Asemmisa Afã
● Bere bɛn na wubetumi abu Bible adesua foforo ho akontaa, na henanom na wubetumi abu wo ne wɔn adesua ho akontaa?
Wubetumi abu ofie Bible adesua foforo ho akontaa bere a woayɛ adesua yi mpɛn abien wɔ nsrahwɛ a edi kan a ɛno mu na wokyerɛɛ sɛnea wɔyɛ adesua no ne ɛho nhyehyɛe a ntease wom sɛ wubetumi agye adi sɛ adesua no bɛtoa so akyi no. Ɛsɛ sɛ wohyehyɛ adesua kratasin na wode ma ɔsram biara.
Wɔkan sankɔhwɛ ne bere a wɔde yɛ ofie Bible adesua no bere biara. Sɛ nsɛm tebea ma ɛho behia sɛ ɔdawurubɔfo foforo ka nea ɔreyɛ adesua no ho na wɔn baanu nyinaa nya adesua no mu kyɛfa a, wɔn nyinaa betumi abu bere no ho akontaa. Nanso nea ɔreyɛ adesua no nkutoo na obebu sankɔhwɛ ne Bible adesua no ho akontaa. Ɛtaa yɛ nea ɛho nhia sɛ adawurubɔfo a wɔboro baanu bɛkyerɛkyerɛ wɔ ofie Bible adesuayɛ mu.
Ɛsɛ sɛ wɔkɔ so ne afoforofo yɛ ofie Bible adesua kosi sɛ wobewie nhoma ahorow abien a ɛbɛma wɔn ase atim wɔ nokware no mu no awie, ɛne nhoma te sɛ Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So ne United in Worship of the Only True God. Wubetumi abu adesua, sankɔhwɛ. ne nnɔnhwerew no ho akontaa kosi sɛ mubewie nhoma ahorow abien yi sua, sɛ ɛyɛ nea onipa no gye asubɔ ansa na moawie nhoma abien no sua mpo a.
Ebia ɛtɔ bere bi a mpanyimfo a wɔwɔ asafo Ɔsom Boayikuw mu no biako bɛka akyerɛ ɔdawurubɔfo bi sɛ ɔne obi a wabɔ asu dedaw nanso wayɛ mmerɛw no nyɛ ofie Bible adesua. Eyi yɛ nea wɔde di nhyehyɛe a Asafo ti no ayɛ sɛ wɔnhyɛ wɔn a wohia mmoa yi den no so. Wɔ eyi mu no, wobetumi abu adesua no ne sankɔhwɛ ne nnɔnhwerew a ɛka ho no ho akontaa.—Hwɛ omTW nkr. 103-4.
Ɛyɛ awofo asɛyɛde wɔ Yehowa anim sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn mma na wɔatete wɔn wɔ ɔsom a ɛteɛ mu. (Deut. 4:9: Efe. 6:4) Abusua Bible adesua a wɔyɛ no daa ho wɔ mfaso kɛse wɔ eyi mu. Abusua ti anaa ɔwofo betumi abu abusua Bible adesua a wɔyɛ no daa ho akontaa sɛ abusua no mufo a wɔmmɔɔ asu ka ho a. Obetumi abu bere no ho akontaa akosi dɔnhwerew biako dapɛn biara a ɔyɛ adesua no a sankɔhwɛ nso ka ho.—Hwɛ kmTW 12/83 kr. 4.