbonsam. Ebia obi bɛka sɛ, ‘Sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ obiara a, ɛnde ɛnyɛ dɛn ara a ɔno na ɔbɔɔ Ɔbonsam. Hena bio na obetumi ayɛ saa? Ɛhe na Ɔbonsam fi bae?’

9. (a) Abɔfo no yɛ nnipa bɛn? (b) Nsɛmfua “ɔbonsam” ne “satan” no kyerɛ dɛn?

9 Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ Onyankopɔn bɔɔ honhom nnipa pii a wɔte sɛ ɔno ara. Bible mu no, wɔfrɛ saa ahonhom yi abɔfo. Afei nso, wɔfrɛ wɔn “Onyankopɔn mma.” (Hiob 38:7; Dwom 104:4; Hebrifo 1:7, 13, 14) Onyankopɔn bɔɔ wɔn nyinaa a wɔyɛ pɛ. Ná wɔn mu biara nyɛ ɔbonsam, anaa satan. Asɛmfua “ɔbonsam” no kyerɛ otwirifo na asɛmfua “satan” kyerɛ ɔsɔretiafo.

10. (a) Hena na ɔyɛɛ Satan Ɔbonsam? (b) Ɔkwan bɛn so na onipa pa betumi ayɛ ne ho nsɛmmɔnedifo?

10 Nanso, bere dui a Onyankopɔn honhom mu mma yi mu biako yɛɛ ne ho Ɔbonsam, kyerɛ sɛ, ɔnototofo a ɔka afoforo ho nsɛmmɔne. Ɔyɛɛ ne ho Satan nso, kyerɛ sɛ, obi a ɔsɔre tia Onyankopɔn. Wɔammɔ no saa, na mmom akyiri yi na ɔbɛyɛɛ onipa a ɔte saa. Sɛ nhwɛso no: Owifo nyɛ obi a wɔwo no owifo. Ebia na ofi abusua pa mu, a ɔwɔ awofo a wodi nokware ne anuanom mmarima ne mmea a wodi mmara so. Nanso ebia na nea sika tumi tɔ ho akɔnnɔ a ɔno ankasa wɔ na ama wabɛyɛ owifo. Ɛnde ɔkwan bɛn na Onyankopɔn honhom mu mma no biako nam so yɛɛ ne ho Satan Ɔbonsam?

11. (a) Onyankopɔn atirimpɔw bɛn na na ɔbɔfo tuatewfo bi nim? (b) Dɛn na ɔbɔfo yi kɔn dɔe, na dɛn na ɛkaa no ma ɔyɛe?

11 Ná ɔbɔfo a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Ɔbonsam no wɔ hɔ bere a Onyankopɔn bɔɔ asase na akyiri yi ɔbɔɔ nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa, no. (Hiob 38:4, 7) Enti na ɔbɛte bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnwo no. (Genesis 1:27, 28) Ná onim sɛ bere bi akyi no nnipa atreneefo a wɔsom Onyankopɔn bɛhyɛ asase nyinaa so ma. Ná ɛno ne Onyankopɔn atirimpɔw. Nanso, ɔbɔfo yi susuw n’ankasa n’ahoɔfɛ ne ne nyansa ho, na ɔpɛe sɛ ne nsa ka ɔsom a wɔde bɛma Onyankopɔn no. (Hesekiel 28:13-15; Mateo 4:10) Sɛ́ anka obeyi akɔnnɔ bɔne yi afi n’adwene mu no, ɔkɔɔ so dwen ho. Eyi ma ɔyɛɛ biribi a ɔnam so benya anuonyam ne dibea a ɔhwehwɛ no. Dɛn na ɔyɛe?​—Yakobo 1:14, 15.

12. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔbɔfo yi nam kasa kyerɛɛ Hawa, na dɛn na ɔka kyerɛɛ no? (b) Ɛyɛɛ dɛn na ɔbɔfo yi bɛyɛɛ Satan Ɔbonsam (d) Dɛn ne adwene a ɛnteɛ a ɛfa sɛnea Ɔbonsam te no ho?

12 Ɔbɔfo otuatewfo no nam ɔwɔ a ɔba fam so kasa kyerɛɛ Hawa, ɔbea a odi kan no. Ɔyɛɛ eyi sɛnea obi a ne ho akokwaw tumi ma ɛyɛ te sɛ nea aboa anaa abaduaba bi a ɔbɛn hɔ rekasa no. Nanso na ɛyɛ ɔbɔfo tuatewfo yi, nea wɔfrɛ no Bible mu “ɔwɔ dedaw” no, na ɔrekasa kyerɛ Hawa. (Adiyisɛm 12:9) Ɔkae sɛ Onyankopɔn anka nokware ankyerɛ no, na na ɔde nimdeɛ bi a ɛsɛ sɛ onya resie no. (Genesis 3:1-5) Ná eyi yɛ ntwiri anaa anototo a enye koraa, na ɛma ɔbɛyɛɛ ɔbonsam. Na ɔnam so bɛyɛɛ obi a ɔsɔre tia Onyankopɔn nso, anaa Satan. Sɛnea wutumi hu no, ɛyɛ mfomso sɛ yebebu Ɔbonsam sɛ abɔde bi a mmɛn wɔ n’atifi na okura dade kɛse bi a ɛte sɛ adinam a ɔhwɛ asase ase baabi a wɔyɛ nkurɔfo ayayade so. Ɔyɛ ɔbɔfo a ɔwɔ tumi ankasa, nanso ɔyɛ ɔbɔfo bɔne.

WIASE HAW AHOROW FIBEA

13. (a) Dɛn na Hawa yɛe wɔ atoro a Ɔbonsam dii no ho? (b) Nsɛm bɛn na Ɔbonsam kekae?

13 Atosɛm a Ɔbonsam ka kyerɛɛ Hawa no dii dwuma sɛnea osusuwii no. Ogye dii na enti ɔyɛɛ Onyankopɔn so asoɔden. Na onyaa ne kunu ma ɔno nso buu Onyankopɔn mmara so. (Genesis 3:6) Nea Ɔbonsam kae ne sɛ adesamma betumi akwati Onyankopɔn atra ase. Ɔkyerɛe sɛ nnipa betumi adi wɔn ho so, a Onyankopɔn mmoa ho nhia. Ɔbonsam kae nso sɛ obetumi adan wɔn a wɔbɛyɛ Adam ne Hawa asefo nyinaa afi Onyankopɔn ho.

14. Dɛn nti na Onyankopɔn ansɛe Satan amonom hɔ ara?

14 Ampa, anka Onyankopɔn betumi asɛe Satan amonom hɔ ara. Nanso anka ɛremma nokware a ɛwɔ nsɛm a Satan kekae no mu no nna adi, nsɛm a na ebetumi atra abɔfo a na wɔrehwɛ no adwene mu. Enti Onyankopɔn maa Satan bere ma ɔde akyerɛ nokware a nea ɔka no yɛ. Dɛn na ɛde aba?

15, 16. (a) Dɛn na bere a atwam no ama ada adi wɔ nsɛm a Ɔbonsam kekae no ho? (b) Adeyɛ bɛn na abɛn?

15 15 Bere a abɛsen no ada no adi sɛ adesamma rentumi nni wɔn ho so yiye a Onyankopɔn mmoa nka ho. Mmɔden a wɔabɔ nyinaa ayɛ hunu. Nkurɔfo ahu amane kɛse wɔ nnipa nniso ase, a, sɛnea Kyerɛwnsɛm da no adi no, Ɔbonsam hyɛ akyi na odi so. Afei nso, bere a Onyankopɔn mae no ama ada adi pefee sɛ Satan ntumi ntwee nnipa nyinaa mfii Onyankopɔn som ho. Ebinom wɔ hɔ a wɔadi Onyankopɔn ahenni no nokware bere nyinaa. Sɛ nhwɛso no, wubetumi akenkan afi Bible mu sɛ Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Hiob agyae Onyankopɔn som, nanso wantumi.​—Hiob 1:6-12.

16 Thus the claims of the Devil have been proved false. He most certainly deserves destruction for having started a wicked rebellion against God. Happily, we have now reached the time for God to bring Satan’s rule to an end. Describing the first step in doing this, the Bible tells of an important battle in heaven, which, of course, was not seen or heard by people on earth. Read carefully the following Bible account:

17. (a) Bible no ka ɔko a ɛbaa ɔsoro no ho asɛm dɛn? (b) Dɛn na ɛde baa wɔn a wɔwɔ ɔsoro ne wɔn a wɔwɔ asase so no so?

17 “Ɔko baa ɔsoro. Mikael [a ɔne Yesu Kristo a wɔanyan no no] ne n’abɔfo tuu ɔtweaseɛ no so sa ne no koe. Na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo koe. Na wɔantumi wɔn, nso wɔannya ɔkwan ɔsoro bio. Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui. Eyi nti mo ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam. Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.”​—Adiyisɛm 12:7-9, 12.

18. (a) Bere bɛn na ɔko no baa ɔsoro? (b) Dɛn na akɔ so wɔ asase so fi bere a ‘wɔtow Satan kyenee asase so’ no?

18 Bere bɛn na wɔkoo ɔsoro ko yi? Adanse no kyerɛ sɛ ɛbae bɛyɛ Wiase Nyinaa Ko I a efii ase 1914 mu no mu. Sɛnea Adiyisɛm da no adi no, wotuu Satan fii soro saa bere no, a ɛkyerɛ sɛ yɛatra ne ‘bere tiaa’ no mu fi saa bere no. Enti, eyi ne Satan wiase no “nna a edi akyiri.” Amumɔyɛ a adɔɔso, ehu, akokoakoko, ɔkɔm, nyarewa ahorow ne tebea horow a ɛhaw adwene a yehyia no di saa nokwasɛm yi ho adanse.​—Mateo 24:3-12; Luka 21:26; 2 Timoteo 3:1-5.

19. (a) Dɛn na Satan rebɔ mmɔden kɛse sɛ ɔbɛyɛ? (b) Dɛn na ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛyɛ?

19 Esiane sɛ Satan nim sɛ ɛrenkyɛ na ‘bere tiaa’ a ɔwɔ no asã nti, wayere ne ho sen bere biara sɛ ɔbɛtwe nkurɔfo afi Onyankopɔn som ho. Ɔpɛ sɛ ɔde nnipa dodow biara a obetumi ka ne ho kɔ ɔsɛe mu. Enti na Bible no ka ne ho asɛm sɛ gyata a ɔrebobom hwehwɛ obi awe no no. (1 Petro 5:8, 9) Sɛ yɛmpɛ sɛ ɔkyere yɛn a, ɛho hia sɛ yehu sɛnea ɔto hyɛ nkurɔfo so ne sɛnea ɔdaadaa nkurɔfo no.​—2 Korintofo 2:11.

SƐNEA SATAN DAADAA NKURƆFO

20. (a) Satan dwumadi no akɔ so dɛn? (b) Dɛn nti na yebetumi ahwɛ kwan sɛ mpɛn pii no ɔkwan a ɔnam so di dwuma no bɛyɛ sɛnea asɛm biara nni ho, na mpo ɛso wɔ mfaso?

20 Nsusuw sɛ akwan horow a Satan nam so nya nkurɔfo ma wodi n’akyi no yɛ mmerɛw sɛ wobehu bere nyinaa. Waben wɔ nnipa nnaadaa mu. Ampa sɛ, akwan a ɔnam so adi dwuma wɔ mfe mpempem pii no mu no ayɛ nea anifere wom araa ma nnipa pii nnye nni nnɛ mpo sɛ ɔwɔ hɔ. Wɔn fam no, bɔne ne abɔnefosɛm yɛ ade a ɛbɛtra hɔ daa. Satan di dwuma te sɛ nnɛyi nnipa atitiriw a wɔyɛ nsɛmmɔnedifo a wɔyɛ wɔn ho sɛ nnipa a wodi wɔn ho ni, nanso kokoam no, wɔyɛ nneɛma a enye koraa no Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Satan ankasa po dan ne ho sɛ hann bɔfo.” (2 Korintofo 11:14) Enti yebetumi ahwɛ kwan sɛ, mpɛn pii no, akwan horow a ɔnam so daadaa nkurɔfo no bɛyɛ te sɛ nea asɛm biara nni ho, anaa nea ɛho wɔ mfaso mpo.

21. Dɛn ne ɔkwan koro a Satan nam so adi dwuma?

21 Kae sɛ Satan yɛɛ ne ho sɛ Hawa adamfo. Afei ɔdaadaa no ma ɔyɛɛ biribi a osusuw sɛ ɛho bɛba no mfaso. (Genesis 3:4-6) Ɛte saa ara nnɛ. Sɛ nhwɛso no, ɛdenam nnipa a wɔyɛ n’ananmusifo so no, Satan de anifere hyɛ nkurɔfo nkuran ma wɔde nnipa nniso horow apɛde di wɔn Nyankopɔn som mpo anim. Eyi de ɔmampɛ honhom a emu yɛ den aba, na akowie akodi ahorow a ɛyɛ hu mu. Nnɛ mmere yi mu no, Satan ama nkurɔfo ayɛ nhyehyɛe horow wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobenya asomdwoe ne dwoodwoo asetra no mu. Eyinom mu biako ne Amanaman Nkabom no. Nanso so eyi de wiase a asomdwoe wom aba? Dabida! Mmom no, ayɛ ɔkwan a wɔnam so dan nkurɔfo adwene fi Onyankopɔn nhyehyɛe a ɛde asomdwoe bɛbrɛ adesamma, n’ahenni a ɛreba a ɛnam Yesu Kristo, “Asomdwoe Hene” no so no so.​—Yesaia 9:6; Mateo 6:9, 10.

22. Nimdeɛ bɛn na Satan mpɛ sɛ yenya?

22 Sɛ yebenya daa nkwa a, yehia Onyankopɔn, ne Ba a ɔyɛ Ɔhene no ne n’ahenni no ho nimdeɛ a edi mu. (Yohane 17:8) Wubetumi ahu sɛ Satan Ɔbonsam mpɛ sɛ wunya saa nimdeɛ yi, na ɔbɛyɛ nea obetumi nyinaa de asiw wo kwan. Ɔkwan bɛn na ɔbɛfa so ayɛ eyi? Ɔkwan biako ne sɛ ɔbɛhwɛ sɛ wubehyia ɔsɔretia, ebia denam fɛwdi so. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tra ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn.”​—2 Timoteo 3:12.

23. (a) Ɔkwan bɛn so na ebia Satan de nnamfo ne abusuafo mpo bedi dwuma de abu yɛn abam? (b) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ woma ɔsɔretia hyɛ wo so?

23 Ebia wo nnamfo anaa w’abusuafo bɛka akyerɛ wo sɛ wɔmpɛ Kyerɛwnsɛm no mu a worehwehwɛ no. Yesu Kristo ankasa mpo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Na onipa fifo bɛyɛ n’atamfo. Nea ɔpɛ agya anaa ɛna kyɛn me no, ɔnsɛ me; na nea ɔpɛ ɔbabarima anaa ɔbabea kyɛn me no, ɔnsɛ me.” (Mateo 10:36, 37) Ebia abusuafo bɛbɔ mmɔden sɛ wobebu w’abam, na ebia wɔbɛyɛ saa wɔ nokwaredi mu esiane sɛ wonnim nokware ahorow a ɛyɛ nwonwa a wohu wɔ Bible mu no nti. Nanso sɛ ɔsɔretia ba na wugyae Onyankopɔn Asɛm no sua a, Onyankopɔn bebu wo dɛn? Afei sɛ wo, wugyae a, ɛbɛyɛ dɛn na woaboa saa nnamfo ne adɔfo no ma wɔate ase sɛ Bible mu nimdeɛ a edi mu yɛ nkwa anaa owu asɛm? Ebia nneɛma a wusua fi Onyankopɔn Asɛm mu a wode bedi dwuma no bɛka wɔn ma wɔn nso asua nokware no.

24. (a) Akwan afoforo bɛn na Ɔbonsam nam so siw nkurɔfo kwan wɔ nimdeɛ a ɛma nkwa a wobenya no ho? (b) Wote nka sɛ Onyankopɔn Asɛm no sua ho hia dɛn?

24 Ɔkwan foforo so no, ebia Satan bɛsɔ wo ahwɛ ma wode wo ho akɔhyɛ abrabɔ bɔne bi a ɛnsɔ Onyankopɔn ani mu. (1 Korintofo 6:9-11) Anaasɛ ebia ɔbɛma woate nka sɛ wunni adagyew a wode besua Bible. Nanso sɛ wudwen ho a, so biribi wɔ hɔ a ɛho hia sen saa nimdeɛ yi a wubenya? Mma biribiara nsiw wo kwan wɔ saa nimdeɛ yi a ebetumi ama woanya daa nkwa wɔ paradise wɔ asase so no ho!

25. Sɛ yɛkɔ so siw Ɔbonsam kwan a, dɛn na ɔrentumi nyɛ yɛn?

25 Bible hyɛ nkuran sɛ: ‘Siw ɔbonsam kwan.’ Sɛ woyɛ saa a, ‘obeguan afi wo so.’ (Yakobo 4:7) So eyi kyerɛ sɛ sɛ woko tia Satan a obegyae a ɔrenhaw wo bio anaa? Dabi, ɔbɛkɔ so abɔ mmɔden sɛ obenya wo ma woayɛ nea ɔpɛ. Nanso sɛ wokɔ so siw no kwan a, ɔrentumi mma womfa ɔkwan a etia Onyankopɔn so. Enti bɔ mmɔden sɛ wubenya Bible mu nimdeɛ a ɛho hia sen biara no na fa nea wusua no di dwuma. Eyi ho hia na Satan antumi amfa ɔkwan foforo nso a ɔnam so daadaa nkurɔfo, a ɛne atoro som, so annaadaa wo.

[Kratafa 16, 17 mfoni]

Sɛ ɛnyɛ ne de a, so anka Satan betumi aka sɛ ɔde wiase nniso horow yi nyinaa bɛma Kristo?

[Kratafa 19 mfoni]

Saa ɔkorɔnfo yi, wɔanwo no ɔkorɔnfo, sɛnea wɔammɔ Ɔbonsam sɛ “ɔbonsam” no

[Kratafa 20, 21 mfoni]

Ɔko a ɛbaa ɔsoro ho awiei no wɔtow Satan ne, adaemone no guu asase so. Worete nea ɛde bae no nka nnɛ

[Kratafa 24 mfoni]

Ebia wɔbɛsɔre atia Bible no a wobɛkɔ so asua no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena