Animia de Nkɔso Ba
SƐNEA JOSÉ MAGLOVSKY KA KYERƐE
Bere a polisini no soo me nsa no, mehwehwɛɛ me papa. Nanso, na wɔde no kɔ polisifo adwumayɛbea dedaw a na minnim. Bere a miduu hɔ no, polisifo no gyee yɛn nhoma nyinaa, a na yɛn Bible ka ho, na wɔde ne nyinaa sum fam hɔ. Bere a me papa hui no, obisae sɛ: “Mode Bible no nso agu fam?” Polisi panyin no paa kyɛw, na afei ɔsesaa Bible no guu pon no so.
ƐYƐƐ dɛn na yekopuee polisifo adwumayɛbea? Dɛn na na yɛreyɛ? Ná yɛwɔ ɔman a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a ɛyɛ katabaako nniso mu nti na wogyee yɛn Bible mpo fii yɛn nsam? Sɛnea ɛbɛyɛ na mabua nsemmisa yi no, ɛsɛ sɛ yɛsan yɛn akyi kɔ 1925 mu, bere a na wonnya nwoo me mpo no.
Wɔ saa afe no mu no, me papa, Estefano Maglovsky, ne me maame Juliana, tu fii kan Yugoslavia kɔɔ Brazil, na wɔtraa São Paulo. Ɛwom sɛ na Paapa yɛ Protestantni na Maame yɛ Katolekni de, nanso nyamesom anyɛ ade a ɛde mpaapaemu baa wɔn ntam. Nokwarem no, mfe du akyi no, asɛm bi sii a ɛkaa wɔn boom wɔ ɔsom mu. Maame nua kunu de nhomawa bi a wɔde kɔla ahorow ayɛ emu mfonini a ɛwɔ Hungary kasa mu a ɛka tebea a awufo wom ho asɛm brɛɛ Paapa. Ná ne nsa aka nhomawa no sɛ akyɛde, na ɔka kyerɛɛ Paapa sɛ ɔnkenkan na ɔnkyerɛ n’adwene wɔ emu nsɛm no ho, titiriw ɔfã a ɛfa “hell” ho no. Paapa kenkan nhomawa no nyinaa san tii mu anadwo mũ no nyinaa, na ɛda a edi hɔ no, bere a maame nua kunu no bae sɛ ɔrebetie n’adwene no, Paapa kaa no pefee sɛ: “Nokware no ni!”
Mfiase Ketewaa
Esiane sɛ na nhomawa no fi Yehowa Adansefo hɔ nti, wɔn baanu kɔhwehwɛɛ wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi asua wɔn gyidi ne wɔn nkyerɛkyerɛ ahorow no ho ade pii. Bere a awiei koraa no wohuu wɔn no, yɛn abusuafo pii fii ase ne Adansefo no bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ. Saa afe 1935 no ara mu no, wofii ase yɛɛ Bible adesua wɔ Hungary kasa mu, a sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a na nnipa baawɔtwe na wɔba, na efi saa bere no, yɛayɛ Bible adesua wɔ yɛn fie daa.
Bere a Paapa suaa Bible no mfe abien akyi no, wɔbɔɔ no asu wɔ 1937 mu ma ɔbɛyɛɛ Yehowa Dansefo a ɔyɛ hyew, a ɔyɛɛ afie-afie asɛnka adwuma, na afei ɔsomee sɛ asafo somfo ne adesua sohwɛfo. Ɔboa ma wɔhyehyɛɛ asafo a edi kan wɔ São Paulo, wɔ Vila Mariana mpɔtam hɔ. Akyiri yi, woyii asafo no kɔɔ kurow no mfinimfini, na wɔbɛfrɛɛ no Central Congregation. Wɔhyehyɛɛ asafo a ɛto so abien mfe du akyi wɔ Ypiranga mpɔtam, na wɔpaw Paapa sɛ asafo somfo wɔ hɔ. Wɔhyehyɛɛ asafo a ɛto so abiɛsa wɔ 1954 mu wɔ Moinho Velho mpɔtam, ɛhɔ nso ɔsomee sɛ asafo somfo.
Bere a kuw yi gyinae pɛ na ofii ase boaa kuw bi a ɛbɛn hɔ wɔ São Bernardo do Campo. Esiane sɛ Yehowa ahyira Adansefo akuw nketewa yi mmɔdenbɔ so wɔ mfe no mu nti, nkɔso a aba no yɛ kɛse, ma enti wɔ 1994 mu no, na adawurubɔfo bɛboro 70,000 na wɔwɔ asafo ahorow 760 a ɛwɔ São Paulo kɛse mu. Awerɛhosɛm ne sɛ, Paapa antra ase anhu nkɔso yi. Owui 1958, bere a na wadi mfe 57.
Mmɔden a Mabɔ sɛ Medi Paapa Nhwɛso Akyi
Te sɛ Kristofo afoforo a wɔn ho akokwaw no, na me papa su a ɛda nsow biako ne n’ahɔhoyɛ. (Hwɛ 3 Yohane 1, 5-8.) Ne saa nti, yenyaa hokwan gyee Antonio Andrade ne ne yere ne ne babarima a wɔne Onua ne Onuawa Yuille fi United States baa Brazil 1936 no ahɔho. Ahɔho a na wɔwɔ yɛn fie nso ne Harry Black ne Dillard Leathco a na wɔawie Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu, na wɔyɛ asɛmpatrɛwfo a wodi kan a wɔde wɔn baa Brazil wɔ 1945 mu. Afoforo pii dii wɔn akyi bae. Saa anuanom yi yɛɛ nkuranhyɛ fibea maa yɛn abusuafo no biara bere nyinaa. Eyi ho anisɔ ne sɛnea ɛbɛyɛ a m’abusua benya mfaso nti, mabɔ mmɔden sɛ mesuasua me papa nhwɛso wɔ Kristofo su a ɛne ahɔhoyɛ no mu.
Ɛwom sɛ na madi mfe akron pɛ na Paapa suaa nokware no wɔ 1935 mu de, nanso sɛ́ ɔbabarima panyin no, mifii ase kaa ne ho wɔ ne teokrase dwumadi ahorow mu. Yɛn nyinaa ne no kɔɔ nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so wɔ Adansefo no adwumayɛbea ti a ɛwɔ Eça de Queiroz Street, Number 141, São Paulo no. Esiane nkyerɛkyerɛ ne ntetee a Paapa de maa me nti, minyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ mɛsom Yehowa, na wɔ 1940 mu no, mihyiraa me nkwa so maa Yehowa de nsu mu asubɔ yɛɛ ho sɛnkyerɛnne wɔ Asubɔnten Tietê a ɛsen fa São Paulo mfinimfini a wɔayɛ no fĩ seesei no mu.
Ankyɛ na mihuu nea ɔdawurubɔfo a ɔka asɛmpa daa no kyerɛ, sɛnea wodua nokware no wɔ afoforo mu na wogugu asɛm no so nsu, na wɔne wɔn yɛ ofie Bible adesua. Seesei, sɛ mihu Yehowa Adansefo mpempem pii a wɔahyira wɔn ho so wɔ Brazil no a, minya anigye kɛse bere a minim sɛ Ɔde me dii dwuma ma meboaa wɔn mu pii ma wobenyaa nokware no ho nimdeɛ anaasɛ ɛma wobenyaa ɛho anisɔ kɛse.
Wɔn a meboaa wɔn no biako ne Joaquim Melo, a mihyiaa no afie-afie ɔsom adwuma no mu no. Ná merekasa kyerɛ mmarima foforo baasa bi a na wɔretie nanso wɔnkyerɛ ho anigye ahe biara. Afei mihuu abarimaa bi a na wabɛka yɛn ho a na ɔretie no yiye. Bere a mihui sɛ wakyerɛ ho anigye no, medanee m’adwene kɔɔ ne so, na midii no adanse yiye wiei no, metoo nsa frɛɛ no sɛ ɔmmra Asafo Nhoma Adesua ase. Wamma adesua no, nanso ɔbaa Teokrase Ɔsom Sukuu no, na ɛno akyi no, ɔbaa nhyiam daa. Onyaa nkɔso kɛse ma wɔbɔɔ no asu, na ɔsomee sɛ ɔsomfo kwantufo mfe pii a na ne yere ka ne ho.
Afei Arnaldo Orsi a mihyiaa no m’adwumam no nso wɔ hɔ. Ná midi ɔyɔnko dwumayɛni bi adanse daa, nanso mihui sɛ na aberante bi a wafu abogyesɛ yɛ komm tie bere nyinaa, enti mifii ase kasa kyerɛɛ no tẽẽ. Ná ofi Katolekfo abusua amapa bi mu, nanso obisabisaa nneɛma te sɛ tawanom, nguamansɛm ho sini hwɛ, ne ntɔkwaw a wosua no sɛ agumadi a wɔfrɛ no judo ho nsɛm pii. Mekyerɛɛ no nea Bible ka wɔ ho, na anigyesɛm a ɛmaa me ho dwiriw me ne sɛ ɛda a edi hɔ no ɔfrɛɛ me ma mekɔhwɛe sɛ ɔrebubu n’abua ne twerɛbo ne ne mmeamudua mu, na ɔsɛee ne nguamansɛm sini ahorow yii n’abogyesɛ. Ɔsakrae bere tiaa bi mu! Ogyaee judo nso bɔ, na ɔkae sɛ me ne no nsua Bible no da biara da. Ɛmfa ho sɛ ne yere ne ne papa sɔre tiaa no no, anuanom a wɔte bɛn no no boaa no ma onyaa honhom fam nkɔso kɛse. Wɔbɔɔ no asu bere tiaa bi mu, na ɛnnɛ ɔsom sɛ asafo mu panyin. Ne yere ne ne mma nso gyee nokware no.
Ahenni Som Adwuma no Mu Kyɛfa a Minyae
Bere a midii bɛyɛ mfe 14 no, mifii ase yɛɛ adwuma wɔ dawurubɔ adwuma bi mu, baabi a misuaa sɛnea wɔkyerɛw nsɛm a wɔde bɔ nneɛma dawuru. Eyi so baa mfaso kɛse, na wɔ mfe pii mu no, na me nkutoo ne onua a ɔwɔ São Paulo a ɔkyerɛw nkrataa ne ntama a wɔde sensɛn wim wɔ mmɔnten so so de bɔ Yehowa Adansefo baguam ɔkasa ne nhyiam akɛse dawuru. Bɛyɛ mfe 30 no, minyaa hokwan somee sɛ nhyiam ase Apon so Akyerɛw Adwumayɛbea no sohwɛfo. Bere nyinaa na mede m’ahomegye kɔhyɛ bere a ɛbɛma mayɛ nhyiam akɛse ase adwuma, na na meda nhyiam asa so mpo na ama matumi awie apon ne nkrataa so akyerɛw no bere ano.
Minyaa hokwan nso de Asafo ti no Kar a akasam afiri wom a saa bere no na ɛyɛ ade foforo koraa no yɛɛ adwuma. Ná yɛde yɛn Bible ho nhoma ahorow gu ɔpon so, na bere a akasam afiri a ɛwɔ kar mu no bɔ asɛm bi a wɔakyere agu apaawa so no, na yɛne nkurɔfo a wofi wɔn afie mu bɛhwɛ nea ɛrekɔ so no kasa. Ade foforo a yɛde dii dwuma de kaa Ahenni ho asɛmpa no kyerɛe ne gramafon nketewa, na meda so ara wɔ mpaawa a na yɛde bɔ Asafo nhoma ahorow mu nsɛm kyerɛ no bi. Ɛma yɛmaa Bible ho nhoma pii.
Saa nna no mu no, na Katolek Asɔre no to santen tenteenten tu aprenten wɔ São Paulo mmɔnten so, na na mmarima taa di anim bae kwan mu. Kwasida bi, na me ne Paapa rema Ɔwɛn-Aban ne Nyan! wɔ mmɔnten so na yehyiaa santen tenteenten bi. Sɛnea na Paapa taa yɛ no, na ɔhyɛ ne kyɛw. Mmarima a wodi santen no anim no biako teɛɛm sɛ: “Tu wo kyɛw no! Wunhu sɛ santen bi reba?” Bere a Paapa antu ne kyɛw no, mmarima pii bae besunsum yɛn pempem aguadidan bi mfɛnsere ho maa ɛhɔ yɛɛ begyabegya. Polisini bi huu eyi, na ɔba bɛhwɛɛ dekode a ɛrekɔ so. Mmarima no biako soo ne nsa pɛe sɛ ɔne no kasa. Polisini no bɔɔ ɔbarima no nsa kae sɛ: “Gyae m’atade mu!” Afei obisaa no nea na ɛrekɔ so. Ɔbarima no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛsɛ sɛ Paapa tu ne kyɛw ma santen no, na ɔde kaa ho sɛ: “Meyɛ Roma Katolek ɔsomafo.” Mmuae a na ɔnhwɛ kwan ne sɛ: “Wuse woyɛ Romani? Ɛnde san kɔ Rome! Ɛha yɛ Brazil.” Afei ɔdan baa yɛn so bisae sɛ: “Henanom na wodii kan baa ha?” Bere a Paapa buae sɛ yɛn no, polisini no pamoo mmarima no, na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛntoa yɛn adwuma no so. Ogyinaa yɛn nkyɛn kosii sɛ santen no nyinaa twaam—na Paapa antu ne kyɛw no!
Na nsɛm a ɛte sɛ eyi ntaa nsisi. Nanso bere a esisii no, na ɛyɛ nkuranhyɛ sɛ yehui sɛ nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ani gye ho sɛ wobebu atɛntrenee ama akuw a emufo nnɔɔso, na wɔnkotokotow Katolek Asɔre no.
Bere foforo no, mihyiaa abarimaa bi a ɔkyerɛɛ anigye, na ɔkae sɛ mensan mmra dapɛn a edi hɔ no. Mesan kɔe no, ogyee me fɛw so, na ɔkae sɛ memmra mu. Hwɛ sɛnea me ho dwiriw me bere a mihui sɛ mmofra nsɛmmɔnedifo dodow bi atwa me ho ahyia redi me ho fɛw de ahyɛ me abufuw! Tebea no mu yɛɛ den, na mihui sɛ ɛnkyɛ na wɔato ahyɛ me so. Meka kyerɛɛ nea ɔtoo nsa frɛɛ me no sɛ sɛ biribi to me a ɔno nko na ɛho asodi bɛda no so, ne sɛ m’awofo nim baabi a mewɔ. Mekae sɛ wonnyaa me mma menkɔ, na wɔpenee so. Nanso, ansa na merefi hɔ no, mekae sɛ sɛ wɔn mu biara pɛ sɛ ɔno nko ara ne me kasa a, mewɔ hɔ. Akyiri yi, metee sɛ wɔyɛ kuw bi a wɔyɛ katee, ɛhɔnom sɔfo no nnamfo, na ɔno na ɔyɛɛ nhyiam yi ho nhyehyɛe. Ɛyɛɛ me anigye sɛ mifii wɔn nsam.
Ɛyɛ nokware sɛ mfiase no na nkɔso mma ntɛmntɛm wɔ Brazil, na ɛkame ayɛ sɛ na wonhu mpo. Saa bere no nyinaa na yegu so “redua” yɛn nnɔbae a yenni bere pii a yɛde “bɛdodɔ ho” na “yɛatwa” yɛn adwuma so aba. Yɛkaee nea ɔsomafo Paulo kyerɛwee no bere nyinaa: “Me de, miduae, Apolo guguu so nsu, na Onyankopɔn na ɔma enyinii. Enti ɛnyɛ nea odua, na ɛnyɛ nea ogugu so nsu na ɔyɛ biribi, na mmom Onyankopɔn a ɔma enyin no.” (1 Korintofo 3:6, 7) Bere a nnipa baanu a wowiee Gilead a wodii kan baa hɔ wɔ 1945 mu no, yehui sɛ nkɔso a na yefi bere tenten ahwɛ kwan no bere adu.
Akokoduru a Yɛde Gyinaa Ɔsɔretia Ano
Nanso, nkɔso amma a na ɔsɔretia nka ho, titiriw bere a Wiase Ko II no fii ase wɔ Europa no. Ná ɔtaa wɔ baabiara efisɛ na nnipa dodow no ara ne atumfoɔ binom nte afã biara a yenni no ase. Bere bi, wɔ 1940 mu, bere a na yɛde nkrataa a wɔakyerɛkyerɛw so reyɛ adwuma wɔ abɔnten so wɔ São Paulo mfinimfini no, polisini bi faa m’akyi besunsuanee nkrataa no mu soo me nsa de me kɔɔ polisifo adwumayɛbea. Metotoo m’ani hwehwɛɛ me papa, nanso manhu no. Bere a na minnim no, na wɔakyere ɔne anuanom mmarima ne mmea afoforo pii a na Onua Yuille a na ɔhwɛ Brazil adwuma no so ka ho de wɔn kɔ polisifo adwumayɛbea dedaw. Sɛnea mada no adi wɔ nkyekyem a edi kan no mu no, ɛhɔ na mikohyiaa Paapa bio.
Esiane sɛ na meyɛ abofra nti, na wontumi mfa me ntom, na ankyɛ na polisini bi de me kɔɔ fie kɔmaa me maame. Wogyaee anuanom mmea no nso saa da no ara anwummere. Akyiri yi polisifo no sii gyinae sɛ wobegyae anuanom mmarima no nyinaa a na wɔn dodow bɛyɛ du no, gye Onua Yuille. Nanso, anuanom mmarima no kɔɔ so kae sɛ: “Yɛn nyinaa bɛkɔ anaasɛ obiara renkɔ.” Polisifo no ammua wɔn, enti wɔn nyinaa boom daa fam wɔ ɔdan a emu yɛ nwini mu wɔ semɛnte so anadwo no. Ɛda a edi hɔ no, wogyaee wɔn nyinaa a wɔamma wɔn ahyɛde biara. Mpɛn pii na wɔkyeree anuanom a na wɔde nkrataa a wɔakyerɛkyerɛw so redi adanse. Ná nsɛm a wɔakyerɛkyerɛw wɔ nkrataa so no bɔ baguam ɔkasa ne nhomawa a wɔato din Fascism or Freedom nso dawuru, na atumfoɔ binom faa no sɛ yɛtaa Fascist nniso akyi, na eyi de ntawntawdi bae.
Asraadi a wɔhyɛ afoforo ma wɔde wɔn ho hyem nso de nsɛnnennen brɛɛ anuanom mmerante no. Me ne obi a asɛm yi nti, wodii kan de me too afiase wɔ Brazil 1948. Ná atumfoɔ no nhu nea wɔmfa nyɛ me. Wɔde me kɔɔ asraafo adwumayɛbea wɔ Caçapava, na wɔmaa me duaduaa ɛfan wɔ turo no mu yɛɛ ho adwuma, na misiesiee ɔdan a mpanyimfo no de afoa di agoru wom no mu. Minyaa hokwan pii de dii mmarima no adanse maa nhoma ahorow. Ɔpanyin a ɔhwɛ hɔ no na odii kan gyee Asafo no nhoma Children no bi. Akyiri yi, wɔmaa me dwumadi mpo maa mekyerɛkyerɛɛ asraafo a wontumi nteɛteɛ wɔn apɔw mu a wɔn dodow bɛyɛ 30 anaa 40 a wɔwɔ ɔdan bi mu no ɔsom ho nsɛm. Awiei koraa no, bere a midii bɛyɛ asram du wɔ afiase no, wodii m’asɛm gyaee me. Meda Yehowa a ɔmaa me ahoɔden ma mitumi gyinaa ahunahuna, animguase, ne fɛwdi a mmarima no mu bi de baa me so no ano no ase.
Ɔboafo Nokwafo a Onni Huammɔ
Wɔ June 2, 1951 no, mewaree Barbara, na efi saa bere no wakɔ so ayɛ ɔhokafo nokwafo a onni huammɔ wɔ nkyerɛkyerɛ ne ntetee a yɛde ma yɛn mma wɔ “[Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu” no mu. (Efesofo 6:4) Wɔ yɛn mma baanum no mu no, baanan resom Yehowa anigye so wɔ gyinabea horow mu. Yɛhwɛ kwan sɛ wobemia wɔn ani ne yɛn nyinaa akɔ so atra nokware no mu na yɛaboa ahyehyɛde no ne adwuma a ɛreyɛ no ma anya nkɔso. Abusuafo a wɔwɔ mfonini a ɛka ho yi mu nyinaa yɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so, gye akumaa no nkutoo, akokoaa a ɔda nsa so no. Baanan yɛ asafo mu mpanyimfo na wɔn mu baanu san yɛ daa akwampaefo, na eyi kyerɛ nokware a Mmebusɛm 17:6 yɛ no: “Nkwakoraa abotiri ne mma mma, na mma anuonyam ne wɔn agyanom.”
Seesei, bere a madi mfe 68 no, m’akwahosan nyɛ nea edi mũ papa. Wɔ 1991 no, mekɔ ma wɔyɛɛ me oprehyɛn siesiee me ntini a mogya fam no mu baasa, na akyiri yi wɔde rɔba hyehyɛɛ mu. Nanso, ɛyɛ me anigye sɛ matumi akɔ so asom sɛ ɔhwɛfo guamtrani wɔ asafo bi mu wɔ São Bernardo do Campo, de adi me papa a na ɔka wɔn a wofii adwuma no ase wɔ ha ho no anammɔn akyi. Yɛn awo ntoatoaso no yɛ soronko ampa, sɛ yɛanya hokwan rebɔ Yehowa Mesia Ahenni a wɔde asi hɔ no dawuru a ɛyɛ adwuma a wɔrensan nyɛ bio no. Enti ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi Paulo nsɛm a ɔkyerɛw kɔmaa Timoteo da: “Wo de . . . yɛ ɔsɛmpakafo adwuma, wie wo som no koraa.”—2 Timoteo 4:5.
[Kratafa 23 mfonini]
M’awofo, Estefano ne Juliana Maglovsky
[Kratafa 26 mfonini]
José ne Barbara ne wɔn abusuafo a wɔyɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so