Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 7/15 kr. 4-7
  • Sodifo a Wɔwɔ Ahonhom Atrae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sodifo a Wɔwɔ Ahonhom Atrae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Obi Ankasa a Ɔtan Nyankopɔn
  • Nea Enti a Wɔama Satan Kwan Ma Odi Tumi
  • Satan Bere Sua!
  • Anigye Wɔ Ahenni Tumidi Ase
  • Daa Nkwa Tamfo
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Monwɛn—Satan Pɛ sɛ Ɔmene Mo!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Satan
    Nyan!—2013
  • Dɛn Nti na Onyankopɔn Bɔɔ Asase?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 7/15 kr. 4-7

Sodifo a Wɔwɔ Ahonhom Atrae

HENA na odi wiase no so? Tumi bi a ɛboro nnipa de so na edi so? Anaasɛ Onyankopɔn agyaw nnipa sɛ wonni wɔn ho so? Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuae ama saa nsemmisa yi no, ma yenni kan nsusuw asɛm a esii wɔ Yesu Kristo asase so ɔsom adwuma no mu no ho.

Bere tiaa bi wɔ Yesu asubɔ akyi no, honhom abɔde bi a aniwa nhu no a wɔfrɛ no Satan Ɔbonsam sɔɔ no hwɛe. Bere a Bible no reka sɔhwɛ ahorow no mu biako ho asɛm no, ɛka sɛ: “Ɔbonsam faa [Yesu] bio kɔɔ bepɔw tenteenten bi so, na ɔkyerɛɛ no wiase ahenni nyinaa ne emu anuonyam.” (Mateo 4:8) Afei, Satan ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Wo na mede tumi yi nyinaa ne emu anuonyam mɛma wo; na wɔde ahyɛ me nsa, na obiara a mepɛ no, mede mema no; enti sɛ wokotow sɔre me a, ne nyinaa bɛyɛ wo dea.”—Luka 4:6, 7.

Satan kyerɛe sɛ ɔwɔ ahenni, anaa wiase yi nniso nyinaa so tumi. Yesu kae sɛ saa asɛm yi nyɛ nokware? Dabi. Nokwarem no, osii so dua bere foforo bi denam Satan a ɔfrɛɛ no “wi yi ase sodifo” no so.—Yohane 14:30.

Sɛnea Bible kyerɛ no, Satan yɛ ɔbɔfo bɔne a ɔwɔ tumi kɛse. Kristoni somafo Paulo de Satan bata “ahonhommɔne” ho na ɔka wɔn ho asɛm sɛ “wiase yi sum mu atumfo.” (Efesofo 6:11, 12) Afei nso, ɔsomafo Yohane kae sɛ “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Bible nhoma a ɛne Adiyisɛm ka sɛ Satan ‘redaadaa amanaman nyinaa.’ (Adiyisɛm 12:9) Wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no, Adiyisɛm da Satan adi sɛ ɔtweaseɛ no a ɔde ‘ne tumi ne n’ahengua ne n’ahoɔden kɛse’ ma wiase amammui ahyehyɛde no.—Adiyisɛm 13:2.

Nsɛm a asisi wɔ wiase no nso di adanse sɛ tumi bɔne bi redi dwuma, ɛredɛfɛdɛfɛ nnipa adi wɔn awu. Ntease foforo bɛn nti na nnipa nniso ntumi mfa asomdwoe mma? Dɛn bio na ɛbɛma nnipa atentan wɔn ho akunkum wɔn ho wɔn ho? Esiane sɛ ɔmanko bi mu nnipakum kɛse haw obi a ohuu nea esii no nti, ɔkae sɛ: “Mintumi nhu ɔkwan a eyi nam so bae. Ɛnyɛ ɔtan kɛkɛ. Ɛyɛ honhommɔne bi na ɔde nnipa yi redi dwuma ma wɔasɛe wɔn ho wɔn ho.”

Obi Ankasa a Ɔtan Nyankopɔn

Ɛnnɛ, nnipa pii nnye nni sɛ Satan Ɔbonsam wɔ hɔ. Nanso, ɔnyɛ bɔne su bi a ɛwɔ nnipa mu ara kwa, sɛnea ebinom gye di no. Bible ne nsɛm a esisi wɔ wiase nyinaa kyerɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔte ase ankasa. Afei nso, Satan yɛ Yehowa Nyankopɔn tamfo koraa. Nokwarem no, Satan ne Onyankopɔn nyɛ pɛ. Esiane sɛ Yehowa ne Ɔbɔadeɛ a ɔwɔ tumi sen biara nti, ɔne abɔde nyinaa Sodifo a ɔfata.—Adiyisɛm 4:11.

Onyankopɔn ammɔ abɔde bɔne bi a ɔbɛsɔre atia ɔno ankasa. Mmom, “Onyankopɔn mma” abɔfo no mu biako nyaa pɛsɛmenkominya akɔnnɔ sɛ obegye ɔsom a ɛfata sɛ wɔde ma Yehowa no. (Hiob 38:7; Yakobo 1:14, 15) Saa akɔnnɔ yi ma ɔtew atua tiaa Onyankopɔn. Saa honhom mu abɔde yi nam atuatew no so yɛɛ ne ho Satan (a ɛkyerɛ “ɔsɔretiafo”) ne Ɔbonsam (a ɛkyerɛ “otwirifo”). Sɛ wususuw eyi nyinaa ho a, ebia wunhu nea enti a wɔama Satan kwan sɛ onni wiase no so.

Nea Enti a Wɔama Satan Kwan Ma Odi Tumi

Wokae nea Satan ka kyerɛɛ Yesu wɔ asase no sodi ho no? Satan kae sɛ: “Wo na mede tumi yi nyinaa . . . mɛma wo; na wɔde ahyɛ me nsa.” (Luka 4:6) Saa asɛm no kyerɛ sɛ kwan a Onyankopɔn ama Satan Ɔbonsam nkutoo nti na odi tumi. Nanso dɛn nti na Onyankopɔn ma Satan kwan?

Saa asɛm no ho mmuae fa nsɛm a esii wɔ Eden turom hɔ, baabi a Satan fii n’adwuma ase sɛ wiase sodifo no ho. Satan kyerɛe wɔ hɔ sɛ Onyankopɔn redi tumi wɔ ɔkwammɔne so denam biribi pa bi a ɔde rekame ɔbarima ne ɔbea a wodi kan, Adam ne Hawa, no so. Sɛnea na Satan kyerɛ no, sɛ wodi aduaba a Onyankopɔn abara wɔn sɛ wonnni no bi a, wobenya ahofadi. Ná Adam ne Hawa bɛde wɔn ho afi Yehowa ho. Wɔbɛyɛ sɛ Onyankopɔn ankasa!—Genesis 2:16, 17; 3:1-5.

Satan nam atoro a odii wɔ saa kwan yi so ne Hawa a ɔdaadaa no na ɔnam ne so maa Adam buu Onyankopɔn mmara so no so de nnipa baanu a wodi kan no baa n’akanni ne tumi ase. Enti Ɔbonsam bɛyɛɛ wɔn nyame, obi a ɔsɔre tia Yehowa. Nanso, sɛ anka Adam ne Hawa benya ahofadi mmom no, wɔbɛyɛɛ Satan, bɔne, ne owu nkoa.—Romafo 6:16; Hebrifo 2:14, 15.

Nea ɛne Yehowa atɛntrenee a ɛyɛ pɛ hyia no, anka obetumi akum Satan ne n’akyidifo foforo baanu no amonom hɔ ara. (Deuteronomium 32:4) Nanso na abrabɔ fam ɔsɛmpɔw bi wom. Ná Satan atwa fata a ɔkwan a Yehowa fa so di tumi fata no mpoa. Onyankopɔn nam nyansa so maa bere twaam sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi akyerɛ sɛ wɔn ho a wɔtwe fi ne ho no de ɔhaw ba. Yehowa maa kwan ma atuatewfo no traa ase koduu bere bi, na ɔmaa Adam ne Hawa woo mma.—Genesis 3:14-19.

Ɛwom sɛ Adam asefo dodow no ara mfaa wɔn ho nhyɛɛ Yehowa tumidi ase de, nanso ɔkwan a Onyankopɔn nam so ne Ne nkoa di no akyerɛ sɛ ɔkorɔn. Yehowa tumidi a yebegye atom wɔ ɔkwampa so no de anigye ne ahobammɔ ankasa ba. Ɔkwan foforo so no, amanehunu ne ahobammɔ a enni hɔ na afi onipa nniso wɔ Satan nkɛntɛnso ase mu aba. Yiw, ‘onipa di onipa so ma ɛdan no bɔne.’ (Ɔsɛnkafo 8:9) Nnipa nnyaa ahobammɔ ankasa ne daa anigye wɔ onipa nniso ase wɔ wiase yi a ɛwɔ Satan tumi ase yi mu. Nanso, ntease pa bi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yenya anidaso.

Satan Bere Sua!

Satan nkɛntɛnso wɔ asase so yɛ bere tiaa bi. Yehowa remma Satan tumidi ntra hɔ nkyɛ bio! Ɛnkyɛ, wobeyi Ɔbonsam afi hɔ. Sodifo foforo bedi asase no so, ɔhene treneeni a Onyankopɔn ankasa apaw no. Saa Ɔhene no ne Yesu Kristo. Ɛdefa bere a wosii no hene wɔ soro ho no, Adiyisɛm ka sɛ: “Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade [Yehowa] ne Kristo no de.” (Adiyisɛm 11:15) Bible mmerebu, ne Kyerɛwnsɛm mu nkɔmhyɛ mmamu nyinaa kyerɛ sɛ saa asɛm yi sii wɔ afe 1914 mu.—Mateo 24:3, 6, 7.

Bible no san ka nea esii bere a wɔde Yesu sii ahengua so no akyi pɛɛ ho asɛm. Ɛka sɛ: “Na ɔko baa ɔsoro. Mikael [Yesu Kristo] ne n’abɔfo tuu ɔtweaseɛ no [Satan Ɔbonsam] so sa ne no koe. Na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo koe. Na wɔantumi wɔn, nso wɔannya ɔkwan ɔsoro bio. Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.”—Adiyisɛm 12:7-9.

Dɛn na na ebefi tow a wɔtow Satan fii soro no mu aba? Ná ɔsorofo ani betumi agye, nanso asase sofo ɛ? Adiyisɛm 12:12 ka sɛ: “Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” Nokwarem no, Satan a wɔatow no fi soro akyene no de amanehunu aba asase so. The Columbia History of the World ka sɛ: “Mfe Anan Akodi a efi 1914-1918 mu adesɛe kɛse no . . . kyerɛɛ Atɔe Fam wiase no sɛ entumi mfa n’ankasa nkwaseasɛm anaa nkate bɔne no mmɔ anibuei ho ban. Atɔe Fam wiase akokoduru no nyɛɛ sɛnea na ɛte kan no da wɔ saa ɔsɛe no mu.”

Ɛnyɛ abasamtu nko na ɛhyɛ awo ntoatoaso yi mu amanehunu agyirae. Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ: “Na ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so; na ɔkɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae.” Ɔkaa ɔyaredɔm nso ho asɛm siei. (Mateo 24:7, 8; Luka 21:11) Afei nso, Bible no ka sɛ wɔ Satan nneɛma nhyehyɛe “nna a edi akyiri” no mu no, nnipa pii bɛyɛ “ahopɛfo, sikapɛfo, . . . awofo asɛm ho asoɔdenfo, . . . apamsɛefo.” Nnipa bɛsan ayɛ “wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.”—2 Timoteo 3:1-5.

Akodi, ɔyaredɔm, aduankɔm, asasewosow ne abrabɔ a ɛsɛe—nneɛma a ɛtete saa nyinaa aba wɔ ɔkwan a ebi mmae da so fi 1914, sɛnea Bible no hyɛɛ nkɔm no. Ɛkyerɛ sɛ wɔatow Onyankopɔn ne onipa tamfo a ne bo afuw—Satan Ɔbonsam—afi soro akyene asase so. Nanso Bible no san kyerɛ sɛ wɔremma Satan kwan mma onni dwuma nkyɛ bio. Ɔwɔ ‘bere tiaa bi’ pɛ kosi sɛ Harmagedon bɛba, bere a Onyankopɔn sɛe wɔne nhyehyɛe a Satan di so no.

Dɛn na ɛbɛto Satan? Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Na mihuu ɔbɔfo bi a ofi soro resian a okura ebun no ano safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi. Na ɔkyeree ɔtweaseɛ, ɔwɔ dedaw a ɔne bonsam no, kyekyeree no mfirihyia apem, ɔtow no kyenee bun no mu, na ɔtoo mu na ɔsɔɔ ano, na wankɔdaadaa amanaman bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du ansa; nanso ɛno akyi no, etwa sɛ wogyaa no kakra.” (Adiyisɛm 20:1-3) Hwɛ ahotɔ ara a ɛbɛyɛ ama adesamma a wɔrehu amane no!

Anigye Wɔ Ahenni Tumidi Ase

Bere a wɔayi Satan afi hɔ no, Onyankopɔn Ahenni a ɛhyɛ Yesu Kristo ase no bedi adesamma nsɛm nyinaa ho dwuma. Sɛ anka yebenya nniso bebree wɔ asase so no, ɔsoro nniso biako pɛ na ɛbɛtra hɔ adi okyinsoromma no nyinaa so. Akodi rentra hɔ bio, na asomdwoe bɛba baabiara. Wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ase no, nnipa nyinaa de onuayɛ bɛtra ase ɔdɔ mu.—Dwom 72:7, 8; 133:1; Daniel 2:44.

Sodifo bɛn na Yesu bɛyɛ? Bere a ɔwɔ asase so no, ɔdaa ɔdɔ kɛse adi kyerɛɛ nnipa. Yesu fi ayamye mu maa wɔn a ɔkɔm de wɔn no aduan. Ɔsaa ayarefo yare, na ɔmaa anifuraefo huu ade, ɔmaa mum kasae, na ɔmaa mmubuafo nantewee. Yesu nyan awufo baa nkwa mu mpo! (Mateo 15:30-38; Marko 1:34; Luka 7:11-17) Ná saa anwonwade no yɛ anwonwade a ɔbɛyɛ sɛ Ɔhene no nsusuwso. Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ yebenya sodifo a ɔte saa!

Wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Yehowa tumidi ase no benya nhyira a enni ano. Kyerɛwnsɛm no hyɛ bɔ sɛ: “Ɛno na afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato dwom.” (Yesaia 35:5, 6) Bere a ɔsomafo Yohane reka saa da kɛse no ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Na metee nne kɛse bi fi ahengua no mu a ese: Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:3, 4.

Anigye a yɛnam Yehowa Nyankopɔn tumidi a ɛnam ne Ba, Yesu Kristo so benya no bɛboro amanehunu a ebia yeahyia wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe a Satan Ɔbonsam di so mu no. Wɔ Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ mu no, nnipa remmisa sɛ, ‘Hena na ɔredi tumi yi?’ (2 Petro 3:13) Adesamma asoɔmmerɛfo benya anigye ne ahobammɔ wɔ asase a Sodifo a wɔwɔ ɔdɔ a wɔwɔ ahonhom atrae, Yehowa ne Kristo di so no so. Dɛn nti na wunnye anidaso a ɛbɛma woaka wɔn man mma ho no ntom?

[Kratafa 7 mfonini]

Adesamma benya ahobammɔ wɔ asase a Onyankopɔn Ahenni di so no so

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 4]

NASA mfonini

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena