TI 8
Wɔn a Wɔka Asɛmpa No
YEHOWA ama yɛn obi a ɔyɛ pɛ sɛ yenni n’akyi na yensua no. Ɔno ne ne Ba Yesu Kristo. (1 Pet. 2:21) Sɛ obi nya bɛyɛ Yesu suani a, ɔka asɛmpa no de kyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn somfo. Yesu akyerɛ yɛn mfaso a ɛwɔ so sɛ yebedi n’akyi. Ɔkaa sɛ: “Mo a moabrɛ na wɔde nnesoa asoa mo nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo. Momfa me kɔndua nto mo ho so na munsua me, efisɛ midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu, na mubenya ɔhome ama mo kra.” (Mat. 11:28, 29) Obiara nni hɔ a ɔde Yesu asɛm yi ayɛ adwuma ama ne nsa asi fam da!
2 Onyankopɔn asomfo nyinaa, Yesu na ɔyɛ otitiriw. Bere a ɔwɔ asase so no, ɔtoo nsa frɛɛ nkurɔfo bi ma wobedii n’akyi. (Mat. 9:9; Yoh. 1:43) Ɔtetee wɔn, na ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔyɛ adwuma a na ɔreyɛ no bi. (Mat. 10:1–11:1; 20:28; Luka 4:43) Ɛno akyi, ɔsomaa nnipa foforo 70 sɛ wɔnkɔka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa. (Luka 10:1, 8-11) Bere a ɔsomaa wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea otie mo no tie me nso. Na nea obu mo animtiaa no bu me nso animtiaa. Afei nso, nea obu me animtiaa no bu nea ɔsomaa me no nso animtiaa.” (Luka 10:16) Enti na Yesu pɛ sɛ n’asuafo no hu sɛ adwuma a ɔde ahyɛ wɔn nsa no nyɛ adwuma ketewa, efisɛ na wɔrekogyina Ɔsorosoroni Nyankopɔn ne Yesu ananmu akasa! Ɛnnɛ nso, Yesu ato nsa afrɛ obiara sɛ ‘ommedi n’akyi.’ Wɔn a wogye saa ɔfrɛ no so no, wɔn nyinaa nso gyina Onyankopɔn ne Yesu ananmu kasa. (Luka 18:22; 2 Kor. 2:17) Obiara a obegye saa ɔfrɛ no so no, ɛsɛ sɛ ɔno nso ka Ahenni ho asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo na ɔkyerɛkyerɛ wɔn.—Mat. 24:14; 28:19, 20.
3 Esiane sɛ yɛatie Yesu asɛm abedi n’akyi nti, ‘yɛahu’ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo yiye. (Yoh. 17:3) Yehowa akyerɛkyerɛ yɛn n’akwan, na waboa yɛn ama yɛasakra yɛn adwene ahyɛ nipasu foforo, na yɛbɔ yɛn bra ma ɛne n’apɛde hyia. (Rom. 12:1, 2; Efe. 4:22-24; Kol. 3:9, 10) Nea Yehowa ayɛ yi nyinaa apusuw yɛn ama yɛahyira yɛn nkwa so ama no na yɛabɔ asu de akyerɛ sɛ yɛyɛ ne dea. Yɛbɔ asu pɛ a, na yɛabɛyɛ Yehowa asomfo.
4 Kae bere nyinaa sɛ, sɛ yɛn som bɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ yɛn nsam yɛ kronn na yɛn koma mu tew. (Dw. 24:3, 4; Yes. 52:11; 2 Kor. 6:14–7:1) Yɛwɔ Yesu Kristo mu gyidi, na wei ama yɛanya ahonim pa. (Heb. 10:19-23, 35, 36; Adi. 7:9, 10, 14) Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo nyinaa fo sɛ yɛnyɛ biribiara mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam na yɛanto obiara hintidua. Ɔsomafo Petro nso kaa sɛ, sɛ yɛbɔ bra pa a, ebetumi atwetwe wɔn a wonnye nni no aba nokware no mu. (1 Kor. 10:31, 33; 1 Pet. 3:1) Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa obi ama ɔno nso afata sɛ ɔsɛmpakafo?
ADAWURUBƆFO A WƆYƐ FOFORO
5 Wo ne obi fi ase sua Bible a, anim-anim no ara hyɛ no nkuran ma ɔnka nea ɔresua no ho asɛm nkyerɛ afoforo. Obetumi aka bi akyerɛ n’abusuafo, ne nnamfo, n’adwumamfo, ne afoforo. Wei yɛ ɔkwan titiriw a wubetumi afa so aboa wɔn a woafi ase ne wɔn resua ade no ama wɔabedi Yesu Kristo akyi, na wɔaka asɛmpa no bi. (Mat. 9:9; Luka 6:40) Afei nkakrankakra, sɛ onii no gyidi yɛ den na afei ɛnyɛ den mma no sɛ ɔbɛka nea ɔresua no ho asɛm akyerɛ afoforo a, akyinnye biara nni ho sɛ, ɔbɛka sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɛka yɛn ho na yɛne no yɛ asɛnka adwuma no.
NEA WƆHWEHWƐ FI NE HƆ
6 Ansa na wobɛka akyerɛ wo Bible suani sɛ ɔnka wo ho na monyɛ afie afie asɛnka adwuma no, ɛsɛ sɛ wuhu sɛ wadu ahwehwɛde ahorow bi ho. Sɛ obi ne yɛn kɔ asɛnka a, ɔda ne ho adi sɛ ɔne Yehowa Adansefo na ɛbɔ. Enti ɛkyerɛ sɛ, seesei ɔde Yehowa akwankyerɛ rebɔ ne bra ma enti obetumi abɛyɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu.
7 Bere a wo ne obi resua ade na wo ne no resusuw Bible nnyinasosɛm ho no, wutumi hu n’asetena mu nsɛm. Ebia woahu sɛ ɔde nea ɔresua no rebɔ ne bra. Nanso osuani no ho nsɛm bi wɔ hɔ a asafo mu mpanyimfo ne mo mmienu nyinaa behyia asusuw ho.
8 Mpanyimfo ntam nkitahodifo no bɛpaw anuanom mpanyimfo mmienu (asafo ɔsom boayikuw no muni baako ne ɔpanyin foforo) ama wɔahyia wo ne Bible suani no asusuw nsɛm ho. Asafo ahorow a mpanyimfo nnɔɔso no, ɔpanyin baako ne ɔsomfo a ɔfata betumi ayɛ wei. Sɛ wɔpaw anuanom sɛ wonni dwuma a ɛte saa a, ɛnsɛ sɛ wɔtwentwɛn so koraa; wɔnyɛ no ntɛm. Ebi mpo a, asafo nhyiam ase na mpanyimfo tee sɛ Bible suani bi pɛ sɛ ɔkɔ asɛnka. Ɛnde ɛbɛyɛ yiye a, mopɔn pɛ a, mpanyimfo no nhyia wo ne osuani no. Muhyia a, ɛnsɛ sɛ moyɛ biribi a ɛbɛma osuani no abɔ hu. Ansa na wɔbɛma osuani bi kwan ma wakɔ asɛnka no, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ nea edidi so yi:
(1) Ogye di sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm a ɔma wɔde ne honhom kyerɛwee.—2 Tim. 3:16.
(2) Onim nkyerɛkyerɛ atitiriw a ɛwɔ Bible mu na ogye tom, enti obi bisa no asɛm a, obetumi de Bible akyerɛkyerɛ mu; ɔremmɔ ne tirim nkasa, na ɔremfa ne mmuae no nnyina atoro som nkyerɛkyerɛ so.—Mat. 7:21-23; 2 Tim. 2:15.
(3) Sɛ ɛnyɛ biribi a ɔrentumi nyɛ ho hwee a, ɔba asafo nhyiam daa de kyerɛ sɛ Bible mu ahyɛde a ɛka sɛ yɛne Yehowa nkurɔfo mmom nsom wɔ asafo nhyiam ase no, ɔredi so.—Dw. 122:1; Heb. 10:24, 25.
(4) Onim sɛ Bible kasa tia nna mu ɔbrasɛe te sɛ aguamammɔ, awaresɛe, ɔbarima ne ɔbarima nna anaa ɔbea ne ɔbea nna, ne awaredodow, enti ɔmfa ne ho nhyem. Ebia na ɔyɛ ɔbarima a ɔne ɔbea bi te, anaa ɔyɛ ɔbea a ɔne ɔbarima bi te, nanso wɔnyɛ awarefo, ɛnna wɔnyɛ abusuafo nso. Sɛ saa a, ɛnde ɛsɛ sɛ ɔhwɛ ma wɔware wɔ ɔkwampa so.—Mat. 19:9; 1 Kor. 6:9, 10; 1 Tim. 3:2, 12; Heb. 13:4.
(5) Nnuru bi wɔ hɔ a sɛ obi nom anaa ɔtwe kɔ ne mu a, ɛka ne hɔ, na ebi nso wɔ hɔ a ɛma sɛnea obi yɛ n’ade sesa. Sɛ ɛnyɛ oduruyɛfo bi na wakyerɛ onii no sɛ ɔmfa saa nnuru no a, watwe ne ho afi ne nyinaa ho koraa. Afei nso, watwe ne ho afi asabow ho, efisɛ onim sɛ Bible bara saa nneɛma yi nyinaa.—2 Kor. 7:1; Efe. 5:18; 1 Pet. 4:3, 4.
(6) Wahu sɛ ɛnyɛ papa sɛ ɔbɔ fekubɔne.—1 Kor. 15:33.
(7) Sɛ na ɔwɔ ɔsom bi mu a, ɔne wɔn atwam koraa. Ɔnkɔ wɔn nhyiam biara, na ɔmfa ne ho nhyɛ wɔn dwumadi biara mu.—2 Kor. 6:14-18; Adi. 18:4.
(8) Watwe ne ho afi amanyɔsɛm biara ho.—Yoh. 6:15; 15:19; Yak. 1:27.
(9) Ogye asɛm a ɛwɔ Yesaia 2:4 no tom ma enti ɔmfa ne ho nnyigye wiase no nsɛm mu.
(10) Wasi n’adwene pi sɛ ɔbɛyɛ Yehowa Dansefo.—Dw. 110:3.
9 Sɛ mpanyimfo no nhu biribi mu yiye a, wommisa osuani no. Wobetumi ne no asusuw kyerɛwnsɛm ahorow a wɔatwe adwene asi so no ho. Ɛsɛ sɛ osuani no hu sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔne Yehowa Adansefo bom yɛ asɛnka adwuma no a, ehia sɛ n’abrabɔ ne Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde ahorow a moasusuw ho no hyia. Ne mmuae no bɛma mpanyimfo no ahu sɛ onim nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ, na ɛbɛma wɔahu nso sɛ ebia ɔfata sɛ ofi ase kɔ asɛnka anaa.
10 Sɛ osuani no fata anaa ɔmfata a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no ka kyerɛ no ntɛm. Mpɛn pii no, sɛ mpanyimfo no ne osuani no susuw nsɛm ho wie a, wotumi hu sɛ ɔfata anaa ɔmfata, enti ɛhɔ ara wobetumi aka akyerɛ no. Sɛ ɔfata a, ɛsɛ sɛ wɔma ohu sɛ wɔn ani agye sɛ wabɛyɛ ɔdawurubɔfo. (Rom. 15:7) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hyɛ no nkuran ma ofi asɛnka ase ntɛm ara na ɔde n’asɛnka akontaabu ba bosome no awiei. Wobetumi aka akyerɛ osuani no sɛ, sɛ obi bɛyɛ ɔdawurubɔfo na ɔde n’asɛnka akontaabu a edi kan ba a, wobebue Asafo Dawurubɔfo Kyerɛwtohɔ no bi ama no, na wɔde aka asafo no kyerɛwtohɔ ho. Nea enti a asafo mu mpanyimfo no gye ɔdawurubɔfo no ho nsɛm na wɔyɛ ho kyerɛwtohɔ ne sɛ, ɛma ahyehyɛde no tumi hwɛ ma ɔsom adwuma a Yehowa Adansefo reyɛ wɔ wiase nyinaa no kɔ so. Afei nso, ɛma ɔdawurubɔfo no nya honhom fam mmoa, na nneɛma a yɛyɛ wɔ Yehowa som mu no, ɛma otumi de ne ho hyem. Nea ɛka ho bio ne sɛ, mpanyimfo no bɛka akyerɛ ɔdawurubɔfo a ɔyɛ foforo no sɛ, ne ho nsɛm biara a wobegye no, wɔde bedi dwuma sɛnea Nhyehyɛe a Yehowa Adansefo De Bɔ Nkurɔfo Ho Nsɛm Ho Ban Wɔ Wiase Nyinaa a ɛwɔ jw.org/tw no kyerɛ no.
11 Sɛ yɛbɔ mmɔden hu ɔdawurubɔfo a ɔyɛ foforo no yiye na yɛma ohu sɛ yɛn ani gye nea ɔreyɛ ho a, ɛbɛhyɛ no nkuran ama wanya nkɔso. Ebetumi akanyan no ama wayere ne ho wɔ Yehowa som mu na ɔde n’asɛnka akontaabu aba daa.—Filip. 2:4; Heb. 13:2.
12 Sɛ mpanyimfo no hyia osuani no na wogye tom sɛ obetumi ahyɛ asɛnka ase a, wɔbɛma no Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no bi. Sɛ osuani no de n’asɛnka kyerɛwtohɔ a edi kan ba a, wɔde amanneɛbɔ tiawa bɛto asafo no anim sɛ wabɛyɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu.
SƐNEA YƐBƐBOA MMOFRA
13 Mmofra nkumaa nso betumi abɛyɛ adawurubɔfo. Yesu maa mmofra baa ne nkyɛn na ohyiraa wɔn. (Mat. 19:13-15; 21:15, 16) Ɛwom, ɛyɛ awofo asɛde sɛ wɔboa wɔn mma, nanso sɛ mmofra pɛ sɛ wɔyɛ Ahenni asɛnka adwuma no bi a, wɔn a wɔwɔ asafo no mu betumi aboa wɔn. Sɛ woyɛ ɔwofo na wode nsi ne ahokeka yɛ asɛnka adwuma no a, ɛbɛhyɛ wo mma nkuran ama wɔayere wɔn ho wɔ Onyankopɔn som mu. Sɛ abofra bi wɔ suban pa na otumi ka ne gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo a, mmoa bɛn na yebetumi de ama no?
14 Mpanyimfo a wɔwɔ Asafo Ɔsom Boayikuw no mu no, awofo no betumi ahu wɔn mu baako, na wɔne no asusuw ho ahwɛ sɛ abofra no fata sɛ ɔbɛyɛ ɔdawurubɔfo anaa. Afei mpanyimfo ntam nkitahodifo no bɛma mpanyimfo mmienu (ɔsom boayikuw no muni baako ne ɔpanyin foforo) ahyia abofra no ne n’awofo a wɔyɛ Yehowa asomfo no mu baako anaa wɔn mmienu nyinaa anaa nea ɔhwɛ abofra no. Sɛ mpanyimfo no hu sɛ abofra no wɔ nokware a ɛwɔ Bible mu ho nimdeɛ a ɛsɛ na ɛda adi sɛ ɔpɛ paa sɛ ɔkɔ asɛnka a, ɛbɛma wɔahu sɛ abofra no anya nkɔso. Wei da nkyɛn a, ahwehwɛde ahorow a ɛsɛ sɛ wɔn a wɔanyin du ho ansa na wɔafata sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu no, mpanyimfo mmienu no bɛhwɛ sɛ, nea ɛfa mmofra nso ho no, abofra no du ho anaa. Ɛno akyi no, wobetumi asi gyinae sɛ abofra no fata anaa ɔmfata sɛ ɔyɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu. (Luka 6:45; Rom. 10:10) Ɛnyɛ nsɛm a mo ne wɔn a wɔanyin besusuw ho no nyinaa na ɛfa mmofra ho, enti ɛnyɛ biribiara na ehia sɛ mo ne abofra no susuw ho.
15 Sɛ mpanyimfo no hyia abofra no a, ɛsɛ sɛ wɔma ohu sɛ wayɛ ade. Afei wobetumi ahyɛ no nkuran ma ɔde asi n’ani so sɛ ɔbɛbɔ asu. Ɛsɛ sɛ wɔkamfo awofo no nso sɛ wɔamia wɔn ani de nokware no adua wɔn ba no mu. Mpanyimfo no bɛhyɛ awofo no nkuran ma wɔakenkan asɛm a wɔato din “Asɛm a Wɔde Ma Kristofo a Wɔyɛ Awofo.” Ɛwɔ kratafa 179-181.
AHOSOHYIRA NE ASUBƆ
16 Sɛ woma w’abrabɔ sɔ Yehowa ani na wode wo ho hyɛ asɛnka adwuma no mu a, ɛkyerɛ sɛ wunim no na wodɔ no. Nanso ɛnyɛ ne nyinaa ne no; ɛsɛ sɛ wohyɛ wo ne n’adamfofa no mu den. Wobɛyɛ dɛn ayɛ saa? Ɛne sɛ wubehyira wo nkwa so ama no na wode nsu mu asubɔ ayɛ ho sɛnkyerɛnne.—Mat. 28:19, 20.
17 Sɛ yehyira biribi so a, ɛkyerɛ sɛ yɛayi asi hɔ sɛ yɛde bɛyɛ biribi a ɛyɛ kronkron. Ɛnde, dɛn na ɛkyerɛ sɛ woahyira wo ho so ama Onyankopɔn? Ɛno ne sɛ wobɛbɔ mpae ahyɛ no bɔ sɛ wode wo nkwa nna nyinaa bɛsom no na woayɛ n’apɛde daa. Wei kyerɛ sɛ Yehowa nko ara na wobɛsom no daa. (Deut. 5:9) Obiara ntumi nsi saa gyinae no mma wo; wo ara na wubesi.
18 Ɛwom sɛ w’ahosohyira no yɛ wo ne Yehowa ntam asɛm de, nanso bere rekɔ so no, ɛsɛ sɛ afoforo nso hu sɛ woahyira wo ho so ama Yehowa. Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na afoforo ahu? Ɛsɛ sɛ woma wɔbɔ wo asu wɔ nsu mu sɛnea Yesu yɛe no. (1 Pet. 2:21; 3:21) Sɛ woasi w’adwene pi sɛ wobɛsom Yehowa na wopɛ sɛ wobɔ asu a, dɛn na wobɛyɛ? Ka ho asɛm kyerɛ mpanyimfo ntam nkitahodifo no, na ɔbɛyɛ nhyehyɛe ama mpanyimfo bi ne wo asusuw nsɛm ho ahwɛ sɛ, Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde a ɛma obi fata sɛ wɔbɔ no asu no, wudu ho anaa. Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ “Asɛm a Wɔde Ma Ɔdawurubɔfo a Ɔmmɔɔ Asu” wɔ nhoma yi kratafa 182-184, ne “Nsɛmmisa a Wɔne Wɔn a Wɔpɛ Sɛ Wɔbɔ Asu Susuw Ho” wɔ kratafa 185-207.
ƆSOM ADWUMA NO HO AMANNEƐBƆ
19 Efi tete nyinaa, sɛ Yehowa nkurɔfo te sɛ nokware som renya nkɔso a, ɛhyɛ wɔn nkuran paa. Yesu Kristo ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔbɛka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa. Efi saa bere no, nokware Kristofo de wɔn ani adi adwuma no akyi ahwɛ sɛnea asɛm a Yesu kae no reba mu.—Mat. 28:19, 20; Mar. 13:10; Aso. 1:8.
20 Ade baako a na Yesu akyidifo no ani gye ho paa ne sɛ wɔbɛte sɛ asɛnka adwuma no renya nkɔso. (Mar. 6:30) Bible mu nhoma a ɛne Asomafo Nnwuma no ka sɛ bere a wohwiee honhom kronkron guu asuafo no so wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. no, nnipa bɛyɛ 120 na na wɔahyiam. Ankyɛ na asuafo no dodow kɔɔ anim koduu bɛyɛ 3,000, na akyiri yi ekoduu bɛyɛ 5,000. Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ “Yehowa kɔɔ so de wɔn a ɔregye wɔn nkwa kaa wɔn ho daa.” Afei nso “asɔfo no mu pii fii ase yɛɛ aso maa gyidi no.” (Aso. 1:15; 2:5-11, 41, 47; 4:4; 6:7) Hwɛ sɛnea na saa amanneɛbɔ ahorow yi bɛhyɛ asuafo no den! Saa bere no, na Yudafo nyamesom mpanyimfo de ɔtaa aba asuafo no so, nanso yebetumi aka sɛ amanneɛbɔ a ɛte saa kanyan wɔn ma wɔde nsi yɛɛ asɛnka adwuma no.
21 Bɛyɛ afe 60-61 Y.B. a Paulo kyerɛw krataa kɔmaa Kolosefo no, ɔkaa sɛ asɛmpa no ‘resow aba na ɛrenya nkɔanim wɔ wiase nyinaa,’ na mpo “wɔaka ho asɛm wɔ abɔde a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa mu.” (Kol. 1:5, 6, 23) Tete Kristofo no tiee Onyankopɔn Asɛm, na honhom kronkron no hyɛɛ wɔn den ma wotumi yɛɛ asɛmpaka adwuma no kɛse ansa na Yudafo nhyehyɛe no reba awiei afe 70 Y.B. Yetumi hu sɛ amanneɛbɔ a Kristofo anokwafo yi tee no hyɛɛ wɔn den paa!
Woreyere wo ho sɛ wobɛyɛ wo fam de ama yɛayɛ asɛnka adwuma no fekɔfekɔ ansa na awiei no aba?
22 Mateo 24:14 ka sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” Ɛnnɛ, yehu sɛ nkɔmhyɛ yi reba mu, na Yehowa ahyehyɛde no bɔ mmɔden sɛ ɛbɛyɛ adwuma yi ho kyerɛwtohɔ. Ɛyɛ adwuma titiriw a yɛn a yɛahyira yɛn ho so ama Onyankopɔn nyinaa yɛ bi. Enti ɛsɛ sɛ yɛn mu biara yere ne ho sɛ ɔbɛyɛ ne fam de ama yɛayɛ asɛnka adwuma no fekɔfekɔ ansa na awiei no aba. Yehowa bɛhwɛ ama yɛawie adwuma no, na sɛ yɛde yɛn ho hyem a, obehyira yɛn.—Hes. 3:18-21.
W’ASƐNKA ADWUMA NO HO KYERƐWTOHƆ
23 Dɛn paa na yɛyɛ ho kyerɛwtohɔ anaa yebu ho akontaa? Sɛ yɛhwɛ Asɛnka Adwuma Akontaabu kratasin a ahyehyɛde no de ama yɛn no a, yebehu nneɛma a ɛsɛ sɛ yebu ho akontaa. Nsɛm a edidi so yi bɛboa ma woahu n’ani so.
24 Baabi a wɔakyerɛw “Biribiara a Wode Mae” no, fa nhoma anaa biribi a woatwe afi yɛn wɛbsaet ama obi a onhyiraa ne ho so mmɔɔ asu hyɛ hɔ. Afei baabi a wɔakyerɛw “Video a Wuyi Kyerɛe” no nso, kyerɛw mpɛn dodow a wuyii yɛn video ahorow no bi kyerɛɛ nkurɔfo hyɛ hɔ.
25 Sɛ wo ne obi a onhyiraa ne ho so mmɔɔ asu bɔ nkɔmmɔ na wosan kɔsra no sɛ worekɔboa no a, na woreyɛ sankɔhwɛ. Enti wobɛkyerɛw mpɛn dodow a wosan kɔsraa saa nipa no ahyɛ “Sankɔhwɛ” afã hɔ. Wubetumi afa akwan a edidi so yi so ayɛ sankɔhwɛ: Wubetumi asan akɔ onii no nkyɛn, woakɔma no nhoma bi, woakyerɛw no krataa, wode text message anaa e-mail amena no, anaa woafrɛ no fon so. Bere biara a wobɛyɛ Bible adesua no, ɛno nso yɛ sankɔhwɛ. Sɛ ɔwofo bi di n’abusua anim ma wɔyɛ Abusua Som na ne ba a ɔmmɔɔ asu ka ho a, obetumi akyerɛw sankɔhwɛ baako nnawɔtwe biara.
26 Sɛ yɛne obi sua Bible a, yɛtaa ne no sua ade nnawɔtwe biara, nanso bosome so a, yebu ho akontaa sɛ Bible adesua baako. Sɛ worehyehyɛ Asɛnka Adwuma Akontaabu kratasin no a, kan nnipa dodow a wo ne wɔn yɛɛ Bible adesua bosome no mu na kyerɛw hyɛ so. Sɛ wo ne nnipa a wodidi so yi yɛ Bible adesua a, wubetumi abu ho akontaa: Obi a onhyiraa ne ho so mmɔɔ asu anaa obi a ɔbɔɔ asu nkyɛe a onsuaa Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no nwiei. Bio nso, sɛ obi agyae asɛnka kɔ na ɔsom boayikuw no muni bi ma wo ne no sua ade a, ɛyɛ Bible adesua, enti wubetumi abu ho akontaa.
27 Sɛ worekyerɛw “Nnɔnhwerew” dodow a wode yɛɛ asɛnka adwuma a, bɔ mmɔden bu ho akontaa pɛpɛɛpɛ. Wei yɛ bere a wode yɛɛ afie afie asɛnka adwuma, sankɔhwɛ, Bible adesua, anaa bɔnnɔ so adansedi; ɛyɛ bere a wode di wɔn a wonhyiraa wɔn ho so mmɔɔ asu adanse. Sɛ adawurubɔfo mmienu rekɔ asɛnka a, wɔn nyinaa bebu bere no ho akontaa, nanso baako pɛ na obebu sankɔhwɛ anaa Bible adesua a ɔyɛe ho akontaa. Sɛ okunu ne ɔyere nyinaa bom kyerɛkyerɛ wɔn mma wɔ Abusua Som ase a, wɔn mu biara bɛkyerɛw dɔnhwerew baako nnawɔtwe biara. Anuanom a wɔma baguam ɔkasa betumi abu bere no ho akontaa. Sɛ obi kyerɛ baguam ɔkasa bi ase a, obetumi abu bere a ɔde yɛɛ saa no ho akontaa. Nneɛma bi ho hia, nanso yemmu ho akontaa; ebi ne bere a yɛresiesie yɛn ho akɔ asɛnka, bere a yɛwɔ asɛnka nhyiam ase, ne bere a yɛreyɛ nneɛma foforo bi a ɛho hia yɛn.
28 Ɔdawurubɔfo biara de Bible atete n’ahonim, enti sɛ ɔrebu asɛnka adwuma no ho akontaa a, obesusuw ho yiye ahwɛ bere a ɔde yɛɛ asɛnka adwuma no ankasa. Baabiara ne sɛnea asɛnka adwuma no te. Baabi wɔ hɔ a nnipa abɔ apee so. Mmeae bi nso wɔ hɔ a, nnipa nnɔɔso, enti adawurubɔfo twa kwantenten ansa na wɔanya nnipa aka asɛm no akyerɛ wɔn. Ɛsono asasesin biara, ɛnna ɛsono ɔkwan a obiara fa so bu nnɔnhwerew a ɔde yɛ asɛnka adwuma no ho akontaa. Akwankyerɛ Kuw no mfa n’ahonim nhyɛ asafo a ɛwɔ wiase nyinaa no so nkyerɛ sɛ sei anaa sei na obiara mmu asɛnka adwuma no ho akontaa. Saa ara na wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa sɛ ommu ho atɛn.—Mat. 6:1; 7:1; 1 Tim. 1:5.
29 Sɛ bosome so na worekyerɛw bere a wode yɛɛ asɛnka adwuma no a, kyerɛw nnɔnhwerew dodow a wode yɛe; mfa simma nka ho. Nanso sɛ onyin anaa yare ama obi aka dan mu anaa ayaresabea, anaa dɛmdi nti ontumi nyɛ hwee a, ɛnde obetumi abu akontaa sɛ ɔde simma 15, simma 30, anaa simma 45 na ɛyɛɛ asɛnka adwuma no. Sɛ ɔde simma 15 mpo di adanse bosome no mu a, ɛsɛ sɛ obu ho akontaa. Wobebu onii no sɛ ɔyɛ ɔdawurubɔfo a ɔkɔ asɛnka bosome biara. Sɛ ɔdawurubɔfo bi pira anaa ɔyare denneennen ma enti ontumi nkɔ baabiara a, ɔno nso betumi abu ne som adwuma no ho akontaa saa ara. Adawurubɔfo a wɔn ahoɔden ntumi mma wɔnyɛ pii no, wɔn nko ara na wɔayɛ saa nhyehyɛe yi ama wɔn. Ɔsom boayikuw no na ɛbɛkyerɛ wɔn a wobetumi de hokwan yi ama wɔn.
ASAFO DAWURUBƆFO KYERƐWTOHƆ
30 Sɛ bosome so na wode w’asɛnka akontaabu ba a, wɔde hyɛ Asafo Dawurubɔfo Kyerɛwtohɔ no so. Saa kyerɛwtohɔ no nyinaa, asafo a wowom no na ɛhwɛ so. Wopɛ sɛ wutu kɔ asafo foforo mu a, bɔ mpanyimfo no amanneɛ. Ɔkyerɛwfo no de wo kyerɛwtohɔ no bɛkɔ akɔma asafo foforo a woakɔ mu no. Ɛba saa a, mpanyimfo a wɔwɔ hɔ no begye wo na wɔaboa wo ama woakɔ so asom Yehowa. Sɛ wufi w’asafo mu kɔ baabi na worenni bosome mmiɛnsa a, yɛsrɛ wo, kɔ so ara fa w’asɛnka akontaabu mena w’asafo no.
NEA ENTI A YEBU YƐN ASƐNKA HO AKONTAA
31 Ɛtɔ da a, wo werɛ fi sɛ wode w’asɛnka akontaabu bɛkɔ anaa? Nokwasɛm ne sɛ awerɛfi tumi to obiara. Nanso sɛ yenim nea enti a yebu yɛn adwuma no ho akontaa na yebu no asɛnhia a, ebia ɛrenyɛ den sɛ yɛbɛkae.
32 Ebia ebinom bɛka sɛ: “Nea mereyɛ nyinaa Yehowa nim dedaw. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mehaw me ho de m’asɛnka akontaabu ma asafo no?” Ampa, Yehowa nim nea obiara reyɛ; sɛ yɛayi yɛn yam na yɛresom oo, sɛ yɛreyɛ no biarabiara oo, ne nyinaa onim. Nanso kae sɛ nna a Noa dii wɔ adaka no mu ne mfe dodow a Israelfo no de faa sare so no nyinaa, Yehowa yɛɛ ho kyerɛwtohɔ. Wɔn a wodii nokware ne wɔn a wɔyɛɛ asoɔden nyinaa, Onyankopɔn ma wɔkyerɛw wɔn dodow too hɔ. Sɛnea Israelfo no ko faa Kanaan asase ne nea atemmufo anokwafo no tumi yɛe nyinaa, ɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ. Nokwasɛm ne sɛ, nneɛma a Onyankopɔn asomfo yɛe no, wayɛ pii ho kyerɛwtohɔ. Onyankopɔn ama wɔakyerɛw wei nyinaa wɔ Bible mu, na ɛma yehu paa sɛ ɔmfa kyerɛwtohɔ nni agorɔ koraa.
33 Sɛ yɛhwɛ nneɛma a esisii tete a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no a, ɛma yehu sɛ, kyerɛwtohɔ a Yehowa nkurɔfo yɛe no, na ɛyɛ pɛpɛɛpɛ. Nsɛm pii wɔ hɔ a, sɛ ɛnyɛ kyerɛwtohɔ ne akontaabu a ɛwɔ Bible mu a, anka yɛrente ase. Hwɛ nhwɛso a edidi so yi: Genesis 46:27; Exodus 12:37; Atemmufo 7:7; 2 Ahene 19:35; 2 Beresosɛm 14:9-13; Yohane 6:10; 21:11; Asomafo Nnwuma 2:41; 19:19.
34 Ɛwom sɛ ɛnyɛ biribiara a yɛyɛ wɔ Yehowa som mu na yɛyɛ ho kyerɛwtohɔ de, nanso yɛn kyerɛwtohɔ no di dwuma titiriw bi wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu. Bere a Yesu asomafo no kɔyɛɛ asɛnka adwuma bae no, “wɔkaa nea wɔayɛ na wɔakyerɛkyerɛ nyinaa kyerɛɛ no.” (Mar. 6:30) Ɛtɔ da a, kyerɛwtohɔ ma ahyehyɛde no hu asɛnka adwuma no fã a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ mu gya. Ebia akontaabu no bɛma yɛahu baabi a yɛrenya nkɔso ne baabi a nneɛma rekɔ fam. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɛyɛ akontaabu na ɛma yehu sɛ adawurubɔfo dodow so retew anaa egyina nea egyina. Ebia wohia nkuranhyɛ na wɔatumi asi pi, anaasɛ ebia ɔhaw bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma. Sɛ ahwɛfo no hwɛ akontaabu no na wohu sɛ adawurubɔfo anaa asafo no dwumadi fã bi retɔ ape a, wɔhwɛ di ho dwuma.
35 Kyerɛwtohɔ nso boa ahyehyɛde no ma wohu baabi a yehia adawurubɔfo pii. Ɛhe na adwuma no renya nkɔso? Ɛhe na nneɛma rekɔ fam? Nhoma bɛn na ehia na nkurɔfo atumi asua nokware no? Kyerɛwtohɔ boa ahyehyɛde no ma wohu nhoma a yebehia de ayɛ asɛnka adwuma no wɔ wiase afã ahorow, na ɛma wotumi de nneɛma gugu akwan mu sɛnea ɛbɛyɛ a bere biara yɛn nsa bɛka nhoma a yehia.
36 Kyerɛwtohɔ hyɛ yɛn mu pii nkuran. Adwumaden a yɛn nuanom reyɛ de aka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa no, sɛ yɛte ho asɛm a, ɛnka yɛn koma anaa? Amanneɛbɔ ahorow a ɛkyerɛ sɛ asɛnka adwuma no renya nkɔso no ma yehu sɛnea Yehowa ahyehyɛde no retrɛw. Afei osuahu ahorow hyɛ yɛn den na ɛma yɛn ho pere yɛn sɛ yɛde nsi ne ahokeka bɛyɛ asɛnka adwuma no. (Aso. 15:3) Enti ehia sɛ yɛde yɛn asɛnka akontaabu ba daa. Ɛno bɛkyerɛ sɛ yedwen yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa ho. Ebia yebebu no sɛ wei yɛ ade ketewaa bi, nanso yɛyɛ saa a ɛkyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma Yehowa ahyehyɛde no.—Luka 16:10; Heb. 13:17.
BOTAE A WODE BESI W’ANI SO
37 Ɛho nhia sɛ yɛde yɛn asɛnka adwuma toto afoforo de ho. (Gal. 5:26; 6:4) Ɛsono obiara ne n’ahoɔden ne ne nsɛm tebea. Nanso yɛn ankasa betumi de biribi asi yɛn ani so. Wei bɛboa ama yɛahu nkɔso a yɛrenya wɔ asɛnka adwuma no mu. Sɛ yɛde biribi si yɛn ani so na ampa-ne-ampa ara yetumi du ho a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam.
38 Biribiara kyerɛ sɛ Yehowa reboaboa nnipa ano de wɔn atwa “ahohiahia kɛse” no, na ɔreyɛ saa ntɛm. Yesaia nkɔmhyɛ yi reba mu wɔ yɛn bere so: “Nea ɔyɛ ketewa koraa no bɛdan apem na nea osua adan ɔman kɛse. Me Yehowa, mɛyɛ no ntɛm wɔ ne bere mu.” (Adi. 7:9, 14; Yes. 60:22) Nokwasɛm ni, ɛyɛ hokwan kɛse na yɛanya sɛ yɛreka asɛmpa no saa bere yi!—Mat. 24:14.