Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 3/8 kr. 3-4
  • So German Lutheranfo Wɔ Asiane Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So German Lutheranfo Wɔ Asiane Mu
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Wɔregyae?
  • Daakye Hokwan Ahorow A Ɛwɔ Hɔ Ma Protestantsɛm​—Ne Wo!
    Nyan!—1988
  • “Sɛ Torobɛnto No Annyigye Yiye A . . . ”
    Nyan!—1988
  • Wɔnyɛ Wiase no Fã?
    Nyan!—1995
  • Asɔre No​—Nsakrae ne Adwenem Basaayɛ
    Nyan!—1993
Nyan!—1988
g88 3/8 kr. 3-4

So German Lutheranfo Wɔ Asiane Mu

Efi Federal Republic of Germany Nyan! kyerɛwfo hɔ

EBIA television ahwɛfo binom ho dwiriw wɔn sɛ wɔtee nsɛm a edidi so yi wɔ Germanfo TV so: “Lutheran asɔre no rennya daakye biara.” Nea na ɛyɛ ahodwiriw kɛse mpo ne sɛ na efi beae bi a ɛbɛn ɔmantam a wɔwoo Martin Luther a ɔno na ɔde saa asɔre no bae na ɔyɛ Ɔsesɛw no agya no na ɛbae.a

Ampa, United Evangelical Lutheran Asɔre a ɛwɔ Germany no wɔ asɔremma bɛyɛ ɔpepem 25 a sɛnea nnipa kan a edi akyiri yi no kyerɛ no, wɔyɛ Protestant akuw horow a wɔwɔ Germany no nyinaa dodow mpɛn 45. Nanso, asɔre no redwiriw agu na Kaiser Wilheim Nkae Asɔre a ɛwɔ West Berlin no a wɔde atopae abubu no no nkae a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi anim no yɛ ho mfonini ma ɛfata.

Wɔ 1961 mu no, na Germanfo nyinaa mu bɛboro ɔha biara mu 50 yɛ Lutheranfo. Ebeduu 1970 no, na dodow no yɛ ɔha biara mu 49, na wɔ 1980 mu no na ɛyɛ ɔha biara mu 46. Afei nneɛma fii ase yɛɛ yiye. German atesɛm krataa bi a ɛba da biara bɔɔ amanneɛ wɔ 1981 mfiase hɔ sɛ: “Germany Lutheran Asɔre no anyan afi n’asehwe wɔ mfe du a atwam ni no mu. . . . Asɔremma gyae a wogyae no . . . so atew afi sɛnea na ɛyɛ hu kɛse no mu.”

Nanso asɔremma no dodow wɔ 1984 mu no kyerɛe sɛ na saa gyidi yi nyɛ nea edi mũ. Mprempren wobu ano sɛ asɔre no bɛhwere asɔremma 4,500,000 foforo wɔ mfe du mu. Enti, enkodu afe 2030 mu no, na nnipa no dodow mu nkyem abiɛsa mu biako anaa nea ennu saa na wɔyɛ Lutheranfo.

Dɛn Nti na Wɔregyae?

Wɔ 1986 television so dwumadi a yɛaka ho asɛm dedaw no mu no, wɔn a na anka wɔyɛ asɔremma no mu baason kyerɛɛ nea enti a na wɔahaw no: asɔre no sɔre a ɛsɔre tia Kwasida agodi ahorow, sika a ɛde boa komunist akofo akuw horow, ne gyinabea wɔ nniso no ahobammɔ nhyehyɛe ahorow ho, asɔfo a wɔyɛ mmarima a wɔne wɔn ho wɔn ho da baanu a woyii wɔn adi, ne mmoa ɔhwɛ a wabu ani agu so. Obiako nso kasa tiaa nhyehyɛe a ɛma asɔre no te tow fi asɔremma no sika a wonya so. Nea ɛho hia no, baanu pɛ na wɔbɔɔ Onyankopɔn din. Nanso, so ɛnyɛ ɛno ne nea nyamesom kyerɛ nyinaa?

Ɛwom sɛ asɔremma no a wɔn so tew no yɛ aniberesɛm de, nanso Johannes Hansen a ɔyɛ Lutheran nyamekyerɛfo panyin bi no se nea ɛhaw adwene kɛse mpo ne “nyamesom mu tebea bɔne ankasa a asɔremma no wom no.” Eyi kyerɛkyerɛ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔ Kwasida a eye mu no wɔn mu nea ennu ɔha biara mu 6 na wɔkɔ asɔre na wɔ nkurow akɛse mu no esua sen saa no mu. Nnipa baanan biara mu biako na obu asɔre a wɔkɔ anaa Bible akenkan sɛ ɛyɛ Kristofo ahwehwɛde. Nokwarem no, bɛyɛ du biara mu baawɔtwe ka sɛ sɛ obi bɛyɛ Lutherani papa a ɛsɛ sɛ wɔbɔ no asu na wɔhyɛ no den, obu bra pa na ɔyɛ ɔnokwafo ara kwa. Ɛnyɛ nwonwa sɛ atesɛm krataa Frankfurter Allgemeine Zeitung kae wɔ samufo asɛm bi mu sɛ: “Asiane a Lutheran Asɔre no wom no mfi mu nnipa dodow no na mmom efi honhom mu ahoɔden a enni no”!

Asɔremma a wonni honhom mu ahoɔden bu wɔn asɔre no saa ara. Wɔn ani gye n’abakɔsɛm a ɛyɛ anigye no ho, wɔde n’adan a ɛyɛ fɛ no hoahoa wɔn ho, na wɔpɛ honam fam mmoa a ɛde ma no mu mfaso. Nanso sɛ ɛba “Onyankopɔn hu” mu a, pii pɛ sɛ wobehu no wɔ abɔde mu mmom sen wɔ asɔre mu. Eyi kaa asɔre panyin bi ma ɔde fɛwdi bisaa nea enti a ɛnsɛ sɛ wɔkɔ dwumadibea a ɛhwɛ kwae so no mmom hɔ mma wɔnyɛ wɔn ayi mma wɔn sen sɛ wɔbɛkɔ asɔre no hɔ.

U.S. nsɛmma nhoma bi kae mfe dodow bi a atwam ni sɛ: “Ɛte sɛ nea nea enni hɔ no ne ɔdɔ ma Onyankopɔn ne ne nokware no a na wɔde hu mfitiase Lutheranfo no.” Dɛn nti na Lutheranfo pii bu wɔn asɔre no sɛ ɛnyɛ nea ɛsen nhyehyɛe bi a eye ma nkokoaa asubɔ, wɔn a wɔrebɛn mpanyin afe so denhyɛ, ne mpanyinfo aware ho dwumadi? Dɛn nti na wɔhwehwɛ Onyankopɔn wɔ abɔde mu na bere a obi awu no nkutoo na wɔkɔ asɔre no mu kɔpɛ “afunsie a eye”? Dɛn nti na wonni honhom mu ahoɔden?

[Ase hɔ nsɛm]

a Nokwarem no, wɔwoo Luther wɔ German Democratic Republic a mprempren wonim no yiye sɛ Germany Apuei Fam no mu na odii n’asetra mu mfe no mu dodow no ara wɔ hɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena