Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 7/15 kr. 8-9
  • Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa—Brazil

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa—Brazil
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Beae a Mmoa Ho Hia a Wɔsom
  • Bible Nhoma Ahorow a Wɔde Ma
  • Yehowa Mu Ahotoso a Minyae No Wowaw Me
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Animia de Nkɔso Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Yehowa Hyiraa Me Bo A Misii No So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 7/15 kr. 8-9

Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa—Brazil

BRAZIL yɛ asase a ɛsõ yiye wɔ nneɛma pii mu. Wɔ ne kɛse ne ne manfo dodow nyinaa mu no, ɛno ne ɔman a ɛsõ sen biara a ɛto so anum wɔ wiase nyinaa. Egye bɛyɛ Amerika Kesee Fam asase no fã, na nnipa bebree wom sen saa asasepɔn no so aman nyinaa a wɔaka abom. Brazil san wɔ kwae birentuw a ɛsõ sen biara wɔ wiase nyinaa. Saa kwae no mu na asase so asubɔnten a ɛso sen biara—Amazon—sen fa.

Brazil san sõ wɔ akwan foforo so. Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa adawurubɔfo a wɔwɔ hɔ no dodow reyɛ adu 400,000, na nnipa bɛboro 1,000,000 na wɔkɔɔ Kristo wu Nkaedi no afe a etwaam no. Enti saa asase yi da nsow yiye wɔ Ahenni ho asɛmpaka adwuma no mu. Osuahu ahorow a esii nnansa yi kyerɛkyerɛ saa asɛm yi mu.

Beae a Mmoa Ho Hia a Wɔsom

Antonio ne ne yere sii gyinae a ɛyɛ den sɛ wobegyaw wɔn abusuafo ne adwuma pa a wɔyɛ wɔ São Paulo a na wogye akatua pa no hɔ akɔsom beae a wohia Ahenni adawurubɔfo wɔ hɔ wɔ Minas Gerais mantam mu. Ná adwumayɛfo a wɔwɔ beae a wɔyɛ asikre ho adwuma wɔ wɔn asasesin no mu. Bere a edi kan a wodii adanse wɔ hɔ no, wofii Bible adesua anum ase. Wɔ asram 18 mu no, na wɔreyɛ adesua bɛboro 40!

Mfiase no, na wohyiam wɔ beae a wɔyɛ asikre ho adwuma no. Nanso, na adawurubɔfo foforo no pɛ sɛ wohu Ahenni Asa ankasa. Enti, wɔfaa bɔs bi de faa nnipa 75 kɔɔ asafo a ɛbɛn hɔ no mu. Afei Ɔmantam nhyiam duu so; Bible asuafo foforo no mu 45 kɔe na wobisabisaa wɔn nsɛm. Wɔbɔɔ eyinom mu dunnum asu wɔ saa bere no mu. Nokwarem no, anigye maa wɔn ani tɛɛtɛɛ nusu!

Wɔde saa adwumakuw no ara bɔs tutuu akwan a ɛte saa, na mpanyimfo no tew bo no so. Antonio de nhoma a wɔde sua Bible maa bɔs adwumakuw no wura de kyerɛɛ nea ɔyɛe no ho anisɔ. Ɔpenee so ma wofii Bible no sua ase saa anwummere no ara na wɔbɔɔ no asu bere a ɔde nsiyɛ suaa ade wɔ asram bi akyi no. Mfiase no, na ne yere sɔre tia adesua no, nanso bere kɔ so no, ne nneyɛe sakrae. Ɛnnɛ, ɔno nso yɛ Yehowa Ɔdansefo a wɔabɔ no asu.

Wɔ February 1992 mu no, wɔde adawurubɔfo 22 a wɔyɛ nnam tew asafo bi. Ebeduu 1994 mu no, na adawurubɔfo dodow no akɔ soro akodu 42, a daa akwampaefo anaa asɛmpa no ho bere nyinaa asomfo 4 na wɔwom. Enti, Antonio kae sɛ: “Me ne me yere ahu sɛ, sɛnea Malaki 3:10 ka no, sɛ ‘yɛsɔ Yehowa hwɛ a, obehwie nhyira agu yɛn so ma aboro so.’”

Bible Nhoma Ahorow a Wɔde Ma

Ebia, ntease foforo a enti asɛnka adwuma no renya nkɔanim wɔ Brazil ne sɛ Adansefo no de hokwan biara a wobenya no ma Bible nhoma ahorow. Sɛ nhwɛso no, asafo biako kyerɛw Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea bisaa Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no mfuamfua 250. Dɛn nti na wɔkraa pii saa?

Krataa no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: ‘Kurow no mu sukuu ahorow no mu biako asi gyinae sɛ wɔde saa nhoma yi na ɛbɛkyerɛ sukuufo kuw biako ade. Sukuu no mu mpanyimfo no sii saa gyinae no esiane bɔnnɔso adanse a sukuufo a wɔyɛ Yehowa Adansefo no awofo ne sukuu no mpanyimfo biako dii nti. Ɛmmra sɛ Yehowa bɛkɔ so ahyira ne nkoa bere a wɔnam saa nhoma yi so de ɔkyerɛkyerɛ pa ma no.’ Yiw, na ɛmmra sɛ Yehowa bɛkɔ so ahyira nkɔso pa a Ahenni asɛmpaka adwuma no renya wɔ asase kɛse a ɛne Brazil no so.

[Kratafa 8 adaka]

ƆMAN NO HO AKONTAABU

1994 Ɔsom Afe

DODOW A ƐSEN BIARA A WODII ADANSE: 385,099

NKYEKYEM: Ɔdansefo 1 kasa kyerɛ nnipa 404

DODOW A WƆBAA NKAEDI: 1,018,210

AKWAMPAEFO DODOW NKYEKYEM: 38,348

BIBLE ADESUA DODOW NKYEKYEM: 461,343

DODOW A WƆBƆƆ WƆN ASU: 24,634

ASAFO DODOW: 5,928

BAA DWUMADIBEA: CESÁRIO LANGE

[Kratafa 9 mfonini]

Kar a akasam si so a wɔde dii dwuma wɔ São Paulo bɛyɛ 1940 mu

[Kratafa 9 mfonini]

Wɔredi adanse wɔ Botanical Garden a ɛwɔ Rio de Janeiro no mu

[Kratafa 9 mfonini]

Baa dwumadibea a ɛwɔ Cesário Lange

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena