Ahenni Asɛm a Aba Ne Bere Mu a Wɔde Bɛmema wɔ Wiase Nyinaa
1 Wɔbɛma ɔkasa titiriw bi afa asɛm a ɛkanyan adwene a ɛne “Atoro Som Awiei Abɛn” ho Kwasida, April 23. Wobeyi Ahenni Asɛm a ɛkanyan adwene a ekura nkratafa anan adi wɔ saa da no nhyiam no awiei. Yɛde emu nsɛm a ɛyɛ ne bere mu de no bɛmema wɔ wiase nyinaa wɔ adapɛn abiɛsa mu fi April 24 kosi May 14.
2 Nnipa ahaw wɔ wiase afanan nyinaa. Nneɛma pii haw wɔn a baabi a wɔte mfa ho. Wɔn a wofi wɔn komam dwen nea ɛrekɔ so no ho no ani begye Ahenni Asɛm no ho ankasa, efisɛ ɛbɛtwe wɔn adwene asi Onyankopɔn Asɛm so sɛ ɛyɛ akwankyerɛ fibea a ɛyɛ pɛ ma nnipa. (Dw. 119:105) Sɛ woyi Ahenni Asɛm no adi April 23 a, yɛn nyinaa hwɛ kwan sɛ yebenya bi. Ansa na saa bere no bedu no, pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ de siesie yɛn ho ma adapɛn abiɛsa ɔsatu kɛse yi.
3 Hyɛ Obiara Nkuran Ma Ɔmfa Nnamyɛ Nnya Mu Kyɛfa: Henanom na wobetumi ayɛ adwuma no bi? Ɛda adi sɛ obiara a ɔyɛ ɔdawurubɔfo dedaw no benya ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ saa! Na Bible asuafo a wɔba asafo nhyiam horow daa no nso ɛ? Ebinom ne yɛn bɔe akyɛ kakra, na wɔrenya nkɔso bere nyinaa. Sɛ wɔama wɔn asetra ne Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow ahyia a, wɔfata sɛ yebebu wɔn sɛ Ahenni adawurubɔfo? Ɔdawurubɔfo a ɔne osuani no yɛ Bible adesua no betumi ne no abɔ ho nkɔmmɔ, na sɛ osuani no pɛ sɛ ɔkɔ asɛnka a, mpanyimfo baanu ne no besusuw Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma nhoma no mu nsɛm a ɛwɔ nkratafa 98 ne 99 no ho. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ eyi ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara na ama wɔn a wɔfata sɛ wɔbɛyɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu no atumi anya ɔsatu no mu kyɛfa akosi ase. Yebetumi ahyɛ Bible asuafo a wonnya mfatae sɛ yebebu wɔn sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu no nkuran nso ma wɔde Ahenni Asɛm a ɛyɛ ne bere mu de yi bi ama amannifo anaa abusuafo.—Hwɛ June 15, 1989, Ɔwɛn-Aban kratafa 17, nkyekyem 8.
4 Adwuma yi nyɛ den; obiara betumi ayɛ bi. Awofo betumi asuasua sɛnea wɔde Ahenni Asɛm no bɛma de aka wɔn dapɛn biara abusua Bible adesua no ho na ama abusua no mufo nyinaa asiesie wɔn ho yiye de ama wɔ afie afie. Mpɛn pii no asɛm tiawa a wɔka kyerɛ bɛyɛ papa. Wɔ nnianim asɛm tiawa bi akyi no, fa Ahenni Asɛm no ma ofiewura no, na hyɛ no nkuran sɛ ɔnkenkan. Sɛ afiewuranom kyerɛ ho anigye a, yɛ ho kyerɛwtohɔ na ama woatumi asan akɔsra no ma n’anigye ayɛ kɛse. (1 Kor. 3:6, 7) Nea ɛbɛma yɛatumi de ama ne sɛ yebenya asɛm a wɔka kyerɛ tiawa bi a yɛasiesie no yiye.
5 Yebenya ‘pii ayɛ’ wɔ April ne May mu. Yɛde ho nsɛm foforo bɛma wɔ krataa a wɔde bɛhyɛ Yɛn Ahenni Som a ɛbɛba ɔsram a edi hɔ no mu a asɛmti no ne sɛ ‘Pii a Yɛbɛyɛ wɔ Awurade Adwuma Mu’ no mu.—1 Kor. 15:58.