Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 8/8 kr. 23-25
  • So Wukyi Ɔkasatia?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wukyi Ɔkasatia?
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 1. Gye Ɔkasatia Tom
  • 2. Nya Wo Kasatiafo a Ɔsen Biara No So Nkɛntɛnso
  • 3. Bisa Nkyerɛkyerɛmu a Ɛkɔ Akyiri
  • 4. Dwudwo Wo Kasatiafo No
  • 5. Tie Nea Ɛwɔ Asɛm No Mu, Ɛnyɛ Sɛnea Wɔbɛka No
  • 6. Brɛ Ne Yaw No Ase
  • Wubetumi Agyina Ano
  • Sɛnea Wɔkasa Tia
  • Dɛn Nti Na Biribiara A Meyɛ No Nsɔ Ani Da?
    Nyan!—1993
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina M’awofo Kasatia Ano?
    Nyan!—1993
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • “Nyansa Nam Ne Nnwuma So Di Bem”
    Yɛn Ahenni Som—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 8/8 kr. 23-25

So Wukyi Ɔkasatia?

SO WOKAE bere a etwa to a obi kasa tiaa wo no? Eyi to obiara wɔ bere ne bere mu esiane tebea horow nti.

Ebia obi kasa tiaa wo de maa ne ho so. Nanso, ɛtaa ba sɛ ɔkasatia no fi obi a ɔpɛ yɛn yiyedi hɔ: Wo kunu ahu mfomso bi wɔ w’aduannoa mu; wo yere kae sɛ wo tae no ne w’atade no nkɔ; w’adamfo kasa tiaa wo sɛ wonhwɛ w’akwahosan so yiye. Anaasɛ ebia na ɔkasatia no yɛ nteɛso, te sɛ nea efi adwumawura anaa (sɛ wo yɛ abofra a) ɔwofo hɔ na wode ateɛ biribi a wokae anaa woyɛe.

Nea ɛte biara no, so wugyee ɔkasatia no toom? Anaasɛ wo bo fuwii ma ebi mpo a wokae sɛ onsu ne ho?

Ebinom fam no, kasa a wɔkasa tia wɔn no yɛ osuahu a ɛyɛ yaw. Wɔn bo fuw, ɛyɛ wɔn ahi. Ebinom aba mu bu ma wɔka sɛ ‘Mintumi nyɛ ade pa biara,’ na ɛhaw wɔn adwene.

So woka wɔn a wɔmpɛ ɔkasatia no ho? Ɛnyɛ wo nkutoo; nnipa pii te nka saa ara. So wubetumi asua sɛnea wogye ɔkasatia tom a ɛnyɛ wo yaw pii, na wo bo mfuw mmoroso? Asɛm yi bɛkyerɛ akwan horow asia a ebetumi ama wagye ɔkasatia atom. Ebia ɛbɛboa wo ma woayi, anaasɛ anyɛ yiye koraa no woabrɛ ɔkasatia yaw no ano ase.

1. Gye Ɔkasatia Tom

So ɛyɛ wo nwonwa sɛ nnipa bi pɛ ɔkasatia ma mpo wɔhwehwɛ? Bits and Pieces nsɛmma nhoma no kae sɛ: “Akannifo a wonim nyansa no. . . nim sɛ mmere bi wɔ hɔ a wobedi mfomso. Ɛno nti na wɔpɛ ɔkasatia no​—na abrɛ mfomso dodow a wɔbɛyɛ no ase, na wɔasiesie mfomso a wɔayɛ dedaw no ntɛm ara.”

Sɛnea afoforo tumi hu yɛn ahosiesie ho biribi a yentumi nhu​—kɔla a ammu anto so yiye, tae a akyea​—saa ara na wotumi hu yɛn nipasu ho biribi a yentumi nhu. Bu nea wohu no sɛ mmoa mmom sen asiane. Gye wɔn kasatia no tom sɛ hokwan a wode besua biribi. Fa yɛ osuahu a wode bɛhyɛ wo ho den.

2. Nya Wo Kasatiafo a Ɔsen Biara No So Nkɛntɛnso

So woyɛ katee wɔ w’ankasa ho? So wo sintɔ ahorow haw wo mmoroso? Anaasɛ sɛ obi twe w’adwene si mfomso bi so a, wode ka mmerɛwyɛ pii a ɛmfa ho ho?

Ɔbenfo Harold Bloomfield ka sɛ: “Sɛ yɛkasa tia yɛn ho dedaw a, sɛ afoforo kasa tia yɛn a ɛbɛhaw yɛn kɛse. Sɛ obi kamfo yɛn na ɔkasatia yɛn wɔ ade ketewaa biako pɛ mpo ho a, nea yɛmmɔ mu mmɔden no taa haw yɛn pii sen nneɛma pa a yɛyɛɛ no yiye no.”

Sɛ worehwehwɛ wo ho mu a, yɛ no ɔkwan a ntease wom so. Ɔkwan bɛn so na wubehu nea ntease wom? Fa no sɛ w’adamfo paa rehyia ɔkasatia a ɛte saa ara. Dɛn na wobɛhwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ wɔ ho? Ɔnyɛ n’ade mmɔbɔmmɔbɔ? Ne bo mfuw? Ɔmfa ahomaso mpow afotu pa? Dabi, akyinnye biara nni ho sɛ wobɛhwɛ kwan sɛ obegye ɔkasatia no atom a ɔmma empira no pii, ɔde nokwaredi besusuw ho, na ɔde adi adwuma de asiesie n’akwan.

Ɛnde dɛn nti na wonyɛ wo ho saa ara?

3. Bisa Nkyerɛkyerɛmu a Ɛkɔ Akyiri

“Mempɛ wo suban no!” Wobɛpɛ sɛ obi ka saa kyerɛ wo? Dabi, nsɛm a ɛte saa pira, ɛnte saa?

Nea eye sen biara a ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ ha ne sɛ wobɛma wama wo nkyerɛkyerɛmu pii. Alan Garner kyerɛkyerɛ mu wɔ ne nhoma “Conversationally Speaking” no mu sɛ: “Wɔtaa ka kasatia fa nneɛma pii ho . . . Nkyerɛkyerɛmu a wobɛhwehwɛ no bɛma woahu dekode pɔtee a onipa no kasa tia. . . .Yɛ te sɛ sɛnkyerɛwfo na bebisabisa nsɛm a wode behu hena, dɛn, bere bɛn, ɛhe, nea enti ne ɔkwan bɛn so.”

Sɛ nhwɛso no, wubetumi abua asɛm a ɛwɔ atifi hɔ no sɛ: ‘Suban pɔtee bɛn na ɛwɔ w’adwenem?’ Sɛ ontumi nkyerɛ biribi pɔtee a, wubetumi abisa bio sɛ: ‘Dɛn nti na ɛyɛ abufuw? Wubetumi ama me bere a meyɛɛ eyi no ho nhwɛso?’ Esiane ɔpɛ a wowɔ sɛ wo ne wo kasatiafo no bɛbɔ nkɔmmɔ mmom sen sɛ wubegye no akyinnye no nti, nsemmisa yi betumi aboa no ne wo na moahwehwɛ nneɛma pɔtee no. Ɛbɛma ada adi sɛ ebia ɔkasatia no yɛ nokware anaasɛ efi abufuw mu ara kwa. Na ɛma wunya bere a ɛfata de susuw asɛm no ho.

4. Dwudwo Wo Kasatiafo No

Na sɛ nea ɔkasa tia wo no bo afuw nso ɛ? Ɔbenfo David Burns hyɛ nyansa sɛ: “Sɛ wo kasatiafo no asɛm no yɛ nokware anaa atoro no, hwehwɛ sɛnea wo ne no bɛyɛ adwene” fi mfiase pɛɛ. Ɔkwan bɛn so na eyi boa wo? Ɛno brɛ ɔkasatiafo no abufuw ase, edwudwo no na ɛma onya ɔpɛ sɛ ɔne wo bɛkasa.

Nanso, sɛ wo ne no yiyi nsɛm ano ntɛm ara​—sɛnea sɛ nea ɔka ho asɛm no nyɛ nokware a ebetumi aba no a​—wubetumi ama wo kasatiafo no ho ayɛ no den mmom. Ɔbenfo Burns ka sɛ: “Wubehu sɛ nea ɔne wo di asi no ntua no renya nkɔso!” Enti, nea ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ wobɛhwehwɛ nea mo adwene hyia wɔ ho ansa na moaka nea mo adwene nhyia wɔ ho no ho asɛm.

5. Tie Nea Ɛwɔ Asɛm No Mu, Ɛnyɛ Sɛnea Wɔbɛka No

Wɔkaa ɔbea bi ba suban wɔ mpɔtam hɔ ho asɛm kyerɛɛ no. Wɔkaa asɛm no yayaayaw wɔ nitan mu. Na anka ɔbea no betumi afa ne fipamfo no nsɛm no sɛ ɛyɛ ɔtan anaa atoro, na anka ɔreyɛ ayɛ saa.

Mmom no, bere a wasusuw sɛ ebia nokware bi wɔ ɔkasatia no mu akyi no, ɔka kyerɛɛ ne ba no sɛ: “Ɛnyɛ bere nyinaa na wɔn a wɔpɛ yɛn asɛm ka yɛn mfomso ahorow kyerɛ yɛn, bere mpo a ɛbɛyɛ mfaso ama yɛn no. Yɛmfa eyi nyɛ hokwan a yɛde bɛyɛ nsakrae pa.”

So obi aka w’anim yayaayaw pɛn? Ebia na saa onipa no nni tema anaasɛ ɔyɛ ahoɔyaw. Wo anaasɛ obi foforo betumi anya hokwan aboa no wɔ bere a ɛfata mu. Nanso mpow nea ɔka no esiane sɛ wanka no yiye ara kwa nti. Tie nea ɛwɔ ɔkasatia no mu no. So ɛyɛ nokware? Sɛ ɛte saa a, mpow hokwan a wode benya nkɔanim yi.

6. Brɛ Ne Yaw No Ase

Ebia eyi bɛyɛ wo nwonwa de, nanso wubetumi anya mpɛn dodow a wɔkasa tia wo ne sɛnea anibere wom no so nkɛntɛnso akosi baabi. Saa nnyinasosɛm yi da adi titiriw wɔ ɔkasatia a ɛyɛ nteɛso a efi mpanyimfo hɔ no ho. Ɔkwan bɛn so?

Tete no, na anka ɛme ho hia yiye wɔ Palestina. Nanso na wɔmfa nkyimii a ɛyɛ duru anaa ade porow nneɛma nyɛ ho adwuma te sɛ afifide afoforo no. Mmom no, wɔde dua anaa abaa na ɛporow. Dɛn nti na wɔyɛ no wɔ ɔkwan titiriw a ɛyɛ bɔkɔɔ saa so no? Efisɛ na n’aba nketenkete a ɛyɛ mmerɛw no nti na enhia sɛ wɔyɛ no denneennen, nokwarem no, na saayɛ bɛsɛe no.

Yesaia nhoma a ɛwɔ Bible mu no de ɛme yɛ nteɛso ahorow ho nhwɛso. Sɛ obi tie nteɛso a ɛyɛ bɔkɔɔ a, enhia sɛ wɔde nea emu yɛ den no ma no wɔ asɛm koro no ara ho.​—Yesaia 28:26, 27.

Enti wubetumi akwati nteɛso a emu yɛ den denam nea emu nyɛ den a wubetie no ntɛm no so. Sɛ nhwɛso no, wunim sɛ wotaa ka akyi kɔ adwuma? Siesie saa suban no mprempren ara, ansa na w’adwumawura aka ho asɛm. So watwe w’adwene asi so dedaw? Tie ntɛm ara denam adwuma a wobɛkɔ ntɛm no so, ansa na wate nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ biribi a anibere wom.

Wubetumi Agyina Ano

Ɔkasatia a wubetie no betumi ayɛ yaw. Wobɛpɛ sɛ nkurɔfo gyae wo haw, wogyae atɛn a wobu wo no, wogyae ‘nyansahyɛ a eye’ a wɔde ma no.

Nanso nea yɛpɛ ne ɔkasatia a yɛbɛsɔre atia no remma ennyae. Kateeyɛ yɛ ɔdesani su mprempren. Afei bio, wunni ɔkwan a afoforo fa so de afotu a wɔnsomaa wɔn ma no so tumi.

Sɛ anka wo bo befuw mmom no, fa nea wubetumi anya so nkɛntɛnso no di dwuma: sɛnea wutie. Fa nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ atifi hɔ no bi di dwuma fa gyina ɔkasatia ano na brɛ ne yaw no ase. Woani begye sɛ woyɛɛ saa.

Sɛnea Wɔkasa Tia

Sɛ wukyi ɔkasatia a, ebetumi ayɛ den ama wo sɛ wo nso wobɛkasa atia afoforo. Akwankyerɛ ahorow a ɛsɛ sɛ wokae bere a worekasa atia afoforo ni:

Fa nsɛm kakraa bi di dwuma. Mmɔden a ɛnteɛ a wobɛbɔ na nea worekasa atia no no bo amfuw no taa ma wokasa pii a mfaso nni so, na ebetumi ama waka asɛm a emu nna hɔ.

Kwati onipa no mfomso ketewaa biara a wubehu a wobɛpɛ sɛ woka ho asɛm no. Eyi hyɛ abufuw na ɛtaa ma nnipa ka sɛ nea woka no ho nhia. Wobefi ase akwati wo mpo. Obiara nyɛ pɛ na ɔwɔ mfomso ahorow. Wontumi nsiesie ne nyinaa bere koro mu. Sɛ mfomso a wuhu no nyɛ aniberesɛm a bu w’ani gu so. Bible no ka sɛ: “Ɔdɔ kata mfomso pii so.”​—1 Petro 4:8.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena