Mmofra Bisa Sɛ . . .
Dɛn Nti Na Biribiara A Meyɛ No Nsɔ Ani Da?
“Mifii ase yɛɛ adwuma maa me papa no, ná ɛyɛ den sɛ mɛsɔ n’ani. Ná m’adi mfa 15 pɛ, na na adwuma no yɛ den yiye; sɛ midi mfomso bi a, ɔkasa tia me denneennenn.”—Randy.
“Ná ma maame te sɛ polisini—na ɔhwehwɛ me ho mfomso bere nyinaa. Me nnya nwiee me fie nnwuma no, ɔbɛba abɛhwɛ sɛnea meyɛ no, ahwɛ sɛ mfomso bi wɔ ho a.”—Craig.
“Ná m’awofo kasa pii dodo wo biribi ho boro nyinaa. Wɔkae sɛ mintumi nyɛ mo nneɛma wɔ ano wɔ ano. Sukuu, ofie, asafo no mu—ná wonyae mo kasakyerɛ pii da”—James.
SO ƐTƆ mmere bi a, ɛyɛ sɛ nea biribiara nni hɔ a woyɛ a ɛbɛsɔ w’awofo ani? So ɛyɛ a, wote nka sɛ wɔrehwehwɛ wo biribiara mu, sɛ wɔrehwɛ wo bere nyinaa, kasa tia wo bere nyinaa, nanso wonsɔ ani da? Sɛ ɛte saa a, ebia wobɛte nka sɛ wote awofo a wɔmpene wo so nhyɛso ase.
Ɛnyɛ wo nko na wo tebea te saa. Ɔbenfo Joyce L. Vedral se: “Wɔn a wonnii mfe aduonu pii ka sɛ awofo haw adwene . . . Wɔka biribiara ho asɛm pii, efi wo dan a wobɛma mu atew so kosi nwura a wobɛtow agu so, efi sɛnea wodi aguaree nĩ so kosi w’ahosiesie so, efi nnamfo a wopaw so kosi wo mmɔdenbɔ wɔ sukuu mu ne dwumadi a wode ba fie bɛyɛ so.” Bere a ntease wom sɛ ɛtɔ mmere bi a eyi haw wo no, ɛnyɛ adebɔne ankasa. Ɛyɛ ne kwan so ara kɛkɛ sɛ awofo bɛteɛ wɔn mma so; ɛyɛ ɔkwan biako a wɔfa so da ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn no adi. Sɛnea Bible no ka no no, agya de animka bɛma “ne ba a ɔdɔ no.”—Mmebusɛm 3:12.
Sɛ w’awofo nteɛɛ wo so pɛn a, so anka ɛrenyɛ wo sɛ ebia wonnwen wo ho? (Mmebuasɛm 13:24; fa toto Hebrifo 12:8 ho.) Ɛnde ɛsɛ sɛ wode aseda ma sɛ wowɔ awofo a wodwen wo ho ma enti wɔteɛ wo so! Wusua, na sɛ wɔde wo toto wɔn ho a, wunni osuahu pii; ɛtɔ mmere bi a, nteɛso bɛfata. Sɛ woannya akwankyerɛ a, ebia ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ “mmerante bere mu akɔnnɔ” bedi wo so.—2 Timoteo 2:22.
Susuw nsɛnnennen a akɔnnɔ yi betumi de aba mmofra so no binom ho. Ɔkyerɛwfo Clayton Barbeau se: “Wiase no mu yɛ hu ma wɔn a wonnii mfe aduonu: dɔnhwerew biara mu no, abofra bi wu wɔ kar akwanhyia a efi asanom mu; wobu akontaa sɛ mmofra a wonnii mfe aduonu bɛyɛ mpem dumien di wɔn ho dɔm afe biara; mmeawa ɔpepem biako nyinsɛn afe biara; mmofra ɔpepem abiɛsa yɛ asadweam nnɛ; nyarewa a wonya fi nna mu abu so.” (How to Raise Parents) Ɛnyɛ nwonwa sɛ ebia w’awofo asi wɔn bo sɛ wɔbɛteɛ wo so bere nyinaa! Sɛnea Bible no ka no, ‘onyansafo betie na n’adenim adɔɔso. Nyansa ne nteɛso na agyimfo bu no animtiaa.’—Mmebusɛm 1:5, 7; fa toto Mmebusɛm 10:17 ho
Nea Enti a Ɛyɛ Yaw
Eyi nyinaa akyi no, “asotwe biara asotwe, mprempren de, ɛnyɛ yɛn sɛ anigyede, na mmom awerɛhowde.” (Hebrifo 12:11) Eyi te saa titiriw bere a wusua no. Wo nipasu nnya nnaa adi ɛ; woda so ara renyin na worehu onipa ko a woyɛ. Enti ɔkasatia—nea wɔadwen ho yiye na wɔka no odwo so mpo—ebetumi ahyɛ abufuw. Nhoma, How to Survive Your Adolescent’s Adolescence se wɔn a wonnii mfe aduonu na “ɔkasatia haw wɔn kɛse.” Sɛnea abofra biako ka no, “ɔkasatia yɛ me yaw.”
Nanso sɛ efi w’awofo hɔ a, etumi yɛ yaw yiye. Ɔbenfo Bettie Youngs kae yɛn wɔ ne nhoma Helping Your Teenager Deal With Stress mu sɛ abofra nam “sɛnea afoforo pene anaa wɔmpene no so” no so na “ohu sɛ ne so wɔ mfaso na ɔsom bo sɛ onipa.” Nanso, awofo na wotumi boa abofra ma onya n’ankasa ho adwene yi sen obiara. Enti sɛ ɔwofo bi teɛ wo so anaa ɔkasa tia sɛnea woyɛ biribi a, ebetumi ahaw wo kɛse, ɛbɛyɛ wo yaw.
Sɛ ɛte saa mpo a, so ɛsɛ sɛ wusi gyinae sɛ biribiara nni hɔ a woyɛ a ɛsɔ ani anaa? Anaasɛ woadi huammɔ korakora esiane sɛ w’awofo daa wo sintɔ kakraa bi adi kyerɛɛ wo nti? Nokwasɛm ne sɛ, nnipa nyinaa tɔ sin ma ɛyɛ awerɛhow. (Romafo 3:23) Na mfomsodi yɛ ɔkwan a wɔfa so sua ade no fã bi. (Fa toto Hiob 6:24 ho.) Ɔhaw no ne sɛ, ebia sɛ woyɛ nea eye a, w’awofo nka ho nsɛm pii—na ebia wɔkasa pii bere a woadi mfomso bi no! Eyi yɛ yaw, nanso ɛnkyerɛ sɛ woadi huammɔ korakora. Sua sɛ wubegye ɔkasatia a ntease wom atom a ɛnhaw wo mmoroso, a wummu no abomfiaa anaa womma emmunkam wo so.—Fa toto Hebrifo 12:5 ho.
Ɔkasatia a Ntease Nnim
Na sɛ ntease nni ɔkasatia no mu nso ɛ? Awofo binom de gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn ɔkwan a ntease nnim so sisi hɔ ma wɔn mma. Ebia wɔbɛhyɛ wɔn mma abufuw denam nsɛm a ɛho nhia a wɔde haw wɔn adwene bere nyinaa so. Na ebia awofo a wɔwɔ nea wobetumi agyina so akasa atia no bɛyɛ saa wɔ ɔkwan a ɛda kateeyɛ ne animtiaabu adi so. Ɔbenfo Bettie Youngs ka nso sɛ sɛnea awofo “de edin binom frɛ wɔn mma, wɔkasa kyerɛ wɔn mmoroso, wɔyaw wɔn, wogu wɔn anim ase, wonunu wɔn, na wohunahuna wɔn no” yɛ “akwan a ɛsɛe ade a wɔfa so di nkitahodi, . . . a ɛsɛe sɛnea abofra no wɔ ne ho mu ahotoso na ɔte nka sɛ ne ho wɔ mfaso no.”
Bere a wɔde ɔkasatia a mfaso nnim pii haw ɔtreneeni Hiob no, ɔteɛɛm sɛ: “Mobɛhaw me kra akosi da bɛn, na mode nsɛm abubu me pasaa?” (Hiob 19:2) Ɔkwan a ɛte saa ara so no, sɛ ɔwofo bu abofra animtiaa bere nyinaa anaa ogyina gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn dodo so bu no atɛn a, etumi hyɛ no abufuw, na ɛhyɛ no ‘awerɛhow.’ (Kolosefo 3:21) Nhoma, Coping With Teenage Depression a Kathleen McCoy kyerɛw no kyerɛ mpo sɛ “awofo gyinapɛn ahorow a ɛkron a mmofra ntumi nnu ho no tumi ma wɔhwere obu a wɔwɔ ma wɔn ho no kɛse na ɛma wɔn adwenemhaw.”
Nokwarem no, ɔkasatia a ɛmfata sɛɛ yi taa ma asɛm no gyina nea egyina ara saa kwan yi so: W’awofo kasa tia wo. Ɛma wote nka sɛ wo ho nni mfaso. Esiane sɛ wote nka sɛ wo ho nni mfaso nti, sɛ w’awofo ka sɛ yɛ biribi a, wontaa nyɛ no yiye. Dɛn na efi mu ba? Ɛma wɔkɔ so kasa tia wo pii.
Nea Ɛde Ɔkasatia no Ba
Wobɛyɛ dɛn atumi asiw tebea a ɛsɛe ade yi ano? Nea edi kan, bɔ mmɔden sɛ wobɛte nea enti a w’awofo te nka saa no ase. So wo ho adwemmɔne nti na wɔhaw w’adwene anaa wɔkasa tia wo bere nyinaa no? Entumi mma saa. Ɔbenfo Joyce L. Vedral bisa sɛ: “Dɛn nti na wɔhaw adwene? Wɔhaw adwene efisɛ obiara ntie wɔn, anaasɛ anyɛ yiye koraa no, obiara nnyɛ sɛ ɔretie wɔn. Dodow a wɔte nka sɛ wɔrebu ani gu wɔn so no, dodow no ara na wɔhaw adwene.” So woma w’awofo hu adanse a ɛkyerɛ sɛ woreyɛ wɔn kasatia no ho biribi ankasa? Anaasɛ wuntie wɔn nsɛm? Sɛ ɛte saa, ɛnde sɛ ɔkasatia no dɔɔso—na emu yɛ den a—ɛnsɛ sɛ ɛyɛ wo nwonwa! Nanso, sɛ wode nsɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 19:20 no di dwuma kɛkɛ a, so ebia ɛrennyae anaa? Saa nkyekyem no kenkan sɛ: “Tie afotu na gye nteɛso, na woahu nyansa w’akyiri nna mu.”
Ɛtɔ mmere bi a, ɛnyɛ wo sintɔ bi na ɛma wo wofo bi kasa tia wo, na mmom ebia na n’ankasa ahaw ara kwa. So wo maame brɛe wɔ adwumam? Ɛnde ebia ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ ɔbɛkasa atia wo esiane sɛ ɛte sɛ nea wo dan mu ntew nti. So wo papa bo afuw anaa ɔte abasamtu nka esiane abusua sikasɛm a ɛnkɔ yiye nti? Ɛnde ebia ɔbɛka nsɛm a wansusuw ho ansa, ma apira wo te “sɛ nkrate nwowɔe” a ɔmmoapa. (Mmebusɛm 12:18) Ampa, eyi nteɛ. Nanso, “yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a owie pɛyɛ.” (Yakobo 3:2) Enti sɛ biribi hyɛ maame anaa paapa so anaa ne bo afuw a, nea nyansa wom sɛ woyɛ ara ne sɛ wobɛyɛ ahwɛyiye, na woakwati ɔkasatia.
Sɛ́ nnipa a wɔnyɛ pɛ no, awofo nso betumi ate nka sɛ wɔtɔ sin. Huammɔ a wubedi no betumi ama wɔate nka sɛ wɔn na wɔadi huammɔ! Ɔbenfo Vedral kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ebia wode adesua mu mmɔdenbɔ ho amanneɛbɔ kratasin a ennye bɛba fie, na w’agya aka sɛ, ‘Adɛn, woyɛ kwasea? M’awo ɔba kwasea.’ Nokwarem no, w’agya nsusuw sɛ wo yɛ ɔkwasea ankasa. Nea ɔreka ankasa ne sɛ, ‘Ɛyɛ me sɛ menkanyan wo mma wunsua ade.’”
Ehu a ɛte sɛɛ nso betumi ama ɔwofo de gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn dodo asisi hɔ. Abofra bi a wɔfrɛ no Jason nwiinwii sɛ: “Biribiara nni hɔ a mayɛ ma asɔ ani da. Sɛ meprapra nwura a, Paapa se dɛn nti na miwiei no, m’ansiesie kar korabea hɔ. Sɛ m’annya ‘A wɔ me sukuu sɔhwɛ mu a, m’awofo se dɛn nti na m’annya ‘A na wɔka kyerɛ me sɛ m’adi huammɔ.” Nanso sukuu mu ɔfotufo bi ne Jason awofo kasae na ohui sɛ: “Ná gyinapɛn a ɛkorɔn pii a wɔhwehwɛ fi wɔn babarima no hɔ no da sɛnea wɔte nka sɛ wɔtɔ sin na adwuma a wɔpawee wɔ asetram ne wɔn sikafam gyinabea ama wɔadi huammɔ no adi.”—Coping With Teenage Depression.
Ɛmfa ho sɛnea wo tebea te wɔ fie no, ebia wobɛte nea enti a ɛtɔ mmere bi a w’awofo yɛ katee no ase yiye. Nanso akwan bɛn so na wubetumi afa agyina awofo kasatia ano? So akwan bi wɔ hɔ a wonam so benya wɔn kasatia no ho mfaso? Yebesusuw nsemmisa yi ho wɔ asɛm bi a ɛbɛba daakye mu.
[Mfonini wɔ kratafa 11]
Sɛ ɔwofo bi kasa tia ɔkwan a wofa so yɛ biribi a, ebetumi ahaw wo yiye