Tete Afoforofo Ma Wɔmfata Sɛ Adawurubɔfo
1 August bosome no ma yenya fekubɔ ne dwumadi a ɛhyɛ nkuran hokwan ahorow pii, ne titiriw no, nea ɛfa yɛn ɔmantam nhyiam ahorow no ho no. Afe a etwaam no nnipa 65,138 a wofi Ghana ne Togo kɔɔ nhyiam ahorow 10 wɔ mmeae 9 wɔ Ghana. Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ nnipa yi nyinaa ne mpempem pii foforo a wɔn ani abegye nokware no ho wɔ afe a etwaam no mu no nyinaa bɛba yɛn nhyiam ahorow 9 no ase afe yi!
2 Bere a wo ne anigyefo yi yɛ ofie Bible adesua no, so wotete wɔn ma ɔsom adwuma no? Ɛsɛ sɛ woyɛ eyi nkakrankakra. Adawurubɔfo binom ahu sɛ eye sɛ wobetĩ nneɛma a wɔasua no mu denam ma a wɔbɛma osuani no ada asɛm no adi te sɛ nea ɔbɛyɛ wɔ afie afie adwuma mu no so. So woaka nea yɛyɛ wɔ asɛnka adwuma mu ne nea enti a yɛyɛ eyi no ho asɛm akyerɛ wo Bible suani no? Sɛ osuani no anya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ na nea wasua no akã ne koma wɔ anisɔ mu, na wama n’asetra ne Kristofo nnyinasosɛm ahorow ahyia a, wubetumi ato nsa afrɛ no ma waka wo ho wɔ asɛnka mu.
NEA WOHWEHWƐ NO HO A OBEDU
3 Bere bɛn na yebetumi ato nsa afrɛ ɔfoforofo ma waka yɛn ho wɔ asɛnka mu na ɔnam saa yɛ so ada no adi sɛ ɔka asafo no ho? Ɛbɛyɛ papa sɛ wubeti Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 98 ne 99 mu. So osuani no ada no adi sɛ ɔwɔ ɔpɛ sɛ obenya asɛnka adwuma no mu kyɛfa? Sɛ saa a, so wadu nea Kyerɛwnsɛm ne ahyehyɛde no hwehwɛ no ho? Akyinnye biara nni ho sɛ wutumi hu mfaso a ɛwɔ so sɛ yebehu sɛ onipa no fata ansa na yɛato nsa afrɛ no ma ɔne yɛn abenya baguam asɛnka adwuma no mu kyɛfa no.—2 Tim. 2:15.
4 Ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe ma obi a ɔrenya asɛnka adwuma mu kyɛfa foforo no ne ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw, mpɛn pii nea ɔne no sua ade no, nantew. Eyi bɛma watumi de ntetee ama. Bere a osuani no nya mu anigye pii no, obetumi anya kyɛfa kɛse wɔ adansedi adwuma no mu. (Gal. 6:6) Sɛ obi de asɛnka akontaabu ba nea edi kan a, asafo no ɔkyerɛwfo bedi nhyehyɛe a wɔada no adi wɔ Yɛn Som Adwuma, nhoma no kratafa 105 no akyi. Ɔkyerɛwfo no anaa Asafo Ɔsom Boayikuw no muni foforo ne ɔdawurubɔfo a ɔne no resua ade no besusuw asɛm no ho, na wɔbɛyɛ nhyehyɛe bio na wɔne osuani no ahyia. Sɛ osuani no fata sɛ wogye no tom sɛ ɔne yɛn bɔ a wɔhyehyɛ Ɔdawurubɔfo Kyerɛwtohɔ kratasin ma no.
OFIE NTETEE
6 Mmofra a wɔtete wɔn ma Yehowa som fi ase wɔ fie na egye mmoa ne nkuranhyɛ fi awofo nkyɛn. Ɛsɛ sɛ ntetee yi fi ase fi mmofraase. (2 Tim. 3:14, 15) Wɔhyɛ mmusua nkuran sɛ wɔmmom nsua ade na wɔmmom nkenkan ade sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛka nokware no ho asɛm akyerɛ afoforo daa. Mmusua pii susuw adekyee mu asɛm ne emu nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ Afe Nhoma mu no ho da biara. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ mmofra nkuran ma wɔkasa wɔ eyi mu. (Fa toto Ɔsɛnkafo 12:9-11 ho.) Bɔ mmɔden fa yɛ wo botae sɛ wo ne w’abusua no bɛka Bible mu nokware no ho asɛm da biara. Ɛbɛma wɔn nso anya ɔpɛ sɛ wobenya kyɛfa wɔ asuafoyɛ adwuma no mu.—Yes. 54:13.
6 Sɛ abofra bi nya ɔpɛ sɛ obenya kyɛfa wɔ Ahenni adwuma no mu na ɔyɛ nhwɛso pa wɔ abrabɔ mu a, ɔwofo no betumi akɔ mpanyimfo no mu biako a ɔka Asafo Ɔsom Boayikuw no ho nkyɛn na ɔne no akosusuw ho sɛ ɛyɛ nea abofra no fata sɛ wɔkan no sɛ ɔdawurubɔfo (Hwɛ omTW, kratafa 100, nkyekyem 1.) Nkɔso a ɛte sɛɛ yɛ biribi a ɛsɛ sɛ ɛma yenya anigye!—Mmeb. 23:15.
7 Nhyehyɛe dedaw yi bere a aka no sua. Enti, wɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yennya otwa adwuma no mu kyɛfa kɛse na yɛntete afoforofo ma wɔmfata mma nkwagye adwuma yi.—Mat. 9:37, 38; Adi. 22:17.