Asemmisa Afã
● Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wobu abusua Bible adesua anaa nea wɔne Kristofo a wɔahyira wɔn ho so mma nkumaa a wɔmmɔɔ asu yɛ no ho akontaa?
Asɛyɛde a ɛne sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ mmofra Yehowa kwan no gye bere ne mmɔdenbɔ pii wɔ Kristofo awofo fam. (Deut. 6:6, 7; Efe. 6:4) Sɛ́ ebia wobu bere a wɔde yɛ saa no nyinaa ho akontaa sɛ asɛnka adwuma no nkã aniberesɛm a awofo asɛyɛde no yɛ no.
Wɔboaboa asafo asɛnka akontaabu no ano de kyerɛ nea wɔreyɛ titiriw wɔ asɛnka adwuma no mu de aka asɛmpa no baguam, aka nokware no ho asɛm akyerɛ nnipa a wɔnyɛ Adansefo. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Nanso, sɛ ɔwofo Kristoni a wahyira ne ho so yɛ abusua adesua daa na mmofra nkumaa a wɔmmɔ asu ka ho a, obetumi abu nea ɛmmoro dɔnhwerew biako ne sankɔhwɛ biako ho akontaa dapɛn biara a ɔyɛ adesua no, ne ofie Bible adesua biako nso wɔ ɔsram no mu. Saa ara na eyi te, sɛ ɔtwe adesua no mu ma ɛboro dɔnhwerew biako wɔ bere koro mu anaasɛ nea ɛboro pɛnkoro wɔ dapɛn no mu mpo a. Adesua foforo a wɔbɛyɛ anaa bere a ɔde bɛkyerɛkyerɛ mmofra no mmiako mmiako no yɛ nea ɔremfa nka asɛnka akontaabu no ho. Mmom obebu no sɛ nea ɔwofo de kyerɛ ɔpɛ a emu yɛ den a ɔwɔ sɛ ɔbɛtete mmofra no wɔ onyamesom pa mu.—Mmeb. 22:6.
Na sɛ esiane biribi nti, awofo no behia mmoa na wɔama nokware no asian adu wɔn mma no komam nso ɛ? Wobetumi aka akyerɛ afoforo ma wɔde mmoa a wohia no ama. Sɛ wɔka kyerɛ ɔdawurubɔfo foforo sɛ ɔmmoa wɔ saa kwan no so a, ɛbɛyɛ papa sɛ ɔne ɔhwɛfo guamtrani anaa ɔsom adwuma sohwɛfo no besusuw eyi ho. Sɛ awofo no yɛ nnipa foforo wɔ nokware no mu anaa ɔkwan foforo so no wohia mmoa wɔ wɔn mma no ho ma ɛbɛyɛ papa sɛ ɔdawurubɔfo foforo ne wɔn yɛ adesua a, wobetumi ayɛ saa. Wɔ eyi mu no, nea ɔreyɛ adesua no betumi abu bere, sankɔhwɛ ne adesua no ho akontaa, sɛ mmofra no mmɔɔ asu a.—Hwɛ “So Wo Nkutoo ne W’abusua Muni a Ɔwɔ Nokware no Mu?” a ɛwɔ May 1980 Yɛn Ahenni Som mu no ne “Mmofra a Yɛbɛyɛ Wɔn Yiye” a ɛwɔ December 1980 de no mu no.