Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 4/1 kr. 30
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Protestantsom Brɛ Obu Ma Bible No Ase
    Nyan!—1982
  • Tuutuufo Mmienu a Wɔyɛ Anuanom
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
  • Yehowa Twe Ne Nkrante Fi Ne Boha Mu!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Atoro Ahenni Bi Sɔre
    “W’Ahenni Mmra”
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 4/1 kr. 30

Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

◼ Dɛn nti na November 1 1988 Ɔwɛn-Aban no kyerɛe sɛ Protestantsom agu ne ho fĩ kɛse mpo sen Roman Katoleksom?

Wɔkaa saa efisɛ ɛne nkɔmhyɛ ne nokwasɛm ahorow no hyia. Wɔkaa sɛnkyerɛnne kwan so Ohola ne Oholiba ho asɛm sɛ nuabeanom a wɔn bra asɛe wɔ Hesekiel nhoma no ti 23. Ná Ohola gyina hɔ ma Israel mmusuakuw du ahemman no na Oholiba gyina hɔ ma Yuda mmusuakuw abien ahemman no. Bere a November 1, 1988 Ɔwɛn-Aban no reka sɛnkyerɛnne kwan so mmea yi ho asɛm no, ɛkae wɔ kratafa 19 sɛ:

“Esiane sɛ Oholiba (Yuda) yɛɛ bɔne kɛse sen ne nuabea [Ohola, anaasɛ Israel] nti, ɔman no huu amane wɔ Babilonfo nsam wɔ 607 A.Y.B. mu. Ne mma totɔe nkrante ano anaasɛ wɔde wɔn kɔɔ nnommumfa mu, na woguu n’anim ase wɔ amanaman no mu. Te sɛ Ohola ne Oholiba no, Kristoman sɛe aware wɔ honhom mu, ade a ɛyɛ bɔne wɔ Onyankopɔn a ɔkyerɛ sɛ ɔsom no no anim. Protestantsom ne n’asɔre ahorow pii no de aguadi ne amammui tumidi agu ne ho fĩ kɛse mpo asen ne nuabea panyin a ɔne Roman Katoleksom no. Enti, Yehowa bɛhwɛ ma wɔasɛe Kristoman nyinaa.”

Efi Nicaea Bagua no so wɔ 325 Y.B. mu no. Ɔhempɔn Konstantino de Roman ɔman no amanne ne gyidi fraa Kristosom a awae mu na ɔbɛyɛɛ Katolek Asɔre foforo no panyin. Enti Roman Katolek Asɔre no betumi ahu sɛ wɔtewee wɔ afeha a ɛto so anan wɔ Yɛn Bere yi mu. Protestantsom bae wɔ afeha 16 Ɔsesɛw Bere no mu. Enti, esiane sɛ na Ohola (Israel) anyin sen Oholiba (Yuda) nti, Ɔwɛn-Aban no frɛɛ Roman Katoleksom sɛ Protestantsom nuabea panyin wɔ ɔkwan a ɛfata so.

Nanso, dɛn nti na wobetumi aka sɛ ‘Protestantsom de aguadi ne wiase no amammui tumi horow agu ne ho fĩ mpo sen ne nuabea panyin Roma Katolek’? Esiane sɛ nokwasɛm ahorow no ne nkɔmhyɛ no hyia nti, ɛka sɛ: “Na ne nua Oholiba hui, nanso ɔmaa n’ani beree bɔne sen ɔno, na ɔmaa n’aguamammɔ sen ne nua no de.”​—Hesekiel 23:11.

Esiane sɛ Katoleksom ne Protestantsom nyinaa yɛ Babilon Kɛse a ɛne wiase nyinaa atoro som ahemman no fã nti, wɔde wɔn ho ahyɛ wiase yi aguadi ne amammui mu akɔ akyiri yiye. (Adiyisɛm 17:1-6; 18:1-19) Ɛwom, ebia Protestant asɔre ahorow no bi nni nkɛntɛnso kɛse te sɛ Roman Katolek Asɔre a ɛwɔ tumi no. Nanso sɛ wɔka Protestant asɔre ahorow pii no bom a, ɛwɔ tumi ne nkɛntɛnso sen Katolek Asɔre biako no. Sɛ nhwɛso no, Protestantsom wɔ nkɛntɛnso kɛse wɔ aman bi a wɔwɔ mfiridwuma ho nimdeɛ a wɔagye din no mu na Protestantfo asɔfo bi hwehwɛ amammui tumi a ɛkorɔn. Enti eyi ne ɔkwan biako a Protestantsom ne n’asɔre pii no afa so agu ne ho fĩ kɛse mpo sen Katoleksom no.

Nanso, wɔ ɔkwan foforo so no, Protestantsom ‘ani abere bɔne kɛse’ na ne ho wɔ asɛm sen Katoleksom. Ɔkwan bɛn so? Wiɛ, anyɛ yiye koraa no Ɔsesɛw no maa Protestantsom nyaa anidaso a ɛbɛma wanya honhom mu ntease kɛse. Nokwarem no, asesɛwfo no mu binom fi koma pa mu yɛɛ nneɛma atitiriw wɔ ho eyi ho. Nanso bere a wowiee biribiara no, nkyerɛkyerɛ a ennyina Kyerɛwnsɛm so te sɛ Baasakoro, ɔdesani kra a enwu da ne hellgya ansakra wɔ Protestantfo mu. Te sɛ Katolekfo no, wɔn nso wɔadi fɔ wɔ abɔde som ne nnipa atetesɛm a wɔde si Bible mu nokware ananmu no ho.​—Mateo 15:1-9; 23:9, 10

Nea yɛn ani gye ho wɔ asɛm yi mu no na wɔaka ho asɛm wɔ Vindication, Nhoma a Edi Kan no mu wɔ afe 1931 mu no. Saa nhoma a Ɔwɛn Aban Asafo no tintimii (mprempren wɔagyae tintim) yi kaa Hesekiel 23:11-13 ho asɛm wɔ kratafa 309 sɛ: “Protestant ‘asɔre a wɔahyehyɛ’ no huu sɛnea Roman Katolek de wiase yi mu aguadi ne amammui tumi agu ne ho fĩ, na ɔkaa nsɛm pii tiaa Katolek wɔ eyi ho; nanso afei Protestantsom kɔɔ so yɛɛ saa ara, nea ɛsen saa mpo. . . . Wɔn baanu nyinaa afa ɔkwan koro no ara so; nanso Protestantsom wɔ ntease kɛse sen Romasom ma enti ɔno na ne ho wɔ asɛm kɛse.”

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Konstantino de Roma man no abosonsom gyidi ne amanne ahorow fraa Kristosom a na awae no mu ma enti ɔbɛyɛɛ Katolek Asɔre foforo no panyin

[Mfonini Fibea]

The Metropolitan Museum of Art, Bequest of Mrs. F. F. Thompson, 1926. (26.229)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena