Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w06 7/1 kr. 8-12
  • Animia De Anigye Ba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Animia De Anigye Ba
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Migyaee Keteke Ka Kɔyɛɛ Ɔsɛmpakafo
  • Yehyiaa Ɔsɔretia Mfiase No
  • Botae a Mede Sii M’ani So
  • Ebinom Yɛɛ Me Adɔe
  • Asɛnnennen Foforo Bi a Mihyiae
  • Mfurum, Mpɔnkɔ, ne Ɔpra
  • Awiei Koraa no, Minyaa Ɔboafo
  • Meyare Nyinaa Akyi no Mede Animia Reyɛ Adwuma No
  • Yehowa Mu Ahotoso a Minyae No Wowaw Me
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Yehowa Hyiraa Me Bo A Misii No So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Animia de Nkɔso Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nneɛma Titiriw a Akɔ So Wɔ Ahenni Adwuma no Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
w06 7/1 kr. 8-12

Asetram Nsɛm

Animia De Anigye Ba

SƐNEA MÁRIO ROCHA DE SOUZA KA KYERƐE

“Minnye nni sɛ oprehyɛn begye Owura Rocha nkwa.” Ɛmfa ho awerɛhosɛm yi a oduruyɛfo bi kae no, ɛnnɛ, bɛyɛ mfe 20 akyi no, meda so ara resom sɛ Yehowa Dansefo bere nyinaa ɔsɛmpakafo. Dɛn na aboa me ma mede animia agyina mu saa mfe yi nyinaa?

WƆTETEE me wɔ afuw bi a ɛbɛn Santo Estêvão, akuraa bi a ɛwɔ Bahia mantam mu wɔ Brazil atifi fam apuei. Bere a midii mfe ason no, mifii ase boaa Paapa wɔ afumdwuma mu. Sɛ mepɔn sukuu ba fie da biara a, na ɔma me adwuma bi yɛ. Bere rekɔ so no, bere biara a na Paapa bɛkɔ akɔyɛ adwuma wɔ Salvador a ɛyɛ ɔmantam no ahenkurow mu no, na ɔde afuw no hyɛ me nsa.

Ná yenni anyinam ahoɔden, durubɛn mu nsu, anaa nneɛma a aba so nnɛ no bi de, nanso na yɛn ani gye. Ná mede ahama sɔ krataa so tow fa wim anaasɛ mede nnua kar a mene me nnamfo ayɛ di agoru. Na sɛ m’asɔre bɔ kyene fa kurow mu a, na mehyɛn torobɛnto ma wɔn. Ná meka asɔre a ɛwɔ yɛn hɔnom nnwontofo kuw no ho, na ɛhɔ na mihuu nhoma bi a wɔato din sɛ História Sagrada (Abakɔsɛm Kronkron). Ɛno maa m’ani begyee Bible ho.

Bere a midii mfe 20 wɔ afe 1932 mu no, ɔpɛ kɛse bi sii wɔ Brazil atifi fam apuei. Yɛn anantwi wuwui, na yɛn nnɔbae hyewee, enti mitu kɔɔ Salvador, na mekɔkaa keteke wɔ hɔ. Akyiri yi, minyaa dan na mekɔfaa m’abusua ma wɔne me bɛtrae. Paapa wui wɔ afe 1944 mu, enti na ɛsɛ sɛ mehwɛ Maame ne me nuabeanom baawɔtwe ne me nuabarimanom baasa.

Migyaee Keteke Ka Kɔyɛɛ Ɔsɛmpakafo

Bere a miduu Salvador no, nea midii kan yɛe no mu biako ne sɛ metɔɔ Bible. Bere a mekɔɔ Baptist asɔre mfe bi akyi no, mefaa Durval a na ɔno nso ka keteke yɔnko. Ná me ne Durval taa bɔ Bible mu nkɔmmɔ kɔ akyiri. Da bi, ɔmaa me nhomawa bi a wɔato din, Where Are the Dead?a (Ɛhe na Awufo Wɔ?) Ɛwom sɛ na migye di sɛ onipa wɔ ɔkra a enwu de, nanso na mepɛ sɛ mihu sɛ Bible mu nsɛm a wɔafa aka wɔ nhomawa no mu no yɛ nokware anaa. Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ Bible no sii so dua sɛ ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.—Hesekiel 18:4.

Bere a Durval hui sɛ m’ani gye Bible ho no, ɔka kyerɛɛ Antônio Andrade a ɔyɛ bere nyinaa somfo no sɛ ɔmmɛsra me wɔ fie. Antônio baa me nkyɛn mprɛnsa akyi no, ɔka kyerɛɛ me sɛ menka ne ho ma yɛnkɔka Bible mu asɛm nkyerɛ afoforo. Bere a ɔkasae wɔ afie abien a edi kan mu no, ɔkae sɛ, “Adu wo so sɛ wokasa.” Ehu kaa me, nanso anigyesɛm ne sɛ abusua biako tiee asɛm no yiye na wogyee nhoma abien a mede maa wɔn no. Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, sɛ mihyia obi a n’ani gye Bible mu nokware ho a, m’ani gye paa saa ara.

Mebɔɔ asu wɔ Atlantic Po a ɛbɛn Salvador mu wɔ April 19, 1943, na saa da no yɛ Kristo wu nkaedi wɔ saa afe no mu. Esiane sɛ na Kristofo mmarima a wɔn ho akokwaw nni hɔ nti, wɔpaw me sɛ memmoa Adansefo kuw a na wohyia wɔ Onua Andrade fie a ɛwɔ ɔkwan hiahia bi a ɛda Salvador kurow no fã a egu bepɔw so ne ɔfã a egu bɔn mu ntam no.

Yehyiaa Ɔsɔretia Mfiase No

Wɔ Wiase Ko II (1939-45) mu no, na nkurɔfo ani nnye yɛn Kristofo adwuma no ho. Esiane sɛ na yɛn nhoma dodow no ara fi United States nti, na aban mpanyimfo binom susuw sɛ Amerika na asoma yɛn sɛ yemmetietie wɔn nsɛm mu nkɔka nkyerɛ wɔn. Ɛno nti, na wɔtaa kyere yɛn kobisabisa yɛn nsɛm. Sɛ Ɔdansefo bi kɔ asɛnka na wamma a, na yɛfa no sɛ wɔakyere no, enti na yɛkɔ polisifo adwumam sɛ yɛrekɔ akoyi no.

Wɔ August 1943 mu no, Germanni Ɔdansefo a wɔfrɛ no Adolphe Messmer baa Salvador bɛboaa yɛn ma yɛyɛɛ ɔmansin nhyiam a edi kan. Bere a aban no maa yɛn kwan sɛ yɛnyɛ nhyiam no, yɛbɔɔ baguam ɔkasa a n’asɛmti ne “Ahotɔ wɔ Wiase Foforo Mu” ho dawuru wɔ ɛhɔnom atesɛm nkrataa mu, na yɛde ho nkrataa fomfam sotɔɔ mpoma ne keteke ho. Nanso nhyiam no da a ɛto so abien no, polisini bi ka kyerɛɛ yɛn sɛ wɔremma yɛn kwan mma yɛntoa so. Ná ɔsɔfopɔn a ɔwɔ Salvador no na ahyɛ polisi panyin no sɛ ɔmma yennyae yɛn nhyiam no yɛ. Nanso April a edi hɔ no, afei wɔmaa yɛn kwan ma yɛmaa ɔkasa a na yɛabɔ ho dawuru no.

Botae a Mede Sii M’ani So

Wɔ afe 1946 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔ Aman a Wɔwɔ Anigye Teokrase Nhyiam wɔ São Paulo kurow no mu. Po so hyɛn a wɔde fa nneɛma a ɛwɔ Salvador mu panyin no ka kyerɛɛ yɛn sɛ sɛ yebetumi ada hyɛn no soro wɔ petee mu a, ɔbɛma yɛn mu bi aforo akɔ. Ɛwom sɛ ahum tui ma yɛn nyinaa yareyaree de, nanso yedii nnanan wɔ po so akyi no, yekoduu Rio de Janeiro asomdwoe mu. Adansefo a wɔwɔ Rio no gyee yɛn fɛw so kɔɔ wɔn afie mu kodii nna kakra ansa na yɛrefa keteke atoa yɛn akwantu no so. Nnipakuw kakra a wokura ntama bi a wɔakyerɛw mu “Yehowa Adansefo, Yɛma Mo Akwaaba” no behyiaa yɛn wɔ São Paulo bere a yɛn keteke no duu hɔ no.

Mesan baa Salvador bere tiaa bi akyi no, me ne Harry Black a ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo a ofi United States no bɔɔ nkɔmmɔ sɛ m’ani gye ho sɛ mɛyɛ ɔkwampaefo, sɛnea wɔfrɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa asomfo no. Harry ma mihui sɛ ɛsɛ sɛ mehwɛ me maame ne me nuanom, enti otuu me fo sɛ mentɔ me bo ase. Awiei koraa no, eduu June 1952 no, na me nuanom mmarima ne mmea no nyinaa adu baabi a wotumi hwɛ wɔn ho, na wɔmaa mekɔyɛɛ ɔkwampaefo wɔ asafo ketewaa bi mu wɔ Ilhéus. Efi Salvador anafo fam rekɔ hɔ yɛ kilomita 210.

Ebinom Yɛɛ Me Adɔe

Afe a edi hɔ no, woyii me kɔɔ Jequié. Ɛyɛ kurow kɛse bi a egu bepɔw so a Adansefo biara nni hɔ. Ɛhɔnom sɔfo no na midii kan kɔɔ ne nkyɛn. Ɔka kyerɛɛ me sɛ kurow no yɛ ne dea enti mma menka asɛm no wɔ hɔ. Ɔbɔɔ n’asɔremma no kɔkɔ sɛ “atoro diyifo” bi aba hɔ, na ɔsomaa nkurɔfo sɛ wɔntetɛw me nhwɛ nea mereyɛ. Nanso, saa da no memaa Bible ho nhoma bɛboro 90, na mifii Bible adesua anan ase. Mfe abien akyi no, yenyaa Ahenni Asa wɔ Jequié a emu Adansefo yɛ 36! Ɛnnɛ, asafo awotwe ne Adansefo bɛyɛ 700 na ɛwɔ Jequié.

Metraa dan ketewaa bi mu wɔ Jequié kurotia wɔ asram a edi kan a mekɔɔ hɔ no mu. Na akyiri yi, mihyiaa Miguel Vaz de Oliveira, Hotel Sudoeste a ɛyɛ ahɔhofie a edi mũ wɔ Jequié no mu biako wura. Miguel maa me ne no yɛɛ Bible adesua, na ɔkae sɛ mintu mmɛtra ɔdan bi mu wɔ n’ahɔhofie hɔ. Akyiri yi, Miguel ne ne yere bɛyɛɛ Adansefo.

Ade foforo a mekae a ɛma m’ani gye paa wɔ bere a na mete Jequié no yɛ ntoaso sukuu kyerɛkyerɛfo bi a wɔfrɛ no Luiz Cotrim a me ne no suaa Bible no. Luiz ka kyerɛɛ me sɛ ɔbɛboa me ama masua Portugal kasa ne nkontaa yiye. Mfitiase sukuu nkutoo na mekɔe, enti mepenee so ntɛm sɛ ɔmmoa me. Ade a Luiz kyerɛɛ me bere a na me no ayɛ Bible adesua awie dapɛn biara no siesiee me maa ɔsom hokwan ahorow a ankyɛ minyae wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu no.

Asɛnnennen Foforo Bi a Mihyiae

Wɔ afe 1956 mu no, me nsa kaa krataa bi a ɛka kyerɛɛ me sɛ menkɔ Betel a saa bere no na ɛwɔ Rio de Janeiro no na wɔnkɔtete me sɛ ɔmansin sohwɛfo, sɛnea wɔfrɛ Yehowa Adansefo ahwɛfo akwantufo no. Ntetee a me ne afoforo baawɔtwe nyae no dii bosome ne nna kakra. Bere a ntetee no reba n’awiei no, wɔkae sɛ mɛkɔ São Paulo, na ɛno amma me tirim anteɛ me. Mibisaa me ho sɛ: ‘Na me obibini de, dɛn na merekɔyɛ wɔ saa Italiafo no mu? So wobetie me ni?’b

Mekɔsraa asafo a edi kan wɔ Santo Amaro mantam mu no, ɛhyɛɛ me nkuran sɛ mihui sɛ mfɛfo Adansefo ne anigyefo ahyɛ Ahenni Asa no so ma. Nea ɛma mihui sɛ na ɛho nhia sɛ misuro ne sɛ adawurubɔfo 97 a wɔwɔ asafo no mu nyinaa ne me kɔɔ asɛnka saa dapɛn no awiei. Mekae wɔ me tirim sɛ ‘wɔyɛ me nuanom ampa.’ Anigye mu a saa anuanom mmarima ne mmea adɔfo no ne me somee no na ɛma minyaa akokoduru sɛ mimmia m’ani wɔ akwantu adwuma no mu.

Mfurum, Mpɔnkɔ, ne Ɔpra

Nsɛnnennen a na ahwɛfo akwantufo hyia tete no mu biako ne kwantenten a na wotwa ansa na wɔadu asafo ahorow ne Adansefo akuw nketewa a na ɛwowɔ nkuraase no. Na kar ho yɛ den wɔ saa mmeae no anaasɛ na ebi nkɔ hɔ koraa, na na akwan no pii yɛ mfutukwan hiahiaa.

Nea amansin no bi yɛe de dii nsɛnnennen no ho dwuma ne sɛ wɔtɔɔ afurum anaa pɔnkɔ maa ɔmansin sohwɛfo no. Wɔ Dwoda dodow no ara no, na mehyehyɛ me nneɛma wɔ afurum no so na matra no so atwa kwan nnɔnhwerew 12 akɔ asafo a edi hɔ no mu. Ná Adansefo a wɔwɔ Santa Fé do Sul no wɔ afurum bi a wɔfrɛ no Dourado (Goldie), na na onim baabi a adesua akuw no wowɔ wɔ akuraa no ase. Sɛ na yekodu mfuw no apon ano a, na Dourado gyina na ɔtwɛn kosi sɛ mebue. Sɛ mesom wɔn wie a, na me ne Dourado toa so kɔsra adesuakuw a edi hɔ no.

Ɔkwan a wɔfa so di nkitaho a na enni hɔ no nso maa ɔmansin adwuma no yɛɛ den. Sɛ nhwɛso no, nea ɛbɛyɛ na matumi akɔsra Adansefo kuw ketewaa bi a wohyia wɔ afuw bi mu wɔ Mato Grosso Mantam mu no, na ɛsɛ sɛ mede hyɛmma twa Araguaia Asubɔnten no na metra afurum no so fa kwaem twa kwan kilomita 25. Da bi mekyerɛw saa adesuakuw yi sɛ mɛba abɛsra wɔn, nanso krataa no ankodu, efisɛ mitwaa asubɔnten no koduu hɔ no, na obiara nni hɔ a ɔretwɛn me. Na onwini reyɛ adwo, enti mesrɛɛ adidibea bi wura sɛ ɔnhwɛ me nneɛma so mma me, na misiim kɔe a na me bag ketewa nkutoo na mikura.

Ankyɛ na ade sae. Bere a na mereporipori wɔ sum mu no, ɔpra bi porow ne hwenem. Ná mate sɛ ɔpra tumi sɔre gyina de ne nan abien a ɛwɔ anim a ahoɔden wom no tow hyɛ onipa so kum no. Enti sɛ na mete dede biara wɔ nkyɛkyerɛ no ase a, na mede me bag ketewa no di m’anim de bɔ me ho ban na mede ahwɛyiye tutu me nan mmiako mmiako. Menantew nnɔnhwerew pii akyi no, mikoduu asuten ketewa bi ho. Awerɛhosɛm ne sɛ, esiane sɛ na ade asa nti manhu sɛ na wɔde nkantankantan agye ban wɔ asuten no agya. Mitumi huruw sii asu no gya, na nea mihui ara ne sɛ meda nkantankantan no so ma atwa me!

Awiei koraa no, mikoduu afuw no mu, na nkraman boboom guu me so. Ná akorɔmfo taa wia nguan anadwo wɔ hɔ saa bere no, enti wobuee pon no, medaa me ho adi ntɛm ara. Ɛwom sɛ na me ntade a atetew a mogya akeka mu no ama me ho ayɛ mmɔbɔ de, nanso anuanom huu me no, wɔn ani gyei.

Ahokyere yi nyinaa akyi no, na m’ani gye saa mmere no. Ná m’ani gye kwantenten a mitwa no ho, a emu bi wɔ hɔ a na metra pɔnkɔ so, ebi wɔ hɔ nso a na menantew. Ɛtɔ mmere bi a na metra nnua ase gye m’ahome, tie nnomaa su, na na mehwɛ asakraman a wotwam m’anim wɔ akwan a nnipa ntaa mfa so no so. Ade foforo a ɛmaa m’ani gyei nso ne hu a mihui sɛ na me nsrahwɛ no boa nkurɔfo ankasa. Wɔn mu pii kyerɛw me daa me ase. Ná afoforo nso da me ase bere a yɛahyia wɔ nhyiam ase no. Hwɛ sɛnea m’ani gyei sɛ mihui sɛ nkurɔfo di wɔn nsɛnnennen so na wɔrenya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu!

Awiei Koraa no, Minyaa Ɔboafo

Saa mmere a na mereyɛ akwantu adwuma no, mpɛn pii no, me nkutoo na na menam, na ɛno ma mihuu sɛnea mede me ho bɛto Yehowa so sɛ “m’abankɛse ne me gyefo.” (Dwom 18:2) Afei nso, mihui sɛ ɔhokwafo a na meyɛ no maa mitumi de m’adwene sii Ahenni adwuma no so yiye.

Nanso, wɔ afe 1978 mu no, mihyiaa onuawa kwampaefo bi a ne din de Júlia Takahashi. Ná wagyae adwuma a ɔyɛ sɛ ɔyarehwɛfo a akatua wom wɔ ayaresabea kɛse bi a ɛwɔ São Paulo na ama watumi akɔsom wɔ baabi a wohia Ahenni adawurubɔfo pii no. Kristofo mpanyimfo a wonim no no kamfoo no paa wɔ su pa a ɔda no adi wɔ Onyankopɔn som mu ne ne mmɔdenbɔ sɛ ɔkwampaefo no ho. Gyinae a misii sɛ mɛware wɔ mfe pii akyi no yɛɛ ebinom nwonwa. M’adamfo paa bi annye anni, enti ɔhyɛɛ me bɔ sɛ sɛ meware ampa a, obekum nantwi kɛse bi ama me. Yɛde saa nantwi no yɛɛ kyinkyinka wɔ yɛn ayeforohyia apontow ase wɔ July 1, 1978.

Meyare Nyinaa Akyi no Mede Animia Reyɛ Adwuma No

Júlia ne me bɛyɛɛ akwantu adwuma no, na yɛn baanu nyinaa srasraa asafo ahorow a ɛwɔ Brazil anafo fam ne anafo fam apuei wɔ mfe awotwe a edi hɔ no mu. Saa bere no na minyaa komayare. Ade tɔɔ me so mprenu wɔ asɛnka mu bere a na merekasa kyerɛ afiewuranom. Meyare no nti, yɛpenee so kɔyɛɛ akwampaefo atitiriw wɔ Birigüi, wɔ São Paulo Mantam mu.

Saa bere no, Adansefo a wɔwɔ Birigüi no yɛe sɛ wɔde me bɛtra kar mu akohu oduruyɛfo bi wɔ Goiânia a efi Birigüi kɔ hɔ bɛyɛ kilomita 500 no. Bere a me ho tɔɔ me kakra no, wɔyɛɛ me oprehyɛn de afiri bi a ebetumi aboa ma me koma abɔ yiye hyɛɛ me koma mu. Wɔyɛɛ saa oprehyɛn no, bɛyɛ mfe 20 ni. Ɛmfa ho sɛ wɔayɛ me oprehyɛn abien bio no, migu so ara reyɛ asuafoyɛ adwuma no. Sɛnea Kristofo a wɔyɛ ɔyerenom pii ayɛ no, Júlia ahyɛ me den na wahyɛ me nkuran bere nyinaa.

Ɛwom sɛ yare no mma mintumi nyɛ adwuma sɛnea na anka meyɛ no, na bere bi wɔ hɔ nso a ɛma m’abam bu de, nanso meda so ara reyɛ akwampae adwuma no. Mekae me ho sɛ Yehowa nhyɛɛ yɛn bɔ da sɛ yebenya asetra a ɛyɛ dwoodwoo wɔ wiase dedaw yi mu. Sɛ ɔsomafo Paulo ne Kristofo anokwafo afoforo a wɔtraa ase tete no de animia kɔɔ so somee a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ me nso meyɛ saa ara?—Asomafo Nnwuma 14:22.

Nnansa yi, mihuu Bible a midii kan tɔe wɔ afe 1930 mfe no mu no. Ná makyerɛw 350 wɔ mu, na ɛno yɛ Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ Brazil no dodow bere a mifii ase kɔɔ Kristofo nhyiam wɔ afe 1943 mu no. Ɛyɛ nwonwa sɛ nnɛ Adansefo a wɔwɔ Brazil boro 600,000. Hwɛ hokwan ara a ɛyɛ sɛ manya saa nkɔanim yi mu kyɛfa kakra! Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa ahyira me wɔ m’animia no ho. Me ne odwontofo no yɛ adwene sɛ: “[Yehowa, NW] ayɛ ade kɛse ama yɛn, yɛn ani agye.”—Dwom 126:3.

[Ase hɔ nsɛm]

a Yehowa Adansefo na wotintimii nanso wɔagyae tintim.

b Italiafo bɛyɛ 1,000,000 na wotu bɛtraa São Paulo wɔ afe 1870 ne afe 1920 ntam hɔ.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Adansefo a wɔrebɔ nhyiam a wodii kan yɛe baguam ɔkasa ho dawuru wɔ Salvador kurow no mu, 1943

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Adansefo a wɔreba Aman a Wɔwɔ Anigye Nhyiam wɔ São Paulo, 1946

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Wɔ akwantu adwuma no mu wɔ 1950 mfe no awiei

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Me ne me yere Júlia

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena