Ti 3
Wo Som Fa Ho Ankasa
1. 1. Dɛn na nnipa binom gye di wɔ ɔsom ho?
NNIPA pii ka sɛ ‘Ɔsom ahorow nyinaa ye. Ɛyɛ akwan horow ara kwa a wɔnam so kɔ beae koro no ara.’ Sɛ ɛte saa ampa a, ɛnde anka wo som renyɛ nea ɛfa ho biara, efisɛ anka ɛbɛkyerɛ sɛ ɔsom ahorow nyinaa sɔ Onyankopɔn ani. Nanso so ɛte saa?
2. (a) Farisifo no yɛɛ Yesu dɛn? (b) Hena na Farisifo no kyerɛe sɛ ɔyɛ wɔn agya?
2 Bere a Yesu Kristo wɔ asase so no, na nyamesomfo bi wɔ hɔ a wɔfrɛ wɔn Farisifo. Ná wɔahyehyɛ ɔsom bi, na na wogye di sɛ ɛsɔ Onyankopɔn ani. Nanso, bere koro no ara mu no, na Farisifo no rebɔ mmɔden sɛ wobekum Yesu! Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moyɛ mo agya nnwuma.” Wobuae sɛ: “Agya biako na yɛwɔ, ɔne Nyankopɔn.”—Yohane 8:41.
3. Dɛn na Yesu kae wɔ nea ɔyɛ Farisifo no agya ho?
3 So na Onyankopɔn ne wɔn agya ampa? So Onyankopɔn gyee wɔn som no toom? Dabida! Ɛwom sɛ na Farisifo no wɔ Kyerɛwnsɛm no bi na na wosusuw sɛ wodi akyi de, nanso na Ɔbonsam adaadaa wɔn. Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn saa, sɛ: “Mo de, mo agya a mufi no mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase, na onnyina nokware so; . . . ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.”—Yohane 8:44.
4. Yesu buu Farisifo som no dɛn?
4 Ɛda adi pefee sɛ na Farisifo no som yɛ atoro. Ɛyɛɛ Ɔbonsam apɛde, anyɛ Onyankopɔn apɛde. Enti sɛ́ anka obebu wɔn som no sɛ eye no, Yesu buu no fɔ. Ɔka kyerɛɛ Farisifo nyamesomfo no sɛ: “Moto ɔsoro ahenni mu nnipa anim; na mo ankasa monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, momma wɔn kwan nkɔ mu.” (Mateo 23:13) Esiane wɔn atoro som no nti, Yesu frɛɛ saa Farisifo no nyaatwomfo ne awɔ a wɔn ho yɛ hu. Esiane wɔn nneyɛe bɔne no nti, ɔkae sɛ na wɔrekɔ ɔsɛe mu.—Mateo 23:25-33.
5. Ɔkwan bɛn so na Yesu nam kyerɛe sɛ ɔsom ahorow pii no nyɛ akwan horow ara kwa a wɔnam so kɔ beae koro no ara?
5 Enti Yesu Kristo ankyerɛ sɛ ɔsom ahorow nyinaa yɛ akwan horow ara kwa a wɔnam so kɔ nkwagye koro no ara mu. Wɔ ne Bepɔw so Asɛnka a agye din kɛse no mu no, Yesu kae sɛ: “Monhyɛn ɔpon teateaa no mu; na ɔpon a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛw no ne nea ɛkɔ ɔsɛe mu no, na wɔn a wɔhyɛn mu no yɛ pii. Na ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a wohu no sua.” (Mateo 7:13, 14) Esiane sɛ wɔnsom Onyankopɔn ɔkwan pa so nti, nnipa pii nam ɔkwan a ɛkɔ ɔsɛe mu no so. Kakraa bi pɛ na wɔnam ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no so.
6. Dɛn na yebetumi asua afi Israel man no som a yesusuw ho no mu?
6 Ɔkwan a Onyankopɔn nam so ne Israel man no dii no ho a yesusuw no ma yehu hia a ehia sɛ yɛsom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so. Onyankopɔn bɔɔ Israelfo no kɔkɔ sɛ wɔntwe wɔn ho mfi aman a atwa wɔn ho ahyia no atoro som no ho. (Deuteronomium 7:25) Saa nkurɔfo no de wɔn mma bobɔɔ afɔre maa wɔn anyame, na wɔde wɔn ho hyɛɛ ahohwibɔ, a mmarima a wɔne wɔn ho wɔn ho da ka ho, mu. (Leviticus 18:20-30) Onyankopɔn hyɛɛ Israelfo no sɛ wɔntwe wɔn ho mfi saa nneyɛe yi ho. Bere a wɔantie no na wɔsom anyame afoforo no, ɔtwee wɔn aso. (Yosua 24:20; Yesaia 63:10) Enti na wɔn som no fa ho ankasa.
ATORO SOM NNƐ?
7, 8. (a) Dɛn na nyamesom yɛe wɔ wiase akodi ahorow no mu? (b) Wugye di sɛ Onyankopɔn te nka dɛn wɔ nea nyamesom ayɛ wɔ akodi bere mu no ho?
7 Na nyamesom ɔhaha pii a ɛwɔ hɔ nnɛ no nso ɛ? Ebia wugye tom sɛ nneɛma pii a wɔyɛ wɔ nyamesom din mu no nsɔ Onyankopɔn ani. Wɔ nnansa yi wiase nyinaa akodi ahorow a nnipa ɔpepem pii a wɔte ase nnɛ fii mu kae no mu no, asɔre horow a wɔwɔ afanu nyinaa no hyɛɛ wɔn nkurɔfo nkuran sɛ wonkunkum afoforo. Ɔsɔfo panyin a ɔwɔ London no kae sɛ, “Munkunkum Germanfo—munkunkum wɔn.” Na, ɔsɔfo panyin a ɔwɔ Cologne no nso ka kyerɛɛ Germanfo sɛ: “Yɛhyɛ mo wɔ Onyankopɔn din mu sɛ, monko nkosi sɛ mogya a ɛwɔ mo mu nyinaa bɛsa mfa nhyɛ mo man anuonyam.”
8 Enti Katolekfo kunkum Katolekfo a na wɔn asɔre mpanyimfo pene so, na Protestantfo yɛɛ saa ara. Ɔsɔfo Harry Emerson Fosdick gye toom sɛ: “Yɛn asɔredan ahorow no mu mpo no yɛde ɔko no ho frankaa sisii . . . Yɛde yɛn ano fã yii Asomdwoe Hene no ayɛ, na yɛde ɔfã foforo no kamfoo akodi.” Wugye di sɛ Onyankopɔn te nka dɛn wɔ ɔsom a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ n’apɛde na ɛkamfo akodi no ho?
9. (a) Nnipa pii ate nka dɛn wɔ nsɛmmɔne a nyamesom ahorow mufo adi no ho? (b) Sɛ ɔsom bi yɛ ne ho wiase yi fã a, adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya?
9 Esiane nsɛmmɔne a nyamesom ahorow pii mufo adi wɔ Onyankopɔn din mu wɔ abakɔsɛm mu nti, nnipa ɔpepem pii adan afi Onyankopɔn ne Kristo ho nnɛ. Wɔde nyamesom mu akodi ahorow a ɛyɛ hu, te sɛ ebia nea ɛkɔɔ so wɔ Katolekfo ne Nkramofo ntam a wɔfrɛ no Crusades, Nkramofo ne Hindufo ntam akodi ahorow, ne Katolekfo ne Protestantfo ntam akodi ahorow no ho asodi to Onyankopɔn so. Wɔka Yudafo a wokunkum wɔn wɔ Kristo din mu ne atirimɔdenne a Katolekfo de yɛɛ wɔn asidifo no ho asɛm. Nanso, ɛwom sɛ asɔre mpanyimfo a wɔhyɛɛ nsɛmmɔnedi a ɛte sɛɛ ho nkuran no kyerɛe sɛ Onyankopɔn ne wɔn Agya de, so na wɔn nso wɔnyɛ Ɔbonsam mma te sɛ Farisifo a Yesu buu wɔn fɔ no? Esiane sɛ Satan ne wiase yi nyame nti, so ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ ɔno ara na odi wiasefo nyamesom ahorow no so anaa?—2 Korintofo 4:4; Adiyisɛm 12:9.
10. Dɛn ne nneɛma bi a wɔyɛ wɔ nyamesom din mu a wompɛ?
10 Akyinnye biara nni ho sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a wɔyɛ wɔ nyamesom din mu nnɛ a wunnye nni sɛ ɛteɛ. Mpɛn pii no ebia wobɛte nnipa a wonni suban pa koraa nanso wɔyɛ asɔre ahorow mufo a wodi wɔn ni ho asɛm. Ebia wunim asɔre mpanyimfo bi a wobu bra bɔne ankasa nanso wɔda so bu wɔn sɛ asɔre mpanyimfo a woye wɔ wɔn asɔre horow no mu. Asɔre mpanyimfo bi aka sɛ mmarima a wɔne wɔn ho da ne ɔbarima ne ɔbea a wɔnyɛ awarefo nanso wɔne wɔn ho da nyɛ bɔne. Nanso ebia wunim sɛ Bible no nka saa. Nokwarem no, Onyankopɔn de owu twee ne nkurɔfo Israel aso esiane sɛ wɔyɛɛ nneɛma a ɛtete saa nti. Ade koro no ara nti na ɔsɛee Sodom ne Gomora. (Yuda 7) Ɛrenkyɛ ɔbɛyɛ nnɛyi atoro som nyinaa saara. Bible mu no wɔyɛ nyamesom a ɛte saa ho mfonini sɛ aguaman esiane aguaman a ɛne “asase so ahene” bɔ no nti.—Adiyisɛm 17:1, 2, 16.
ƆSOM A ƐSƆ ONYANKOPƆN ANI
11. Sɛ yɛn som bɛsɔ Onyankopɔn ani a, dɛn na ɛho hia?
11 Esiane sɛ ɛnyɛ ɔsom ahorow nyinaa na ɛsɔ Onyankopɔn ani nti, ɛho hia sɛ yebisa sɛ: ‘So meresom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so anaa?’ Sɛ yɛreyɛ saa a, yɛbɛyɛ dɛn ahu? Ɛnyɛ onipa, na mmom Onyankopɔn, na ɔyɛ ɔtemmufo wɔ nea ɛyɛ nokware som ho. Enti sɛ yɛn som bɛyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea egyina Bible, Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ nokware, no so pintinn. Ɛsɛ sɛ yɛte nka te sɛ Bible ɔkyerɛwfo a ɔkae sɛ, “Ma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo, na onipa biara nyɛ ɔtorofo” no.—Romafo 3:3, 4.
12. Dɛn nti na Yesu kae sɛ na Onyankopɔn ani nsɔ Farisifo som no?
12 Afeha a edi kan no mu Farisifo no ante nka saa. Wɔde wɔn ankasa gyidi ne atetesɛm ahorow sisii hɔ na wodii eyinom akyi mmom sen Onyankopɔn Asɛm. Dɛn na ɛde bae? Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo atetesɛm nti moasɛe Onyankopɔn asɛm. Nyaatwomfo! Edi sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ: Ɔman yi de wɔn anofafa na edi me ni, na wɔn koma de, atwe fi me ho kɔ akyirikyiri. Na wɔsɔre me kwa, [efisɛ] wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.” (Mateo 15:1-9; Yesaia 29:13) Enti sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛho hia sɛ yɛhwɛ sɛ nea yegye di no ne Bible no nkyerɛkyerɛ hyia.
13. Dɛn na Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛasɔ Onyankopɔn ani?
13 Ɛnnɔɔso sɛ yɛbɛka sɛ yegye Kristo di na afei yɛayɛ nea yɛn ankasa susuw sɛ ɛteɛ. Ɛho hia yiye sɛ yɛhwehwɛ nea ɛyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asɛm no ho. Yesu daa eyi adi wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu bere a ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu, na nea ɔyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛde no.”—Mateo 7:21.
14. Dɛn nti na Yesu betumi abu yɛn sɛ ‘wɔn a wɔyɛ nea ɛnteɛ,’ ɛwom mpo sɛ na yɛreyɛ “nneɛma pa”?
14 Yebetumi mpo ayɛ nea yegye di sɛ ɛyɛ “nneɛma pa,” na yɛayɛ eyi wɔ Kristo din mu. Nanso eyi nyinaa bɛyɛ nea ɛho nni mfaso, sɛ yɛanyɛ Onyankopɔn apɛde a. Yɛbɛyɛ te sɛ wɔn a Kristo ka wɔn ho asɛm akyiri yi no: “Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ ahoɔdenne pii anaa? Ɛno na mɛpaem maka makyerɛ wɔn sɛ: Minhuu mo da, mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ nea ɛnteɛ.” (Mateo 7:22, 23) Yiw, yebetumi ayɛ nneɛma a yesusuw sɛ eye—a ebia nnipa afoforo bɛda yɛn ase wɔ ho na mpo wɔayi yɛn ayɛ wɔ ho—nanso sɛ yɛanyɛ nea Onyankopɔn se ɛteɛ a, Yesu Kristo bebu yɛn sɛ ‘wɔn a wɔyɛ nea ɛnteɛ.’
15. Dɛn nti na ɔkwan a tete Beroea kurow no mufo faa so no yɛ nea nyansa wom a ɛsɛ sɛ yedi akyi?
15 Esiane sɛ asɔre horow pii a ɛwɔ hɔ nnɛ no nyɛ Onyankopɔn apɛde nti, yɛrentumi mfa no kɛkɛ sɛ nyamesom ahyehyɛde a yɛwɔ mu no nkyerɛkyerɛ ne Onyankopɔn Asɛm hyia. Esiane sɛ asɔre bi de Bible no di dwuma no nkutoo nkyerɛ sɛ nneɛma a wɔkyerɛkyerɛ na wɔyɛ no nyinaa wɔ Bible mu. Ɛho hia sɛ yɛn ankasa hwehwɛ mu hwɛ sɛ ɛwom anaasɛ ennim. Wɔkamfoo nnipa a wɔwɔ Beroea kurom no efisɛ, bere a Kristoni somafo Paulo kaa asɛm kyerɛɛ wɔn akyi no, wɔhwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu hwɛe sɛ nneɛma a ɔreka akyerɛ wɔn no yɛ nokware. (Asomafo no Nnwuma 17:10, 11) Ɛsɛ sɛ ɔsom a ɛsɔ Onyankopɔn ani no ne Bible hyia wɔ ɔkwan biara so; ɛrennye Bible no afã horow bi ntom na ɛmpow afã afoforo.—2 Timoteo 3:16.
MMƆDENBƆ NKUTOO NNƆƆSO
16. Dɛn na Yesu kae a ɛkyerɛ sɛ mmɔdenbɔ nkutoo nnɔɔso na obi asɔ Onyankopɔn ani?
16 Nanso ebia obi bebisa sɛ: ‘Sɛ obi bɔ nea ogye di ho mmɔden a, so ɔrensɔ Onyankopɔn ani, sɛ ne som nteɛ mpo a?’ Yesu kae sɛ ‘wɔn a wɔyɛ nea ɛnteɛ’ rensɔ n’ani, ɛwom mpo sɛ na wogye di sɛ nea wɔreyɛ no teɛ de. (Mateo 7:22, 23) Enti mmɔdenbɔ nkutoo nso rensɔ Onyankopɔn ani. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo bere bi sɛ: “Ɛbere reba a obiara a obekum mo besusuw sɛ ɔde resom Nyankopɔn.” (Yohane 16:2) Ebia wɔn a wɔte saa a wokunkum Kristofo no begye adi ampa sɛ wɔnam saa yɛ so resom Onyankopɔn, nanso ɛda adi pefee sɛ ɛnte saa. Onyankopɔn mpene nea wɔyɛe no so.
17. Ɛwom mpo sɛ na Paulo wɔ adwempa de, nso dɛn na ɔyɛe ansa na ɔrebɛyɛ Kristoni?
17 Ansa na ɔrebɛyɛ Kristoni no, ɔsomafo Paulo boae wɔ Stefano kum mu. Akyiri yi ɔhwehwɛɛ akwan ahorow a ɔbɛfa so akunkum Kristofo afoforo pii. (Asomafo no Nnwuma 8:1; 9:1, 2) Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Metaa Onyankopɔn asafo mema ɛtraa so, na mesɛee wɔn, na mekɔɔ so Yudafo som mu mesen m’atipɛnfo pii m’abusua mu, na mebɔɔ m’agyanom atetesɛm ho mmɔden bebree mema ɛtraa so.” (Galatifo 1:13, 14) Yiw, ná Paulo gye di ampa sɛ nea ɔreyɛ no ye, nanso ɛno amma ne som no anyɛ nea ɛteɛ.
18. (a) Ná ɔsom bɛn mu na Paulo wɔ bere a ɔtaa Kristofo no? (b) Dɛn nti na na ɛho hia sɛ Paulo ne afoforo a wɔwɔ ne bere so no sakra wɔn som?
18 Saa bere no, na Paulo yɛ Yudafo nyamesom nhyehyɛe a na apow Yesu Kristo, na enti Onyankopɔn pow no no muni. (Asomafo no Nnwuma 2:36, 40; Mmebusɛm 14:12) Enti sɛnea ɛbɛyɛ na wasɔ Onyankopɔn ani no na ɛsɛ sɛ Paulo sakra ne som. Ɔkyerɛw afoforo nso a na wɔwɔ “Onyankopɔn ho mmɔdenbɔ”—a woyii wɔn yam nyinaa, nanso wɔansɔ Onyankopɔn ani efisɛ na wɔn som no nyɛ nea egyina Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho nimdeɛ a edi mu so ho asɛm.—Romafo 10:2, 3.
19. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ nokware no remma nyamesom nkyerɛkyerɛ a ɛsonsonoe ho kwan?
19 Nokware no remma nyamesom nkyerɛkyerɛ ahorow ahorow a ɛwɔ wiase no nyinaa ho kwan. Sɛ nhwɛso no, sɛ́ nnipa wɔ ɔkra a ɛkɔ so tra ase bere a nipadua no awu anaasɛ wonni bi. Sɛ́ asase no bɛtra hɔ daa anaasɛ ɛrenyɛ saa. Sɛ́ Onyankopɔn bɛma nsɛmmɔnedi aba awiei anaasɛ ɔrenyɛ saa. Eyinom ne gyidi afoforo pii yɛ nea ɛteɛ anaa ɛnteɛ. Yɛrentumi nnya nokware ahorow abien bere a biako ne foforo no nhyia. Emu biako betumi ayɛ nokware, na ɛnyɛ n’abien no nyinaa. Sɛ́ obi begye biribi adi ankasa, na wadi saa gyidi no ho dwuma no remma ɛnyɛ nea ɛteɛ, sɛ dekode no nteɛ a.
20. Ɛdefa nyamesom ho no, ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so adi “akwankyerɛ nhoma” a ɛteɛ no akyi?
20 Sɛ wɔkyerɛkyerɛ mu ma ɛda adi pefee sɛ nea wugye di no nteɛ a, ɛsɛ sɛ wote nka dɛn? Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ wote kar mu retu kwan akɔ baabi a wonkɔɔ hɔ da. Wukura akwankyerɛ nhoma wɔ wo nsam, nanso wunnyee bere nhwɛɛ mu yiye. Obi akyerɛ wo ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so. Wowɔ ne mu awerɛhyem, na wugye di ampa sɛ ɔkwan a wakyerɛ wo no teɛ. Na sɛ ɛkɔba sɛ ɛnteɛ ɛ? Sɛ obi da mfomso no adi kyerɛ wo ɛ? Sɛ ɔtwe adwene kɔ akwankyerɛ nhoma no so, de kyerɛ sɛ ɛnyɛ ɔkwan no na wonam so no ɛ? So ahantan anaa mpiyɛ remma wunnye ntom sɛ woafom kwan anaa? Ɛnde, sɛ wonam wo Bible no sua so hu sɛ wonam nyamesom kwan a ɛnteɛ so a, nya ɔpɛ sɛ wobɛyɛ [PAGE 33]nsakrae. Kwati ɔkwan tɛtrɛɛ a ɛkɔ ɔsɛe mu no; fa ɔkwan hihiaa a ɛkɔ nkwa mu no so!
ONYANKOPƆN APƐDEYƐ HO HIA
21. (a) Nea ɛka nokware no a yebehu ho no, dɛn na ɛho hia? (b) Sɛ wuhu sɛ Onyankopɔn ani nsɔ nneɛma bi a woreyɛ a, dɛn na wobɛyɛ?
21 Ɛho hia sɛ wuhu nokware ahorow a ɛwɔ Bible mu no. Nanso saa nimdeɛ yi ho nni mfaso, sɛ wonsom Onyankopɔn nokware mu a. (Yohane 4:24) Nokware no a wode bedi dwuma, Onyankopɔn apɛde a wobɛyɛ, ne nea ɛho hia titiriw. Bible se: “Gyidi a nnwuma nni mu awu.” (Yakobo 2:26) Ɛnde, sɛnea ɛbɛyɛ na woasɔ Onyankopɔn ani no, ɛnyɛ hyia nko na ɛsɛ sɛ wo som ne Bible no hyia pɛpɛɛpɛ, na mmom ɛsɛ sɛ wode di dwuma wɔ w’asetra mu biribiara mu. Enti, sɛ wuhu sɛ woreyɛ nea Onyankopɔn se ɛnteɛ a, so wobɛpene so sɛ wobɛsakra?
22. Sɛ yedi nokware som akyi a, mfaso horow bɛn na yebetumi anya nnɛ ne daakye?
22 Sɛ woyɛ Onyankopɔn apɛde a, wubenya nhyira pii daakye. Mprempren mpo wubenya mfaso. Nokware som akyi a wubedi bɛma woayɛ onipa pa—ɔbarima pa, okunu pa anaa agya pa, ɔbea pa, ɔyere pa anaa ɛnã pa, abofra pa. Ɛbɛma woanya su pa ahorow a ɛbɛma woada nsow wɔ afoforo mu esiane sɛ woyɛ nea ɛteɛ nti. Nanso nea ɛsen saa no, ɛbɛkyerɛ sɛ wubetumi anya nhyira horow a ɛne daa nkwa wɔ anigye ne akwahosan a edi mu mu wɔ Onyankopɔn paradise asase foforo no so. (2 Petro 3:13) Akyinnye biara nni ho—wo som fa ho ankasa!
[Kratafa 25 mfoni]
So na nyamesom akwankyerɛfo a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobekum Yesu no resom Onyankopɔn?
[Kratafa 26, 27 mfoni]
Yesu kae sɛ nnipa pii nam ɔkwan a ɛsõ a ɛkɔ ɔsɛe mu no so. Kakraa bi na wɔnam ɔkwan hihiaa a ɛkɔ nkwa mu no so.
[Kratafa 28, 29 mfoni]
“Wɔka sɛ wonim Nyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma pa no.”—Tito 1:16.
Ɔkasa Mu
Nneyɛe Mu
[Kratafa 30 mfoni]
Esiane ɔsom mu nsonsonoe nti, Paulo nyaa abo a wosiw Kristo suani Stefano no mu kyɛfa
[Kratafa 33 mfoni]
Sɛ woafom kwan a, so ahantan anaa mpiyɛ nti wurennye ntom?