Daakye Hokwan Ahorow A Ɛwɔ Hɔ Ma Protestantsɛm—Ne Wo!
KRATAA bi a wɔde kɔmaa Germany atesɛm krataa bi samufo wɔ November 1986 mu no fii ase sɛ: “Asram pii ni a meresua Lutheran nyamekyerɛ ma enti merebɛyɛ asɔre no somfo.” Ɛtoaa so sɛ: “Mepɛ sɛ metwe adwene si nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nea yɛn ntetee no gyina so titiriw ne Bible no a wotutu gu no so—ne nnuraho no nkutoo na wogyaw. . . . Bere a wɔsɛe osuani no gyidi anaa ne nnyinaso a ɛne Kyerɛwnsɛm no, n’akyerɛkyerɛfo no mu dodow no ara rekyerɛ no sohyialist ‘asɛmpa foforo’ no na enti ɛma asɔre no sakra bɛyɛ ade foforo koraa. Onyankopɔn awu—sohyialism nya nkwa daa! Yesu aporɔw wɔ ne da mu, ɛsɛ sɛ yegye yɛn ho nkwa! Eyi ne nkrasɛm a asɔfo pii de kɔ wɔn asɛnka agua so Kwasida biara. Yehia nhyehyɛe foforo a wɔde bɛkyerɛ yɛn Bible no kɛse, nanso mprempren de asɔre no rehyɛ eyinom so.”
Bere a wobu ani gu Onyankopɔn asɛm so sɛɛ no, so anidaso bi wɔ hɔ sɛ asɔre no ne n’asɔremma no betumi asɔre afi wɔn honhom mu basaayɛ no mu? Afeha 18 mu Bible asekyerɛfo bi kae ma ɛfatae sɛ: “Wogyina sɛnea asɔre no bu Kyerɛwnsɛm no so de hu n’ahoɔden.”
So Ɔsesɛwfo Foforo bi Betumi Aboa?
Nyamekyerɛ mu Ɔbenfo Georg Huntemann se “Wodi Dietrich Bonhoeffer nĩ na wɔfa ne nsɛm ka nnansa yi sen nyamekyerɛfo foforo biara wɔ yɛn afeha yi mu.” Nasifo de Bonhoeffer a na ɔyɛ “Confessional Asɔre” no muni kɛse bi no too afiase wɔ 1943 mu na wokum no 1945 mu sɛ na ɔka pɔw bi a wɔbɔe sɛ wobekum Hitler no ho. Huntemann se na anka Bonhoeffer betumi ayɛ ɔsesɛwfo foforo a asɔre no hia no. Hyɛ n’asɛnka mu nsɛm bi a wɔafa aka no nsow. Bisa wo ho sɛ: Dɛn na ne nsɛm no sodi bɛkyerɛ ama Lutheran Asɔre no? me m’asɔre no?
“Ade biako pɛ na ɛho hia wɔ ɔsom mu, sɛ ɛbɛyɛ nokware.” Eyi ne nea Yesu kae no hyia: “Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.”a—Yohane 4:24; hwɛ Yohane 8:32; 14:6; 16:13 nso.
So wugye di sɛ biribiara a w’asɔre no kyerɛkyerɛ no yɛ nokware ampa? So ɛkyerɛkyerɛ sɛ onipa wɔ ɔkra a enwu—nea ɛrentumi nwu—anaasɛ ɛne Bible no yɛ adwene a ɛno na ɛka sɛ: “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu” no? (Hesekiel 18:4, 20) So w’asɔre no kyerɛkyerɛ wo sɛ Onyankopɔn nni din anaasɛ ne din ne Yesu, anaasɛ ɛne Bible no yɛ adwene a ɛno na ɛka sɛ: “Na wonhu sɛ wo a wo din de YEHOWA no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so” no? (Dwom 83:18) So w’asɔre no kyerɛkyerɛ wo sɛ wɔbɛfa nnipa pa nyinaa akɔ soro bere a wɔde ogya asɛe asase no anaasɛ ɛne Bible no yɛ adwene a ɛno na ɛka sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem” no?—Dwom 37:29; hwɛ Dwom 104:5 nso.
“Ɛsɛ sɛ [asɔre no] hwɛ sɛ ne nkyerɛkyerɛ bɛyɛ kronn.” Eyi ne nea Yesu kae no hyia: ‘Monhwɛ mo ho yiye . . . mmɔkaw, Farisifo ne Sadukifo kyerɛ ho.”—Mateo 16:12; hwɛ 1 Korintofo 5:8 nso.
So w’asɔre no gye “ankorankoro nkyerɛase a emu bae” tom anaasɛ ɛyɛ ade ma ɛne ɔsoro afotu no hyia: “Anuanom . . . monkari wɔn a wɔde mpaapaemu ba na wɔto hintidua de sɛe kyerɛ a moasua no, na montwe mo ho mfi wɔn ho.”?—Romafo 16:17; hwɛ 2 Timoteo 2:16-18; 2 Yohane 9, 10 nso.
“Wɔ Atemmu Da mu no, ɛda adi sɛ Onyankopɔn remmisa sɛ: So wudii Ɔsesɛw afahyɛ akɛse no bi, na mmom: So wutiee m’Asɛm no na wudii so?” Eyi ne nea Yesu kae no hyia: “Me nuanom ne wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm na wodi so.”—Luka 8:21; hwɛ Mateo 7:21; Yohane 15:14 nso.
So w’asɔre no si amanne, guasodeyɛ, ne adan so dua titiriw sen Onyankopɔn Asɛm no mu nokware nimdeɛ a wobenya? So wobu asɔre a wɔkɔ nnapɔnna bi nnakoro nnakoro a ɛno bɔ afotu a ese “yennyae yɛn ho yɛn ho nhyiam . . . dodow a muhu sɛ [atemmu] da no rebɛn” no bɔ abira no sɛ ɛno ara dɔɔso?—Hebrifo 10:25.
So w’asɔre no hyɛ wo nkuran sɛ kenkan Onyankopɔn Asɛm no da biara na ɛma w’ankasa wunya mmoa a ɛbɛma woate ase ne nkanyan a ɛbɛma woayɛ nea ɛhwehwɛ no?
“Nyamesom yɛ adwuma, ebia ɛne adwuma a ɛyɛ den sen biara ne nea ɛda adi yiye sɛ ɛyɛ adwuma kronkron sen nea ɔdesani betumi ayɛ biara.” Eyi ne nea Yesu kae no hyia: “M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n’adwuma.”—Yohane 4:34.
So w’asɔre no ka kyerɛ wo sɛ Onyankopɔn adwuma a ɛwɔ hɔ ma Kristofo nnɛ ne sɛ wɔbɛka “ahenni ho asɛmpa yi . . . wiase nyinaa de adi amanaman adanse”? (Mateo 24:14; hwɛ Mateo 28:19 nso.) So ɛhyɛ wo nkuran ma woka saa ahenni nkrasɛm a anuonyam wom yi kyerɛ ‘obiara a obisa wo anidaso a ɛwɔ wo mu no ase’ anaa?—1 Petro 3:15.
Anyɛ yiye koraa no wɔ nhwɛso ahorow a ɛwɔ atifi hɔ yi mu no, Bonhoeffer de afotu pa maa n’asɔre no. Huntemann bisa sɛ: “Nanso dɛn nti na wontie nsɛm yi, ne ɔsesɛw afotu a ɛde ma asɔre no koraa saa?” Nanso asemmisa a ɛho hia kɛse mpo no ne sɛ: Dɛn nti na wontie Yesu nsɛm a tumi wom no wɔ ɔkwan a ɛyɛ kɛse mpo so no?
Nyamekyerɛfo Ulrich Betz se nnipa a wɔwɔ Germany Atɔe Fam no dwen na wɔyɛ ade wɔ ɔkwan a “ɛnyɛ Kristofo de, ɛyɛ abosonsom foforo” so. Ɛsɛ sɛ anyɛ yiye koraa no, Lutheran asɔre no gye nnipa no mufo ɔpepem 25 a wɔyɛ Lutheranfo no asodi to ne ho so. Sɛnea wosusuw dua a ɛsow aba porɔwee ho bɔne no, saa ara nso na ɛte wɔ asɔre a ɛwo atoro Kristofo no ho. Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Dua pa ntumi nsow aba bɔne, na dua bɔne nso ntumi nsow aba pa.”—Mateo 7:16-18.
Yɛ saa nhwehwɛmu a nokwaredi wom yi. Aba bɛn na w’asɔre no resow? So ɛrema emufo no nipasu anya nkɔso? So ɛreboa ama asomdwoe ne biakoyɛ aba wɔ abusua no mu, ɔman mu, ne wiase nyinaa? So ɛkasa tia nnubɔne a wɔde di dwuma, ɔbrasɛe, ne nsɛmmɔnedi kɛse? So wubetumi aka a wontwentwɛn wo nan ase sɛ sɛ obiara yɛ wo w’asɔre no muni a, anka wiase no mu bɛyɛ baabi pa a eye sɛ wɔtra?
Hyɛ nea enti a bere a Lutheranfo binom a wɔwɔ Germany no de nokwaredi ayɛ saa nhwehwɛmu yi akyi no, wogyae kɔ baabi foforo kɔhwehwɛ honhom mu akwankyerɛ no nsow wɔ kratafa a edi hɔ no mu.
Sɛ W’asɔre no Antumi Annyɛ Ade a, so Wobɛyɛ?
Sɛ bere a wode nokwaredi ayɛ nhwehwɛmu no akyi no, w’ani nnye nea wuhui no ho a, yɛ nea ɛsen nwiinwii a wubenwiinwii ara kwa. Bere a sɛnkyerɛwfo bi reka Karl Barth asɛm a ɔkae sɛ asɔre ne emu nnipa no ho asɛm no, ɔde baa awiei wɔ ntease mu sɛ: “Asɔremma. . . na nea asɔre ka na ɛyɛ no ho asodi da wɔn so.” Enti bisa wo ho sɛ: So mewɔ ɔpɛ sɛ megye biribiara a m’asɔre ka na ɛyɛ no ho asodi bi ato me so? So metumi ahoahoa me ho ankasa sɛ emufo no nyinaa yɛ me honhom mu nuanom?
“Bere woresusuw saa nsemmisa ahorow yi ho no, mmu w’ani ngu ahiasɛm a Adiyisɛm 18:4, 8 yɛ no so. Bere a ɛreka sɛnea wiase atoro som ahemman no nsɔ Onyankopɔn ani no ho asɛm no, ese: “Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi . . . [eyi nti na] ne haw [bɛba] da koro pɛ, owu ne awerɛhow ne ɔkɔm, na wɔde gya bɛhyew no, efisɛ Awurade Nyankopɔn a obu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfo.”
Ebia wode nokwaredi begye adi sɛ w’asɔre no nyɛ atoro som a Onyankopɔn aka sɛ ɔbɛsɛe no no fã. Nanso wo nkwa gyina gye a wubegye adi pintinn no so. So wugye di?
Atoro som nni daakye biara, saa ara na wɔn a wɔboa no no nso nni bi. Nokware som ne wɔn a wodi akyi no bɛtra hɔ daa. Paw nea wopɛ ma ɛne no nhyia.
[Ase hɔ nsɛm]
a Bible mu nsɛm a wɔafa aka no nyinaa fi King James Version mu.
[Kratafa 9 adaka/mfoni]
Wɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow ase no, wɔma wɔn ɔkyerɛkyerɛ a eye wɔ sɛnea wɔde Bible mu nnyinasosɛm ahorow bedi dwuma wɔ da biara da asetra mu ho—sɛ nhwɛso no denam drama ahorow sɛnea wuhu wɔ ha no so. Saa nokware torobɛnto a egyigye yiye a amammuisɛm anaasɛ nkyerɛkyerɛ mu nsonsonoe biara nsɛee no no hyɛ wɔn anidaso ma daakye no den na ɛkanyan wɔn ma wobu bra sɛ Kristofo na wɔde wɔn ho hyɛ Kristofo dwumadi mu. Kɔ nhyiam no bi na w’ankasa kɔhwɛ!
[Kratafa 11 adaka]
Ebinom a na Anka Wɔyɛ Lutheranfo Kyerɛkyerɛ Nea Enti a Mprempren Wɔyɛ Yehowa Adansefo no Mu
“Ade a edi kan a ɛkaa me fa Yehowa Adansefo ho no ne ahotew ne nokwaredi a mihui wɔ wɔn nhyiam horow no biako ase no. Mehyɛ afoforo nkuran sɛ wɔnkɔ bi na wɔn ankasa nhu nokware dɔ a ɛwɔ Adansefo no mu no.”—W. R. a na anka ɔbɔ asɔre dɔn.
“Ná mekɔ asɔre Kwasida biara. Nanso na asɛnka a aboro so ara na ɛyɛ simma 20 no ntaa mma me nsemmisa a ɛfa asetra mu atirimpɔw anaa nkwa ne owu ho no ho mmuae. Yehowa Adansefo fi Bible no mu maa me mmuae, na na mitumi ne wɔn kasa anim ne anim. Ɛsɛ sɛ wɔde pii ka Onyankopɔn som ho sen asɔre dɔn a wodi akyi Kwasida anɔpa biara, nnwonto, ne asɛnka a wɔkotie ara kwa no ho. Nokware hwehwɛfo nokwafo biara nni hɔ a ne bo bɛtɔ ne yam wɔ ɛno ho! Ɔpɛ sɛ ɔyɛ biribi.”—E. B. a na anka ɔyɛ Kwasida sukuu kyerɛkyerɛfo.
“Ná Bible mu nsɛm biara nka me dwumadi sɛ asɔre panyin no ho, adwuma ho nsɛm nkutoo. Nea ɛboaa me kɛse ne Onyankopɔn din Yehowa, edin a na memmɔɔ da wɔ asɔre mu no a misuae. Nokware pii a ɛwɔ Bible mu no kaa me koma.”—E. M. a na anka ɔyɛ asɔre panyin.
“Bere a edi kan a Yehowa Adansefo ne me kasae no, na nsonsonoe [a ɛda yɛn ne wɔn ntam] no da adi pefee. Sɛ na wɔpɛ sɛ wɔka Bible no ho asɛm kyerɛ me no yɛ ade foforo koraa ne nea ɛyɛ nwonwa. Na m’asemmisa a edi kan ne sɛ ebia wotua wɔn ka wɔ wɔn adwuma no ho anaa. Wɔkae sɛ dabi. Na m’asemmisa a ɛto so abien no ne sɛ ebia wɔkoe wɔ ɔko no mu anaa. Wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔde Adansefo no pii guu adwumayɛban ahorow mu. Awiei koraa no, na mahu nkurɔfo a wɔwɔ ɔpɛ sɛ sɛ eho hia a, wobewu ama wɔn gyidi.”—H. M. a na anka ɔbɔ asɔre dɔn.
“Bere a mibisaa me sɔfo sɛ ɔnkyerɛkyerɛ me nea enti a ɔsɔfo biara wɔ ne nkyerɛase no mu no, ɔkae sɛ: ‘Ɔsɔfo biara wɔ hokwan sɛ ɔde n’adwene bu Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛbɛma wɔatumi de no ayɛ adwuma kɛse wɔ asafo no mu so.’ Akyiri yi mekɔɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow abien mu ntoatoaso. Nea ɛkaa me kɛse ne biakoyɛ a ɛwɔ wɔn mu no. Na ɔkasa ahorow no mu wɔ nsɛm a ɛho wɔ mfaso, na wɔde Bible mu nsɛm a wubetumi akenkan afi w’ankasa wo Bible mu ntɛm ara boa! Abirabɔ bɛn na na eyi yɛ wɔ asɛnka ahorow pii a na mate no ho sɛɛ yi!”—U. P. a na anka ɔyɛ asɔre no honam fam mmoa odwumayeni ne wɔn ɔyarehwɛfo.
[Kratafa 10 mfoni]
Ɔmantam nhyiam horow kanyan Yehowa Adansefo ma wɔyɛ Onyankopɔn Ahenni ho asɛnka adwuma no