Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 2/1 kr. 20-23
  • Yehowa Mu Ahotoso a Minyae No Wowaw Me

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Mu Ahotoso a Minyae No Wowaw Me
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa mu Ahotoso a Minya
  • Honhom Fam Dwumadi Hyɛɛ Me Den
  • Bere Nyinaa Som Adwuma a Metrɛw Mu
  • Me Betel Dwumadi Ahorow
  • Yɛn Betel Adan Ahorow
  • Hokwan Ahorow a Ɛsom Bo
  • So Eyi Betumi Ayɛ Adwuma a Eye Ma Wo Sen Biara?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Yɛto Nsa Frɛ Obiara!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Yehowa a Yɛsom No sɛ Abusua Biako
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Anisɔ a Yɛde Bɛhwɛ “Onyankopɔn Fie”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 2/1 kr. 20-23

Yehowa Mu Ahotoso a Minyae No Wowaw Me

SƐNEA AGENOR DA PAIXÃO KA KYERƐE

Ahurututu mu yare kum Paul a na ɔyɛ yɛn babarima koro pɛ no bere a na wadi asram 11 pɛ. Asram abiɛsa akyi wɔ August 15, 1945 no, mpafe kum me yere a medɔ no no. Ná madi mfe 28, na saa amanehunu yi maa midii awerɛhow na meyɛɛ basaa. Nanso Yehowa ne ne bɔhyɛ ahorow mu ahotoso a minyae no wowaw me. Ma menka nea ɛyɛe a mibenyaa saa ahotoso yi.

EFI bere a wɔwoo me wɔ Salvador, Bahia State, Brazil, wɔ January 5, 1917 no, Maame kyerɛkyerɛɛ me sɛ mensom Katolek Asɔre no “ahotefo” no. Ná onyan me ne me nuanom anɔpatutuutu mpo sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi abom abɔ mpae. Nanso, na m’awofo san kɔ candomblé, Afrika-Brazilfo asumansɛm amanne, ho nhyiam bi. Mekyerɛɛ obu kɛse maa saa gyidi ahorow yi, nanso na minni ahotoso biara wɔ nea wɔfrɛ wɔn Katoleksom mu ahotefo anaa candomblé no mu. Nea ɛmaa m’abam bui koraa ne nnipa mu nyiyim a na ɛkɔ so wɔ ɔsom ahorow yi mu no.

Bere kɔɔ so no, me nuanom mmarima mpanyimfo baanu no fii fie kɔhwehwɛɛ adwuma. Akyiri yi, me papa gyaee abusua no hwɛ. Enti bere a midii mfe akron no, na ɛsɛ sɛ mepɛ adwuma bi yɛ de boa me maame ne me nuabea kumaa no. Bɛyɛ mfe 16 akyi no, nkɔmmɔ bi a obi a me ne no yɛ adwuma wɔ adwinnan koro mu ne me bɔe maa nsakrae baa m’asetram.

Yehowa mu Ahotoso a Minya

Mihyiaa Fernando Teles wɔ 1942 mu. Ná ɔtaa ka sɛ enye sɛ yɛbɛsom “ahotefo.” (1 Korintofo 10:14; 1 Yohane 5:21) Mfiase no, mamfa m’adwene ankɔ so. Nanso ne nokwaredi ne nkurɔfo ho anigye a na ɔwɔ, a wɔn honam ani hwɛbea mfa ho, no kanyan me ma m’ani begyee ne Bible mu nimdeɛ no ho, titiriw nea ɔka faa Onyankopɔn Ahenni ne paradise asase ho no. (Yesaia 9:6, 7; Daniel 2:44; Adiyisɛm 21:3, 4) Bere a ohui sɛ m’ani agye ho no, ɔmaa me Bible ne Bible ho nhoma ahorow bi.

Adapɛn kakraa bi akyi no, migyee nsa a ɔto frɛɛ me sɛ memmra asafo Bible adesua bi no so. Ná kuw no resua Religion nhoma a Watch Tower Bible and Tract Society na ɛyɛe no. M’ani gyee adesua no ho, na mifii ase kɔɔ Yehowa Adansefo asafo nhyiam ahorow no nyinaa. Nea ɛkanyan me titiriw ne nyiyim a na enni hɔ ne sɛnea wogyee me toom ntɛm ara no. Saa bere no ara na mifii ase ne Lindaura yɛɛ aware nhyehyɛe. Bere a mekaa nea meresua no ho asɛm kyerɛɛ no no, ofii ase ne me kɔɔ nhyiam horow no.

Ade foforo a ɛkanyan me wɔ nhyiam horow no ase ne asɛnka adwuma no so dua a na wosi no. (Mateo 24:14; Asomafo no Nnwuma 20:20) Ɛdenam nkuranhyɛ a akwampaefo, sɛnea wɔfrɛ bere nyinaa asomfo no, de maa me so no, mifii ase kaa asɛm no kyerɛɛ afoforo bɔnnɔ so wɔ keteke mu bere a merekɔ adwuma ne bere a meresan aba no. Sɛ minya obi a n’ani gye ho a, na migye n’address kɔsra no bɔ mmɔden sɛ mɛma saa anigye no ayɛ kɛse.

Eyi nyinaa rekɔ so no, Yehowa ne ahyehyɛde a ɔde redi dwuma no mu ahotoso a na mewɔ no mu kɔɔ so yɛɛ den. Enti, mitiee Bible ɔkasa bi a ɛfa Kristofo ahosohyira ho akyi no, wɔbɔɔ me asu wɔ Atlantic Po mu, wɔ April 19, 1943 mu. Saa da no ara na minyaa afie afie som adwuma ankasa no mu kyɛfa nea edi kan.

Adapɛn abien akyi wɔ May 5 no, mewaree Lindaura. Afei, wɔ August 1943 mu no, wɔbɔɔ no asu wɔ nhyiam a edi kan a Yehowa Adansefo yɛe wɔ Salvador kurow mu no ase. Asɛm a 1973 Yearbook of Jehovah’s Witnesses no kae wɔ saa nhyiam no ho ne sɛ: “Asɔfo bɔɔ mmɔden ma wogyaee baguam ɔkasa no ma wɔ Salvador, nanso na wɔabɔ dawuru . . . ansa na ɛreba saa.” Yehowa akwankyerɛ a ɛda adi sɛ yenyae wɔ ɔtaa a emu yɛ den mu no hyɛɛ ne mu ahotoso a mewɔ no mu den.

Sɛnea mekaa no mfiase no, Lindaura asubɔ akyi mfe abien—ne yɛn babarima no wu akyi asram abiɛsa—pɛ no, me yere a medɔ no no wui. Ná wadi mfe 22 pɛ. Nanso Yehowa mu ahotoso a minyae no wowaw me wɔ saa asram a na emu yɛ den no mu.

Honhom Fam Dwumadi Hyɛɛ Me Den

Wɔ 1946 mu, bere a mehweree me yere ne me babarima akyi afe no, wɔpaw me Bible adesua somfo wɔ asafo biako pɛ a na ɛwɔ Salvador saa bere no mu. Saa afe no ara na wofii Teokrase Ɔsom Sukuu no ase wɔ Brazil asafo ahorow no mu, na mebɛyɛɛ sukuu sohwɛfo a odi kan wɔ Bahia mantam mu. Afei wɔ October 1946 mu no, wɔyɛɛ “Ɔman a Wɔwɔ Anigye” Teokrase Nhyiam no wɔ São Paulo kurow mu. Owura a na mayɛ n’adwuma mfe du no kae sɛ ohia me, na ɔhyɛɛ me sɛ mennkɔ. Nanso, bere a mekyerɛkyerɛɛ sɛnea nhyiam no a mɛkɔ no hia me mu kyerɛɛ no akyi no, ɔmaa me akyɛde kɛse, na ɔmaa me nantew-yiye.

Yɛyɛɛ nhyiam a na yɛreyɛ no São Paulo Kurow Agodibea hɔ no wɔ Portugal kasa mu—kasa a wɔka wɔ Brazil—ne afei Engiresi, German, Hungary, Poland, ne Russia kasa mu. Wɔ saa nhyiam no ase no, woyii Nyan! nsɛmma nhoma no adi wɔ Portugal kasa mu. Nhyiam no—nnipa bɛyɛ 1,700 na wobetiee baguam kasa no—kanyan me araa ma mehyehyɛɛ akwammisa krataa fii akwampae adwuma ase wɔ November 1, 1946 mu.

Saa bere no, na yɛde gramafon di dwuma kɛse wɔ yɛn akwampae adwuma no mu. Ná ɔkasa a yɛtaa bɔ kyerɛ afiewuranom ne nea wɔato din “Ahobammɔ” no. Ɛno akyi no, na yɛka sɛ: “Nea ɛbɛyɛ na yɛabɔ yɛn ho ban afi ɔtamfo bi a aniwa nhu no ho no, ɛsɛ sɛ yɛbata adamfo bi a aniwa nhu ɔno nso ho. Yehowa ne yɛn adamfo a ɔsen biara na ɔwɔ tumi sen yɛn tamfo, Satan koraa. Enti ɛsɛ sɛ yɛbata Yehowa ho denneennen de bɔ yɛn ho ban fi ne ho.” Afei na yɛde Protection nhomawa a ɛde nsɛm foforo ka ho no ma wɔn.

Meyɛɛ akwampae adwuma no, annu afe na wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔsom sɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ Carioca Asafo a ɛwɔ Rio de Janeiro no mu. Ɛhɔ no, na ɛtɔ mmere bi a yehyia ɔsɔretia a emu yɛ den. Da bi, ofiewura bi tow hyɛɛ Ivan Brenner a na ɔka me ho no so ankasa. Afipamfo no kɔfrɛɛ polisifo, na wɔde yɛn nyinaa kɔɔ polisifo adwumayɛbea.

Bere a wɔrebisa yɛn ano asɛm no, ofiewura a na ne bo afuw no bɔɔ yɛn sobo sɛ yɛrehaw wɔn asomdwoe. Polisi panyin no ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ dinn. Afei polisi panyin no danee ne ho baa yɛn nkyɛn bɛka kyerɛɛ yɛn sɛ yebetumi akɔ. Ɔde nea ɔtotoo yɛn ano no toom, na ɔbɔɔ no sobo sɛ waboro yɛn. Tebea a ɛtete saa no ma mikuraa Yehowa mu ahotoso a mewɔ no mu.

Bere Nyinaa Som Adwuma a Metrɛw Mu

Wɔ July 1, 1949 no, m’ani gyei sɛ wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmɛsom wɔ Betel, sɛnea wɔfrɛ Yehowa Adansefo dwumadibea ti a ɛwɔ aman horow mu no. Saa bere no, na Betel a ɛwɔ Brazil no wɔ 330 Licínio Cardoso Street wɔ Rio de Janeiro. Ná nnipa 17 pɛ na wɔwɔ Betel abusua no nyinaa mu saa bere no. Mekɔɔ adesua kakra wɔ Engenho de Dentro Asafo a ɛwɔ hɔ no mu, nanso akyiri yi wɔmaa me dwumadi sɛ ɔhwɛfo guamtrani wɔ asafo biako pɛ a na ɛwɔ Belford Roxo, kurow a efi Rio de Janeiro rekɔ hɔ yɛ akwansin kakraa bi, no mu.

Sɛ edu dapɛn awiei a, na minni adagyew koraa. Ná mede keteke kɔ Belford Roxo Memeneda biara konya asɛnka adwuma no mu kyɛfa awia, na afei mekɔ Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam anwummere. Ná meda anuanom nkyɛn anadwo no, na sɛ ade kye anɔpa a, manya asɛnka adwuma mu kyɛfa. Edu awia a, na mekɔ baguam Bible ɔkasa ne Ɔwɛn-Aban Adesua, na masan akɔ Betel bɛyɛ anadwo nɔnkron ne fã. Ɛnnɛ, asafo ahorow 18 na ɛwɔ Belford Roxo.

Wɔ 1954 mu, bere a na saa nhyehyɛe no akɔ so mfe abiɛsa ne fã no, wɔsan maa mebaa Rio de Janeiro sɛ ɔhwɛfo guamtrani wɔ São Cristóvão Asafo mu. Mesom wɔ saa asafo no mu mfe du a edi hɔ no.

Me Betel Dwumadi Ahorow

Ná me dwumadi a edi kan wɔ Betel ne sɛ mesi ɔdan a wɔde kar sisi mu na wɔde Asafo ti no kar biako pɛ, 1949 Dodge kar bi a wɔde fa nneɛma a wɔtoo no din Chocolate esiane ne kɔla a na ɛyɛ nnodowee nti no, asi mu. Bere a miwiee dan no si no, wɔmaa me kɔyɛɛ adwuma wɔ gyaade, baabi a meyɛɛ adwuma mfe abiɛsa no. Afei woyii me kɔɔ Nhoma Tintimbea a ɛhɔ ne baabi a mayɛ adwuma bɛboro mfe 40 de besi nnɛ no.

Ná mfiri a wɔde tintim nhoma a yɛwɔ no fã kɛse no ara yɛ dedaw. Sɛ nhwɛso no, mfe pii mu no, na yɛwɔ nhoma tintim afiri dedaw bi a na yɛde Abraham yere Sara din taa frɛ no. Ná wɔde adi dwuma mfe pii wɔ adwinnan a ɛwɔ Ɔwɛn Aban Asafo no adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York, no mu. Afei wɔ 1950 mfe no mu no, wɔde faa po so baa Brazil. Ɛha yi, te sɛ Abraham yere no, ɛsow aba—a ɛne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma—wɔ ne mmerewabere mu.

Nkɔanim a aba wɔ nhoma dodow a wotintim wɔ Brazil nhoma tintimbea hɔ no kɔ so yɛ me nwonwa bere nyinaa. Wɔ 1953 afe no nyinaa mu no, yetintim nsɛmma nhoma 324,400, nanso seesei nsɛmma nhoma a yetintim no ɔsram biara boro ɔpepem abiɛsa!

Yɛn Betel Adan Ahorow

Ayɛ me anigye sɛ mfe a abɛsen kɔ no mu no, mahu ntrɛwmu a aba yɛn Betel adan no mu wɔ Brazil no. Wɔ 1952 no, yesii adwinnan bi a ɛtoa so abien wɔ yɛn fie a ɛwɔ Rio de Janeiro no akyi. Afei wɔ 1968 mu no, woyii Betel no kɔɔ ɔdan foforo bi a ɛwɔ São Paulo kurow mu. Bere a yetu kɔɔ mu no, na ɛte sɛ nea biribiara sõ na ɛhɔ trɛw ma yɛn Betel abusua a emufo yɛ 42 no. Yesusuwii sɛ saa dan yi betumi adi nkɔanim a ɛbɛba daakye biara ho dwuma. Nanso, wɔ 1971 mu no, yesii ɔdan foforo a ɛtoa so anum, na yɛtɔɔ adwinnan abien kaa ho wɔ nkyɛn pɛɛ, siesiei de kaa dan yi ho. Nanso, mfe kakraa bi mu no, nkɔanim a ɛkɔɔ so bae wɔ Ahenni adawurubɔfo mu—yɛboroo adawurubɔfo 100,000 wɔ 1975 mu—no maa adan pii ho behiae.

Enti, yesii adan foforo bi wɔ baabi a ɛbɛn kurow ketewa a ɛne Cesário Lange mu a efi São Paulo rekɔ hɔ bɛyɛ kilomita 140 no. Wɔ 1980 mu no, woyii yɛn Betel abusua a emufo yɛ 170 no kɔɔ dan foforo yi mu. Efi saa bere no, Ahenni adwuma no anya nkɔanim anwonwakwan so. Seesei yɛwɔ nnipa bɛboro 410,000 a wonya asɛnka adwuma no mu kyɛfa daa wɔ Brazil! Nea ɛbɛyɛ na yɛadi saa Ahenni adawurubɔfo yi nyinaa honhom fam ahiade ahorow ho dwuma no, na ɛho ahia sɛ yɛkɔ so sisi nnwinnan foforo a wobetintim Bible nhoma ahorow wom ne adan foforo a Betel adwumayɛfo no bɛtra mu. Mprempren nnipa bɛyɛ 1,100 na wɔwɔ Betel abusua no mu.

Hokwan Ahorow a Ɛsom Bo

Mibu Betel som sɛ hokwan a ɛsom bo. Enti, ɛwom sɛ mfe bi a atwam no, misusuw ho sɛ mɛsan aware de, nanso mepawee sɛ mede m’adwene nyinaa besi hokwan ahorow a mewɔ wɔ Betel ne asɛnka adwuma no mu so. Manya anigye wɔ ha sɛ me ne mmerante pii abom asom wɔ nhoma tintimbea hɔ, na matete wɔn wɔ wɔn dwumadi ahorow mu. Mabɔ mmɔden ne wɔn adi no sɛ me mmamarima. Wɔn nsiyɛ ne pɛsɛmenkominya a wɔnyɛ no ahyɛ me nkuran kɛse.

Hokwan foforo nso ne anuanom pa a manya wɔn ne wɔn atra dan koro mu mfe a atwam no. Ampa, ɛtɔ da bi a nipasu mu nsonsonoe de nsɛnnennen ba. Nanso misuae sɛ menhwehwɛ pɛyɛ mfi afoforo hɔ. Mabɔ mmɔden sɛ meremma ɔhaw nketenkete nnan akɛse na meremmu me ho dodo. M’ankasa me mfomso a meserew ho no boa me ma minya afoforo de ho koma.

Hokwan foforo a ɛsom bo a minyae nso ne amanaman ntam nhyiam akɛse a matumi akɔ wɔ United States no. Eyinom mu biako ne “Daa Asɛmpa” Nhyiam no a wɔyɛe wɔ Yankee Stadium, New York, wɔ 1963 mu no, na nea ɛka ho ne “Asomdwoe Wɔ Asase So” Amanaman Ntam Nhyiam a wɔyɛe wɔ beae koro no ara wɔ 1969 mu no. Bere a mewɔ hɔ no, m’ani gyei sɛ mekɔsraa Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York, a na ɛbɛn hɔ no!

Ná ɛsan yɛ hokwan ma me sɛ minyaa Betel abusua no anɔpa som—a na me ne afoforo yɛ no nnidiso nnidiso—no sohwɛ mu kyɛfa mfe du. Nanso, hokwan a ɛsen biara, a ama manya anigye ne nkuranhyɛ kɛse, ne Ahenni asɛm no a mede kɔma komapafo, sɛnea yɛn Wura, Yesu Kristo, mpo yɛe no.

Wɔ nnansa yi mfe mu no, manya Ehon ntini mu yare a ɛma me ho wosowosow. Anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ Betel ayaresabea hɔ no hwɛ a efi ɔdɔ mu no ayɛ mmoa ne awerɛkyekye ama me daa. Mede ahotoso a edi mũ bɔ mpae sɛ Yehowa mma me ahoɔden mfa nkɔ so nyɛ nea metumi nyinaa wɔ ne nokware som mu.

[Kratafa 23 mfonini]

Brazil baa dwumadibea a mete seesei no

[Kratafa 23 mfonini ahorow]

Me ne me yere a owui 1945 mu no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena