Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/97 kr. 3
  • Asɛmmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Woboa Ma Yebu Akontaa Pɛpɛɛpɛ?
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Bu Asɛnka Ho Akontaa Pɛpɛɛpɛ
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Kɔ Asɛnka Daa
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Wɔn a Wɔka Asɛmpa No
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1997
km 1/97 kr. 3

Asɛmmisa Afã

◼ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn asɛnka adwuma ho akontaabu ma ntɛm ɔsram biara?

Sɛ yɛte nneɛma pa a efi Ahenni asɛm a yɛka no mu ba no ho asɛm a, ɛma yɛn nyinaa ani gye. (Hwɛ Mmebusɛm 25:25.) Asomafo no Nnwuma 2:41 bɔ amanneɛ sɛ, bere a Petro maa ɔkasa a emu yɛ hyew wɔ Pentekoste da no wiei no, “akra bɛyɛ mpensa bɛkaa wɔn ho.” Bere tiaa bi akyi no, ná saa nnipa dodow no akɔ anim akodu “bɛyɛ sɛ mpemnum.” (Aso. 4:4) Hwɛ sɛnea amanneɛbɔ ahorow a ɛte saa no bɛma afeha a edi kan no mu Kristofo no ani agye! Saa ara na ɛnnɛ, yɛyɛ yɛn ade wɔ amanneɛbɔ ahorow a ɛhyɛ nkuran ho. Yɛn ani gye sɛ yɛbɛte nkɔso a yɛn nuanom nya wɔ asɛmpa a wɔka wɔ wiase nyinaa no ho.

Esiane sɛ egye bere ne mmɔdenbɔ kɛse na wɔde ahyehyɛ Kyerɛwtohɔ ahorow a ɛte saa no nti, Ahenni dawurubɔfo biara mmoa ho hia. So wobɔ mmɔden sɛ wode w’akontaabu bɛma ntɛm ɔsram biara?

Nkɔanim ho amanneɛbɔ ahorow ma yɛn ani gye pii. Bio nso, akontaabu ahorow no boa Asafo ti no ma wohu nkɔanim a wiase nyinaa adwuma no nya. Ɛsɛ sɛ wosisi gyinae horow wɔ mmeae a ebia mmoa pii ho behia anaasɛ nhoma ko ne dodow a ɛsɛ sɛ wotintim ho. Asafo biara mu mpanyimfo nam asɛnka adwuma so na ehu baabi a wobetumi anya nkɔanim. Akontaabu pa hyɛ nkuran, na ɛkanyan yɛn nyinaa ma yɛhwehwɛ yɛn ankasa som adwuma mu di nkɔanim a yebetumi anya ho dwuma.

Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo biara hu n’ankasa asɛyɛde a ɔwɔ sɛ ɔde n’asɛnka adwuma ho akontaabu bɛto adaka a ɛfata a wɔde asi Ahenni Asa so no mu ntɛm ara ɔsram biara. (Gal. 6:5) Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo betumi akae adawurubɔfo wɔ wɔn asɛyɛde yi ho, efisɛ wɔn nso wɔma wɔn ani da hɔ sɛ wɔde mmoa bɛma ankorankoro bi a ebia wohyia nsɛnnennen wɔ asɛnka a wɔbɛkɔ no ɔsram biara ho no. Wobetumi de nkaebɔ yi ama wɔ nhoma adesua a etwa to wɔ ɔsram no mu no ase anaa bere foforo a ɛfata mu. Sɛ wɔrennya hokwan biara mfa wɔn akontaabu no mma wɔ Ahenni Asa so a, Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo no betumi agyigye na wahwɛ sɛ ɔde bɛma ɔkyerɛwfo no wɔ bere a ɛsɛ mu, na wɔde aka akontaabu a wɔde kɔma Asafo ti no ɔsram biara no ho.

Mmɔden a yɛbɛbɔ afi nokwaredi mu de yɛn asɛnka adwuma ho akontaabu ama ntɛm no ma wɔn a wodi yɛn honhom fam yiyedi ho dwuma no adesoa yɛ hare.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena