Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/95 kr. 1
  • Wɔama Yɛn Pii—Wɔhwehwɛ Pii Fi Yɛn Nkyɛn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔama Yɛn Pii—Wɔhwehwɛ Pii Fi Yɛn Nkyɛn
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Komam a Yebefi De Yɛn Ho Ama Ayɛ Adwuma Pa Biara
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nkrasɛm a Ɛsɛ sɛ Yɛka
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
Yɛn Ahenni Som—1995
km 3/95 kr. 1

Wɔama Yɛn Pii—Wɔhwehwɛ Pii Fi Yɛn Nkyɛn

1 Hwɛ sɛnea wɔadom yɛn sɛ wɔama yɛanya nokware no! Esiane sɛ yɛahyira yɛn ho so ama Yehowa nti, wɔde ‘asɛmpa no ahyɛ yɛn nsa.’ (1 Tes. 2:4) Eyi de asɛyɛde kɛse to yɛn so. Yesu kae sɛ: “Obiara a wɔama no pii no, ne nkyɛn na wɔbɛhwehwɛ pii.”—Luka 12:48b.

2 Hwɛ sɛnea saa nsɛm no yɛ nokware! Esiane sɛ wɔde Onyankopɔn Asɛm no mu nimdeɛ, fekubɔ a ɛyɛ anigye a yɛne yɛn nuanom nya, ne anidaso a ɛyɛ nwonwa adom yɛn nyinaa nti, yebetumi aka no nokwarem sɛ, wɔama yɛn pii. Ntease wom sɛ wɔhwehwɛ pii fi yɛn nkyɛn.

3 Nya Nneɛma a Wɔhwehwɛ no ho Adwempa: Ebinom aka sɛ nneɛma a wɔhwehwɛ fi yɛn nkyɛn no dɔɔso dodo. Yesu Kristo a ɔyɛ Kristofo asafo no Ti no na ɔkyerɛ ‘nneɛma a ɛbɛma’ asafo no anya nkɔso yiye. (Efe. 4:15, 16) Ɔma yɛn awerɛhyem sɛ ‘ne kɔndua yɛ mmerɛw, na n’adesoa yɛ hare.’ (Mat. 11:28-30) Ofi ɔdɔ mu susuw wɔn a wɔyɛ mmerɛw no ho. (Luka 21:1-4) Sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa a, wobehyira yɛn, a dodow a yɛyɛ no mfa ho.—Kol. 3:23, 24.

4 Bisa wo ho sɛ, ‘Ahenni nneɛma na mede di kan wɔ m’asetra mu? Mede me bere ne m’agyapade redi dwuma wɔ ɔkwan a ɛde ayeyi brɛ Onyankopɔn din, na ɛso ba afoforo mfaso so? Mihu sɛ anigye a ɛsen biara a mewɔ no fi Yehowa a mesom no no mu, na ɛnyɛ honam fam nneɛma a mifi pɛsɛmenkominya mu de gye m’ani no mu mmom?’ Mmuae a yefi nokwaredi mu de ma wɔ saa nsemmisa yi ho no da yɛn komam adwene adi.—Luka 6:45.

5 Mma Wɔnnsɔ Wo Nnhwɛ Nnkɔyɛ Bɔne: Nnipa nhyiaa ahopɛ, adifudepɛ, ne ahohwibɔ mu anigye ho sɔhwɛ ne nhyɛso ahorow a ɛte sɛɛ pɛn. Yehyia abrabɔ ho nsɛnnennen da biara da, ne sɔhwɛ ahorow a ɛbɛma yɛde yɛn ho ahyɛ mu. Sɛ yebetumi adi nsɛnnennen so a, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa ma ɔboa yɛn. (Mat. 26:41) Ɔnam ne honhom no so betumi ahyɛ yɛn den. (Yes. 40:29) Onyankopɔn Asɛm a yɛkenkan no da biara da no yɛ mmoa kɛse. (Dw. 1:2, 3) Ahohyɛso ne ahosodi nso boa kɛse.—1 Kor. 9:27.

6 Ɛnnɔɔso sɛ yɛbɛdɔ papa—ɛsɛ sɛ yekyi bɔne nso. (Dw. 97:10) Eyi kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn kɔn dɔ nneɛma bɔne. Mmebusɛm 6:16-19 bobɔ nneɛma ason a Yehowa kyi din. Ɛda adi sɛ, ɛsɛ sɛ obi a ɔpɛ sɛ ɔsɔ Yehowa ani no kyi nneɛma a ɛtete saa no nso. Esiane sɛ wɔde nokware no ho nimdeɛ adom yɛn nti, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ ade ma ɛne saa nimdeɛ no ahyia, na yɛde yɛn adwene si nneɛma pa so.

7 Ɛyɛ papa sɛ yɛbɛbɔ tebea horow a ɛbɛma ‘yɛayɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu bere nyinaa’ ho mpae. (1 Kor. 15:58) Nnipa pii ahu sɛ wɔn ho a wɔde hyɛ Yehowa som adwuma mu kɛse no yɛ ahobammɔ efisɛ ɛmma wonnya bere pii mfa nyɛ nneɛma a mfaso nni so.

8 Sɛ yɛka nneɛma a yɛasusuw ho nyinaa bom a, ntease wɔ nea Yehowa hwehwɛ fi yɛn nkyɛn no mu yiye. (Mika 6:8) Yɛwɔ biribiara a yebegyina so de aseda ama wɔ ɔsom hokwan biara a yɛwɔ no ho. (Efe. 5:20) Enti, yɛkɔ so “yɛ adwuma brɛ na yɛpere,” a yɛwɔ ahotoso sɛ yɛn akatua bɛso asen biribiara a wɔhwehwɛ fi yɛn nkyɛn no koraa.—1 Tim. 4:10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena