Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/08 kr. 7
  • Asɛmmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—2008
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Abusua Sohwɛ Ho Asɛyɛde a Wodi Ho Dwuma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2008
km 9/08 kr. 7

Asɛmmisa Afã

◼ So awofo baanu no nyinaa betumi abu bere a wɔde yɛ abusua adesua daa no ho akontaa?

Ɛwom sɛ agyanom na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔtete wɔn mma wɔ “Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ” mu de, nanso awofo baanu no nyinaa na wɔbom tete wɔn. (Efe. 6:4) Bible no hyɛ mmofra nkuran sɛ: “Me ba, tie w’agya nteɛso, na mpo wo na mmara.” (Mmeb. 1:8) Awofo ntetee no fã titiriw biako ne abusua Bible adesua.

Kan no, na ɔwofo a ɔhwɛ adesua a wɔne wɔn mma a wɔmmɔɔ asu yɛ no so nkutoo na obu bere a wɔde yɛ no ho akontaa, ɛmfa ho sɛ awofo baanu no nyinaa na wɔyɛ adesua no. Nanso, wɔayɛ eyi mu nsakrae. Sɛ abusua adesua no rekɔ so na awofo baanu no nyinaa de wɔn ho hyɛ nkyerɛkyerɛ a wɔde rema mmofra no mu bi a, ɛnde wɔn baanu nyinaa betumi akyerɛw dɔnhwerew biako nnawɔtwe biara sɛ asɛnka akontaabu. Nokwarem no, awofo taa de nea ɛboro dɔnhwerew biako na ɛkyerɛkyerɛ wɔn mma nnawɔtwe biara. Mmofra ntetee hwehwɛ sɛ awofo baanu no nyinaa bɔ wɔn ho mmɔden bere nyinaa. (Deut. 6:6-9) Nanso, ɛsɛ sɛ asɛnka akontaabu a wɔde bɛma ɔsram biara no ma nea wɔayɛ wɔ asɛnka mu ankasa no da adi. Enti, sɛ adesua no di boro dɔnhwerew biako, sɛ wɔyɛ adesua no bɛboro pɛnkoro wɔ nnawɔtwe mu, anaa wɔne mmofra no mu biara yɛ adesua a, ɛnsɛ sɛ awofo no kyerɛw nea ɛboro dɔnhwerew biako nnawɔtwe biara. Awofo no mu baako pɛ na obebu abusua adesua no ho akontaa sɛ Bible adesua, na wakyerɛw sankɔhwɛ biako nnawɔtwe biara a wɔbɛyɛ adesua no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena