Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 2/14 kr. 12-13
  • Tete Mfonini​—Constantine

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Tete Mfonini​—Constantine
  • Nyan!—2014
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • OGYEE ASƆREASƆRE NO TOOM DE YƐƐ NEA ƆPƐ
  • KRISTOSOM BƐN NA ƆDE BAE?
  • Constantine Ɔkɛseɛ—Obi a Ɔtaa Kristosom Akyi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nea Ɛyɛe a Kristoman Bɛyɛɛ Wiase Yi Fã
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Atoro Ahenni Bi Sɔre
    “W’Ahenni Mmra”
  • Ɔwae—Wosiw Ɔkwan a Ɛkɔ Onyankopɔn Nkyɛn No
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2014
g 2/14 kr. 12-13
Constantine honi

TETEFO MFONINI

Constantine

Constantine ne Roma ɔhempɔn a odii kan kae sɛ ɔyɛ Kristoni. Ɔnam saa ade yi so de nsakrae kɛse baa wiase abakɔsɛm mu. Ɔsom a na ɔmanfo tan wɔn denneennen no, ogyee wɔn toom na ɛno na ɛdede mu ara bɛyɛɛ Kristoman. Nhoma bi ka sɛ, efi saa bere no, sɛ ɛba “amanyɔsɛm ne ɔmanfo asetena mu” a, wonsian Kristosom ho mmɔ pɔw.​—The Encyclopædia Britannica.

ADƐN nti na ɛsɛ sɛ tete Roma hempɔn ho asɛm hia wo? Sɛ woyɛ obi a Kristosom hia wo a, kae hu sɛ Constantine amanyɔsɛm ne ne nyamesom ka ho bi paa na asɔre bebree gyidi ne wɔn nneyɛe te sɛnea ɛte nnɛ yi. Momma yɛnhwɛ nea ɛyɛe a ɛbaa saa.

OGYEE ASƆREASƆRE NO TOOM DE YƐƐ NEA ƆPƐ

Afe 313 Y.B. no, Constantine na na odi Roma Ahemman no fã a ɛwɔ Atɔe no so, ɛnna Licinius ne Maximinus di Apuei fam deɛ no so. Wɔn nyinaa maa kwan sɛ obiara tumi som nyame biara a ɔpɛ. Kristofo no mpo, afei deɛ wɔmaa wɔn kwan sɛ wotumi som wɔn Nyankopɔn. Constantine amma obiara anyɛ Kristofo basabasa efisɛ na ogye di sɛ Kristosom de biakoyɛ bɛba ahemman no mu.a

Ɛyɛɛ Constantine ahometew sɛ mansotwe apaapae Kristofo mu. Ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛka wɔn abom, enti ɔkɔfaa biribi bae a ɔno na ɔseɛ sɛ ɛyɛ nkyerɛkyerɛ papa, na ɔhwɛ ma wɔde yɛɛ adwuma. Na ɛnyɛ asɔfo no abodwo, nanso ayɛ ɔhene nti, wogye toom saa. Asɔfo a wogye toom no nyinaa, wannye wɔn tow biara, na obuee ne nsam maa wɔn. Charles Freeman kyerɛw sɛ: “Kristoni biara a ɔde saa nkyerɛkyerɛ no bɛyɛ adwuma no, obenya kwan akɔ soro asan anya ne ho tam asase so.” Enti ɛkɔbae sɛ nea asɔfo no bɛka na wiase atumfoɔ de yɛ adwuma. A.H.M. Jones nso kyerɛw sɛ: “Asɔre no nyaa kamafo, na enyaa ne wura nso.”

“Asɔre no nyaa kamafo, na enyaa ne wura nso.”​—A.H.M. Jones, ɔkyerɛw abakɔsɛm

KRISTOSOM BƐN NA ƆDE BAE?

Nkabom a Constantine ne asɔfo no yɛe no, nea ɛde bae ne Kristosom ne abosonsom a adi afra. Saa na na ɛbɛyɛ efisɛ ɔno deɛ ɛdɔm a obenya wɔ asɔreasɔre mu na na ehia no na ɛnyɛ nokware nkyerɛkyerɛ bi na na ɔrehwehwɛ. Adeɛ yi abosonsomfo man na na odi so, enti ɛbɛyɛ dɛn na ɔrenyɛ saa. Na Constantine pɛ sɛ Kristofo ne abosonsomfo nyinaa gye no tom, enti abakɔsɛm kyerɛwfo bi kae sɛ, “ɔhyɛɛ da sɛ ɔremma ne nneyɛe ne n’amammuo mu nna hɔ.”

Na Constantine se ɔyɛ Kristoni nanso na ne nan biako si abosonsom mu. Wo deɛ hwɛ o, Bible kasa tia nneɛma bi te sɛ asumansɛm, nanso na ɔyɛ bi. (Deuteronomium 18:10-12) Wɔasi dan bi wɔ Rome a wɔde kae Constantine. Ne mfonini si so a ɔrebɔ afɔre ama abosom. Afei ɔde owia nyame mfonini too sika so. Ɔyɛɛ eyi nyinaa de hyɛɛ nyame no anuonyam pagyaa ne som. Afei, nea ɛbɛtɔɔ mu koraa ne sɛ Constantine ma wosii abosomfie maa ɔne n’abusua wɔ Umbria, Italy. Anso hɔ ara, ɔde abosomfo koguu hɔ.

Constantine amma “Kristofo” no ammɔ no asu ntɛm. Otu hyɛɛ da. Bere a ɔrebewu wɔ afe 337 Y.B. no na ɔbɔɔ asu. Animdefo bi kyerɛ sɛ ɔboapa tuu asubɔ no hyɛɛ da sɛnea ɛbɛyɛ a Kristofo ne abosonsomfo a wɔwɔ ahemman no mu nyinaa bɛtaa n’akyi. Nea ɛwom ara ne sɛ, wohwɛ n’abrabɔ ne n’asubɔ a otutu hyɛɛ da no a, wutumi hu sɛ ne Kristosom no, asɛm wɔ ho. Nanso ade biako bi deɛ, yebetumi aka no pen. Ɛne sɛn? Ɛne sɛ, asɔre a Constantine gye toom no, ɛbɛyɛɛ nyamesom ne amanyɔsɛm kuw a n’ano duru guam, na ɛnam so danee n’akyi kyerɛɛ Kristo na ɛne wiase no dii hwebom. Nanso Yesu kaa n’asuafo no ho asɛm sɛ: ‘Wɔnyɛ wiase no fã sɛnea ɔnyɛ wiase no fã no.’ (Yohane 17:14) Enti asɔre a ɛne wiase di hwebom no, ɛno mu na yebenyaa asɔreasɔre buburugyaa a ɛwɔ wiase nnɛ no.

Dɛn na eyinom nyinaa ka kyerɛ yɛn? Ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ asɔre biara nkyerɛkyerɛ na ɛsɛ sɛ yegye tom. Ɛsɛ sɛ yɛde Bible hwehwɛ mu.​—1 Yohane 4:1.

a Ɛyɛ nnipa pii sɛ na Constantine Kristosom no nni mũ. Nhoma bi kyerɛ sɛ, ɛfã firi sɛ “n’adedi rekɔ awiei mpo, na ɔsosɔ abosonsomfo so.”

NE HO NSƐM TIAWA

  • Afe 306 Y.B., Roma Ahemman no fã a ɛwɔ Atɔe no, Constantine na na odi so, na efi afe 324 kosi 337 no, na Apuei ne Atɔe nyinaa da n’abam.

  • Constantine anom asɛm ne sɛ, onyaa yikyerɛ bi sɛ Kristofo Nyankopɔn no bɛbɔ no kyidɔm ama wadi n’atamfo so.

  • Constantine dii nkonim ɔko bi mu. Ɔkyerɛe sɛ saa nkonimdi no fi Onyankopɔn enti “ntɛm paa ara na ɔhyɛɛ ne nkurɔfo” sɛ, ne honi bi a esi “baabi a nkurɔfo taa fa wɔ Rome no,” wɔmfa peaw nyɛ krɔss nkɔhyɛ ne nsam.​—Paul Keresztes.

  • Constantine de abosonsom mu abodin bi too ne ho so: pontifex maximus, anaa ɔsɔfopanyin, na obuu ne ho sɛ ɔsom a ɛwɔ n’ahemman mu nyinaa wura.

Ɛdan a wɔde kae Constantine

Ɛdan a wɔde kae Constantine nkonimdi

  • “Ɔhempɔn papa anaa Kristoni papa deɛ, nea ɛsɛ sɛ woyɛ ara ne sɛ, wobɛhwehwɛ Onyankopɔn anim anuonyam anaasɛ wobɛhwɛ so adi wo hene. Constantine deɛ, bere a obedii ade no, na tumidi yɛ no dɛ na ɔyɛɛ nneɛma bɔne pii sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkɔ so atena akongua no so.”​—Richard Rubenstein, ɔbenfo a ɔyɛ nyamesom mu ntawntawdi mu nhwehwɛmu.

  • “Sɛ obi amfeefee Constantine Kristosom mu a, ɛnde ɔbɛka sɛ bere a ɔrebewu no na ɔyɛ Kristoni.”​—Paul Keresztes, ɔbenfo a ɔkyerɛw abakɔsɛm.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena