“Sɛ Torobɛnto No Annyigye Yiye A . . . ”
“NA SƐ torobɛnto no annyigye yiye a, hena na obesiesie ne ho akɔ ɔsa?” (1 Korintofo 14:8) So ebetumi aba sɛ German Lutheranfo a asɛm mfa wɔn ho—asɔre no asraafo no—te saa efisɛ asɔre no bɔ torobɛnto a ennyigye yiye anaa? Susuw adanse no ho.
Wɔn ho Adi a Wɔbɛda no ho Asɛnnennen
Lutheran somfo Wolfram Lackner ka sɛ wɔ mfe 200 a atwam no mu no, Protestantsɛm de nkakrankakra apow ne mfitiase gyidi no. Enti mprempren German Protestantsɛm “rehyia wɔn ho adi a wɔbɛda no ho asɛnnennen a ano yɛ den.”
Sɛnea William L. Shirer kyerɛkyerɛ mu wɔ ne nhoma The Rise and Fall of the Third Reich no mu no, saa wɔn ho adi a wɔbɛda yi ho asɛnnennen no daa adi kɛse wɔ 1930 mfe no mu: “Ná Protestantfo a wɔwɔ Germany no . . . yɛ gyidi a emu apaapae . . . . Nea ɛkaa National Socialism a ɛsɔree no ho bae ne mpaapaemu afoforo . . . Nasi akyigyinafo a wɔyɛ katee a na wɔwom no hyehyɛɛ ‘Germanfo Kristofo Gyidi Kuw’ no wɔ 1932 mu . . . [na] wogyinaa Nasi nkyerɛkyerɛ a ɛfa akanni nnyinasosɛm ho no akyi denneennen . . . Wɔn a na wɔsɔre tia ‘German Kristofo’ no ne kuw ketewaa foforo bi a na ɛfrɛ ne ho ‘Confessional Asɔre’ no. . . . Wɔ eyinom mfinimfini na na wohu Protestantfo mu dodow no ara, . . . a na wontumi nsi gyinae biara na nkakrankakra wɔ dodow no ara fam no wɔba bɛhyɛɛ Hitler nsam no.”
Nokwarem no, Luther nkyerɛkyerɛ ahorow no bi nso bɛyɛɛ nea Hitler fae. Luther nkyerɛkyerɛ a ɛfa “ahenni abien” ho a na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn di wiase no so denam amammui ne asɔre tumidi ahorow so no hyɛɛ nkuran sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase koraa mma nniso ahorow no. Enti, Lutheranfo krataa Unsere Kirche no gye tom sɛ “German Protestantsɛm fã kɛse no ara . . . de anigye kɛse hyɛɛ Weimar demokrase no awiei ho fã na wɔbɔɔ katabaako sodifo foforo no ose.” Esiane Luther nkate a ano yɛ den a na ɔde tia Semfo no nti, anyɛ den amma asɔre no sɛ ɛbɛbara wɔn a wɔnyɛ Aryanfo asefo no afi asɔfodi mu.
Nanso “Confessional Asɔre” no nso ɛ? Wɔ 1934 mu no egyee Barmen Mpaemuka a na ɛsɔre tia National Socialist adwene no toom. Nanso, Berlin oyikyerɛ bi a ɛfa Protestantsɛm ho wɔ Third Reich bere no so a wɔyɛe nnansa yi no daa no adi sɛ Protestant asɔfo no mu nkyem abiɛsa mu biako pɛ na wɔboaa “Confessional Asɔre” no. Mpo ɛnyɛ saa abiɛsa mu nkyem biako no nyinaa na wɔsɔre tiaa Hitler. Ɛda adi sɛ Hitler brɛɛ wɔn a wɔsɔre tiae no ase wɔ ɔkwan a enye so sɛ ɛyɛ ɔsɔretia a asɔre mũ no nyinaa na ɛde aba. Nhoma a wɔfrɛ no Der deutsche Widerstand 1933-1945 (German Ɔsɔretia 1933-1945) no ka sɛ wɔ saa kwan yi so no wɔde Lutheran Asɔre no gyinaa gyinabea a ɛkyerɛ sɛ ɛsɔre tia amammui a ɛnyɛ ɛno ankasa na ɛpawee.
Wɔ Hitler asehwe akyi no, na asɔre no adwiriw agu. Kuw ahorow a na ɛsɔre tia no mu nea ɛwɔ he na na wɔada wɔn ho adi ampa? Dɛn nti na na ne torobɛnto no nnyigye yiye?
Nea ɛbɛyɛ na wɔabua saa nsemmisa yi no, Protestant asɔfo atitiriw 11 a na Gustav Heinemann a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Federal Republic ɔmampanyin no ka ho hyiae wɔ October 1945 mu yɛɛ nea wose wɔfrɛ no Stuttgart afobu a wogye tom no. Ɛmfa ho sɛ na wɔsɔre tia Nasi tumidi no, wɔkae sɛ: “Yebu yɛn ho fɔ sɛ yɛannya akokoduru kɛse wɔ yɛn gyidi ho asɛnka no mu, yɛanni nokware wɔ yɛn mpaebɔ mu, yɛamfa anigye kɛse anna yɛn gyidi adi, na yɛanyɛ hyew wɔ yɛn dɔ a yɛda no adi mu.” Ná saa asɔfo yi wɔ anidaso sɛ saa mpaemuka yi bɛyɛ torobɛnto a egyigye yiye na ɛma wɔyɛ biribi a ɛde nhyɛase foforo ba.
Nyamesom Anaa Amammui Torobɛnto—Nea Ɛwɔ He?
Bere a ebetumi aba sɛ German Lutheranfo no ahaw esiane sɛ wɔn asɔre no yɛɛ ade kakraa bi pɛ de sɔre tiaa Hitler nti no, wɔtaa kasa tia nniso no nhyehyɛe ahorow. Sɛ nhwɛso no, na Lutheran asɔfo ka wɔn a wodii kan hyehyɛɛ kuw bi a wɔde sɔre tiaa Europa nuklea akodeyɛ no ho. Wɔ 1984 mu no Germany Kusuu Fam Lutheran asɔfo kuw bi fii ase hyɛɛ mmarima a wɔadu sraadi afe so sɛ wɔmpow sraadi. Nanso, asɔre no kasa tiaa saa adeyɛ yi na ɛkae sɛ ɛkyerɛ “Kristofo a wɔwɔ nsusuwii foforo no nkate ho koma a amammui nni a ɛkɔ akyiri.” Wɔ asɔre no asɔfo nhyiam a wɔyɛe wɔ 1986 mu no, wɔkaa sɛnea ɛwɔ hokwan sɛ esusuw amammuisɛm ho na afei ɛyɛɛ saa. Ɛkaa sɛnea ahaw wɔ nea efii tumi akɛse no nhyiam a wɔyɛe wɔ Iceland no mu bae no ho na wɔde bere pii susuw nniso no nhyehyɛe a ɛfa aguanfo, adwuma a wonya nyɛ, ne nuklea tumi dwumadibea ahorow ho no ho.
Nokwarem no, ɛnyɛ obiara na ɔne saa amammuisɛm mu a wɔde wɔn ho hyehyɛ yi yɛ adwene. Sɛnea ɔbenfo Heiko Oberman a onim Ɔsesɛwfo kannifo no ho asɛm ka no, sɛ Luther te ase a, anka ɛda adi sɛ ɔbɛkasa atia. Na Rolf Scheffbuch a ɔyɛ Lutheran asɔre no somfo no nwiinwii sɛ nnansa yi abɛyɛ nea wɔde obi su wɔ nnipa mu nyiyim amammui anaa bɛmma a wɔde di dwuma no ho na wɔde hu nokware a Kristofo gyidi no yɛ no ntɛm ara dodo.
Ɛda adi sɛ amammui mu nsonsonoe repaapae asɔre no mu. Sɛnea ɔsɔfo panyin Hans-Gernot Jung kaa no nnansa yi no ma ɛda adi nso sɛ “ɔdɔ ho asɛm a akyɛ” a ɛwɔ asɔre no ne ɔman no ntam no mu “agow” na ɛrewe “nnaakyen.” Eyi kyerɛkyerɛ animka nsɛm bi a Germany amansɛmdifo bi kae wɔ 1986 mu no mu: “ Sɛ wɔka kwae a ɛrewu ho asɛm pii sen Yesu Kristo a, ɛnde na asɔre no ani afi n’adwuma ankasa no so.”
Sɛnea Protestantsɛm din no kyerɛ no, ɛsɔre fii ɔpɛ a wonyae sɛ wɔbɛsɔre atia nea wɔayɛ dedaw no mu. Enti, efi ne mfiase no, Protestantsɛm ayɛ sɛ ɛbɛyɛ n’ade brɛoo, ebegye nsusuwii afoforo atom, ɛde adwene a emu da hɔ bɛyɛ n’ade, ɛwɔ ɔpɛ sɛ ɛbɛyɛ nsakrae ma ɛne nea aba so no ahyia. Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛkyerɛ eyi mu yiye sen Protestantfo nyamekyerɛ. Bere a enni tumi bi a etwa to a ebesi ne nkyerɛkyerɛ ho gyinae—sɛnea Vatican yɛ wɔ Katolekfo mu no—wɔama nyamekyerɛfo biara kwan sɛ ɔbɛbɔ n’ankasa torobɛnto de akyerɛkyerɛ nyamesɛm mu.
Nyamekyerɛ Torobɛntohyɛnfo a Wɔmmɔ no Yiye
Nea afi eyi mu aba ne nnyigyei ahorow a ɛyɛ nwonwa. Time nsɛmma nhoma no bɔɔ nhwɛso bi ho amanneɛ wɔ 1979 mu: “So ɛsɛ sɛ wugye Onyankopɔn di ansa na woabɛyɛ Protestant ɔsɔfo? Sɛnea ɛte wɔ nsɛm no pii mu nnɛ no, mmuae no yɛ yiw ne dabi. Germany titiriw ayɛ baabi a Protestant akyinnyegyesɛm akɔ so kɛse mfe du du pii. Nanso wɔ dapɛn a etwaam no mu no. bere a Germany Atɔe Fam United Evangelical Lutheran Asɔre no resi baabi a ɛsɛ sɛ ɛde ɔhye to no ho gyinae no, . . . eyii Ɔsɔfo Paul Schulz adi sɛ waka abususɛm. . . . Ɛdefi 1971 na wɔaka sɛ Onyankopɔn ankasa wɔ a ɔwɔ hɔ no yɛ ‘nea adesamma ka de kyekye wɔn werɛ.’ . . . Mpaebɔ? Ɛyɛ ‘obi ankasa ho mu a ɔhwehwɛ’ ara kwa. . . . Yesu? Ɔte sɛ onipa foforo biara a ɔka nnepa ho asɛm na akyiri yi tete Kristofo no hyɛɛ no anuonyam ma ɔbɛyɛɛ Onyankopɔn ba.” Nea ɛda no adi sɛ “Schulz adwene no nyɛ foforo anaa nea wɔntaa nhu” no ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ bere a wɔredi n’asɛm no “ɛtɔ bere bi a na nyamekyerɛ adesuafo bi bɔ gye no so” no. Na wɔ nea ɛyɛe no nyinaa akyi no, “boayikuw no kae ara sɛ ɛda so ara pene ankorankoro nkyerɛase ‘a emu bae’ so.”
Bere a atesɛm krataa bi mu samufo asɛm bi reka saa ankorankoro nkyerɛase a emu bae no ho asɛm no, ɛkae sɛ Protestant nyamekyerɛ hia “adwene a emu da hɔ ne ɔkyerɛkyerɛ a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ” na ɛfrɛ no “nyamekyerɛ mfitiasede a atu afra a enye nsen gyidi hunu biara.” Swiss Protestantfo krataa bi de ka ho sɛ: “Nea abɛhyɛ Kristofo nsusuwii ‘emu biako’ no ananmu ne ‘eyi ne ɛno nso’ nsusuwii.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ nyamekyerɛfo adwene ntumi nhyia!a
So Luther Fie no Bebubu Agu?
Nsɛnnennen a ɛwɔ asɔre no mu no fa gyidi ankasa ho. Nanso so wobetumi ama gyidi anyin wɔ nnipa a wɔde “nyamekyerɛ mfitiasede a atu afra” akyerɛkyerɛ wɔn na wɔde akwankyerɛ a ɛne “eyi ne ɛno nso” a ɛyɛ bisibasaa na ɛkyerɛkyerɛ wɔn no mu? So Protestantsɛm betumi ahwɛ kwan sɛ ɛbɛkanyan ne dɔm no ma wɔde torobɛnto a ennyigye yiye sɛɛ no ayɛ Kristofo dwumadi?
Wɔ 1932 mu tɔnn na nyamekyerɛfo Dietrich Bonhoeffer nwiinwii sɛ: “[Lutheran Asɔre no] bɔ mmɔden sɛ ɛbɛkɔ baabiara ma enti akyiri yi no, enni baabiara.” So aka akyi dodow sɛ asɔre no bɛda ne ho adi? Asɔre mpanyimfo pii gye tom sɛ akwan horow a wonim dedaw a wɔfa so hyɛ mu den no rentumi nyɛ adwuma. Wohia biribi foforo ne nea ɛyɛ soronko. Nanso ɛdɛn? Ɔsɔfo panyin Hans-Otto Wolber a onyin ama wagyae adwumayɛ no se: “Asɔre no daakye no nyɛ nea ɛfa ɔkwan a wɔfa so ho na mmom nneɛma a ɛwom ho. . . . Nkrasɛm no na ɛho hia. . . . Wɔ ɔkwan foforo so no, gyina a yegyina hɔ anaasɛ yɛn asehwe gyina Bible no so.”
Ampa.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔbɔ amanneɛ sɛ Karl Barth a ɔyɛ saa afeha yi mu Protestant nyamekyerɛfo akɛse mu biako no kaa ne mfɛfo nyamekyerɛfo Paul Tillich nkyerɛkyerɛ no mu bi ho asɛm sɛ ɛyɛ “abusude.” Afei nso ɔkasa tiaa nyamekyerɛfo Rudolf Bultmann a na ogye akyinnye wɔ nokware a Bible mu nsɛm bi yɛ ho no denneennen.
[Kratafa 7 adaka]
Henanom na Wɔbɔɔ Torobɛnto a Egyigye yiye wɔ Kristofo afã Biara a Wonni no Ho?
“Kakraa bi pɛ na yɛda so ara nim wɔ nea ɛtoo wɔn a ahonim nti wɔamfa wɔn ho anhyɛ Wiase Ko II mu no ho: Ɛde besi mprempren no, eyinom nkutoo na yenim: Lutheranfo mu no, Hermann Stohr ne Martin Gauger gyinaa pintinn wɔ asraafo dwumadi ho . . . Wobetumi abobɔ Katolekfo baason din . . . Germanfo Mennonfo a wonim wɔn wɔ atetesɛm mu sɛ wɔmpɛ ɔko no ammfa ‘sraadisɛm a wɔmpɛ nnyinasosɛm’ a egyina gyinae a mpanyimfo ne asomfo nhyiam bi sii wɔ January 10, 1938 mu no so no anni dwuma wɔ Third Reich bere no mu. Quakerfo baanu a wɔwɔ Germany na wonim sɛ wɔpow sraadi. . . . Seventh-Day Adventistfo baason na wobetumi abobɔ wɔn din sɛ wɔpowee sɛ wɔbɛka nokwaredi ho ntam no . . . na wokum wɔn. Yehowa Adansefo (Bible Asuafo) na wɔyɛɛ dodow a ɛsen biara wokunkum wɔn no ayi. Wɔ 1939 mu no na nnipa bɛyɛ 20,000 a wɔwɔ ‘German Reich Kɛse’ no mu na na wɔyɛ saa . . . nyamesom ahyehyɛde yi mufo. Wobu akontaa sɛ wɔ Germany nkutoo no Yehowa Adansefo bɛyɛ 6,000 kosi 7,000 na wɔpow sraadi wɔ Wiase Ko II bere no mu. Enti Gestapo ne SS akuw no de wɔn ani sii saa nnipakuw yi so titiriw.”—“Sterben fur den Frieden” (Dying for Peace) a Eberhard Rohm kyerɛwee na wotintim no 1985 mu.