Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 4/1 kr. 31
  • Ɔdɔ Ka Mmusua Bom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔdɔ Ka Mmusua Bom
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hong Kong
  • Britain
  • South Pacific
  • “Onyankopɔn Nhwɛ Onipa Anim”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nya Yehowa Akwankyerɛ So Mfaso Nnɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • W’abusua Betumi Anya Anigye
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Ka Kyerɛ Wɔn Sɛ Wodɔ Wɔn
    Yehowa Adansefo Binom Asetenam Nsɛm
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 4/1 kr. 31

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Ɔdɔ Ka Mmusua Bom

SƐ AWARE gyina ɔdɔ a nneyɛe a pɛsɛmenkominya nnim kyerɛ no kwan nkutoo so a, na biakoyɛ betumi aba abusua no mu. Ɔdɔ a ɛte saa no fi Yehowa, ɔdɔ Nyankopɔn no hɔ, enti ɛyɛ Onyankopɔn honhom aba. (Galatifo 5:22, 23; 1 Yohane 4:8) Osuahu a edidi so yi kyerɛ sɛnea ɔdɔ a egyina Bible nimdeɛ so aka mmusua abom.

Hong Kong

◻ Wɔ Hong Kong no, ɔkwampaefo bi ne ɔbea bi ne ne mmabea baanu fii ofie Bible adesua ase. Okunu no kae sɛ ɛhaw no sɛ ebia ne yere no de ne ho bɛbɔ nyamesom kuw bi a wɔyɛ katee ho. Ɔkwampaefo no de nyansahyɛ maa ɔbea no sɛ ɔnto nsa mfrɛ ne kunu no mmetra adesua no mu bi na n’ankasa nsi gyinae, na ɔyɛɛ saa. Saa bere no mu no, ɔbea no fii ase baa adesua nanso na ohyia ɔhaw wɔ ne mma a na ɔtete wɔn no fam. Na ɔyeyaw ne ba panyin no bere nyinaa na na ɔhyɛ akumaa no porɔkye. Afei ɛbɛdaa adi sɛ na ɔhaw wɔ ɔne ne kunu no ntam. Na ntɔkwaw a wɔko no ma wɔtaa yɛ basabasa na na ɛsɛ sɛ wɔkɔfrɛ polisifo mpɛn pii. Ɔkwampaefo no de Onyankopɔn Asɛm a tumi wom no kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛnea wɔbɛda Onyankopɔn dɔ adi wɔ wɔn aware mu. Ankyɛ biara wofii ase sakraa wɔn kan nneyɛe ne su horow no. Wɔn baanu nyinaa bɛyɛɛ nnipa a na wɔkɔ nhyiam daa na wonyaa anigye kɛse wɔ wɔn fie. Okunu no gyaee sigaretnom na ɔde ne ho hyɛɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu. Mprempren ne yere no yɛ ɔdawurubɔfo a wɔabɔ no asu.

Wɔnam ɔdɔ a ɛyɛ Onyankopɔn honhom aba a woyii adi no so nyaa abusua mu biakoyɛ.

Britain

◻ Osuahu bi a efi Britain kyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa hyira okunu a oyi ɔdɔ ne boasetɔ adi bere a ɔne ne yere di no mu no mu. Bere a na okunu no reba nokware no mu wɔ mfe 12 a atwam no mu no, sɔre a ne yere sɔre tiaa no denneennen no ma ogyaee n’aware wɔ mmara kwan so. Nanso okunu no kɔɔ so yii ayamye adi kyerɛɛ no na ɔhwɛe sɛ ɔbɛma no sika ma ɔde ahwɛ ne ho, na ɔyɛɛ nnwuma nketenkete maa no daa. Mfe anan wɔ ne ɔsɔretia no akyi no, okunu no sii gyinae sɛ ɔbɛsan aka nokware no ho asɛm akyerɛ no. Bere a ɔde nyansahyɛ maa no sɛ ɔne onuawa bi nsua Bible no, ɔpenee so ma ne ho dwiriw no. Awiei koraa no obegyinaa nokware no afã na wɔbɔɔ no asu. Okunu no kɔɔ so yii ɔdɔ adi kyerɛɛ no na bere a ɔdaa no adi sɛ ɔde nokware no bɛtra ase no ɔbarima no ka kyerɛɛ no sɛ ɔnsan mmɛware no. Ɔbea no ani gyei na esiane ne kan subammɔne no nti na ɔnhwɛ kwan da sɛ ɔbɛyɛ saa. Wɔasan aware bɛyɛ mfe awotwe ni, na wɔn baanu nyinaa renya nkɔso yiye wɔ nokware no mu.

South Pacific

◻ Bɛboro mfe 20 a atwam ni no, aberante bi a na ɔwɔ Tuvalu supɔw bi so wɔ South Pacific kyerɛw kɔmaa Ɔwɛn Aban Asafo no sɛ wɔmana no nhoma. Na Adansefo nni supɔw no so wɔ saa bere no mu. Nanso n’ankasa kenkan nhoma no na ohui sɛ ɛno ne nokware no. Nanso ne yere sɔre tiaa ne gyidi foforo no denneennen ma enti ogyaee.

Bere a wotintim nhoma wɔ Tuvalu kasa mu nnansa yi no, ne yere no nsa kaa nhoma ahorow bi na n’ankasa kenkanee. Ohuu nokware no na onwiinwii kyerɛɛ ne kunu sɛ: “Wahu hann no saa mfe yi nyinaa nanso wantumi ankura mu yiye. Anyɛ yiye koraa no, dɛn nti na wankyerɛkyerɛ nea enti a nea Adansefo no ka no yɛ nokware no mu ankyerɛ me?” Esiane sɛ afei awarefo yi anya adwene biako wɔ Bible mu nokware ho nti, wofii ase ne Yehowa Adansefo bɔe.

Bere a wɔn mmabea baanu a wɔkɔ sukuu wɔ Fiji san baa fie no, awofo no kaa gyinae a wɔasi sɛ wɔbɛyɛ Yehowa Adansefo no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Wɔhyɛɛ mmeawa no nkuran sɛ wɔmmɛka wɔn ho wɔ Bible adesua no mu nanso nea ɛyɛɛ wɔn nwonwa no, wohui sɛ na mmeawa no kɔ adesua dedaw wɔ Fiji. Abusua no boom gyee nokware no na agya no, ɛna no, ne wɔn babea no biako abɛyɛ Ahenni adawurubɔfo.

Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ wohu sɛnea Bible mu nokware ne ɔdɔ ka mmusua horow bom wɔ wiase nyinaa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena