Bu Asɛnka Ho Akontaa Pɛpɛɛpɛ
1 Ɛrenkyɛ koraa na Yearbook foforo no aba a 1988 ɔsom afe no wiase nyinaa akontaabu wom. Yɛde ahopere hwɛ kwan sɛ yɛn nsa bɛka saa nhoma yi sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi akenkan nea yɛatumi ayɛ nnansa yi wɔ asɛnka dwumadi no mu wɔ asase so nyinaa no. (Yes. 60:22) Esiane sɛ adawurubɔfo nyinaa na wɔka wɔn bom de yɛ saa afe afe akontaabu yi nti, dɛn na yɛn sɛ ankorankoro no betumi ayɛ de ahwɛ sɛ ɛyɛ pɛpɛɛpɛ?
2 Yɛkenkan yɛn ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka asɛm no ho asɛm wɔ Mateo 24:14. Yebetumi akyerɛ obu a yɛwɔ ma Yehowa nhyehyɛe a ɔnam n’ahyehyɛde so yɛ no na yɛakyerɛ yɛn anisɔ wɔ afã kakraa bi a yɛwɔ no ho denam ahonim mu a yebefi abu yɛn asɛnka ho akontaa ɔsram biara awiei no so. So wubu w’asɛnka ho akontaa daa ne pɛpɛɛpɛ?
NEA ƐSƐ WUBU HO AKONTAA
3 Nnɔnhwerew mũ nkutoo na ɛsɛ sɛ wobu ho akontaa ma asafo no. Ɔdawurubɔfo betumi de nea annu dɔnhwerew aka n’akontaabu ho ɔsram a ɛbɛba no. Sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛyɛ pɛpɛɛpɛ nti no, eye sɛ wɔbɛkyerɛw bere a wodii, nhoma a wɔde mae, ne sankɔhwɛ a wɔyɛe ato hɔ bere biara a wɔkɔ asɛnka no. Afei ɛdenam eyinom a yɛbɛkeka abom ara kwa so no, ɛho renhia sɛ yɛde ani bu nea yɛyɛe. Asɛnka Akontaabu kratasin a asafo no de ma no ma kyerɛwtohɔ yi yɛ yɛ mmerɛw.
4 Mma wo werɛ mfi sɛ ɛsɛ sɛ wokan sankɔhwɛ bere biara a wobɛyɛ Bible adesua no. Ɔsram no awiei no, ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ Bible Adesua Akontaabu kratasin ma Bible adesua biara a woyɛe na wode ka Asɛnka Akontaabu kratasin no ho de ma. Bere a woahyehyɛ Bible Adesua Akontaabu biara awie ma ayɛ pɛpɛɛpɛ no, ɛsɛ sɛ wokyerɛw Bible adesua ahorow a woyɛe ɔsram no mu dodow no wɔ adaka a wɔayɛ ama no wɔ Asɛnka Akontaabu kratasin no so nifa hɔ no mu.
5 Ɛte sɛ nea ɛfata sɛ yɛde nkaebɔ yi ka ho sɛ w’asɛnka bere no fi ase bere a woafi adansedi adwuma ase no na ɛba awiei bere a woawie wo nsrahwɛ a etwa to wɔ adansedi bere biara mu no. Enti wɔrenkan bere a wogye de di nnɔkɔnnɔkɔwade anaa aduan bere a wɔhome wɔ asɛnka mu no sɛ asɛnka bere. Wɔn a wɔma baguam ɔkasa betumi akan bere a wɔde kasa no. (Hwɛ Yɛn Som Adwuma, kratafa 104, nkyekyem 1) Sɛ yefi yɛn ahonim mu bu yɛn asɛnka ho akontaa a, yɛn nyinaa bɛboa ma akontaabu a wɔde ba Yearbook no mu no ayɛ pɛpɛɛpɛ.
6 Esiane sɛ ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no de asafo no asɛnka akontaabu mana Asafo ti no ansa na ɔsram a edi hɔ no da a ɛto so asia no adu nti, ɛyɛ mmerɛw sɛ yebehu nea enti a ɛho hia sɛ ɔdawurubɔfo biara de n’akontaabu ma ntɛm ara ɔsram no awiei no. Esiane saa nhyehyɛe yi ho a wosusuw nti, ɔdawurubɔfo biara bɛpɛ sɛ odi saa akwankyerɛ yi akyi yiye. Ɔkyerɛwfo no wɔ nnansia pɛ a ɔde bɛboaboa asafo no akontaabu ano. Ɔbɛkeka abom, na ɔde amana Asafo ti no na wɔn nsa aka ntɛm ma wɔde aka asafo ahorow bɛboro 500 a ɛwɔ ɔman yi mu no asɛnka dwumadi ho.
7 Ɔdawurubɔfo biara a ofi ne pɛ mu boa ahyehyɛde kwan so nhyehyɛe a ɛwɔ atifi hɔ no betumi anya akomatɔyam sɛ waboa ama wɔanya Yehowa Adansefo wiase nyinaa dwumadi no ho akontaabu a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ. (Fa toto Hesekiel 9:11 ho.) Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa de yɛn asɛnka akontaabu a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ bɛma ntɛm ne wɔ bere pa mu!