Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/10 kr. 3
  • “Nyansa Nam Ne Nnwuma So Di Bem”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Nyansa Nam Ne Nnwuma So Di Bem”
  • Yɛn Ahenni Som—2010
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wukyi Ɔkasatia?
    Nyan!—1991
  • Mɛyɛ Dɛn Anya Nneɛma Ho Adwempa?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Dɛn na Wubetumi Ayɛ Wɔ Abasamtu Ho?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Asɛmpa Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Adwempa Mu
    Yɛn Ahenni Som—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2010
km 7/10 kr. 3

“Nyansa Nam Ne Nnwuma So Di Bem”

1. Ebinom bu adwuma a yɛyɛ no dɛn?

1 Ɛtɔ mmere bi a, afiewuranom bi nnye yɛn fɛw so efisɛ wɔnte yɛn asɛm ase anaasɛ ebia wɔaka Yehowa Adansefo ho asɛmmɔne bi akyerɛ wɔn. Ebetumi aba nso sɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo atosɛm a wɔka fa yɛn ho nti na wɔanya adwene a ɛte saa. Mmeae bi no, wɔka mpo sɛ yɛyɛ “sum ase kuw bi a yɛn ho yɛ hu.” Sɛ nkurɔfo keka nsɛm saa tia yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn?

2. Sɛ nkurɔfo kasa tia yɛn a, dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛn abam ammu?

2 Kɔ So Nya Adwempa: Wɔ afeha a edi kan no mu no, ná nkurɔfo nte Yesu ne Yehowa asomfo afoforo ase, na na wɔkasa tia wɔn. (Aso. 28:22) Nanso, wɔamma kasatia no anhyɛ wɔn aniwu wɔ asɛnka adwuma no ho. Yesu kae sɛ: “Nyansa nam ne nnwuma so di bem.” (Mat. 11:18, 19) Yesu kɔɔ so de nsi yɛɛ n’Agya apɛde, na na ɔwɔ ahotoso sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wohu nokware no behu sɛ asɛmpa no som bo. Sɛ yɛkae sɛ Onyankopɔn ankasa Ba no faa tebea a ɛte saa mu a, ɛremma yɛn abam mmu.

3. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma atosɛm ne ɔsɔretia yɛ yɛn nwonwa?

3 Yesu kyerɛe sɛ wiase bɛtan n’akyidifo sɛnea wɔtan no no. (Yoh. 15:18-20) Ne saa nti, ɛnsɛ sɛ yɛma atosɛm a wɔka ne ɔsɔretia a yehyia nnɛ no yɛ yɛn nwonwa. Nokwarem no, esiane sɛ nna a edi akyiri yi reba n’awiei, na Satan abufuw mu reyɛ den nti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yebehyia tebea a ɛte saa pii. (Adi. 12:12) Nanso, yɛn ani betumi agye efisɛ eyinom kyerɛ sɛ wɔbɛsɛe Satan wiase no nnansa yi ara.

4. Sɛ nkurɔfo kasa tia asɛmpa no a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn?

4 Fi Ayamye Mu Ma Wɔn Mmuae: Sɛ nkurɔfo kasa tia yɛn a, ɛsɛ sɛ bere nyinaa yefi ayamye ne odwo mu ma wɔn mmuae. (Mmeb. 15:1; Kol. 4:5, 6) Sɛ hokwan wɔ hɔ a, yebetumi akyerɛkyerɛ mu akyerɛ ofiewura a ɔwɔ koma pa no sɛ nkurɔfo ka atosɛm pii fa Yehowa Adansefo ho, anaasɛ yebetumi abisa no nea enti a ɔte nka saa. Sɛ yefi odwo mu ne no kasa a, ebia ɛbɛma wabisa yɛn nea wate afa Yehowa Adansefo ho, na sɛ Ɔdansefo bi kɔ ne nkyɛn bere foforo a, watie no. Nanso, sɛ ofiewura no bo fuw a, ɛbɛyɛ papa sɛ yefi hɔ kɔ bɔkɔɔ. Ɛmfa ho adwene a afoforo wɔ wɔ yɛn ho no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bu yɛn som adwuma no sɛ ɛsom bo.—Yes. 52:7.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena