Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • kc ti 10 kr. 87-95
  • Atoro Ahenni Bi Sɔre

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Atoro Ahenni Bi Sɔre
  • “W’Ahenni Mmra”
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ƆWAE KƐSE NO
  • NEA KATOLEKSOM FI
  • NA PROTESTANTSOM NSO Ɛ?
  • “BABILON KƐSE NO”
  • Constantine Ɔkɛseɛ—Obi a Ɔtaa Kristosom Akyi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nea Ɛyɛe a Kristoman Bɛyɛɛ Wiase Yi Fã
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Tete Mfonini​—Constantine
    Nyan!—2014
  • Ɔwae—Wosiw Ɔkwan a Ɛkɔ Onyankopɔn Nkyɛn No
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
“W’Ahenni Mmra”
kc ti 10 kr. 87-95

Ti 10

Atoro Ahenni Bi Sɔre

1. “Asɛmpa” no trɛw koduu he wɔ tete mmere mu?

WƆ ƆTAA a wodii atirimɔdensɛm a ɛsen biara wom mu no, Kristofo asafo a na ɛnkyɛe no dɔe na ɛtrɛwee. Onyankopɔn Ahenni a ɛnam Mesia so ho asɛmpa no nokware no kɔɔ so ‘sow aba na enyinii wɔ wiase nyinaa.’ Bere a Ahenni no adawurubɔfo no kɔɔ nsasesin afoforo mu no, asɔretiafo nwiinwii sɛ “eyinom a wɔadan wiase ani no aba ha nso!”—Kolosefo 1:5, 6; Asomafo no Nnwuma 17:6.

2. Mmɔden ahorow bɛn na Ɔbonsam bɔe sɛ ɔde besiw nokware no ano na antrɛw, nanso dɛn nti na wantumi?

2 Nanso dɛn na nnipa a yɛnsɛ hwee betumi ayɛ na nokware no antrɛw? Abakɔsɛm kyerɛwtohɔ kyerɛ sɛ Yɛn Bere yi mu mfeha abiɛsa a edi kan no mu no, Roma Ahemman no Kaesare de ɔtaa ahorow 10 baa tete Kristofo no so, nanso ne nyinaa antumi anyɛ hwee. Wɔn a wodii Yesu anammɔn akyi ‘gyinaa gyidi mu pintinn’ no ampene sɛ wobegyae nsɛm mu asiesie, ɛwom sɛ saa “gyata a ɔbobom” no a ɔne Ɔbonsam no hwɛe ma wɔde wɔn mu pii maa agyata ankasa anaasɛ wɔyɛɛ wɔn aninyanne de kosii owu mu mpo de.—1 Petro 5:8, 9; fa toto 1 Korintofo 15:32; 2 Timoteo 4:17 ho.

3. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wohyɛ “Onyankopɔn akode nyinaa”?

3 Esiane sɛ ntua a ɛyɛ ɔtaa tẽẽ no taa yɛ kwa nti, Ɔbonsam hwehwɛe sɛ ɔbɛfa anifere kwan kɛse so asum Yesu akyidifo afiri. Ná ahantan, ɔbrasɛe wiase a anigyede abɔ no dam atwa wɔn ho ahyia, na Satan de eyi dii dwuma kosii ase de bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdan wɔn afi Onyankopɔn som ho. Ná ehia sɛ ‘wogyina pintinn,’ sɛnea ɔsomafo Paulo tĩ mu ka mprɛnsa wɔ Efesofo 6:11-18, bere a ɔrekyerɛkyerɛ “Onyankopɔn [honhom mu] akode” a ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma no mu no. So w’ankasa woahyɛ “Onyankopɔn akode no nyinaa”? Ɛsɛ sɛ wohyɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi agyina “nna a edi akyiri” yi mu sɔhwɛ no ano. (2 Timoteo 3:1-5) Ná Kristofo a wɔte ase saa bere no wɔ afeha a edi kan no mu no hia. Dɛn nti na ɛte saa titiriw?

4. Wɔ afeha a edi kan no mu no, Ahenni nokware atitiriw bɛn na Kristofo bɛtee ase?

4 Ná wɔn gyidi no yɛ kronn a ne ntease nyɛ den. Saa bere no na wɔn nyinaa yɛ Kristofo a wɔde honhom asra wɔn a wɔhwɛɛ kwan sɛ wobenya owusɔre daakye “akɔ yɛn Awurade ne yɛn agyenkwa Yesu Kristo daa ahenni no mu.” (2 Petro 1:11; 1 Korintofo 15:50) Anyɛ yiye koraa no, efi bɛyɛ afe 96 Y.B., bere a ɔsomafo Yohane a na wabɔ akora no nam Onyankopɔn honhom so gyee Adiyisɛm no, wobehui sɛ wɔn dodow, sɛ “kuw ketewa,” no bɛyɛ 144,000. Sɛ́ ‘ahene ne asɔfo’ a wɔka Kristo ho wɔ ɔsoro no, wobedi asase so ahene mfirihyia 1,000. Wɔkyerɛɛ Yohane sɛ bere a wɔaboaboa honhom mu Israel a wɔn dodow yɛ 144,000 no ano “akyi” no, mmarima ne mmea anokwafo “nnipa kuw kɛse” a wonnim wɔn dodow, “a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” bɛda wɔn ho adi. Sɛ́ kuw no, eyinom benya wɔn ti adidi mu wɔ “ahohia kɛse” a edi akyiri wɔ asase so no mu na wɔabɛyɛ adesamma abusua a wobenya mfirihyia apem nhyira horow wɔ Ahenni no mu no mufo a wodi kan.—Luka 12:32; Adiyisɛm 7:4, 9-17; 20:1-6; 21:1-5.

ƆWAE KƐSE NO

5, 6. (a) Kyerɛw nsɛm ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ, saa bere no mpo, na Ɔbonsam fa anifere kwan kɛse so de ntua ba wɔn so? (b) Asɛmfua biako bɛn na wode bɛka ho asɛm?

5 Ɛnde, na dɛn ne Ɔbonsam anifere kwan so ntua no? Ɔsomafo Petro redan adwene akɔ Israel a anni nokware no so no, ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Na atoro adiyifo nso wɔ ɔman no mu, sɛnea atoro akyerɛkyerɛfo bɛba mo mu nso. Wɔn na wɔde ɔsɛe fekusɛm bɛba abɛhyɛ mu, . . . Na wɔnam anibere so de nsisisɛm bɛpɛ mo ho mfaso.” (2 Petro 2:1, 3) Ná saa atoro fekusɛm akyerɛkyerɛfo yi, ne wɔn atoro nyamesom nkyerɛkyerɛ no, afi ase reda adi dedaw wɔ afeha a edi kan no awiei, efisɛ bɛyɛ afe 98 Y.B. na ɔsomafo Yohane kyerɛw eyi no: “Na sɛnea moate sɛ anti Kristo no rebɛba no, saa na mprempren yi anti Kristo bebree aba nen . . . Wofi yɛn mu na ɛkɔe de, nanso wɔnka yɛn ho.”—1 Yohane 2:18, 19.

6 Wɔ afe 51 Y.B. mu tɔnn no, na ɔsomafo Paulo abɔ atoro nkyerɛkyerɛ ahorow a ɛfa ‘Yehowa da’ ho no ho kɔkɔ wɔ nea ɛte sɛ ɛyɛ ne krataa a ɛto so abien no mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mommma obiara nnnaadaa mo biribiara fam, efisɛ ɛremma, gye sɛ ɔwae a wɔbɛwae no aba ansa, na wɔayi onipa a onni mmara no adi, ɔsɛe ba no.” “Onipa a onni mmara” yi betumi ayɛ hena? Ɛsɛ sɛ ɛyɛ nyamesom akannifo mmaratofo no, kyerɛ sɛ, ɛwom sɛ wose wɔyɛ Kristofo de, nanso “wonnim Nyankopɔn” na “wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no.” (2 Tesalonikafo 1:6-8; 2:1-3) Ɛbɛyɛ dɛn na awaefo kuw a ɛte sɛɛ atumi asɔre wɔ Kristofo asafo no mu?

7. Ɔkwan bɛn so na wosum Yesu akyidifo no bi afiri, na ɛkowiee dɛn?

7 Bere a na Yesu Kristo asomafo no da so te ase no, wosii atoro nkyerɛkyerɛ kwan, nanso na “mmarato ahintasɛm” no reyɛ adwuma dedaw, “Satan adwumayɛ so,” na ɛbɛdaa adi pefee wɔ afeha a ɛto so abien no mu. Ɛmfa ho sɛ na Yesu aka n’akyidifo ho asɛm sɛ, “mo nyinaa yɛ anuanom” no, pɛ a ebinom pɛe sɛ wɔyɛ wɔn ho akɛse no maa Ɔbonsam afiri yii wɔn. Afei wɔde nsonsonoe baa asɔfo ne asafo mma mu. Nkakrankakra no, tebea a ɔsomafo Paulo hyɛɛ ho nkɔm no bae: “Na ɛbere bi bɛba a wɔrentie ɔkyerɛ pa a eye no, na sɛ wɔn asom yɛ wɔn hene nti, wɔbɛsoa akyerɛkyerɛfo aboa wɔn ho so, sɛnea wɔn ankasa akɔnnɔ te. Na wobeyi wɔn aso afi nokware ho.”—2 Timoteo 4:3, 4; 2 Tesalonikafo 2:6-10; Mateo 23:8.

8. (a) Atoro nkyerɛkyerɛ fibea atitiriw abien no ne dɛn? (b) Encyclopaedia ahorow ka Kristosom sɛe ho asɛm dɛn?

8 Ɛnde, ɛhe na wɔdanee wɔn asõ kɔe? Wɔdan kɔɔ nkyerɛkyerɛ ahorow a efi atoro som fibea a na ɛwɔ tete Babilon, ne Helafo nyansapɛ ahorow a na ahyeta wɔ Roma ahemman a na ɛwɔ hɔ saa bere no mu no so. Sɛnea M’Clintock and Strong Cyclopaedia ka no: “Wɔmaa Asɛmpa no yɛɛ hwanyann; wɔde amanne akɛseakɛse ne guasodeyɛ ahorow bae; wɔde wiase nidi ne akatua maa Kristosom akyerɛkyerɛfo no, na Kristo ahenni no fã kɛse sakra bɛyɛɛ wiase ahenni.” Encyclopaedia Britannica no de nea edi so yi ka ho sɛ: “Ebia biribiara nni hɔ a asɛe Kristosom korakora sen gyidi hunu ahorow a wɔde baa mu a nokwarem no, ɛyɛ abosonsom, anaasɛ abosonsom na ɛma wɔyɛe no. Ɛwom sɛ abosonsom antumi antu Kristosom ase de, nanso ayɛ pii de asɛe no, na afa akwan pii so asɛe ne kronnyɛ.”

9. (a) Gyidi horow a abu so bɛn na efi nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ ɔdesani kra nwu da no mu aba? (b) Ɔkwan bɛn so na Bible no kyerɛ sɛ nkyerɛkyerɛ a ɛtete saa no nyɛ nokware?

9 Saa gyidi hunu ne abosonsom nneyɛe yi bi ne dɛn? Emu titiriw ne Hela nyansapɛfo Plato nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ ɔdesani kra nwu da no. Gyidi a ɛte saa hwehwɛ sɛ ɔkra no kɔ baabi wɔ owu akyi, ɔkɔ ɔsoro anigye mu, ahodwiragya bi mu ma wɔkɔtew ne ho anaasɛ hellgya bi mu ma wɔyɛ no ayayade daa. Eyi ne kyerɛw nsɛm te sɛ Dwom 146:4; Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Mateo 10:28 ne Romafo 6:23 a ɛwɔ Bible mu no nhyia.

NEA KATOLEKSOM FI

10, 11. (a) Dɛn na Ɔsɔfopɔn Newman gye tom wɔ n’Asɔre no nkyerɛkyerɛ pii ho? (b) Esiane sɛ ose Asɔre nneyɛe ne nkyerɛkyerɛ “fi abosonsom mu” nti, wobetumi abu eyinom sɛ ɛyɛ kronkron ampa?

10 Wɔ John Henry Newman a na ɔyɛ afeha a ɛto so 19 mu Roma Katolek ɔsɔfopɔn no Essays and Sketches no mu no, ɔkyerɛ faako a n’Asɔre no mu nkyerɛkyerɛ no mu bebree fi bere a ɔka eyi no: “Anwonwasɛm a wɔagye atom wɔ mmaa nyinaa ne eyi:—Sɛ wobehu nea wɔagye atom wɔ mmaa nyinaa sɛ Kristosom mu nokware no mu fã kɛse no ara mfiase anaa n’afã horow wɔ abosonsomfo nyansapɛ ne nyamesom ahorow mu. Sɛ́ nhwɛso no, wohu Baasakoro nkyerɛkyerɛ no wɔ Apuei ne Atɔe nyinaa; saa na ɛte wɔ aguare ho guasodeyɛ no nso ho; na saa na afɔrebɔ amanne no nso te. Onyankopɔn Asɛm ho nkyerɛkyerɛ no nso yɛ Plato nkyerɛkyerɛ; Onyame a ɔyɛ ne ho nipa ho nkyerɛkyerɛ no yɛ Indiafo nkyerɛkyerɛ.” Afei, bere a ɔsɔfo panyin no rebua ɔkasatiafo bi a ogye akyinnye ka sɛ, “Nneɛma yi yɛ abosonsom, enti ɛnyɛ Kristosom fã” no, ose: “Yɛn de, yɛpɛ sɛ yɛka mmom sɛ, ‘nneɛma yi yɛ Kristosom, enti ɛnyɛ abosonsom.’” Nanso ne fibea ne Babilonfo ne Helafo nkyerɛkyerɛ a na ɛwɔ hɔ mfehaha ansa na Roma Katoleksom no reba. Afei nso, wonhu wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible mu.

11 Ɔsɔfopɔn Newman nsɛm a ɔkae wɔ ne nhoma The Development of Christian Doctrine mu no san sii so dua sɛ ɔwae kɛse no kɔɔ abosonsom mu bio kɔfaa ne nkyerɛkyerɛ ne guasodeyɛ ahorow fii mu, faako a ɔkyerɛw sɛ: “Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔakamfo [Roma Katolek] ɔsom foforo no akyerɛ abosonsomfo no, Constantine de honam fam ahyehyɛde a wonim dedaw wɔ wɔn ankasa de no mu no baa mu.” Afei, bere a ɔbobɔɔ nneyɛe pii a ɛwɔ n’asɔre mu din akyi no, ɔsɔfopɔn no gye tom sɛ eyinom “nyinaa fi abosonsom mu, na wɔnam gye a wogye baa Asɔre no mu so tew ho.” Nanso so wobetumi ‘atew’ atoro nkyerɛkyerɛ “ho,” anaa wɔayɛ no kronkron?

12, 13. (a) Tebea horow ne adwene bɛn nti na Constantine kyerɛɛ anigye wɔ Roman Katoleksom ho? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ebia Constantine fi ne koma mu na ɔbɛyɛɛ Kristoni anaasɛ ɛnte saa?

12 Ɛha no, ná ɔsɔfopɔn no reka Constantine Ɔkɛseɛ a na ɔyɛ afeha a ɛto so anan mu Roma ɔhempɔn no ho asɛm. Ná dɛn ho anigye na Constantine wɔ wɔ ɔsom mu? Constantine de ɔko kɔtoaa Roma wɔ afe 312 Y.B. mu akyi mfe bi no, ɔkae sɛ ɛda a ade rebɛkye ma wakodi nkonim no, ohuu mmeamudua bi a ɛredɛw a na wɔakyerɛw so sɛ “Fa Eyi Di Nkonim” wɔ anisoadehu mu. Ɔkyerɛw eyi guu ne frankaa so. Ɛda adi sɛ ɔno na ɔde Roma Katolek som no nnyinaso ahorow sii hɔ na ɔde anya mmoa de adi n’ankasa amammui nneɛma ahorow ho dwuma, na ɔde abosonsom gyidi ahorow a na n’ani da so ara gye ho yiye no bɛfraa “Kristofo” ɔsom nhyehyɛe no mu.

13 Encyclopaedia Britannica ka fa Constantine ho sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ na abosonsom gyidi da so ara di dwuma wɔ ɔbarima yi a bere a ne wu rebɛn no, na ɔda so kura abosonsom gyidi hunu pii mu no mu. . . . Nea Constantine yɛe nti na wɔbɛfrɛɛ no Ɔkɛseɛ na mmom ɛnyɛ onipa ko a na ɔyɛ nti. Sɛ wɔhwɛ ne suban a, nokwarem no, ɔka wɔn a na wɔba fam koraa a wɔde abodin [“Ɔkɛseɛ”] no afrɛ wɔn wɔ tete hɔ ne nnɛ no ho.” Eyi da adi wɔ sɛe a ɔsɛee koraa ma okunkum n’ankasa abusuafo bebree no mu. Akyiri yi, wɔdanee n’abosonsom abodin “Pontifex Maximus” no maa Roman Katolek Asɔre no popenom.

14. So na Roma popenom gyina Onyankopɔn Ahenni ananmu ampa, na dɛn nti na wubua saa?

14 Esum ne Mfinimfini Mmere no mu nyinaa no, Roma popenom dii tumi sɛ ahemfo pɛpɛɛpɛ wɔ asase so. Wɔantwɛn amma Kristo amfi soro amfa ne mfirihyia apem nniso no ansi hɔ. Ná wɔpɛ “ahenni” saa bere no esiane wɔn ankasa ahopɛ mfaso nti. Encyclopaedia Britannica de nsɛm yi ka ho asɛm sɛ: “Nea efi mfiase pɛɛ a ɛma wɔsɛee Kristosom no mu biako ne mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛdan Kristofo Onyankopɔn ahenni no ayɛ no ahemman bi a aniwa hu a emu na ahotefo no faa asase no dii so ankasa.” Ná ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa komapafo pɛe sɛ wɔsɔre tia “Kristosom a wɔasɛe no” saa no! Nanso, Atirimɔden Asenni a nnipa a wɔhyew wɔn nnua ho nkutoo bɛboro 30,000 no siw nea wose wɔyɛ ɔsom mu atuatewfo no kwan bere tenten. Nanso ankɔ so daa!

NA PROTESTANTSOM NSO Ɛ?

15. (a) Dɛn na Protestant Ɔsesɛw no bɛyɛe ankasa? (b) Ɔkwan bɛn so na Protestantsom wɔ nkoayɛ mu de bedu yɛn bere yi so?

15 Wɔ October 31, 1517 owigyinae no, Roman Katolek sɔfo Martin Luther de ɔsɔretia nsɛm 95 kɔbɔɔ asɔredan a ɛwɔ Wittenberg, Germany no pon ho. Ná Protestant Ɔsesɛw no afi ase. Nanso, sɛ́ ɛbɛsan de Kristofo kyerɛ kronn ne Onyankopɔn som kronkron asan aba mmom no, Ɔsesɛw no bɛyɛɛ amammuisɛm titiriw. Wɔnam nyamesom akodi ahorow, te sɛ Mfirihyia 30 Ko a ɛbae wɔ 1618-1648 wɔ Europa a wokunkum nnipa ɔpepem pii wom no so bɔɔ mmɔden sɛ wobenya nsase. Aman pii de wɔn man som ahorow sisii hɔ, na eyinom kɔɔ so kyerɛkyerɛɛ Katoleksom nkyerɛkyerɛ atitiriw te sɛ ɔkra a enwu da, hellgya mu aninyanne, Baasakoro, nkokoaa asubɔ ne afoforo pii no. Wɔakɔ so ayɛ nkoa ama ɔwae kɛse no nkyerɛkyerɛ yi de abesi nnɛ da yi.

“BABILON KƐSE NO”

16, 17. (a) Ɛdɛn na Yeremia 51:6 kyerɛ yɛn nnɛ? (b) Ɛyɛɛ dɛn na Babilon nyamesom trɛw kɔɔ amanaman nyinaa mu?

16 Ɛnyɛ nnipa a wose wɔyɛ Kristofo nko na wɔsom atoro som. Odiyifo Yeremia bɔ yɛn kɔkɔ sɛ:

“Munguan mfi Babel, na mommoma mo kra mfi mu mfi.” (Yeremia 51:6)

Eyi kyerɛ yɛn biribi nnɛ. Wɔ Yeremia bere so mpo, na Babilon agye dimmɔne wɔ ne som mu amanne bɔne ahorow ne n’anyame bebrebe no ho. Nanso nnɛyi Babilon no de, ɛwɔ amanaman nyinaa mu. Ɛyɛɛ dɛn na eyi bae?

17 Noa bere so Nsuyiri no akyi no, na ɛyɛ Babilon na ɔbɔnefo Nimrod, “ɔbɔmmɔfo a ɔwɔ tumi [a na ɔsɔre tia Yehowa],” fii ase kyekyeree kurow-ahenni, na ɛbɛyɛ sɛ ɛhɔ na ɔtoo nyamesom aban tenten a atifi kodu ɔsoro no. Yehowa nam adesamma kasa a ɔyɛɛ no basabasa na ɔbɔɔ wɔn hwetee “asase nyinaa ani” no so maa saa nhyehyeɛ ahorow no yɛɛ ɔkwa. Nanso wɔde wɔn atoro som no kaa wɔn ho kɔe. Ɛno na ɛbɛyɛɛ ntini a wiase nyamesom no mu dodow no ara afi mu anyin no.—Genesis 10:8-10; 11:1-9.

18. Atoro ahenni bɛn mu na ɛsɛ sɛ yeguan fi, na ɛsɛ sɛ yɛkɔ he?

18 Sɛnea yɛahu no, Constantine de atoro som a ɛtete saa fraa Kristofo nkyerɛkyerɛ mu bere a ɔtoo Roman Katoleksom no nhyɛase horow no. Eyi nso bɛyɛɛ Protestantsom nkyerɛkyerɛ no mu dodow no ara fibea. Asase so som ahorow a wɔnyɛ “Kristofo” no nso ntini fi tete Babilon. Atoro Kristofo ne wɔn a wɔnyɛ “Kristofo” som nyinaa ka bom yɛ wiase atoro som ahemman. Ɛyɛ atoro ahenni bi a ɔsomafo Yohane kaa ho asɛm sɛ “Babilon kɛse no . . . kurow kɛse a edi asase so ahene so [nyamesom] hene no.” (Adiyisɛm 17:5, 18) Enti, nea ɛbɛyɛ na ‘yɛn mu biara ama ne kra afi mu afi no,’ wotu yɛn fo yiye sɛ yenguan mfi Babilon atoro “ahenni” no mu, yiw, yenguan nkɔ Onyankopɔn Ahenni mu!

[Kratafa 95 adaka]

SATAN KO TIA ONYANKOPƆN AHENNI NKOA DENAM—

● Ntua a ɔde ba tee a ɛne ɔtaa ahorow—denam abusuafo, nniso ahorow, ne nyamesomfo a wɔnka wɔn ho asɛm a ɛyɛ nokware nkyerɛ wɔn so

● Ɔbrasɛe mu a ɔdaadaa wɔn kɔ wɔ nnɛyi asetra a obiara tumi yɛ nea ɔpɛ no mu so

● Nkuran a ɔhyɛ amanfo ma wɔde asetra mu gyinabea, ahode, abusua ne ɔman a wofi mu hoahoa wɔn ho so

● Mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛma wɔayɛ wɔn a wɔpɛ anigyede sen Onyankopɔn—a nneɛma a wɔde gye wɔn ani adi wɔn ti so

● Nkyerɛkyerɛ a ɛfa Onyankopɔn a wonnye no nni, ne adannandi ho a ɔma enya nkɔso so

● Nokware Kristosom a ɔnam Kristoman atoro ahenni a awae no so keka ho nsɛmmɔne no so

● Atoro akyerɛkyerɛfo a ɔma wɔsɔre de akyinnye bedua nokware Kristofo mu na wɔfa anifere kwan so bu wɔn aba mu so

YƐNAM YƐN GYIDI SO BETUMI ADI SATAN WIASE NO SO NKONIM

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena