Ɔfã II—Nkontaabu A Edi Mu A Yɛbɛboa Ma Yɛanya
1 Kan a yɛbɛkan bere dodow a edi wɔ asɛnka adwuma mu no ho hia, nanso ɛnyɛ ɛno ne yɛn atirimpɔw titiriw. Nanso, ɛho hia sɛ yebu yɛn asɛnka adwuma ho akontaa pɛpɛɛpɛ. Bere a wode siesie wo ho ma asɛnka, asɛnka nhyiam horow a wokɔ ne bere a wode nantew fi fie kɔ asasesin no mu, ne ade, no nyɛ bere a wode yɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma ankasa, ɛnte saa? Ntease wom sɛ bere a obi akɔ asasesin no mu na wafi asɛnka adwuma ase no, ebegye bere na ɔde afi ofie biako mu anantew akɔ foforo mu na ntease wom sɛ wobetumi akan eyi aka bere a wɔde ayɛ asɛnka adwuma no ho. Bere a ɔdawurubɔfo biara de n’ahonim di dwuma wɔ bere ho akontaabu mu no, ɛsɛ sɛ obiara hwɛ yiye sɛ obekura ahonim pa mu wɔ eyi yɛ mu.
BOA WƆN A WOYƐ AFOFORO NO MA WOMMU AKONTAA A EDI MU
2 Mpɛn pii no yehu sɛ wɔn a wɔyɛ afoforo no hia mmoa na wɔate ɔkwan a edi mu a wɔfa so bu wɔn dwumadi ho akontaa no ase. Sɛ wɔyɛ Bible adesua bi mpɛn pii wɔ ɔsram no mu a, ebia wobedi mfomso abu ho ankontaa sɛ wɔayɛ Bible adesua ahorow pii bere a ɛyɛ biako pɛ. Ɛsɛ sɛ wobu Bible adesua a wɔne onipa biako bi anaasɛ abusua bi yɛ no ho akontaa sɛ Bible adesua biako, ɛwom mpo sɛ ebia wɔyɛɛ adesua mpɛn abiɛsa, anan anaa nea ɛboro saa wɔ ɔsram no mu. Nanso, ɛsɛ sɛ wobu sankɔhwɛ ho akontaa bere biara a wɔbɛyɛ adesua no na ɛsɛ sɛ wobu bere no nso ho akontaa. Ebinom nso abu sankɔhwɛ ho akontaa pii a ɛmfata esiane sɛ wɔkan obiara a ɔwɔ adesua no ho anigye a ɔbaa ase bi no sɛ sankɔhwɛ nti. Nanso, ɛyɛ mpɛn dodow a wosan kɔsra no no na ɛsɛ sɛ wubu ho akontaa na ɛnyɛ nnipa dodow a wɔwɔ hɔ.
3 Akontaabu a edi mũ boa Asafo no yiye ma wohu ɔman no anaasɛ wiase no fã a ebia wohia mmoa wɔ asɛmpa no a wɔbɛka akyerɛ mu. Afei nso ɛma yehu adwuma a yɛayɛ no yiye. Na saa akontaabu ahorow yi a wɔkyerɛw hyɛ ɔdawurubɔfo no kyerɛwtohɔ ho kratasin so no boa mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu no ma wohu ɔkwan pa a wɔbɛfa so aboa ankorankoro a wɔwɔ asafo no mu.
4 Paulo tumi buu akontaa sɛ wɔ ne bere so no ná wɔaka asɛmpa “no wiase abɔde nyinaa mu.” Nkuranhyɛ bɛn ara ni! Ɛdenam nnamyɛ a wode ka asɛmpa no na wubu ho akontaa a edi mu so no, woreboa ma yɛanya akontaabu a ɛhyɛ nkuran saa ara wɔ yɛn bere yi mu.—Kol. 1:23; Mat. 24:14.