Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 7/15 kr. 2-3
  • Onyankopɔn na Odi Wiase no So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn na Odi Wiase no So?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Daakye Hokwan Ahorow A Ɛwɔ Hɔ Ma Protestantsɛm​—Ne Wo!
    Nyan!—1988
  • So German Lutheranfo Wɔ Asiane Mu
    Nyan!—1988
  • Osetie So Ɛyɛ Ade a Ɛho Hia sɛ Wosua no Mmofraase?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • “Osuaa Osetie”
    “Bra Bedi M’akyi”
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 7/15 kr. 2-3

Onyankopɔn na Odi Wiase no So?

ƐYƐ Kwasida anɔpa. Nnipa pii sɔre fi mpa mu, wɔhyɛ wɔn ntade, di wɔn anɔpa aduan, na wɔka wɔn ho kɔ asɔre. Ɛhɔ no, wotie asɔre bi a ɛfa sɛnea Onyankopɔn di asase nyinaa so, na tumi biara ne ne de no nsɛ ho. Wɔka kyerɛ wɔn sɛ odwen nnipa ho yiye. Wɔtwe adwene nso kɔ Yesu Kristo so. Wɔte sɛ ɔne ahene mu Hene a nkotodwe nyinaa de osetie kotow no.

Bere a saa nnipa yi fi asɔre du fie no, wobue wɔn television tie asɛm a wɔreka no. Afei wɔte ɔkɔm, basabasayɛ, nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so ne ohia ho asɛm. Na wohu nnipa a wɔyareyare ne wɔn a wɔawuwu tebea a ɛyɛ awerɛhow.

Nnipa a wɔte saa no befi ase susuw nsɛm a wɔtee wɔ asɔre no ho na ne titiriw no, wɔ nneɛma a wɔnkyerɛkyerɛ mu da wɔ hɔ no ho. Sɛ Onyankopɔn ne ɔdɔ ne tumi nyinaa wura de a, dɛn nti na nsɛm a ɛyɛ hu sisi? Na Yesu Kristo nso ɛ? Ɛda adi sɛ, nkotodwe pii wɔ hɔ a ɛnkotow ntie n’akwankyerɛ.

[Kratafa 3 mfonini]

Sɛ Onyankopɔn na odi wiase no so a, dɛn nti na amanehunu ne basabasayɛ wɔ hɔ saa?

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

Anim: NASA mfonini

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena