Wɔnyɛ Wiase no Fã?
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ GERMANY HƆ
“WOMFI wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.” (Yohane 17:16) Yesu de saa nsɛm yi kyerɛe sɛ n’akyidifo mfa wɔn ho nhyehyɛ amammuisɛm mu koraa. Wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo nnɛ no du saa ahwehwɛde yi ho anaa?
Susuw atesɛm krataa mu nsɛm a edidi so yi a ɛfa sɛnea Kristoman de ne ho bɔɔ kan German Democratic Republic (GDR), a ɛde besi bere a egui wɔ 1990 mu no na ɛhyɛ Komunist nniso ase no ho.
• “Saa bere yi a Luther Asɔre a ɛwɔ GDR no anya anuonyam bere tiaa bi sɛ anidan a asomdwoe wom maame no, ɛkame ayɛ sɛ anigye a ɔmanfo wɔ wom no rekɔ fam ntɛmntɛm. Nnipa pii fam no, ɛkame ayɛ sɛ agyina nniso no akyi denneennen, na ayɛ Stasi (Ɔman Hobammɔ Dwumadi) no dwumadibea kɛse.”—Die Zeit, November 1991.
• “Luther Asɔre ahorow a ɛwɔ amantam ahorow mu . . . ada no adi sɛ wɔn ho adwiriw wɔn wɔ sɛnea asɔremma adwumayɛfo ne asɔre mpanyimfo ne Stasi no bɔ no ho.”—Evangelische Kommentare, January 1991.
• “[Luther] Asɔre no mpanyimfo te anwiinwii nsɛm sɛ na asɔfo no nhwɛ wɔn nkurɔfo sɛnea kan na wɔyɛ no, efisɛ na wɔde wɔn ho ahyɛ amammuisɛm mu denneennen.”—Süddeutsche Zeitung, February 1990.
• “Weizsäcker [a kan na ɔyɛ Federal Republic of Germany no mampanyin] kae sɛ na [Luther] Asɔre no boa Germany Aman abien no ntam amammuisɛm no bere nyinaa.”—Wetterauer Zeitung, February 1992.
Ɛnyɛ Luther Asɔre no nkutoo na ɛde ne ho hyehyɛɛ amammuisɛm mu. The European bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ na Stasi ananmusifo wowɔ [Protestant] asɔre biara mu.” Manfred Stolpe, a The European ka ne ho asɛm sɛ “Protestant asɔre no panyin a na ɔne komunist nniso no nya nkitahodi” kae wɔ n’anoyi mu sɛ: “Sɛ Ɔbonsam nsam na mekyia na ama yɛn dwumadi akɔ so a, anka mɛyɛ saa.”
Guardian a ɛwɔ London no bɔɔ abusuabɔ a emu yɛ den a na ɛda asɔfo ne Mafia kuw no ntam wɔ Italy no ho amanneɛ. Ɛkae sɛ: “Asɔre ne Cosa Nostra abɔ wɔ asomdwoe mu bere tenteenten ma wɔtaa bɔ asɔre no sobo sɛ ɛboa wɔn bɔneyɛ.”
Toronto Star tintimii asɛm bi a ɛfa biakoyɛ a ɛda Russia Ortodɔks asɔfo ne kan KGB no ntam ho. Amanneɛbɔ no ka sɛ: “Nsɛm a wɔada no adi wɔ biakoyɛ a ɛda asɔre ne Komunist nniso no ntam no yɛ nkogudi a ɛsen biara. . . . Nneɛma a efi KGB tete nneɛma akorae . . . da no adi sɛ ɛnyɛ sɛ asɔre mpanyimfo buu wɔn ankasa nnyinasosɛm ahorow so nko, na mmom na wofi wɔn koma mu pɛ sɛ wɔpa nyamesom akannifo a wɔwɔ amannɔne ho ntama.”
Bere a Kristoman asɔre ahorow kɔ so de wɔn ho hyehyɛ amammuisɛm mu no, nokware Kristosom bata Yesu ahyɛde a ese wɔnnyɛ wiase no fã no ho.