Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 10/1 kr. 24-28
  • Yehowa a Yɛsom No sɛ Abusua Biako

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa a Yɛsom No sɛ Abusua Biako
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible mu Nokware a Misua
  • M’ani Gye Wɔ Bere Nyinaa Som Adwuma Mu
  • M’asetra mu Nsakrae a M’ani Gyee Ho
  • Yɛn Mma no Gyinaesi Ahorow
  • Yiyedi Kwan
  • So Eyi Betumi Ayɛ Adwuma a Eye Ma Wo Sen Biara?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Yɛto Nsa Frɛ Obiara!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Yehowa Mu Ahotoso a Minyae No Wowaw Me
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Anisɔ a Yɛde Bɛhwɛ “Onyankopɔn Fie”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 10/1 kr. 24-28

Yehowa a Yɛsom No sɛ Abusua Biako

SƐNEA ANTONIO SANTOLERI KA KYERƐE

Ná me papa adi mfe 17 bere a ofii Italy wɔ 1919 no. Otu kɔɔ Brazil kɔhwehwɛɛ asetra pa. Bere bi akyi no, onyaa dan a woyi ti wom wɔ kurow ketewaa bi a ɛwɔ São Paulo mantam mu no mu.

DA KORO wɔ 1938 mu, bere a na madi mfe ason no, Paapa tɔɔ Brasileira Bible fii ɔbarima bi a ɔbaa n’adwumam hɔ. Mfe abien akyi no, Maame bɛyaree denneennen na wɔannya ahoɔden kosii sɛ owui. Paapa nso bɛyaree, enti yɛn nyinaa—Maame, Paapa, ne me ne me nuabea Ana—kɔtraa abusuafo nkyɛn wɔ São Paulo kurom.

Bere a na mekɔ sukuu wɔ São Paulo no, mebɛpɛɛ akenkan yiye, titiriw abakɔsɛm nhoma horow. M’ani gyee sɛ na ɛtɔ mmere bi a na wɔbɔ Bible din wom. Anansesɛm nhoma bi a mekɔfɛmee wɔ ɔmanfo nhoma korabea a ɛwɔ São Paulo no kaa Bepɔw so Asɛnka no ho nsɛm mpɛn pii. Saa bere no na misii gyinae sɛ mɛpɛ Bible na m’ankasa makenkan saa asɛm no. Mehwehwɛɛ Bible a Paapa tɔe mfe bi a atwam no, na awiei koraa no mihui wɔ adaka bi ase, baabi a na ada hɔ mfe ason.

Ná yɛn abusua no yɛ Katolekfo, enti na wɔnhyɛɛ me nkuran da sɛ menkenkan Bible no. Afei m’ankasa misuae sɛ mehwehwɛ ti ahorow ne nkyekyem no. Ɛnyɛ Bepɔw so Asɛnka no nkutoo na mede anigye kɛse kenkanee, na mmom Mateo nhoma no nyinaa ne Bible nhoma afoforo nso. Nea m’ani gyee ho titiriw ne sɛnea wɔkyerɛw Yesu nkyerɛkyerɛ ne anwonwade ahorow no pɛpɛɛpɛ ma emu daa hɔ no.

Bere a mihuu sɛnea Katolek som no yɛ soronko wɔ nea mekenkanee wɔ Bible mu no ho no, mifii ase kɔɔ Presbi Asɔre, na Ana bɛkaa me ho. Nanso, na meda so ara te nka wɔ me komam sɛ minni anigye. Mede anibere ahwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan mfe pii. (Asomafo no Nnwuma 17:27) Anadwo bi a nsoromma apae wɔ wim a na meredwen me ho no, mibisae sɛ ‘Dɛn nti na mewɔ ha? Asetra atirimpɔw ne dɛn?’ Mepɛɛ beae bi a atew ne ho wɔ mfikyiri hɔ, mibuu nkotodwe bɔɔ mpae sɛ ‘Awurade Nyankopɔn! Wo ne hena? Mɛyɛ dɛn atumi ahu wo?’ Ɛno akyi bere tiaa bi, minyaa ho mmuae.

Bible mu Nokware a Misua

Da koro wɔ 1949 mu no, ɔbea bi hyiaa Paapa bere a ofii kar mu sii no. Ɔmaa no Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma. Ɔkraa Ɔwɛn-Aban no na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmra yɛn fie, bere a ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔwɔ mmofra baanu a wɔkɔ Presbi Asɔre no. Wɔ ɔbea no nsrahwɛ mu no, ogyaw nhoma Children maa Ana na ɔne no fii Bible adesua ase. Akyiri yi, mekɔkaa adesua no ho.

Wɔ November 1950 mu no, yɛkɔɔ Yehowa Adansefo Ɔmantam nhyiam nea edi kan. Ɛhɔ na woyii nhoma “Ma Onyankopɔn Nyɛ Ɔnokwafo” adi, na yɛde saa nhoma no toaa yɛn Bible adesua no so. Ɛno akyi pɛɛ na yebehui sɛ yɛahu nokware no, na wɔ April 1951 mu no, wɔbɔɔ yɛn asu de yɛɛ yɛn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne. Mfe bi akyi no, Paapa hyiraa ne ho so na odii Onyankopɔn nokware kosii ne wu mu wɔ 1982 mu.

M’ani Gye Wɔ Bere Nyinaa Som Adwuma Mu

Wɔ January 1954 mu, bere a na madi mfe 22 pɛ no, wogyee me ma mekɔsomee wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a wɔfrɛ hɔ Betel no. Bere a miduu hɔ no, me ho dwiriw me sɛ mihui sɛ ɔbarima bi a ɔsen me mfe abien pɛ, Richard Mucha, na na ɔyɛ baa dwumadibea no sohwɛfo. Bere a ɔmansin asomfo, sɛnea na wɔfrɛ ahwɛfo akwantufo saa bere no, ho behiae wɔ 1955 mu no, ná meka mmarima baanum a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ wommenya ɔsom adwuma yi yɛ mu kyɛfa no ho.

Wɔmaa me dwumadi wɔ Rio Grande do Sul mantam mu. Ná Yehowa Adansefo asafo ahorow 8 pɛ na na ɛwɔ hɔ bere a mifii ase no, nanso asram 18 mu no, wɔtew asafo foforo 2 ne akuw a atew ne ho 20. Ɛnnɛ, wɔ saa beae yi no, Yehowa Adansefo amansin 15 na ɛwɔ hɔ, na emu biara kura asafo horow bɛyɛ 20! Wɔbɔɔ me amanneɛ wɔ 1956 awiei sɛ wɔakyɛ me mansin no mu nketewa anan a ɔmansin asomfo baanan na wɔbɛsom wɔn. Saa bere no, wɔkae sɛ mensan nkɔ Betel nkogye me dwumadi foforo.

Me ho dwiriw me na m’ani gyei bere a wɔmaa me dwumadi wɔ Brazil kusuu fam sɛ ɔmantam somfo, ɔhwɛfo kwantufo a ɔsom amansin dodow bi no. Saa bere no, na Yehowa Adansefo asomfo 12,000 na wɔwɔ Brazil, na na ɔman no wɔ amantam abien. Richard Wuttke somee wɔ kesee fam, na mesomee ɔmantam a ɛwɔ kusuu fam no. Wɔtetee yɛn wɔ Betel wɔ sɛnea wɔde afiri a wɔde yi sini a Yehowa Adansefo ayɛ a wɔfrɛ no The New World Society in Action ne The Happiness of the New World Society no di dwuma.

Saa bere no mu no, na akwantu yɛ soronko koraa. Ná adansefo no mu biara nni kar, enti mede ɔkorow, ahyɛmma, nantwi teaseɛnam, ɔpɔnkɔ, teaseɛnam a wɔde fa nneɛma, ne lɔre tuu kwan, na mede wimhyɛn yɛɛ saa pɛnkoro. Ná Amazon kwae no so a mekɔfae kosii Santarém, kurow a ɛwɔ Belém wɔ Amazon ano ne Manaus a ɛyɛ Amazonafo Mantam no kuropɔn ntam no yɛ anigye. Saa bere no na amansin nhyiam a Amantam asomfo som wɔ ase no nnɔɔso, enti mede me bere mu fã kɛse no ara yii Asafo ti sini ahorow no. Wɔ nkurow akɛse mu no, nnipa ɔhaha pii bɛhwɛɛ bi.

Nea m’ani gyee ho kɛse wɔ Brazil kusuu fam ne Amazon mantam no. Bere a na meresom wɔ hɔ wɔ April 1957 mu no, Amazon Asubɔnten no ne mmɔmma yirii. Minyaa hokwan yii sini no biako kyerɛe wɔ kwaem hɔ, bere a mede ntama sɛn nnua abien ntam no. Afiri a wɔde yi sini no nyaa anyinam ahoɔden fii ahyɛmma bi a na egyina asubɔnten a na ɛbɛn hɔ no mu. Ná ɛyɛ sini a edi kan a bɛhwɛadefo no dodow ara ahwɛ pɛn.

Ɛno akyi bere tiaa bi no, mesan kɔsom wɔ Betel, na afe a edi hɔ wɔ 1958 mu no, minyaa hokwan kɔɔ Yehowa Adansefo “Ɔsoro Apɛde” Amanaman Ntam Nhyiam wɔ New York Kuropɔn mu. Ná nhyiamfo a wofi nsase 123 so ka 253,922 a wɔhyɛɛ Yankee Stadium ne Polo Grounds a na ɛbɛn ho no ma wɔ nnawɔtwe nhyiam no da a etwa to no ho.

M’asetra mu Nsakrae a M’ani Gyee Ho

Mesan kɔɔ Betel bere tiaa bi akyi no, mihuu Clara Berndt, na yɛwaree wɔ March 1959 mu. Wɔmaa yɛn ɔmansin dwumadi wɔ Bahia mantam mu, baabi a yɛde bɛyɛ sɛ afe som wɔ hɔ. Me ne Clara da so ara de anigye kae ahobrɛase, ahɔhoyɛ, nsi, ne ɔdɔ a anuanom a wɔwɔ hɔ no daa no adi no; honam fam no, na wɔyɛ ahiafo nanso na wɔyɛ adefo wɔ Ahenni aba a wɔsow mu. Afei wɔde yɛn kɔɔ São Paulo Mantam mu. Ɛhɔ na me yere nyinsɛnee wɔ 1960 mu, na na ɛsɛ sɛ yegyae bere nyinaa som adwuma no.

Yesii gyinae sɛ yebetu akɔ Santa Catarina mantam mu, wɔ beae a wɔwoo me yere no. Yɛn babarima, Gerson, ne yɛn mma baanum no mu abakan. Gilson na odii n’akyi wɔ 1962 mu, Talita wɔ 1965 mu, Tárcio wɔ 1969 mu, ne Janice wɔ 1974 mu. Esiane Yehowa ne afotu pa a ɔde ma no nti, yetumi yɛɛ adwumaden a ɛne sɛ yɛbɛtete wɔn wɔ “Yehowa kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” no.—Efesofo 6:4, NW.

Yɛn mma no mu biara som bo ma yɛn. Odwontofo no daa yɛn nkate adi yiye: “Hwɛ Yehowa agyapade ne mmabanin.” (Dwom 127:3, NW) Ɛmfa ho ɔhaw ahorow no, yɛahwɛ yɛn mma no sɛnea yebetumi ahwɛ “Yehowa agyapade” biara, bere a yɛma akwankyerɛ a ɛwɔ N’asɛm mu tra yɛn adwenem no. Akatua no ayɛ pii. Bere a baanum no nyinaa mu biara fii ne pɛ mu sii gyinae sɛ ɔbɛbɔ asu de ayɛ n’ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne no ɛma yenyaa anigye a enni kabea.—Ɔsɛnkafo 12:1.

Yɛn Mma no Gyinaesi Ahorow

Yɛn ani gyee mmoroso bere a Gerson kae sɛ ɔpɛ sɛ ɔsom wɔ Betel no, a ɛkyerɛ sɛ wapaw bere nyinaa som adwuma no mmom sen sɛ ɔbɛyɛ adwuma ma wɔatua no ka bere a owiee kɔmputa ho adesua no. Nanso mfitiase no na Betel asetra nyɛ mmerɛw mma Gerson. Bere a odii asram anan pɛ wɔ Betel a yɛkɔsraa no akyi no, n’anim a na ayɛ bosaa bere a na yɛrekɔ no haw me yiye. Mehwɛɛ kar no ahwehwɛ a ɛma yehu yɛn akyi no mu hui sɛ ɔrehwɛ yɛn atikɔ bere a yeduu beae a edi kan a ɔkwan no kontɔn no. Ná nusu ayɛ m’ani ase ma, ma enti migyinaa kwankyɛn baabi ansa na yɛretoa kilomita 700 kwan no so akɔ fie.

Gerson ani begyee Betel yiye. Bere a ɔtraa hɔ bɛyɛ mfirihyia asia no, ɔwaree Heidi Besser, na wɔsom boom wɔ Betel mfirihyia abien bio. Afei Heidi benyinsɛnee, na na ɛsɛ wofi hɔ. Wɔn babea, Cintia, a seesei wadi mfe asia no ka wɔn ho wɔ wɔn Ahenni dwumadi mu.

Bere a yɛkɔsraa Gerson nea edi kan wɔ Betel no akyi bere tiaa bi no, Gilson a na owiee afe a edi kan wɔ aguadi ho adesua nkyɛe no nso kae sɛ ɔpɛ sɛ ɔsom wɔ hɔ. Ná ne nhyehyɛe ne sɛ sɛ ɔsom afe biako wɔ Betel wie a, ɔbɛtoa n’aguadi ho adesua no so. Nanso ne nhyehyɛe no sakrae, na ɔkɔɔ so som wɔ Betel. Wɔ 1988 mu no, ɔwaree Vivian Gonçalves, a na ɔyɛ ɔkwampaefo, sɛnea wɔfrɛ bere nyinaa asomfo no. Efi saa bere no, wɔabom asom wɔ Betel.

Yɛn anigye no kɔɔ so bere a yɛn ba a ɔto so abiɛsa, Talita, paw sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ bere nyinaa som adwuma no mu wɔ 1986 mu bere a na wawie ɔdan nsusuwso ho adesua no. Mfe abiɛsa akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ ɔno nso kɔɔ Betel. Wɔ 1991 mu no, ɔwaree José Cozzi a na wasom mfirihyia du wɔ Betel no. Wɔda so ara som wɔ hɔ sɛ awarefo.

Me ne me yere ani gyee bio bere a nea odi hɔ, Tárcio, tii asɛm koro a yɛate mprɛnsa dedaw no, “Paapa, mepɛ sɛ mekɔ Betel.” Wɔpenee n’akwammisa krataa no so, na wɔ 1991 mu no, ɔno nso fii Betel som ase, na ɔtraa hɔ kosii 1995. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ ɔde ne mmerantebere mu ahoɔden boae ma Yehowa Ahenni nneɛma nyaa nkɔso wɔ saa kwan yi so bɛboro mfe abiɛsa.

Yɛn kaakyire, Janice, sii ne gyinae sɛ ɔbɛsom Yehowa na wɔbɔɔ no asu bere a na wadi mfe 13. Ɔde afe somee sɛ akwampaefo boafo bere a na ɔkɔ sukuu no. Afei wɔ September 1, 1993 mu no, ofii daa akwampae adwuma ase wɔ yɛn asafo a ɛwɔ ha, Gaspar kurow yi mu.

Yiyedi Kwan

Dɛn na ɛma abusua tumi ka bom wɔ Yehowa som mu? Minnye nni sɛ ɔkwan titiriw pɔtee bi wɔ hɔ a wɔfa so. Yehowa de afotu a ɛsɛ sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo di so ama wɔ N’asɛm no mu, enti ɛsɛ sɛ anuonyam no nyinaa kɔ ne nkyɛn wɔ mfaso pa a yɛanya no mu. Yɛabɔ mmɔden kɛkɛ sɛ yebedi n’akwankyerɛ akyi. (Mmebusɛm 22:6) Yɛn mma no nyinaa nyaa Latinfo su fii me hɔ ne Germanfo su fii wɔn maame hɔ. Nanso ade a ɛsom bo a wonyaa fii yɛn hɔ ne honhom mu agyapade.

Yɛn fie asetra gyinaa Ahenni nneɛma so. Ná saa nneɛma yi a yɛde bedi kan no nyɛ mmerɛw. Sɛ nhwɛso no, ɛyɛɛ den maa yɛn sɛ yɛbɛyɛ abusua Bible adesua daa, nanso yɛampa abaw da. Efi wɔn asetra mu nna a edi kan no, yɛde abofra biara kɔɔ Kristofo asafo nhyiam, ɔmansin ne ɔmantam nhyiam horow. Gye sɛ ɔyare anaa biribi foforo a egye ntɛmpɛ nkutoo na ɛma yɛto mu. Na bio nso, mmofra no kaa yɛn ho wɔ Kristofo som adwuma no mu bere a na wosua koraa no.

Bere a wɔadi bɛyɛ mfe du no, mmofra no fi ase ma ɔkasa wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu. Yɛboa wɔn ma wosiesie ɔkasa a edi kan a wɔma no, na yɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔkyerɛw nsɛm ntiantiaa gu krataa so sen sɛ wɔbɛkyerɛw ne nyinaa na wɔakenkan. Akyiri yi, wɔn mu biara siesie n’ankasa ɔkasa. Afei nso, bere a wɔn mu biara di fi mfe 10 kosi 12 no, wofi ase de wɔn ho hyɛ ɔsom adwuma no mu daa. Ná eyi nkutoo ne asetra kwan a wonim.

Me yere, Clara, nyaa ɔfã titiriw wɔ yɛn mma no ntetee mu. Anadwo biara, bere a na wosua koraa no—bere a nsɛm tumi ka abofra tirim yiye no,—Clara kenkan Bible mu nsɛm kyerɛ wɔn na ɔne wɔn mu biara bɔ mpae. Ɔde nhoma From Paradise Lost to Paradise Regained, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no a Yebetie No, ne Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm dii dwuma yiye.a Afei nso, sɛ ne kasɛt ne video a Yehowa Adansefo yɛ no bi ba a, yɛde ɛno nso di dwuma.

Yɛn suahu sɛ Kristofo awofo no si so dua sɛ ehia sɛ wɔma ani kũ mmofra ho da biara. Ɔdɔ a emu yɛ den, wɔn ho anigye a wɔkyerɛ, ne bere pii ka nneɛma titiriw a mmofra hia no ho. Yɛammu no sɛ ɛyɛ awofo asɛyɛde sɛ yebedi ahiade ahorow yi ho dwuma sɛnea yɛn ahoɔden betumi kɛkɛ, na mmom yenyaa anigye kɛse fii saayɛ mu.

Nokwarem no, ɛyɛ anigye sɛ awofo behu nsɛm a ɛwɔ Dwom 127:3-5, NW, no mmamu: “Hwɛ! Yehowa agyapade ne mmabanin; na yafunu mu aba yɛ akatua. Sɛ ɔbran nsam bɛmma te no, sɛ mmeranteberem mmabanin te ne no. Nhyira ne ɔbarima a wɔahyɛ n’agyan kotoku mu ma.” Nokwarem no, Yehowa a yɛsom no sɛ abusua biako no ama yɛn ani agye!

[Ase hɔ asɛm]

a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na etintim ne nyinaa.

[Kratafa 26 mfonini]

Antonio Santoleri ne n’abusua

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena