Sɛnea Protestantsom Brɛ Obu Ma Bible No Ase
MFEHAHA pii a Katolek Asɔre no de asɔre atia Bible no a nnipa mpapahwekwa bɛkenkan wɔ wɔn kasa mu no ama Katolekfo koma pafo pii agye adi sɛ Bible no yɛ “Protestantfo Nhoma.” Na, ampa Protestantfo ankasa bu wɔn som no sɛ ne nneɛma nyinaa gyina Bible no so. Obi a wagye din kae sɛ: “Ɛnyɛ mfomso sɛ wobɛka sɛ [Protestantfo] nnyinaso ankasa da so ara yɛ Bible no a ekura Onyankopɔn Asɛm, anaasɛ ɛyɛ Asɔre no, ofie ne ankorankoro nhoma, nhoma a Protestantni dan kɔ so kɔhwehwɛ afotu pa a ɛfa n’abrabɔ, nea ɔyɛ de gye n’ani ne ne nsusuwii wɔ onipa ho, ne su, ne daakye ne ɔne Onyankopɔn abusuabɔ ho.”a
Asɛm bi a ɛfa Protestantsom abakɔsɛm ho wɔ asɛmti ketewaa bi a ɛne “Bible no Afã,” na ɛka sɛ: “Nokwasɛm a ɛda adi wɔ Protestantsom ho ne Bible no tumi a wogye tom sen asɔreasɔre no de; gye a wogye di sɛ ɛsɛ sɛ wɔde Bible no sɔ asafo no mu asomfo anaasɛ mpanyimfo hwɛ sɛ Onyankopɔn asɛm; nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ wohu biribiara a ɛho hia ma nkwagye no wɔ Kyerɛw Kronkron no mu no.”—Encyclopaedia Britannica, 1979.
Enti, Protestantfo taa te nka sɛ wɔbɛn Bible no sen Katolekfo a wonim sɛ ɛsɛ sɛ wɔde obu kɛse ma Asɔre no atetesɛm sen Kyerɛw Kronkron no. Nanso so ɛyɛ nokware sɛ Bible no yɛ Protestantsom nkyerɛkyerɛ “nnyinaso ankasa,” na so Protestantfo (sɛ́ ɔyɛ ɔsɔfo anaasɛ asɔre ba) da so ara dan kɔ Bible no so “kɔhwehwɛ afotu pa a ɛfa n’abrabɔ ho”?
Mmɔdenbɔ wɔ Bible ho a Wɔka ma Ɛtra So
Nokwasɛm no kyerɛ sɛ efi Nyamesom mu ɔsesɛw no mfiase pɛɛ no, Protestantsom ho a ɛde fam Bible no denneennen no yɛ nea wɔka ma ɛtra so dodo. Ɛwom sɛ Luther din bata Bible no a ɔkyerɛɛ ase no ho a wontumi mpopa de, nanso wɔ ne nkyerɛkyerɛ no mu no, ɔde “n’ankasa nhumu” dii nea wɔakyerɛw no pefee wɔ Bible mu no anim. Wɔ mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔbɛkyerɛ “ɔdom so a wɔnam bu bem denam gyidi so” no, Luther maa Bible nhoma ahorow te sɛ Romafo ne Galatifo so, na ɔbrɛɛ nhoma ahorow a ɛyɛ nokware te sɛ Hebrifo, Yakobo, Yuda ne Adiyisɛm ase, ma enti ɔde nea wɔafrɛ no “nokware wɔ nokware mu” no bae.
Saa ara na John Calvin de n’ano kamfoo Bible no, nanso wɔ ne nhoma titiriw Institutes of the Christian Religion mu no ɔkyerɛkyerɛɛ nkyerɛkyerɛ ahorow a ennyina Bible so te sɛ Baasakoro (Nhoma I) , wɔwo onipa a onni ɔpɛ mu ahofadi (Nhoma II) , nkrabea (Nhoma III) ne mmofra asubɔ (Nhoma IV) mu. Ɔka ho na wɔkyeree Michael Servetus a ɔno nso yɛ ɔsesɛwfo nanso ɔne Calvin anyɛ adwene wɔ Baasakoro ho na akyiri yi wɔde ogya hyew no no. So ná oyi regye “tumi a Bible no wɔ,” te sɛ afotu a ɛde ama a etia bɔne a wɔde tua bɔne so ka wɔ Romafo 12:17-21 no atom? Dabi?
Bio nso asesɛwfo ne Protestant asɔre ahorow a wɔtetewee no kɔɔ so gyee gyidikasɛm ahorow a Katolek Asɔre no kan bagua ahorow hyehyɛe, te sɛ Nicaea ne Athanasia Gyidikasɛm a ɛde nkyerɛkyerɛ ahorow a ennyina Bible so te sɛ Baasakoro ne hell gya sisii hɔ no toom. Protestantsom anya n’ankasa gyidikasɛm ahorow, a emu bi ne Lutheran Augsburg Nkyerɛkyerɛ, Reformed Churches’ Second Helvetic Nkyerɛkyerɛ ne Anglican and Episcopalian Thirty-nine Articles no, a ne nyinaa de nea ɛsɛ sɛ wogye di wɔ nkyerɛkyerɛ ahorow a ennyina Kyerɛwnsɛm so te sɛ Baasakoro no mu ma. Nnansa yi ara, Protestant Wiase Asɔreasɔre Bagua no daa no adi sɛ nea ‘wobegyina so’ ayɛ obi asɔre no muni ne sɛ ɔbɛka sɛ Yesu “yɛ Onyankopɔn.” Enti, efi ne mfiase pɛɛ besi nnɛ da yi, Protestantsom mmɔden a ɔbɔ wɔ Bible no ho wɔ nkyerɛkyerɛ fam no ayɛ nea wɔka ma ɛtra so dodo.—Hwɛ Yohane 17:3, 1 Korintofo 8:6, Asomafo no Nnwuma 3:23 ne Dwom 146:4, faako a Bible no kyerɛ pefee sɛ, ɛnyɛ Yesu, na mmom n’Agya no ne “nokware Nyankopɔn koro” no ne sɛ ɔkra no nkɔ so ntra ase bere a onipa awu no.
Protestantsom ne Akyinnyegye a Ano Yɛ Den
Sɛnea Protestantsom te ankasa, ne fi a efi atuatew a etia paapa a ɔwɔ Roma no atetesɛm ne tumidi mu na ɛbae no, ma ɛyɛɛ mmerɛw kɛse maa wɔn sɛ wobedi wɔn ankasa nsusuwii ne Bible mu akyinnyegye a enye akyi sen tete Katolek asɔre no. Akyinnye biara nni ho sɛ eye sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ nea Bible mu akyinnyegye kyerɛ no mu wɔ ha. Wɔakyɛ mu ahorow abien: Akyinnyegye a ano nyɛ den ne nhwehwɛmu a nhomanimfo yɛ wɔ Bible nsa ano nkyerɛwee ahorow mu no, wɔn fibea, ɛso a wɔakora ne ɛbo a ɛsom, sɛ wɔde toto mfitiase de ahorow a nni hɔ bio no ho a. Ɛtɔ bere bi a wɔfrɛ eyi kyerɛwsɛm mu nhwehwɛmu. Akyinnyegye a ano yɛ den no ne nhwehwɛmu a wɔyɛ wɔ nea ɔkyerɛw Bible no, bere a wɔkyerɛwee ne nokware a ɛyɛ wɔ abakɔsɛm mu ho, sɛnea fam tutu ne abakɔsɛm kyerɛ no.
Akyinnyegye a ano nyɛ den ayɛ pii de ama Bible mu nhwehwɛmu akɔ so, ayi nea enye a wɔde ahyehyem no afi mu na ama wɔanya kyerɛw nsɛm a eye a wotumi de ho to so a ɛma wonya nea wogyina so nya Bible nkyerɛase ahorow a eye. Wɔ ɔkwan foforo so no, akyinnyegye a ano yɛ den abue kwan ama nhwehwɛmu pii a ennyina nokware so a nea ɛde aba ne sɛ ɛbɛbrɛ ahotoso a nkurɔfo wɔ wɔ Bible mu no ase.
Ɛreka mmerɛw a ɛyɛ sɛ Protestantsom bedi nkyerɛkyerɛ ne akyinnyegye a ano yɛ den a ɛsɛe ade akyi ho asɛm no, Encyclopaedia Britannica. (1979) kyerɛw sɛ:
“Asɛm a ɛfa Bible mu akyinnyegye ho no dii kan bae wɔ German sukuupɔn mu; a ɛne, sɛ ebia onipa betumi ayɛ Kristoni, ne mpo Kristoni pa, bere a ogye di sɛ Bible no afã bi nyɛ nokware no. Eyi bɛyɛɛ ɔsɛmpɔw kɛse maa Protestantsom, sɛ ɛnyɛ Kristoman nyinaa a, wɔ afeha a ɛto so 19 no mu. . . . German Protestantsom daa adwene a ɛnyɛ katee adi wɔ nimdeɛ foforo a na ɛwɔ nkɛntɛnso wɔ Kristofo asɔreasɔre no so te sɛ Nyamesom mu Ɔsesɛw no mfitiase ntease ahorow no ho. Wɔ ɔfã bi no esiane Germanfo nhwɛso no nti, Protestant asɔre ahorow a wokura atetesɛm titiriw no mu—Lutheran, Reformed, Anglican, Congregational, Methodist, ne Baptistfo akuw horow pii—dan fii adwene a wokura no so wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so kɔɔ wiase nyansahu ne adannandi so.”
Esiane sɛ wɔabu Bible no afã horow bi sɛ ɛyɛ anansesɛm nti, Protestant asɔfo no mu pii ama Bible mũ no nyinaa ho aba asɛm. Nokwarem, wɔ ne nnianim asɛm, wɔ asɛmti “Bible No: Nea Ɛkyerɛ ne ne Tumi,” ase no, Protestantfo nhoma a ekura apo 12 Interpreter’s Bible no ka sɛ: “Efi nhwehwɛmu tiaa yi mu ba sɛ ɛrenyɛ nea ɛne Kyerɛwsɛm ankasa bɔ abira ketewaa bi mpo na mmom nea ɛne no hyia, na ɛremma biribiara a ɛho hia wɔ Kristofo gyidi no mu abira, sɛ yegyae koraa sɛ yɛbɛka Kyerɛwnsɛm no ho asɛm sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm a.”
Nsɛm a ɛtete sɛɛ sɛe nkɛntɛnso a Bible no wɔ wɔ nkurɔfo asetra so no kɛse mpo sen paapa mmara a ɛbara Bible akenkan.
Wɔn a Wɔfa Nea Bible Ka Biara Saara—Nyɛ Bible Nnamfo Ankasa
Nanso, Protestantsom fã biako asɔre atia akyinnyegye a ano yɛ den. Ɛne wɔn a Wɔfa Nea Bible Ka Biara Saara no. Wɔakyerɛ eyi ase sɛ ‘tetefo kuw bi a ɛyɛ den a efii ase wɔ afeha a ɛto so 20 mfiase mu hɔ a wɔde sɔre tia nnɛyi som mu nneyɛe ahorow na wosi so dua sɛ Bible no a wakyerɛ ase sɛnea ɛte no ara ne Kyerɛwnsɛm no a wogye tom sɛ mfomso biara nni mu koraa no yɛ ade titiriw ma Kristosom.’
Ka a wɔn a wɔfa nea Bible ka biara saara ka sɛ Bible no fi Nyankopɔn home mu no teɛ, na ko a wɔko tia akyinnyegye a ano yɛ den a ɛsɛe ade ne nyansahu mu nkyerɛkyerɛ ahorow a ɛnteɛ te sɛ adannandi yi yɛ nea wɔkamfo wɔn wɔ ho. Nanso so wɔde Bible no rehyɛ nnipa a wodwo adwene mu bere a wɔkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔfa biribiara a wɔakyerɛw wɔ Bible mu no saara no? So wɔrema Bible no ho anigye anya nkɔso bere a wɔka sɛ nnɔnhwerew-aduonu-anan nna nsia na wɔde bɔɔ asase, bere a Bible no ankasa de asɛmfua “da” di dwuma de kyerɛ mmere ahorow a ɛsono ne tenten no?—Fa Genesis ti 1 toto Genesis 2:4 ne 5:1 ho; afei nso 2 Petro 3:8.
Bio nso, so wɔn a wɔfa nea Bible ka biara saara no yɛ Bible no nnamfo ankasa bere a, bere a wɔka sɛ wɔde wɔn ho fam Kyerɛwnsɛm no ho denneennen no, wɔkyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ ahorow a ennyina Bible so te sɛ Baasakoro (fa toto Deuteronomium 6:4; Yohane 14:28 ho) , ɔkra a enwu da (Hesekiel 18:4) ne hell gya no (Yeremia 7:31; Romafo 6:23) ? Ɛdenam nea Bible ka no biara a wɔfa no saara ne nkyerɛkyerɛ ahorow a egu Onyankopɔn ho fĩ a wɔkyerɛ so no, Protestantfo a wɔfa nea Bible ka biara saara no brɛ tumi a Bible no wɔ ase wɔ nnipa pii adwene mu.
Protestantsom ne Wiase Nneyɛe
Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Sɛ mufi wiase a, anka wiase bɛdɔ n’ankasa ne de; na sɛ mumfi wiase na mapaw mo afi wiase yi, eyi nti na wiase tan mo.” (Yohane 15:19) Nanso ɛyɛ nokwasɛm a ɛda adi pefee sɛ Protestant asɔre akɛseakɛse no de wɔn ho hyehyɛ wiase yi amammui nhyehyɛe ahorow mu denneennen, a ebi mpo yɛ “ɔman som.” Nhoma biako ka sɛ: “Wobetumi aka Protestantsom mmoa a ɛde ama nnɛyi ɔmampɛ no ho asɛm. Wɔn nyinaa de wɔn ho maa ɔman a ɛwɔ hɔ no kɛse, gye wɔn a wɔyɛ katee no nko, na mpɛn pii Protestantfo de nkyerɛkyerɛ nnyinaso maa ɔman foforo biara bere a onya ahofadi no—sɛnea na ɛte wɔ Prussia anaasɛ United States fam no.’ Encyclopaedia Britannica.
Wɔ asɛm yi mfiase no, wɔkyerɛe sɛ Protestant ɔkyerɛwfo bi kae sɛ Bible no yɛ “nhoma a Protestantni dan kɔ so kɔhwehwɛ afotu pa a ɛfa n’abrabɔ ho.” So wobetumi aka sɛ eyi da so ara te saa bere a asɔfo a wofi Protestant asɔre atitiriw no mu ka nsɛm ahorow a ɛkyerɛ pene a wɔpene aguamammɔ, awaresɛe, ɔbarima ne ɔbarima nna ne nyinsɛn a woyi gu so no? Asɛm bi a na ɛwɔ Fransefo atesɛm krataa Le Monde mu a n’atifi asɛm ne “Asɔre Ahorow Pii Abue Kwan Ama Mmarima a Wɔne Wɔn Ho Da” a na egyina amanneɛbɔ bi a Wiase Asɔreasɔre Bagua no de too gua wɔ Geneva, Switzerland so no daa no adi sɛ Protestant asɔre akɛseɛ akɛse no pii pene mmarima a wɔne wɔn ho da a wɔyɛ asɔfo no so. Nanso Bible no ka sɛ: “Mommma wɔnnnaadaa mo: Na nguaman ne abosonsomfo ne awaresɛefo ne mmarima ahohwifo ne mmarima a wɔne wɔn ho da rennya Onyankopɔn ahenni no.”—1 Korintofo 6:9, 10, New International Version.
Enti, bere a Protestantsom nni kyerɛwtohɔ a ɛkyerɛ sɛ n’ani nnye Bible no ne wɔn a wɔkenkan wɔ kasa a ɛba fam no ho te sɛ nea Katolek Asɔre no anya ama ne ho wɔ mfehaha pii mu no, esiane nkyerɛkyerɛ ahorow a ennyina Bible so a ogye di, akyinnyegye a ano yɛ den ne wiase nyansahu nkyɛrɛkyerɛ ahorow a ɛnteɛ a ogye tom, ne wiase nneyɛe ne abrabɔ mu ahofadi ahorow a ogye tom no nti, asodi kɛse da Protestantsom so sɛ wabrɛ tumi a Bible no wɔ wɔ nnipa ɔpepem pii asetra so no ase.
Nanso wɔ Katoleksom mfehaha pii a ɛde asɔre atia Bible no a nnipa a wɔba fam bɛkenkan ne Protestantsom anifere kwan a ɛnam so nanso ɛde brɛ Onyankopɔn Asɛm no ase koraa akyi no, Bible no da so ara yɛ nhoma a nkurɔfo ntaa nyɛ anibiannaso wɔ ho. Sɛ ɛyɛ nea wɔn ani gye ho anaasɛ wɔn ani nnye ho. Yɛbɛhwehwɛ nea enti a eyi te saa ne sɛnea ɛkã wo no mu wɔ nsɛm ahorow yi fã a etwa to no mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Histoire du Protestantisme, J. Boisset, kratafa 6.
[Kratafa 11 adaka]
“Israel, tie, [Yehowa] yɛn Nyankopɔn ne [Yehowa] koro. Na fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn. Na nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so.”—Deuteronomium 6:4-6.
[Kratafa 9 mfoni]
Sɛnea ɛbɛboa n’adwen horow no, Luther maa Bible nhoma ahorow binom so na ɔbrɛɛ afoforo ase
[Kratafa 10 mfoni]
Nsɛm ahorow a epue atesɛm nkrataa ahorow yi mu no bi ni:
“Asɔfo nhu bɔne a ɛwɔ nnipa baanu a wɔnwaree a wɔbɛbom atra mu.”
“Ɔsɔfo panyin hyehyɛ mpae a wɔbɛbɔ bere a wɔayi nyinsɛn agu akyi.”
“Mmarima a wɔne wɔn ho da nyɛ bɔne, saa na Asɔre ka.”